1 Mose 4:17-26, 1 Mose 5:1-32, 1 Mose 6:1-22 AKCB

1 Mose 4:17-26

Anibue Mfiase

Kain de ne ho kaa ne yere na onyinsɛn, woo ɔbabarima, too no din Henok. Saa bere no, Kain kyekyeree kurow bi de too ne ba Henok. Henok woo Irad. Irad woo Mehuyael. Mehuyael woo Metusael. Metusael woo Lamek.

Lamek waree mmea baanu a wɔn din de Ada ne Sila. Ada woo Yabal a nʼasefo yɛ wɔn a wɔte ntamadan mu yɛn mmoa. Na Yabal nuabarima din de Yubal a nʼasefo yɛ mmɛnhyɛnfo ne sankubɔfo. Sila woo ɔbabarima a wɔfrɛ no Tubal-Kain. Na ɔyɛ kɔbere atomfo ne nnade ahorow nyinaa atomfo agya. Na Tubal-Kain wɔ nuabea bi a ne din de Naama.

Da bi, Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom Ada ne Sila se,

“Muntie me, me yerenom

makum aberante bi a,

ɔtow hyɛɛ me so, piraa me.

Sɛ Kain so aweretɔ bɛyɛ mpɛn ason a,

ɛno de, me Lamek de, nea obekum me no, nʼasotwe bɛyɛ mpɛn aduɔson ason.”

Akyiri no, Adam de ne ho kaa ne yere Hawa. Na ɔwoo ɔbabarima bio. Na wɔtoo no din Set kae se, “Onyankopɔn ama me ɔba foforo asi Habel a Kain kum no no anan mu.” Set nso woo ɔbabarima na ɔtoo no din Enos.

Saa bere no mu na nnipa fitii ase bɔɔ Awurade din.

Read More of 1 Mose 4

1 Mose 5:1-32

Adam Asefo

Sɛnea Adam asefo nnidiso te ni.

Bere a Onyankopɔn nwen onipa no, ɔnwen no sɛ ɔno ara ne sɛso. Ɔbɔɔ ɔbea ne ɔbarima, na ohyiraa wɔn. Ɔbɔɔ wɔn wiee no, ɔtoo wɔn din onipa.

Adam dii mfe ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima sɛ ɔno ara ne bɔbea ne ne sɛso. Ɔtoo ne din Set. Ɔwoo Set no, Adam tenaa ase mfe ahanwɔtwe a ɔwowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. Sɛ wɔka Adam mfe nyinaa bɔ mu a, odii mfe ahankron aduasa, ansa na ɔrewu.

Set dii mfe ɔha ne anum no, ɔwoo Enos. Set woo Enos akyi no, ɔtenaa ase, dii mfe ahanwɔtwe ne ason, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. Sɛ wɔka Set mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron ne dumien, ansa na ɔrewu.

Enos dii mfe aduɔkron no, ɔwoo Kenan. Enos woo Kenan akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe ne dunum, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. Sɛ wɔka Enos mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron ne anum, ansa na ɔrewu.

Kenan dii mfe aduɔson no, ɔwoo Mahalalel. Kenan woo Mahalalel akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe aduanan, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. Sɛ wɔka Kenan mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron ne du, ansa na ɔrewu.

Mahalalel dii mfe aduosia anum no, ɔwoo Yared. Mahalalel woo Yared akyi no, ɔtenaa ase, dii mfe ahanwɔtwe aduasa, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. Sɛ wɔka Mahalalel mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahanwɔtwe aduɔkron anum, ansa na ɔrewu.

Yared dii mfe ɔha aduosia abien no, ɔwoo Henok. Yared woo Henok akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. Sɛ wɔka Yared mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron aduosia abien, ansa na ɔrewu.

Henok dii mfe aduosia anum no, ɔwoo Metusela. Henok woo Metusela akyi no, Henok de ne ho bataa Awurade ho mfe ahaasa, na ɔwowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. Sɛ wɔka Henok mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahaasa aduosia anum. Henok de ne ho bataa Onyankopɔn; afei, obi anhu no bio, efisɛ Onyankopɔn faa no kɔe.

Metusela dii mfe ɔha aduɔwɔtwe ason no, ɔwoo Lamek. Metusela woo Lamek akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanson aduɔwɔtwe abien, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. Sɛ wɔka Metusela mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron aduosia akron, ansa na ɔrewu.

Lamek dii mfe ɔha ne aduɔwɔtwe abien no, ɔwoo ɔbabarima. Ɔtoo no din Noa, na ɔkae se, “Ɔno na ɔbɛma yɛanya ahomegye afi kuayɛ mu adwumaden wɔ asase a Awurade adome no so.” Lamek woo Noa akyi no, ɔtenaa ase mfe ahannum aduɔkron anum, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. Sɛ wɔka Lamek mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahanson aduɔson ason, ansa na ɔrewu.

Noa dii mfe ahannum no, ɔwoo mmabarima baasa a wɔfrɛ wɔn Sem, Ham ne Yafet.

Read More of 1 Mose 5

1 Mose 6:1-22

Nnipa Ne Bɔne

Bere a nnipa dɔɔso wɔ asase so na wɔwoo mmabea no, Onyankopɔn mmabarima no huu sɛ nnipa mmabea no ho yɛ fɛ, nti nea obiara pɛ no no, ɔfaa no waree. Na Awurade kae se, “Me honhom rentena nnipa mu nkosi daa, efisɛ wɔyɛ ɔhonam; na wɔn nkwa nna bɛyɛ mfe ɔha aduonu.”

Saa bere no, na nnipa abran wɔ asase no so. Bere a Onyankopɔn mmabarima yi kɔɔ nnipa mmabea yi ho no, wɔne wɔn wowoe. Saa nnipa yi ne kan tete nnipa atitiriw a wogyee din no.

Awurade Nyankopɔn huu sɛ adesamma amumɔyɛ adɔɔso wɔ asase so, na nnipa nsusuwii nyinaa yɛ bɔne nko ara. Awurade Nyankopɔn nuu ne ho sɛ ɔbɔɔ wɔn bɛtenaa asase so. Saa bɔne no yɛɛ Awurade Nyankopɔn awerɛhow. Awurade kae se, “Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afi asase so; mmoa ne mmoa a wɔwea asase so ne wim nnomaa, efisɛ manu me ho sɛ mebɔɔ wɔn.” Nanso Noa de, onyaa adom Awurade anim.

Noa awo ntoatoaso ni.

Na Noa yɛ onipa ɔtreneeni a ne ho nni asɛm wɔ ne bere sofo no mu. Ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛde. Noa woo mmabarima baasa na wɔn din de Sem, Ham ne Yafet.

Na bɔne ahyɛ asase so ma a, amumɔyɛsɛm adɔɔso. Onyankopɔn huu saa bɔne yi nyinaa wɔ asase so, huu awurukasɛm ne amumɔyɛsɛm wɔ mmaa nyinaa nso. Enti Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa se, “Esiane sɛ nnipa ama basabasa aba asase so nti, mɛsɛe nnipa ne asase a wɔte so no nyinaa. Fa ɔwawa dua yɛ adaka. Yɛ adan wɔ Adaka no mu, na fa ama ka mu ne akyi nyinaa. Sɛɛ na ɛsɛ sɛ woyɛ no: ma ne tenten nyɛ anammɔn ahannan aduonum, ne trɛw anammɔn aduɔson anum, na ne sorokɔ nso nyɛ anammɔn aduanan anum. Bɔ adaka no so. Ma ne sorokɔ nyɛ bɛyɛ sɛ nsateaa dunwɔtwe. Fa ɔpon to adaka no nkyɛn, na yɛ nsɛmso abiɛsa; nea edi kan, nea ɛda ntam ne nea ɛwɔ soro. Tie! Mede nsuyiri rebɛkata asase so nyinaa, na mede asɛe abɔde a nkwa wɔ mu; biribiara a nkwa wɔ mu no, ne nyinaa bewuwu. Na wo de, me ne wo bɛyɛ apam; na wo, wo mmabarima, wo yere ne wo mmabarima yerenom nyinaa ne wo bɛba Adaka no mu. Ɛsɛ sɛ wode abɔde a nkwa wɔ mu nyinaa, abien abien a ɛyɛ onini ne ɔbere, a wo ne wɔn bɛtena adaka no mu nsuyiri bere no a wonnwuwu. Nnomaa ahorow biara abien, mmoa biara abien, ne abɔde biara a ɛwea asase so abien bɛba wo nkyɛn, na woahwɛ wɔn, na wɔanwuwu. Afei, fa nnuan ahorow a wodi na kora. Ɛno na ɛbɛyɛ wo ne wɔn nnuan a mubedi.”

Noa yɛɛ biribiara pɛpɛɛpɛ, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.

Read More of 1 Mose 6