1 Mose 38:1-30, 1 Mose 39:1-23 AKCB

1 Mose 38:1-30

Yuda Ne Tamar

Saa bere no mu ara na Yuda tu fii ne nuabarimanom no nkyɛn ne Adulamni barima bi a wɔfrɛ no Hira kɔtenae. Ɛhɔ na Yuda kohyiaa Kanaanni beae bi a ɔyɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Sua no babea. Yuda waree Sua babea no. Sua babea no nyinsɛn woo ɔbabarima, na wɔtoo no din Er. Sua babea no san nyinsɛn woo ɔbabarima bio. Wɔtoo abofra no din Onan. Sua babea no nyinsɛn ne mprɛnsa so wɔ Kesib, woo ɔbabarima bio. Saa abarimaa no nso wɔtoo no din Sela.

Bere a Yuda abakan Er nyin no, wɔwaree ababaa bi a wɔfrɛ no Tamar maa no. Esiane sɛ na Yuda abakan Er yɛ omumɔyɛfo wɔ Awurade anim no nti, Awurade kum no.

Er wu akyi no, Yuda ka kyerɛɛ Er akyiba Onan se, “Ɛsɛ sɛ woware okunafo Tamar, sɛnea yɛn amanne te no, na sɛ wo ne no wo a, mma no ayɛ wo nua no diadefo.” Esiane sɛ na Onan mpɛ sɛ ɔbɛwo akyɛ a mmofra no renyɛ nʼankasa mma nti, sɛ ɔne okunafo Tamar kɔda a, ɔmma ne ho nsu no ngu ɔbea no mu. Mmom, ɔma no gu fam sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔrenwo ɔba a ɛbɛyɛ ne nua owufo no de. Esiane sɛ nea ɔyɛe no ansɔ Awurade ani, sɛ ɔmpɛ sɛ ɔwo ba ma ne nua owufo no nti, okum ɔno nso.

Na Yuda ka kyerɛɛ nʼase okunafo Tamar se, “Tu na kɔtena wʼagya fi sɛ okunafo kosi sɛ me babarima Sala benyin.” Na osuro sɛ, Sela nso bewu, sɛnea ne nuanom mpanyimfo Er ne Onan wuwui no. Enti Tamar tu kɔtenaa nʼagya fi hɔ.

Mmere bi akyi no, Yuda yere a ɔyɛ Sua babea no nso wui. Bere a woyii Yuda fii kuna mu no, ɔkɔɔ ne nguanhotwitwafo nkyɛn wɔ Timna. Ɔrekɔ no, ɔne nʼadamfo Adulamni Hira na ɛkɔe.

Obi bɛbɔɔ Tamar amanneɛ se, “Wʼase Yuda rebɛsen akɔ Timna akotwitwa ne nguan ho nwi.” Enti Tamar yii ne kuna ntade no guu hɔ. Ɔfaa nkataanim kataa nʼanim, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara nhu sɛ ɛyɛ ɔno Tamar, na ɔkɔtenaa Enaim kurotia wɔ Timna kwan so. Efisɛ ohuu sɛ Sela anyin de, nanso na Yuda mmaa ne babarima no kwan mma ɔmmɛwaree no ɛ.

Bere a Yuda huu Tamar no, na osusuw sɛ ɔyɛ ɔbea guamanfo bi, efisɛ na wakata nʼanim. Yuda kɔɔ Tamar nkyɛn wɔ kwankyɛn hɔ a, na onnim sɛ ɔyɛ nʼase. Yuda ka kyerɛɛ no se, “Ma yɛnkɔ mprempren ara na me ne wo nkɔda.”

Tamar bisaa no se, “Sɛ me ne wo kɔda a, wobɛma me dɛn?”

Yuda buae se, “Mɛma wɔde ɔpapo afi me nguankuw no mu abrɛ wo.”

Tamar bisaa no bio se, “Ansa na wode ɔpapo no bɛba no, dɛn na wode bedi wo ho akagyinamu?”

Yuda nso bisaa no se, “Dɛn ade na wopɛ sɛ mede di me ho akagyinamu?”

Tamar buae se, “Nea wode bedi wo ho akagyinamu ne wo nsa so kaa ne ne hama ne saa pema a wukura yi.” Enti Yuda de saa nneɛma yi nyinaa maa Tamar ne no kɔda ma onyinsɛnee. Tamar fii hɔ akyi no, okoyii ne nkataanim no guu hɔ, san faa ne kunatam no furae.

Yuda de ɔpapo no maa nʼadamfo Adulamni no sɛ, ɔmfa nkɔma ɔbea no, na onnye nneɛma a ɔde dii ne ho akagyinamu no mmrɛ no, nanso wanhu no. Obisaa kurom hɔfo no se, “Ɛhe na hyiadan mu ɔbea guamanfo a na ɔte Enaim kwankyɛn frɛfrɛ mmarima no wɔ?”

Wobuaa no se, “Yenni hyiadan mu ɔbea guamanfo biara wɔ ha.”

Enti ɔsan kɔɔ Yuda hɔ, kɔka kyerɛɛ no se, “Manhu no. Na kurom hɔfo nso kae se, ‘Hyiadan mu ɔbea oguamanfo38.22 Na saa nguamanfo yi rekɔyɛ sɛ saa bere no aguaman anyame no. biara nni ha.’ ”

Yuda nso kae se, “Ma no mfa nneɛma no, na anyɛ saa a wɔbɛserew yɛn. Wo ara wudi ho adanse sɛ memaa wode ɔpapo no kɔe, nanso woanhu no.”

Ɛbɛyɛ asram abiɛsa akyi no, Yuda tee sɛ nʼase Tamar abɔ aguaman, anyinsɛn.

Ɔtee saa asɛm no, ɔkae se, “Monkɔkyere no mmra, na yɛnhyew no nkum no.”

Wɔkɔkyeree Tamar de no reba abekum no no, ɔsoma ma wɔkɔka kyerɛɛ nʼase Yuda se, “Onipa a ne nneɛma ni no na ɔne me nyinsɛnee. Monhwɛ sɛ mubehu onipa ko a saa nsa so kaa ne ne hama ne pema yi yɛ ne de no ana.”

Yuda gye too mu se, saa nneɛma no yɛ ne dea. Ɔtoaa so se, “Ɔbea yi yɛ ɔtreneeni sen me, efisɛ mamfa no amma me babarima Sela anware.” Efi saa bere no, Yuda ankɔ Tamar ho bio.

Tamar awo duu so no, ɔwoo nta. Bere a ɔrewo no, nta no mu baako de ne nsa dii kan bae. Enti ɔbea a ɔregye no awo no de asaawa kɔkɔɔ bɔɔ abofra no bakɔn, kae se, “Oyi na wɔwoo no kan.” Saa abofra no twee ne nsa san kɔɔ mu. Ɔsan twee ne nsa kɔɔ mu no, wɔwoo ne nua a ɔka ne ho no mmom. Na ɔwogyefo no kae se, “Abususɛm bɛn ni!” Wɔtoo no din Peres. Akyiri no, ɔwoo ne nuabarima a na asaawa kɔkɔɔ bɔ ne nsakɔn no. Wɔtoo ɔno nso din Serah.

Read More of 1 Mose 38

1 Mose 39:1-23

Yosef Ne Potifar Yere Ho Asɛm

Wɔde Yosef kɔɔ Misraim. Misraimni Potifar a na ɔyɛ Misraimhene Farao dabehene a na otua asraafodɔm ano no na ɔtɔɔ Yosef fii Ismaelfo aguadifo no nsam.

Na Awurade ka Yosef ho nti, nʼabrabɔ sii no yiye. Ɔtenaa ne wura Misraimni no fi. Yosef wura no huu sɛ Awurade ka ne ho, na nea na ɔyɛ biara no, Awurade hyiraa so maa no, na Yosef nyaa nʼanim adom ma ɔde no yɛɛ ne boafo. Ankyɛ koraa na Potifar de Yosef sii ne fifo so panyin, de nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ ne nsa. Bere a Potifar de Yosef sii ne fifo so panyin, de nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ ne nsa no, Awurade hyiraa Misraimni Potifar fie so, esiane Yosef nti. Awurade hyiraa nʼagyapade a ɛwɔ fi ne ne mfuw nyinaa so. Enti ɔde nʼagyapade nyinaa hyɛɛ Yosef nsa. Esiane sɛ Potifar de nʼagyapade ne nʼadwumade nyinaa hyɛɛ Yosef nsa nti, wannwene biribiara ho sɛ aduan a obedi nko ara.

Na Yosef yɛ aberante a ɔwɔ nnyinaso, na ne ho nso yɛ fɛ yiye. Ankyɛ ahe biara na Yosef wura Potifar yere tuu nʼani sii ne so, ka kyerɛɛ Yosef se, “Bra, na wo ne me mmɛda!”

Nanso Yosef ampene so, ka kyerɛɛ ne wura yere no se, “Esiane sɛ fie ha biribiara hyɛ me nsa nti, me wura nnwen fie ha biribiara ho. Ɔde nʼagyapade nyinaa ahyɛ me nsa. Obiara nni tumi nsen me wɔ fie ha. Me wura mfa biribiara nkame me wɔ fie ha sɛ wo nko ara, efisɛ woyɛ ne yere. Onyame mpa ngu sɛ mɛyɛ ade a ɛte saa. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ amumɔyɛde a ɛte sɛɛ! Ɛbɛyɛ bɔne kɛse atia Onyankopɔn.” Ɛwɔ mu sɛ da biara na Potifar yere no de saa asɛm yi hiahia Yosef ho de, nanso Yosef antwiw ammɛn no mpo, na akowie sɛ ɔne no bɛda.

Da koro bi, Yosef kɔɔ fie hɔ sɛ ɔrekɔyɛ nʼadwuma. Oduu hɔ no, na asomfo no mu biara nni hɔ. Potifar yere no soo Yosef atade mu kyeree no, ka kyerɛɛ no se, “Bra na wo ne me mmɛda!” Nanso Yosef yii nʼatade no guu ne so, guan fii fie hɔ.

Potifar yere no huu sɛ Yosef agyaw nʼatade wɔ ne nsam aguan afi fie hɔ no, ɔfrɛɛ ne fifo, de nteɛteɛmu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ! Me kunu akɔfa Hebrini bi aba fie ha sɛ ommegu yɛn anim ase. Ɔbaa ha sɛ ɔrebɛto me mmonnaa na meteɛteɛɛ mu. Ɔtee sɛ mereteɛteɛ mu no, oyii nʼatade guu me so, guan fii fie ha.”

Potifar yere no de Yosef atade a oyi guu ne so no siei, kosii sɛ ne kunu bae. Ɔbea no bɔɔ ne kunu amanneɛ se, “Hebrini akoa no a wokɔtɔɔ no brɛɛ yɛn no baa me nkyɛn sɛ anka ɔrebɛto me mmonnaa. Meteɛteɛ mu no na oguan fii fie ha, gyaw nʼatade.”

Bere a Yosef wura Potifar tee asɛm a ne yere ka kyerɛɛ no se, “Ɔkwan a wʼakoa no de me faa so ni” no, ne bo fuw yiye. Yosef wura Potifar tee asɛm no no, ɔkyeree Yosef kɔtoo afiase, faako a ɔhene nneduafo gu no.

Bere a Yosef da afiase hɔ no, na Awurade ka ne ho. Awurade yɛɛ no adɔe ma ɛno nti, afiase sohwɛfo panyin no pɛɛ nʼasɛm yiye. Ɛyɛɛ saa maa afiase sohwɛfo panyin no de Yosef sii nneduafo no nyinaa so panyin, a na biribiara a wɔyɛ wɔ afiase hɔ no hyɛ ne nsa. Esiane sɛ na Awurade ka Yosef ho no nti, na afiase sohwɛfo panyin no nhaw ne ho nyɛ adwuma. Efisɛ biribiara a Yosef bɛyɛ no, Awurade hyira so ma esi yiye.

Read More of 1 Mose 39