1 Mose 36:1-43, 1 Mose 37:1-36 AKCB

1 Mose 36:1-43

Esau Asefo

Eyinom ne Esau a wɔfrɛ no Edom no asefo.

Esau waree Kanaanfo mmea baasa. Wɔn din de Ada a ɔyɛ Hetini Elon babea, Ana babea Oholibama a ɔsan yɛ Hewini Sibeon nena ne Basmat a ɔyɛ Ismael babea na ɔyɛ Nebaiot nuabea.

Ada woo Elifas maa Esau. Basmat woo Reuel. Oholibama nso woo Yeus, Yalam ne Kora. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne mmabarima a Esau yerenom baasa no wowoo wɔn maa no wɔ Kanaan asase so no.

Esau faa ne yerenom, ne mmabarima, ne mmabea, ne fifo nyinaa, ne nyɛmmoa ne mmoa a aka nyinaa ne nʼagyapade biara a ɔbrɛ nyaa no wɔ Kanaan asase so nyinaa, tu fii ne nua Yakob nkyɛn, kɔɔ asase bi so wɔ akyirikyiri. Efisɛ na wɔn ahonyade no dɔɔso sɛ ɔne ne nua Yakob betumi atena faako. Na wɔn mmoa dodow nti, wɔn baanu no nsen asase a wɔte so no so. Ɛno nti, Esau a wɔfrɛ no Edom no, kɔbɔɔ nʼatenae wɔ Seir bepɔw so.

Eyinom ne Esau a ɔyɛ Edomfo agya no asefo a wɔwoo wɔn maa no bere a na ɔwɔ Seir bepɔw so no.

Esau mmabarima no din na edidi so yi:

Elifas, a ɔyɛ Esau yere panyin Ada babarima ne Reuel a ɔyɛ Basmat babarima.

Elifas nso mmabarima din na edidi so yi:

Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas. Na Esau babarima Elifas nso wɔ mpena bi a ne din de Timna a ɔne no woo ba a wɔfrɛ no Amalek. Din a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Ada nenanom.

Reuel mmabarima din na edidi so yi:

Nahat, Serah, Sama ne Misa. Saa din a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Basmat nso nenanom.

Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babea, na ɔsan yɛ Sibeon nena no mmabarima a ɔwoo wɔn maa Esau no ne eyinom:

Yeus, Yalam ne Kora.

Eyinom ne Esau asefo no mu atitiriw:

Elifas a ɔyɛ Esau abakan no nso mmabarima din na edidi so yi:

Atitiriw Teman, Omar, Sefo, Kenas, Kora, Gatam ne Amalek. Saa din a wɔabobɔ yi ne Elifas a ɔyɛ Esau abakan no asefo atitiriw a wɔwowoo wɔn wɔ Edom asase so. Na saa atitiriw yi yɛ Ada nenanom.

Esau babarima Reuel mmabarima din na edidi so yi:

Otitiriw Nahat, Otitiriw Serah, Otitiriw Sama ne Otitiriw Misa. Saa din a wɔabobɔ yi ne Reuel a ɔyɛ Esau ba a ɔto so abien no nnipa atitiriw a wɔwoo wɔn wɔ Edom asase so. Na wɔyɛ Esau yere Basmat nenanom.

Esau yere Oholibama mmabarima din na edidi so yi:

Otitiriw Yeus, Otitiriw Yalam ne Otitiriw Kora. Saa din a wɔabobɔ yi ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babea no asefo nnipa atitiriw no.

Saa din a wɔabobɔ yi ne Esau a ɔno ara ne Edom no mmabarima. Wɔn ara nso na wɔyɛ wɔn nnipa atitiriw no.

Eyinom ne Horini Seir mmabarima a na saa bere no wɔtete Seir asase so no:

Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horini Seir mmabarima a na wɔtete Edom asase so no nnipa atitiriw no.

Lotan mmabarima ne eyinom:

Hori ne Homam. Na Timna yɛ Lotan nuabea.

Sobal nso mmabarima ne eyinom:

Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam.

Na eyinom ne Sibeon mmabarima:

Aya ne Ana. Saa Ana yi ne abarimaa a, bere bi ɔde nʼagya Sibeon mfurum kɔɔ adidi wɔ sare no so a okohuu asu aniwa bi a na nsuɔhyew fi mu ba no.

Ana mma ni:

Dison ne Oholibama a ɔyɛ Ana babea no.

Disan mmabarima ni:

Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.

Eser mmabarima ne eyinom:

Bilhan, Saawan ne Akan.

Eyinom ne Disan mma:

Us ne Aran.

Eyinom ne Horifo nnipa atitiriw:

Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, Disan, Eser ne Disan.

Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horifo nnipa atitiriw a bere a na wɔwɔ Seir asase so no, wodii wɔn mmusua no so.

Edom Ahemfo

Eyinom ne nnipa a wodii kan dii hene wɔ Edom asase so ansa na Israelni biara rebedi Israelmma so hene:

Bela a ɔyɛ Beor babarima bedii hene wɔ Edom asase so. Na nʼahenkurow din de Dinhaba.

Na Bela wui no, Serah babarima Yobab a ofi Bosra bedii nʼade sɛ ɔhene.

Na Yobab wui no, Husam a ofi Teman asase so bedii nʼade sɛ ɔhene.

Husam wu akyi Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a okodii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na odii nʼade sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkurow no din Hawit.

Hadad wui no, Samla a ofi Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.

Samla wui no, Saulo a ofi Rehobot a ɛda asu Eufrate ho no bedii hene.

Na Saulo wui no, Akbor babarima Baal-Hanan bedii hene.

Akbor babarima Baal-Hanan nso wui no, Hadad bedii nʼade, tenaa nʼahengua so sɛ ɔhempɔn. Na ɔhene Hadad ahenkurow no din de Pau, na ne yere nso din de Mehetabel a ɔyɛ Me-Sahab babea a ɔno nso yɛ Matred babea.

Sɛnea wɔn a wodidi so yi a wɔyɛ Esau asefo no mmusua ne wɔn tenabea te ni:

Timna abusua, Alwa abusua, Yetet abusua,

Oholibama abusua, Ela abusua, Pinon abusua,

Kenas abusua, Teman abusua, Mibsar abusua,

Magdiel abusua ne Iram abusua.

Eyinom ne Edom mmusua a wɔde wɔn atenae no din totoe.

Na wɔn nyinaa yɛ Edomfo a wɔyɛ Esau asefo.

Read More of 1 Mose 36

1 Mose 37:1-36

Yosef Adaeso

Yosef tenaa Kanaan asase a na nʼagya te so sɛ ɔhɔho no so.

Yosef abusua ho asɛm ni:

Bere a Yakob ba Yosef dii mfirihyia dunson no, na ɔboa ne nuanom a wɔyɛ Bilha ne Silpa a wɔyɛ nʼagya yerenom no mmabarima no hwɛ wɔn agya nguan so. Na ɔtaa bɛka nneyɛe bɔne a ɛkɔ so fa ne nuanom no ho no kyerɛ wɔn agya.

Na Israel pɛ ne ba Yosef asɛm sen ne mma a wɔaka no nyinaa, efisɛ ɔwoo no ne nkwakoraabere mu; ɛno nti, ɔpam batakari bi a ɛyɛ fɛ maa no. Bere a ne nuanom no huu sɛ wɔn agya pɛ nʼasɛm sen wɔn nyinaa no, wɔtan no a na wɔnka abodwosɛm nkyerɛ no.

Da bi, Yosef soo dae. Ɔkaa dae a ɔsoo no kyerɛɛ ne nuanom mmarima no, wɔtan no sen kan no mpo. Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Muntie dae bi a maso. Mesoo dae, na yɛrekyekyere aburow afiafi wɔ afum. Bere a yegu so rekyekyere aburow no, amono mu hɔ ara, mʼafiafi a makyekyere no sɔre gyinaa ntenten. Mo afiafi a moakyekyere no nso twaa me de no ho hyia kotow no.”

Yosef nuanom no bisaa no se, “Enti wʼadwene ne sɛ wubedi yɛn so ana? Wugye di sɛ, ampa ara, wubetumi aka yɛn ahyɛ?” Esiane ne dae a ɔsoo no ne asɛm a ɔkae no nti, ɛmaa ne nuanom no kyii no kɔkɔɔkɔ.

Na ɔsoo dae bio. Ɔkaa dae a ɔsoo no kyerɛɛ ne nuanom no se, “Muntie: Maso dae foforo bio. Mesoo dae, na owia, ɔsram ne nsoromma dubaako rekotow me.”

Ɔkaa dae no kyerɛɛ nʼagya ne ne nuabarimanom no, nʼagya kaa nʼanim se, “Dae bɛn na woaso yi? Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ ampa ara, wo na ne me ne wo nuabarimanom no bɛba abɛkotow wo ana?” Eyi maa ne nuabarimanom no ani beree no mmoroso. Nanso nʼagya de, ɔdwenee asɛm no ho kɔɔ akyiri.

Yosef Nuanom Bɔ Ne Ho Pɔw

Da bi, Yosef nuabarimanom no de wɔn agya nguan kɔɔ adidi wɔ Sekem. Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Sɛnea wunim no, wo nuanom no de mmoa no kɔ adidi wɔ Sekem. Bra, na mensoma wo wɔn nkyɛn.”

Yosef buae se, “Yoo, agya, mate.”

Enti Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ne nguan no ho te dɛn, na san bɛka biribi kyerɛ me.” Enti Israel somaa Yosef fii Hebron subon no mu.

Bere a Yosef duu Sekem no, ɔbarima bi huu no sɛ ɔnenam wura no mu. Ɔbarima no bisaa no se, “Worehwehwɛ dɛn?”

Yosef buaa no se, “Merehwehwɛ me nuabarimanom. Mesrɛ wo, wubetumi akyerɛ me baabi a wɔde wɔn nguan no kɔ adidi?”

Ɔbarima no buaa no se, “Wo nuabarimanom no afi ha kɔ. Metee sɛ wɔreka se, ‘Momma yɛnkɔ Dotan.’ ”

Enti Yosef tiw ne nuanom no, kɔtoo wɔn wɔ Dotan hɔ. Bere a Yosef puei no, wohuu no wɔ akyirikyiri sɛ ɔreba. Ansa na ɔredu wɔn nkyɛn no, wɔbɔɔ ne ho pɔw sɛ wobekum no.

Wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Monhwɛ! Ɔdaesofo no na ɔreba no! Mommra mprempren ara mma yenkum no, na yɛntow no nkyene amoa no bi mu, na yɛnkɔka nkyerɛ yɛn agya se, aboa bi akyere no awe, na yɛnhwɛ sɛ biribi befi ne dae ahorow no mu aba ana.”

Ruben a ɔyɛ wɔn nua panyin tee saa asɛm no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obegye Yosef nkwa. Ɔkae se, “Mommma yenkum no. Munnhwie mogya ngu. Momma yɛntow no nkyene amoa a ɛwɔ sare yi so no bi mu. Na mommma yɛmfa yɛn nsa nka no.” Ruben kaa saa asɛm yi de gyee no fii wɔn nsam, sɛnea obenya kwan de no akɔhyɛ wɔn agya nsa.

Yosef beduu ne nuabarimanom no nkyɛn no, wɔworɔw ne batakari fɛfɛ a na ɔhyɛ no, na wɔtow no kyenee amoa bi mu. Na nsu biara nni amoa no mu.

Wɔtɔn Yosef

Bere a anuanom no tenaa ase sɛ wɔredidi no, wɔtoo wɔn ani huu sɛ yoma bebree sa so reba faako a na wɔrebedidi hɔ no. Wohuu sɛ saa nkurɔfo no yɛ Ismaelfo aguadifo bi a wɔsoso atomude, akyenkyennuru ne kurobow a wɔde fi Gilead rekɔtɔn no wɔ Misraim asase so.

Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Sɛ yekum yɛn nua yi, kata ne mogya so a, mfaso bɛn na yebenya? Momma yenyi no, na yɛntɔn no mma Ismaelfo aguadifo yi, sen sɛ yebekum no. Ɛdan dɛn ara a, ɔyɛ yɛn nua kumaa, yɛn ankasa yɛn mogya.” Ne nuanom no penee so.

Bere a Midian aguadifo no beduu hɔ no, Yosef nuanom no yii no fii amoa no mu, tɔn no maa Ismaelfo no gyee dwetɛ gram ahannu aduonu awotwe (228) ma wɔde no kɔɔ Misraim.

Ruben san nʼakyi baa amoa no ho, na ohuu sɛ Yosef nni amoa no mu no, osunsuan ne ntade mu. Ɔkɔɔ ne nuabarimanom no hɔ, kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Abarimaa no nni hɔ oo! Enti mprempren menyɛ me ho dɛn?”

Na anuanom no faa Yosef batakari no, kum abirekyi, de batakari no nuu ne mogya no mu. Wɔde Yosef batakari fɛfɛ no kɔɔ wɔn agya nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Yehuu saa atade yi wɔ wura mu hɔ baabi. Hwɛ sɛ ɛyɛ Yosef atade ana?”

Wɔn agya hui, na ɔkae se, “Nokware, ɛyɛ me ba Yosef atade! Aboa bɔne bi akyere no awe. Ampa ara, aboa ko no atetew Yosef nam pasaa.”

Na Yakob sunsuan ne ntade mu, hyɛɛ atweaatam, suu ne ba no nna bebree. Ne mmabarima ne ne mmabea nyinaa betwaa ne ho hyia kyekyee ne werɛ, nanso ankosi hwee. Yakob kae se, “Dabi, mede awerɛhow bewu akɔto me ba no wɔ asaman.” Enti nʼagya Yakob suu no.

Nea ɛbae ne sɛ, Midianfo no nso kɔtɔn Yosef maa Potifar wɔ Misraim. Saa Potifar no na ɔyɛ ɔhene Farao dabehene ne nʼawɛmfo so panyin.

Read More of 1 Mose 37