1 Mose 2:18-25, 1 Mose 3:1-24, 1 Mose 4:1-16 AKCB

1 Mose 2:18-25

Onyankopɔn Bɔ Hawa

Afei Awurade Nyankopɔn kae se, “Enye sɛ onipa nko tena; mɛbɔ ɔboafo a ɔfata no ama no.”

Saa bere no na Awurade Nyankopɔn de mfutuma abɔ wuram mmoa ne wim nnomaa nyinaa. Enti, ɔde wɔn brɛɛ onipa sɛ ɔnhwehwɛ din ko a ɔde bɛtoto wɔn; na din a onipa de too abɔde a nkwa wɔ mu biara no, ɛno ara na ɛyɛɛ din a wɔde frɛɛ no. Enti onipa totoo nyɛmmoa, wim nnomaa ne wuram mmoa no nyinaa din.

Nanso onipa de, wannya ɔboafo a ɔfata. Enti Awurade Nyankopɔn maa onipa daa nnahɔɔ. Bere a onipa daa saa no, oyii ne mfe mu mparow baako, na ɔde honam taree baabi a oyii mparow hɔ no. Afei Awurade Nyankopɔn de mfe mu mparow baako a oyi fii onipa mu no bɔɔ ɔbea, de no maa onipa no.

Na Adam kae se,

“Mʼankasa me dompe

ne me honam bi ni.

Wɔbɛfrɛ oyi ɔbea efisɛ

ɔbarima mu na woyii no fii.”

Eyi nti na ɔbarima gyaw nʼagya ne ne na de ne ho kɔbɔ ne yere ho sɛnea wɔn baanu no bɛyɛ nnipa koro.

Saa bere no, na ɔbarima ne ne yere nyinaa ho da hɔ, nanso na wɔmfɛre.

Read More of 1 Mose 2

1 Mose 3:1-24

Bɔne A Adam Yɛe Ne Akyi Asɛm

Na ɔwɔ yɛ ɔdaadaafo wɔ wuram mmoadoma a Awurade Nyankopɔn abɔ wɔn no nyinaa mu. Ɔwɔ no kɔɔ ɔbea no nkyɛn kobisaa no se, “Enti ɛyɛ ampa ara sɛ, Onyankopɔn se, ‘Munnni turo yi mu aduaba biara?’ ”

Ɔbea no buaa ɔwɔ se, “Yetumi di nnua a ɛwɔ turo yi mu no so aduaba biara, nanso Onyankopɔn kae se, ‘Ɛnsɛ sɛ yedi dua a esi turo no mfimfini no so aduaba, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn nsa mpo ka, anyɛ saa a yebewu.’ ”

Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Morenwuwu. Mmom, Onyankopɔn nim sɛ, da a mubedi no ara pɛ, mo ani bɛba mo ho so, ama moayɛ sɛ Onyankopɔn, na moahu papa ne bɔne.”

Bere a ɔbea no huu sɛ dua a esi mfimfini no so aba no wodi a, ɛbɛyɛ yie, na ɛyɛ akɔnnɔ, na afei ɛtew ani no, ɔtew bi dii, de bi maa ne kunu a na ɔne no wɔ hɔ no, maa ɔno nso dii. Wodi wiee no, wɔn baanu ani baa wɔn ho so, na wohuu sɛ wɔn nyinaa da adagyaw. Enti wɔkekaa nhaban sisii anim, de kataa wɔn adagyaw so.

Da no anwummere, wɔtee Awurade Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turo no mu; enti Adam ne ne yere Hawa de wɔn ho kosiee nnua a ɛwɔ turo mu hɔ no mu sɛnea Awurade Nyankopɔn renhu wɔn. Na Awurade Nyankopɔn frɛɛ Adam bisaa no se, “Mowɔ he?”

Adam buae se, “Metee wo nka wɔ turo no mu hɔ, nanso na misuro, efisɛ na meda adagyaw nti mekɔtɛwee.”

Na Onyankopɔn bisaa no se, “Hena na ɔka kyerɛɛ wo se na woda adagyaw? Woadi dua a meka kyerɛɛ wo se nni so aba no bi ana?”

Adam kae se, “Yiw, nanso ɔbea no a wode no maa me sɛ me ne no ntena no na ɔde aduaba a ɔtew fii dua no so no brɛɛ me maa midii.”

Enti Awurade Nyankopɔn bisaa ɔbea no se, “Dɛn na woayɛ yi?”

Ɔbea no buae se, “Ɔwɔ no na ɔdaadaa me ma midii.”

Enti Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no se, “Esiane saa ade a woayɛ yi nti,

“Wɔadome wo wɔ mmoa

nyinaa ne nkekaboa mu.

Wobɛwea wʼafuru so,

na wo nkwanna

nyinaa woadi mfutuma.

Mede ɔtan bɛto

wo ne ɔbea no

ne wʼasefo ne nʼasefo ntam.

Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti,

na wo nso woaka ne nantin.”

Afei, Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbea no nso se,

“Wobɛte ɔyaw pa ara wɔ wʼawo mu;

ɔyaw mu na wobɛwo mma.

Eyi nyinaa akyi no,

wʼani begyina wo kunu na obedi wo so.”

Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam nso se, “Esiane sɛ wutiee wo yere asɛm, na wudii dua a mehyɛɛ wo se, ‘nni so aba no’ nti,

“Madome asase,

na ɔbrɛ ne ɔhaw mu na wubedidi so

wo nkwanna nyinaa.

Ebefifi nsɔe ne nkyɛkyerɛ

ama wo na woadi wuram nhaban.

Wubesiam wʼanim fifiri

ansa na woanya aduan adi,

kosi sɛ wubewu akɔ dɔte mu,

efisɛ dɔte no mu na menwen wo fii;

woyɛ dɔte,

na dɔte mu na wobɛsan akɔ.”

Adam too ne yere no din Hawa, efisɛ ɔno na ɔbɛyɛ ateasefo nyinaa na.

Awurade Nyankopɔn de aboa nhoma yɛɛ ntade maa Adam ne ne yere Hawa de kataa wɔn ho. Awurade Nyankopɔn kae se, “Afei, onipa no abɛyɛ sɛ yɛn ara a, wahu papa ne bɔne. Ɛnsɛ sɛ yɛma no kwan na ɔteɛ ne nsa kɔtew nkwa dua no so aba no bi di, na ɔtena ase afebɔɔ.” Enti Awurade Nyankopɔn pam no fii Eden turo no mu sɛ ɔnkɔyɛ adwuma wɔ asase a wɔnwenee no fii mu no so. Ɔpam onipa no, ɔde Kerubim ne afoa a ɛdɛw twaa ne ho fa baabiara no sii Eden turo no apuei fam sɛ ɛnwɛn ɔkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho no.

Read More of 1 Mose 3

1 Mose 4:1-16

Kain Ne Habel Afɔrebɔ

Adam de ne ho kaa ne yere Hawa ma onyinsɛn, woo abarimaa a wɔfrɛ no Kain. Na ɔkae se, Awurade adaworoma, mawo ɔbabarima. Akyiri no, ɔsan woo nʼakyi babarima too no din Habel.

Na Habel bɛyɛɛ oguanhwɛfo, na Kain nso bɛyɛɛ okuafo. Nna bi akyi no, Kain de nʼafum nnɔbae bi kɔbɔɔ Awurade afɔre. Habel nso de ne nyɛmmoa no mu mmakan a wɔadodɔ srade kɔbɔɔ Onyankopɔn afɔre. Awurade ani sɔɔ Habel afɔrebɔ no. Nanso Kain afɔrebɔ no de, nʼani ansɔ. Asɛm no anyɛ Kain dɛ, na ne bo fuwii.

Awurade bisaa Kain se, “Adɛn nti na wo bo afuw? Adɛn nti na woamuna saa? Sɛ woyɛ ade pa a, anka wɔrennye wo nto mu ana? Sɛ wonyɛ ade pa de a, bɔne gyina wo pon ano, ɛrehwehwɛ wo ako atia wo, nanso ɛsɛ sɛ wudi no so.”

Kain Kum Habel

Da bi Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel se, “Ma yɛnkɔ afum.” Bere a wɔwɔ afum hɔ no, Kain tow hyɛɛ ne nua Habel so, kum no.

Awurade bisaa Kain se, “Wo nua Habel wɔ he?”

Kain buae se, “Minnim. Mɛyɛ dɛn ahu? Me na mehwɛ me nua so ana?”

Awurade bisaa Kain se, “Dɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua mogya su fi asase so frɛ me. Mprempren, wɔadome wo, apam wo afi asase a ebuee nʼano gyee wo nua mogya fii wo nsam no so. Sɛ woyɛ asase no so adwuma sɛ dɛn ara a, worennya nnɔbae biara mfi so. Wobɛyɛ ɔkobɔfo, akyinkyin asase so.”

Kain kae se, “Awurade mʼasotwe boro me so. Nnɛ, woapam me afi asase so ne wʼanim. Mɛyɛ ɔkobɔfo akyinkyin asase so na obiara a obenya me no bekum me.”

Nanso Awurade ka kyerɛɛ no se, “Ɛnte saa koraa! Obiara a obekum Kain no benya Kain asotwe no mpɛn ason.” Afei, Awurade hyɛɛ Kain agyirae bi sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara a obehyia no no renkum no. Enti Kain guan fii Awurade anim, kɔtenaa Nod asase so wɔ Eden apuei fam.

Read More of 1 Mose 4