1 Mose 11:10-32, 1 Mose 12:1-20, 1 Mose 13:1-18 AKCB

1 Mose 11:10-32

Sem Awo Ntoatoaso

Eyi ne Sem asefo ho asɛm.

Nsuyiri no akyi, mfe abien no a na Sem adi mfe ɔha no, ɔwoo Arfaksad. Sem woo Arfaksad akyi no ɔtenaa ase mfe ahannum, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.

Arfaksad nso dii mfe aduasa anum no, ɔwoo Sela. Arfaksad woo Sela akyi no ɔtenaa ase mfe ahannan ne abiɛsa, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.

Sela dii mfe aduasa no, ɔwoo Eber. Sela woo Eber akyi no ɔtenaa ase mfe ahannan ne abiɛsa, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.

Eber dii mfe aduasa anan no, ɔwoo Peleg. Eber woo Peleg akyi no ɔtenaa ase mfe ahannan ne aduasa, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.

Peleg dii mfe aduasa no, ɔwoo Reu. Peleg woo Reu akyi no ɔtenaa ase mfe ahannu ne akron, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.

Reu dii mfe aduasa abien no, ɔwoo Serug. Reu woo Serug akyi no ɔtenaa ase mfe ahannu ne ason, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.

Serug dii mfe aduasa no, ɔwoo Nahor. Serug woo Nahor akyi no ɔtenaa ase mfe ahannu wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.

Nahor dii mfe aduonu akron no, ɔwoo Tera. Nahor woo Tera akyi no ɔtenaa ase mfe ɔha ne dunkron, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.

Tera dii mfe aduɔson no, ɔwoo Abram, Nahor ne Haran.

Tera Asefo

Eyi ne Tera asefo ho asɛm.

Tera woo Abram, Nahor ne Haran. Na Haran woo Lot. Bere a Haran agya Tera te ase no, Haran wuu wɔ faako a wɔwoo no a wɔfrɛ hɔ Ur, a ɛwɔ Kaldea asase so no. Abram ne Nahor warewaree. Na Abram yere din de Sarai, na Nahor nso yere din de Milka a na ɔyɛ Haran babea. Saa Haran yi na ɔwoo Milka ne Iska. Na Sarai yɛ obonin; na onni ba.

Tera faa ne babarima Abram ne ne nena Lot, a ɔyɛ Haran babarima ne nʼasebea Sarai, a na ɔyɛ ne babarima Abram yere no, ne wɔn nyinaa sii mu fii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na woduu Haran no, wɔtenaa hɔ.

Tera dii mfe ahannu ne anum, na owui wɔ Haran.

Read More of 1 Mose 11

1 Mose 12:1-20

Onyankopɔn Frɛ Abraham

Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Fi wʼabusuafo nkyɛn ne wʼasase so kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so.

“Mɛma wo ayɛ ɔman kɛse,

na mehyira wo.

Mɛma wo din atrɛw,

na woayɛ nhyira ama nnipa bebree.

Mehyira wɔn a wohyira wo,

na obiara a ɔdome wo no, mɛdome no.

Ɛnam wo so na wobehyira

nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.”

Enti Abram kɔe, sɛnea Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no. Na Lot ne no kɔe. Bere a Abram refi Haran asase so akɔ no, na wadi mfe aduɔson anum. Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nuabarima Haran babarima Lot, nʼagyapade ne nʼasomfo a onyaa wɔn wɔ Haran nyinaa, sii mu kɔɔ Kanaan asase so.

Wɔfaa asase no so ara kosii baabi a wɔfrɛ hɔ Sekem, koduu odum dua bi a esi baabi a wɔfrɛ hɔ More. Ɛhɔ na wosii wɔn ntamadan. Saa bere no, na Kanaanfo na wɔte asase no so. Afei, Awurade Nyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Abram ka kyerɛɛ no se, “Mede saa asase yi bɛma wʼaseni.” Enti Abram sii afɔremuka wɔ hɔ, de kaee Awurade Nyankopɔn a ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ no no.

Akyiri no, Abram fii hɔ, de nʼani kyerɛɛ mmepɔw bi a ɛwɔ apuei fam, sii ne ntamadan wɔ hɔ. Na Bet-El da atɔe fam, na Ai nso da apuei fam. Ɛhɔ na osii afɔremuka maa Awurade Nyankopɔn, sɔree no wɔ hɔ.

Na Abram fii hɔ toaa so de nʼani kyerɛɛ Negeb.

Abram Ne Sarai Kɔ Misraim

Saa bere no, ɔkɔm kɛse bi sii asase a na Abram te so no so. Enti otu kɔtenaa Misraim12.10 Asuten a ɛdeda Misraim no nti, ɔpɛ dennen no anka no. asase so kakra, efisɛ ɔkɔm a ɛbaa asase no so no, na ano yɛ den yiye. Ɔreyɛ adu Misraim asase so no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai se, “Minim sɛ woyɛ ɔbea a wo ho yɛ fɛ yiye. Sɛ Misraimfo no hu wo a, wɔbɛka se, ‘Ne yere ni. Momma yenkum no, na yɛmfa no.’ Na sɛ woka sɛ woyɛ me nuabea a, Misraimfo no bɛhwɛ me yiye, efisɛ wɔn ani wɔ wo ho nti wɔrenkum me.”

Bere a woduu Misraim asase so no, Misraimfo no huu sɛ ɔbea no ho yɛ fɛ yiye. Na ɔhene Farao mpanyimfo huu no no, wɔkamfoo nʼahoɔfɛ, kɔbɔɔ no amanneɛ. Enti ɔhene Farao soma ma wɔkɔfaa ɔbea no baa nʼahemfi hɔ. Esiane ɔbea no ahoɔfɛ nti, ɔhene Farao hwɛɛ Abram yiye, maa no nguan, anantwi, afurumnini ne afurumbere, nkoa, mfenaa ne yoma.

Na esiane Abram yere Sarai te a na ɔte Farao ahemfi hɔ no nti, Awurade Nyankopɔn maa ɔyaredɔm baa Farao ne ne fifo so. Eyi nti, Farao frɛɛ Abram bisaa no se, “Dɛn na woayɛ me yi? Adɛn nti na woanka ankyerɛ me sɛ ɔbea no yɛ wo yere? Adɛn nti na wokae se, ‘Ɔyɛ me nuabea’ na woama maware no? Sɛ saa na ɛte de a, gye wo yere. Wo yere ni! Fa wʼade kɔ!” Na Farao hyɛɛ asraafo sɛ wonkogya Abram ne ne yere kwan a wɔn fifo ne wɔn agyapade nyinaa ka ho.

Read More of 1 Mose 12

1 Mose 13:1-18

Abram Ne Lot Di Ntetewmu

Abram tu fii Misraim. Ɔno, ne yere, Lot, nʼagyapade ne ne fifo nyinaa baa Negeb. Saa bere no na Abram anya ne ho a ɔwɔ nyɛmmoa, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ pii.

Ofii Negeb hɔ no, odii atutena ara koduu Bet-El, faako a odii kan sii ne ntamadan a ɛwɔ Bet-El ne Ai ntam no. Ɛhɔ na kan no osii nʼafɔremuka. Ɛhɔ nso na ɔkɔɔ so som Awurade.

Na Lot a ɔne Abram nam no nso yɛ ɔdefo a ɔwɔ nguan, anantwi ne asomfo bebree. Esiane sɛ saa bere no na Abram ne Lot nyinaa anya wɔn ho, na wɔwɔ nguan, anantwi ne asomfo pii nti, na wɔnsen asase no so. Na akasakasa taa baa Abram mmoahwɛfo ne Lot mmoahwɛfo no ntam. Saa bere no na Kanaanfo ne Perisifo nso tete asase no so.

Enti Abram ka kyerɛɛ Lot se, “Mesrɛ wo, mma akasakasa mma me ne wo anaa me mmoahwɛfo ne wo mmoahwɛfo ntam, efisɛ yɛyɛ anuanom. Ɛnyɛ asase no nyinaa na ɛda wʼanim yi? Ma yenni mpaapaemu. Sɛ wokɔ benkum a, mɛkɔ nifa, na sɛ wokɔ nifa nso a, mɛkɔ benkum.”

Lot hwɛɛ ne ho hyiae, huu sɛ asase a ɛda Yordan ho no yɛ asasebere. Na nsu wɔ mu baabiara te sɛ Eden turo mu anaasɛ Misraim asase a ɛda Soar fam hɔ no ara pɛ. Saa bere no, na Awurade nnya nsɛee Sodom ne Gomora ɛ. Na Lot de nʼani kyerɛɛ apuei fam, faa asase a ɛda Yordan ho no. Eyi ne ɔkwan a Abram ne Lot faa so dii ntetewmu no. Abram tenaa Kanaan asase so. Na Lot nso dii atutena wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ nsase tamaa no so, na okosii ne ntamadan wɔ baabi a ɛbɛn Sodom. Na nnipa a wɔwɔ Sodom kurow no mu no yɛ amumɔyɛfo a daa wɔyɛ bɔne akɛseakɛse de tia Awurade.

Lot tew ne ho fii Abram ho akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Afei, ma wʼani so hwɛ atifi fam, anafo fam, apuei fam ne atɔe fam. Mede asasetam a wʼani tua yi nyinaa bɛma wo ne wʼasefo afebɔɔ. Mɛma wʼasefo adɔɔso sɛ asase so mfutuma a obiara ntumi nkan. Sɔre, kɔ na kɔhwehwɛ asase no so nyinaa, efisɛ mede rema wo.”

Enti Abram tutuu ne ntamadan bɛtenaa odum kwae bi a ɛyɛ Mamrɛ de wɔ Hebron no. Ɛhɔ na osii afɔremuka maa Awurade.

Read More of 1 Mose 13