Hesekiel 33:21-33, Hesekiel 34:1-31, Hesekiel 35:1-15 AKCB

Hesekiel 33:21-33

Wɔkyerɛ Yerusalem Asehwe Ase

Yɛn asutwa afe a ɛto so dumien no sram a ɛto so du no nnaanum so, ɔbarima bi a waguan afi Yerusalem baa me nkyɛn bɛkae se, “Kuropɔn no ahwe ase!” Na anwummere a ade rebɛkye ama ɔbarima no aba no, na Awurade nsa wɔ me so na obuee mʼano ansa na ɔbarima no baa anɔpa. Enti na mʼano abue a mitumi kasa.

Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se, “Onipa ba, nnipa a wɔtete saa nnwiriwii so wɔ Israel asase no so no reka se, ‘Abraham yɛ onipa baako, nanso onyaa asase no nyinaa. Nanso yɛdɔɔso, na nokware wɔde asase no ama yɛn sɛ yɛn agyapade.’ Ɛno nti, ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ mowe nam a mogya wɔ mu, mosom mo anyame na muhwie mogya gu nti, ɛsɛ sɛ mofa asase no ana? Mode mo ho to mo afoa so. Moyɛ akyiwade na mo mu biara gu ne yɔnko yere ho fi. Ɛsɛ sɛ munya asase no ana?’ 

“Ka eyi kyerɛ wɔn se, ‘Nea Otumfo Awurade se ni: Ampa ara sɛ mete ase yi, wɔn a wɔaka wɔ kurow no nnwiriwii mu no bɛtotɔ wɔ afoa ano. Wɔn a wɔwɔ wuram no mede wɔn bɛma nkekaboa ama wɔawe wɔn na wɔn a wɔwɔ abandennen ne abodan mu no, ɔyaredɔm bekunkum wɔn. Mɛsɛe asase no ama ayɛ amamfo, na nʼahomaso ahoɔden no bɛba awiei na Israel mmepɔw no bɛda mpan a obiara rentwa mu wɔ hɔ. Afei wobehu sɛ mene Awurade no, bere a mama asase no ada mpan wɔ akyiwade a wɔayɛ nyinaa nti.’

“Wo de, onipa ba, wo manmma reka wo ho nsɛm wɔ afasu ho ne afi apon ano kyerɛ wɔn ho wɔn ho se, ‘Mommra mmetie asɛm a efi Awurade nkyɛn aba.’ Me nkurɔfo ba wo nkyɛn, sɛnea wɔyɛ daa no, bɛtenatena wʼanim betie wo nsɛm, nanso wɔmmfa nyɛ adwuma. Wɔde wɔn ano ka ahofama, nanso wɔn koma mu de, wɔn ani bere asisi mu adenya. Nokware, wɔn de, wote sɛ obi a ne nne yɛ dɛ, na ɔde nnwontode to ɔdɔ nnwom, efisɛ wɔte wo nsɛm nanso wɔmmfa nyɛ adwuma.

“Sɛ eyinom nyinaa ba mu a, na nokware ɛbɛba mu nso, na afei wobehu sɛ odiyifo bi baa wɔn mu.”

Read More of Hesekiel 33

Hesekiel 34:1-31

Nguanhwɛfo Ne Nguan

Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nguanhwɛfo: hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn se: Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Nnome nka Israel nguanhwɛfo a wɔhwɛ wɔn ankasa nko ara so. Ɛnsɛ sɛ nguanhwɛfo hwɛ nguankuw no ana? Monom nufusu, mode mmoa no ho nwi fura mo ho na mukum mmoa a wɔadodɔ nanso monhwɛ nguankuw no. Monhyɛɛ wɔn a wɔyɛ mmerɛw no den, nsaa ayarefo yare na monkyekyeree apirafo akuru. Momfaa wɔn a wɔabɔ ko mmae, na monhwehwɛɛ wɔn a wɔayera. Mode ɔhyɛ ne atirimɔden na ahwɛ wɔn so. Ɛno nti wɔbɔ ahwete, efisɛ wonni ɔhwɛfo bi, na wɔbɔ ahwete no, wɔbɛyɛɛ hanam maa wuram mmoa nyinaa. Me nguan kyinkyin mmepɔw ne nkoko nyinaa so. Wɔbɔɔ wɔn petee asase so baabiara, na obiara anhwehwɛ wɔn.

“Enti, mo nguanhwɛfo, muntie Awurade asɛm: Nokware, sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, esiane sɛ me nguankuw nni ɔhwɛfo nti wɔawiawia wɔn na wɔayɛ hanam ama wuram mmoa, na esiane sɛ nguanhwɛfo no anhwehwɛ me nguan no na mmom wɔhwɛɛ wɔn ankasa ho na wɔtoo me nguan no asaworam nti, nguanhwɛfo, muntie Awurade asɛm: Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne nguanhwɛfo no anya na mɛma wɔabu me nguankuw no ho akontaa. Meremma wɔnhwɛ nguankuw no bio sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkum nguan no nnwe; megye me nguankuw afi wɔn anom na wɔrenyɛ wɔn aduan bio.

“ ‘Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ara mɛhwehwɛ me nguan na mahwɛ wɔn so. Sɛnea oguanhwɛfo hwɛ ne nguan a wɔahwete bere a ɔwɔ wɔn nkyɛn no, saa ara na mɛhwɛ me nguan so. Meyi wɔn afi mmeae a wɔhwete kɔɔ wɔ omununkum ne sum kabii da no. Mede wɔn befi amanaman so aba na maboaboa wɔn ano afi nsase so na mede wɔn aba wɔn ankasa asase so. Mɛma wɔadidi wɔ Israel mmepɔw so, subon ne asase no so atenae nyinaa. Mehwɛ wɔn so wɔ adidibea papa, na Israel mmepɔw atenten so bɛyɛ wɔn adidibea. Ɛhɔ na wɔbɛdeda adidibea asase papa so, na hɔ na wɔbɛwe sare frɔmfrɔm wɔ Israel mmepɔw so. Me ara mɛhwɛ me nguan na mama wɔadeda hɔ. Awurade asɛm ni. Mɛhwehwɛ nea wayera na mede nea wabɔ ko asan aba. Mɛkyekyere nea wapira no akuru, na mahyɛ nea ɔyɛ mmerɛw no den, nanso nea wadɔ ne nea ne ho yɛ den no, mɛsɛe wɔn. Mede trenee bɛhwɛ nguankuw no.

“ ‘Na mo, me nguankuw, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mebu oguan baako ne ɔfoforo ntam atɛn ne mpapo ne adwennini ntam. Adidibea papa a mudidi so no, ɛyɛ ade ketewa ma mo ana? Ɛsɛ sɛ mode mo anan tiatia mo adidibea a aka no nso so ana? Ɛnsɔ mo ani sɛ monom nsu a ani yɛ kurunnyenn ana? Ɛsɛ sɛ mode mo anan fono nkae no ana? Ɛsɛ sɛ me nguankuw di nea moatiatia so na wɔnom nea mode mo anan afon ana?

“ ‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade ka kyerɛ wɔn: Monhwɛ, me ara mebu nguan a wɔadodɔ ne nguan a wɔafonfɔn ntam atɛn. Esiane sɛ, mode mo nkyɛn mu ne mmati puapua nguan a wonni ahoɔden na mode mo mmɛn pempem wɔn kosi sɛ mobɛpam wɔn akɔ akyirikyiri nti, megye me nguankuw na wɔremfom wɔn bio. Mebu oguan baako ne ɔfoforo ntam atɛn. Mɛma oguanhwɛfo baako, me somfo Dawid, ahwɛ wɔn so, na ɔbɛyɛn wɔn na wayɛ wɔn hwɛfo. Na me, Awurade, mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na me somfo Dawid ayɛ wɔn mu obirɛmpɔn. Me Awurade na maka.

“ ‘Me ne wɔn bɛyɛ asomdwoe apam na matɔre nkekaboa ase wɔ asase no so sɛnea wobetumi atena sare so na wɔadeda kwae mu asomdwoe mu. Mehyira wɔn ne mmeae a atwa me pampa ho ahyia. Mɛtɔ obosu wɔ ne bere mu, na ɛbɛyɛ nhyira bosu. Mfuw so nnua bɛsow wɔn aba na asase no nso abɔ nʼaduan. Nnipa no bɛtena wɔn asase so dwoodwoo. Mibubu wɔn konnua na migye wɔn fi wɔn a wɔde wɔn yɛɛ nkoa nsam a wobehu sɛ mene Awurade no. Amanaman no remfow wɔn bio, na wuram mmoa nso renkyere wɔn nnwe. Wɔbɛtena asomdwoe mu na obiara renhunahuna wɔn. Na mɛma wɔn asase a ɛsow nnɔbae ama agye din, na aduankɔm renne wɔn wɔ asase no so na wɔrenyɛ ahohora mma amanaman no. Afei wobehu sɛ me Awurade, wɔn Nyankopɔn ne wɔn wɔ hɔ, na wɔn, Israelfi, yɛ me nkurɔfo; Otumfo Awurade asɛm ni. Mo, me nguan, mʼadidibea nguan yɛ me nkurɔfo, na mene mo Nyankopɔn, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”

Read More of Hesekiel 34

Hesekiel 35:1-15

Nkɔmhyɛ A Etia Edom

Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Bepɔw Seir; hyɛ nkɔm tia no, na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne wo anya, Bepɔw Seir, na mɛteɛ me basa atia wo na mɛma wo ada mpan. Mɛdan wo nkurow ama ayɛ mmubui na wobɛda mpan. Afei wubehu sɛ mene Awurade no.

“ ‘Esiane sɛ wode tete nitan hyɛɛ wo mu na wuyii Israelfo maa afoa wɔ wɔn amanehunu mu, bere a wɔn asotwe duu ne mpɔmpɔnso no nti, sɛ mete ase yi de, Otumfo Awurade asɛm ni, mede wo bɛma mogyahwiegu na ebedi wʼakyi. Esiane sɛ woansuro mogyahwiegu no nti, mogyahwiegu bɛtaa wo. Mɛma bepɔw Seir ada mpan, na mayi wɔn a wodi so akɔneaba no afi hɔ. Mede atɔfo bɛhyɛ wo mmepɔw so ma; wɔn a wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano bɛtotɔ ase wɔ wo nkoko so, aku mu ne wo subon mu. Mɛma woada mpan afebɔɔ, na obiara rentena wo nkurow so. Afei wubehu sɛ mene Awurade no.

“ ‘Woaka se, “Saa aman abien ne nsase yi bɛyɛ yɛn dea, na yɛbɛfa,” wɔ bere a me Awurade mete hɔ; enti sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, me ne wo bedi no sɛnea abufuw ne ninkunu a wodaa no adi wɔ ɔtan a wotan wɔn no mu no te, na mɛda me ho adi wɔ wɔn mu, bere a mebu wo atɛn. Afei wubehu sɛ me Awurade, mate animtiaabu nsɛm a woaka atia Israel mmepɔw no. Wokae se, “Wɔama ada mpan na wɔadan ama yɛn sɛ yɛmfa.” Mohoahoaa mo ho tiaa me na mokasa tiaa me a moanto sɛbe, na metee. Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Bere a wiase nyinaa redi ahurusi no, mɛma wo ada mpan. Sɛnea wudii ahurusi bere a Israelfi agyapade daa mpan no, saa ɔkwan no na mede wo bɛfa so. Wobɛda mpan, Bepɔw Seir, wo ne Edom nyinaa. Afei wobehu sɛ mene Awurade no.’ ”

Read More of Hesekiel 35