Hesekiel 32:1-32, Hesekiel 33:1-32 AKCB

Hesekiel 32:1-32

Farao Ho Kwadwom

Mfe dumien mu, ɔsram a ɛto so dumien no da a edi kan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, to kwadwom fa Misraimhene Farao ho na ka kyerɛ no se:

“ ‘Wote sɛ gyata wɔ aman no mu:

wote sɛ po mu aboa a ne ho yɛ hu

wububu dikyi wɔ wo nsuten mu,

wode wo nan boro nsuten no

de fono nsu no.

“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Mede dɔm bɛba

abɛtow mʼasau agu wo so,

na wɔbɛtwe wo afi mʼasau mu.

Mɛtow wo akyene asase no so

na mahiri wo ato sare so.

Mɛma wim nnomaa nyinaa abesisi wo so

na asase so mmoa nyinaa adi wo nam afrɛ so.

Mɛhata wo nam wɔ mmepɔw no so

na mede wo funu ahyɛ aku ma.

Mede wo mogya a ɛresen no

afɔw asase no de akɔka mmepɔw no

na wo nam bɛhyɛ abon nketewa no ma.

Sɛ mitwa wo fi hɔ a, mɛkata ɔsoro ani

na madunnum wɔn nsoromma;

mede omununkum bɛkata owia ani,

na ɔsram renhyerɛn.

Ɔsoro akanea a ɛhyerɛn nyinaa

mɛma aduru sum wɔ wo so;

mɛma sum aduru wʼasase, Otumfo Awurade asɛm ni.

Mɛma nnipa bebree koma atutu

bere a mede wo sɛe aba aman no mu,

nsase a wunnya nhuu mu.

Mɛma nnipa bebree ho adwiriw wɔn wɔ wo ho,

wo nti, hu bɛma wɔn ahene ho apopo

bere a merehim mʼafoa wɔ wɔn anim no.

Da a wobɛhwe ase no

wɔn mu biara ho bɛwosow

bere nyinaa mu wɔ wɔn nkwa nti.

“ ‘Na sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Babiloniahene afoa

bɛsɔre wɔ wo so.

Mɛma wo dɔm no atotɔ

wɔ dɔmmarima afoa ano,

wɔ aman a wɔyɛ anuɔdenfo mu.

Wɔbɛsɛe Misraim ahomaso pasaa

na ne dɔm no nyinaa bedi nkogu.

Mekunkum nʼanantwi nyinaa

afi nsu bebree no ho

na onipa nan rentiatia mu bio

na anantwi tɔte nso remfono no.

Afei mɛma ne nsu ani atew

na mama ne nsuten ateɛ sɛ ngo,

Otumfo Awurade asɛm ni.

Sɛ mema Misraim da mpan

na miyi biribiara fi asase no so,

sɛ mikum wɔn a wɔte so nyinaa a,

afei na wobehu sɛ mene Awurade no.’

“Eyi ne kwadwom a wɔbɛto ama no. Amanaman no mmabea bɛto ama Misraim ne ne dɔm nyinaa, Otumfo Awurade asɛm ni.”

Afe a ɛto so dumien no ne sram da a ɛto so dunum no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, twa adwo ma Misraim dɔm na ma ɔne amanaman akɛse no mmabea nsian nkɔ asase ase nkɔka wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no ho. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Wadom mo dodo sen wɔn a aka no ana? Munsian nkɔ na mo ne momonotofo no nkɔda.’ Wɔbɛka wɔn a wowuwuu wɔ afoa ano no ho. Wɔatwe afoa no, ma wɔntwe ne nnipadɔm no ase nkɔ. Akannifo akɛse a wɔwɔ ɔda mu bɛka afa Misraim ne ne dɔm ho se, ‘Wɔasian aba na wɔdeda momonotofo mu, wɔn a wowuwuu wɔ afoa ano no.’

“Asiria ne nʼasraafo nyinaa wɔ hɔ, wɔn a wɔakunkum wɔn no nna atwa ne ho ahyia, wɔn a wɔatotɔ wɔ afoa ano no. Wɔn nna no wɔ amoa no ase tɔnn na nʼasraafo deda ne nna ho nyinaa. Wɔn a na wohunahuna afoforo wɔ ateasefo asase so no nyinaa awuwu, wɔatotɔ wɔ afoa ano.

“Elam wɔ hɔ, ne nnipadɔm nyinaa atwa ne da ho ahyia. Wɔn nyinaa awuwu, wɔatotɔ wɔ afoa ano. Wɔn a na wohunahuna afoforo wɔ ateasefo asase so nyinaa sian kɔɔ asase ase sɛ momonotofo. Wɔde wɔn animguase kɔka wɔn a wosian kɔ amoa mu no ho. Wɔato mpa ama no wɔ atɔfo no mu, na ne dɔm atwa ne da ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofo a wɔatotɔ wɔ afoa ano. Esiane sɛ wɔn ahunahuna trɛw wɔ ateasefo asase so no nti, wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no nyinaa anim agu ase. Wɔadeda wɔn wɔ atɔfo no mu.

“Mesek ne Tubal wɔ hɔ a wɔn dɔm atwa wɔn nna ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofo a wɔatotɔ wɔ afoa ano efisɛ wɔtrɛtrɛw wɔn ahunahuna mu wɔ ateasefo asase so. Ɛnyɛ wɔn ne akofo momonotofo foforo a wɔatotɔ na wɔdeda hɔ no ana? Wɔn a wɔne wɔn akode sian kɔɔ nna mu na wɔn ti deda wɔn afoa so no. Wɔn amumɔyɛ so asotwe daa wɔn nnompe so, mmom saa akofo yi ahunahuna atrɛtrɛw wɔ ateasefo asase so.

“Farao, wo nso wobebubu wo mu na woakɔda momonotofo mu, wo ne wɔn a wɔtotɔɔ wɔ afoa ano no.

“Edom wɔ hɔ, nʼahemfo ne ne mmapɔmma nyinaa deda wɔn a wɔatotɔ wɔ afoa ano no mu, wɔn tumi nyinaa akyi. Wɔdeda momonotofo mu, wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no.

“Mmapɔmma a wofi atifi fam nyinaa ne Sidonfo nyinaa wɔ hɔ, wɔne atɔfo kɔɔ wɔ animguase mu, wɔn tumi a wɔde hunahuna no nyinaa akyi. Wɔdeda hɔ sɛ momonotofo, wɔne wɔn a wokum wɔn wɔ afoa ano, na wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no asoa wɔn animguase.

“Farao, ɔne nʼasraafo nyinaa behu wɔn na ne werɛ bɛkyekye wɔ ne dɔm a wokunkum wɔn wɔ afoa ano no ho, Otumfo Awurade asɛm ni. Mmom me na memaa Farao ne ne nnipadɔm de ahunahuna trɛtrɛw wɔ ateasefo asase so de, nanso wɔbɛdeda momonotofo mu, wɔn a wɔde afoa kunkum wɔn, Otumfo Awurade asɛm ni.”

Read More of Hesekiel 32

Hesekiel 33:1-32

Ɔwɛmfo Hesekiel

Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, kasa kyerɛ wo manmma na ka kyerɛ wɔn se: ‘Sɛ metwe mʼafoa wɔ asase bi so, na sɛ asase no so nnipa yi wɔn mmarima no mu baako sɛ ɔnyɛ ɔwɛmfo mma wɔn, na ohu sɛ afoa reba abɛko atia asase no a, ɔhyɛn torobɛnto de bɔ nnipa no kɔkɔ. Na sɛ obi te torobɛnto no nnyigyei na wanna ne ho so, na sɛ afoa no bekum no a, ne mogya bɛbɔ ɔno ankasa ti so. Esiane sɛ ɔtee torobɛnto no nnyigyei na wantie kɔkɔbɔ no nti, ne mogya bɛbɔ nʼankasa ti so. Sɛ otiee kɔkɔbɔ no a, anka onyaa ne ti didii mu. Nanso sɛ ɔwɛmfo no hu sɛ afoa no reba na wanhyɛn torobɛnto no ammɔ nnipa no kɔkɔ, na sɛ afoa no ba bekum wɔn mu baako a, wɔbɛfa saa onipa no akɔ wɔ ne bɔne nti, nanso mɛma ɔwɛmfo no abu owufo no mogya ho akontaa.’ 

“Onipa ba, mayɛ wo ɔwɛmfo ama Israelfi, ɛno nti tie mʼanom nsɛm na fa kɔkɔbɔ a efi me nkyɛn ma wɔn. Sɛ meka kyerɛ omumɔyɛfo se, ‘Wo omumɔyɛfo, owu na wubewu,’ na sɛ woankasa ankyerɛ no amma wamfi nʼakwan so a, saa omumɔyɛfo no bewu ne bɔne mu, na mɛma woabu ne mogya ho akontaa. Nanso sɛ wobɔ omumɔyɛfo no kɔkɔ sɛ omfi nʼakwan so na sɛ wanyɛ a, ne bɔne nti, obewu, nanso worenni ne mogya ho fɔ.

“Onipa ba, ka kyerɛ Israelfi se: ‘Sɛɛ ne nea moreka: “Yɛn mfomso ne yɛn nnebɔne hyɛ yɛn so, yɛresɛe, esiane eyinom nti. Na dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya nkwa?” ’ Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, mʼani nnye amumɔyɛfo wu ho, na mmom mepɛ sɛ wɔdan fi wɔn akwan so na wonya nkwa. Monnan! Monnan mfi mo amumɔyɛ akwan no so! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ muwuwu, Israelfi?’ 

“Ɛno nti onipa ba, ka kyerɛ wo manmma se, ‘Ɔtreneeni trenee rentumi nnye no nkwa wɔ bere a ɔnyɛ osetie; na omumɔyɛfo amumɔyɛ remma ɔnhwe ase wɔ bere a ɔdan fi ho. Sɛ ɔtreneeni yɛ bɔne a, ɔrennya nkwa wɔ ne kan treneeyɛ nti.’ Sɛ meka kyerɛ ɔtreneeni sɛ obenya nkwa, na afei ɔde ne ho to ne treneeyɛ so na ɔyɛ bɔne a, wɔrenkae ne kan trenee nneyɛe biara. Obewu wɔ ne bɔne a wayɛ nti. Na sɛ meka kyerɛ omumɔyɛfo se, ‘Owu na wubewu,’ na afei ɔdan fi ne nnebɔne ho na ɔyɛ nea eye na ɛteɛ, na sɛ ɔsan de bosea ho awowaside ma, na ɔsan de nea wawia ma, na odi ahyɛde a ɛma nkwa so, na wanyɛ bɔne a, ampa ara obenya nkwa, na ɔrenwu. Wɔrenkae bɔne a wayɛ no mu biara ntia no. Wayɛ nea eye na ɛteɛ, ampa ara obenya nkwa.

“Nanso wo manmma ka se, ‘Awurade akwan nteɛ.’ Nanso ɛyɛ wɔn akwan mmom na ɛnteɛ. Sɛ ɔtreneeni fi ne trenee ho na ɔyɛ bɔne a, ɛno nti obewu. Na sɛ omumɔyɛfo dan fi ne nnebɔne ho na ɔyɛ nea eye na ɛteɛ a, obenya nkwa. Nanso Israelfi, moka se, ‘Awurade akwan nteɛ.’ Nanso mebu obiara atɛn sɛnea nʼakwan te.”

Wɔkyerɛ Yerusalem Asehwe Ase

Yɛn asutwa afe a ɛto so dumien no sram a ɛto so du no nnaanum so, ɔbarima bi a waguan afi Yerusalem baa me nkyɛn bɛkae se, “Kuropɔn no ahwe ase!” Na anwummere a ade rebɛkye ama ɔbarima no aba no, na Awurade nsa wɔ me so na obuee mʼano ansa na ɔbarima no baa anɔpa. Enti na mʼano abue a mitumi kasa.

Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se, “Onipa ba, nnipa a wɔtete saa nnwiriwii so wɔ Israel asase no so no reka se, ‘Abraham yɛ onipa baako, nanso onyaa asase no nyinaa. Nanso yɛdɔɔso, na nokware wɔde asase no ama yɛn sɛ yɛn agyapade.’ Ɛno nti, ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ mowe nam a mogya wɔ mu, mosom mo anyame na muhwie mogya gu nti, ɛsɛ sɛ mofa asase no ana? Mode mo ho to mo afoa so. Moyɛ akyiwade na mo mu biara gu ne yɔnko yere ho fi. Ɛsɛ sɛ munya asase no ana?’ 

“Ka eyi kyerɛ wɔn se, ‘Nea Otumfo Awurade se ni: Ampa ara sɛ mete ase yi, wɔn a wɔaka wɔ kurow no nnwiriwii mu no bɛtotɔ wɔ afoa ano. Wɔn a wɔwɔ wuram no mede wɔn bɛma nkekaboa ama wɔawe wɔn na wɔn a wɔwɔ abandennen ne abodan mu no, ɔyaredɔm bekunkum wɔn. Mɛsɛe asase no ama ayɛ amamfo, na nʼahomaso ahoɔden no bɛba awiei na Israel mmepɔw no bɛda mpan a obiara rentwa mu wɔ hɔ. Afei wobehu sɛ mene Awurade no, bere a mama asase no ada mpan wɔ akyiwade a wɔayɛ nyinaa nti.’

“Wo de, onipa ba, wo manmma reka wo ho nsɛm wɔ afasu ho ne afi apon ano kyerɛ wɔn ho wɔn ho se, ‘Mommra mmetie asɛm a efi Awurade nkyɛn aba.’ Me nkurɔfo ba wo nkyɛn, sɛnea wɔyɛ daa no, bɛtenatena wʼanim betie wo nsɛm, nanso wɔmmfa nyɛ adwuma. Wɔde wɔn ano ka ahofama, nanso wɔn koma mu de, wɔn ani bere asisi mu adenya. Nokware, wɔn de, wote sɛ obi a ne nne yɛ dɛ, na ɔde nnwontode to ɔdɔ nnwom, efisɛ wɔte wo nsɛm nanso wɔmmfa nyɛ adwuma.

Read More of Hesekiel 33