Hesekiel 30:1-26, Hesekiel 31:1-18 AKCB

Hesekiel 30:1-26

Misraim Ho Kwadwom

Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Twa adwo na ka se,

“Ao da no!”

Na da no abɛn,

Awurade da no abɛn,

omununkum da,

amanaman no atemmu bere.

Afoa bi bɛsɔre atia Misraim,

na ahoyeraw bɛba Kus so.

Sɛ apirafo totɔ wɔ Misraim a

wɔbɛsoa nʼahonyade akɔ

na wɔabubu ne fapem agu fam.

Kus ne Put, Lidia ne Arabia nyinaa, Libia ne bɔhyɛ asase no so nnipa ne Misraim bɛtotɔ wɔ afoa ano.

“ ‘Sɛɛ na Awurade se:

“ ‘Misraim nnamfonom bɛtotɔ

na nʼahomaso ahoɔden bedi no huammɔ.

Efi Migdol kosi Aswan

wɔbɛtotɔ wɔ afoa a ɛwɔ ne mu no ano,

Otumfo Awurade asɛm ni.

Wɔbɛdeda mpan

wɔ nsase a ada mpan mu,

na wɔn nkuropɔn bebubu aka

nkuropɔn a abubu ho.

Afei wobehu sɛ mene Awurade no,

bere a mede ogya ato Misraim mu

na madwerɛw nʼaboafo nyinaa no.

“ ‘Saa da no, asomafo de ahyɛn befi me nkyɛn akohunahuna Kus a ne tirim yɛ no dɛ no. Ne ho bɛyeraw no wɔ Misraim atemmuda no, na ampa ara ɛbɛba mu.

“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Mede Misraim dɔm bebrebe no bɛba awiei

mɛfa Babiloniahene Nebukadnessar so.

Ɔno ne nʼasraafo; amanaman no mu anuɔdenfo,

wɔde wɔn bɛba abɛsɛe asase no.

Wɔbɛtwe wɔn afoa atia Misraim

na wɔde afunu ahyɛ asase no so ma.

Mɛma Nil mu nsu ayow

na matɔn asase no ama nnipa bɔne;

menam ananafo so

bɛsɛe asase no ne nea ɛwɔ mu nyinaa.

Me Awurade na maka.

“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Mɛsɛe ahoni no

na mede Memfis nsɛsode ahorow no aba awiei.

Misraim rennya mmapɔmma bio,

na mɛma hu aba asase no so nyinaa.

Mɛsɛe Misraim Atifi,

ato Soan mu gya

na matwe Tebes aso.

Mehwie mʼabufuwhyew agu Pɛlusum so,

Misraim bammɔ dennen no,

na matwa Tebes nnipa bebrebe no agu.

Mɛto Misraim mu gya;

Pɛlusum de ɔyaw bebubu ne mu.

Ahum bebu afa Tebes so;

na Memfis bedi abooboo da biara.

Heliopolis ne Bubastis mmerante

bɛtotɔ wɔ afoa ano,

na nkuropɔn no ankasa bɛkɔ nnommum mu.

Sum kabii beduru Tapanhes, da no

sɛ mibubu Misraim konnua no a;

hɔ na nʼahomaso ahoɔden bɛba awiei.

Omununkum bɛkata no so,

na ne nkuraa bɛkɔ nnommum mu.

Ɛno nti mɛtwe Misraim aso,

na wobehu sɛ mene Awurade no.’ ”

Afe a ɛto so dubaako no, ɔsram a edi kan no da a ɛto so ason no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, mabu Misraimhene Farao basa mu. Wɔnkyekyeree, na atoa bio; na wɔmfa nhyɛɛ ntama bamma mu na anya ahoɔden a ɔde beso afoa mu. Ɛno nti, Otumfo Awurade na ose: Mene Misraimhene Farao anya; mebubu nʼabasa abien no mu; basa a eye ne nea mu abu no, na mama afoa afi ne nsam atɔ fam. Mede Misraimfo bɛkɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase so. Mɛhyɛ Babiloniahene basa mu den na mede mʼafoa ahyɛ ne nsa, nanso Farao de, mebu nʼabasa mu, na wasi apini wɔ nʼanim sɛ obi a wapira opirabɔne. Mɛma Babiloniahene abasa mu ayɛ den, nanso Farao abasa bedwudwo asensɛn ne ho. Sɛ mede mʼafoa hyɛ Babiloniahene nsa na ɔma so tia Misraim a, wobehu sɛ mene Awurade no. Mede Misraimfo bɛkɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase no so. Ɛno na wobehu sɛ mene Awurade no.”

Read More of Hesekiel 30

Hesekiel 31:1-18

Sida Bi A Ɛwɔ Lebanon

Mfe dubaako mu, ɔsram a ɛto so abiɛsa no da a edi kan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se, “Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne ne dɔm se:

“ ‘Hena ho na wɔde wo kɛseyɛ bɛtoto?

Dwene Asiria ho, sida bi a bere bi na ɛwɔ Lebanon,

Ɔde mman a ɛyɛ fɛ, na ɛhyɛ kwae so

nyin kɔɔ soro yiye,

ma ne nkɔn mu boro nhaban a ayɛ kusuu no so.

Nsu no maa no aduan,

mmura a mu dɔ ma enyin kɔɔ soro;

wɔn nsuwansuwa sen faa nʼase nyinaa

de kɔɔ mfuw no so nnua nyinaa ho.

Enti ɛkɔɔ sorosoro

sen mfuw no so nnua nyinaa;

ne dubaa dɔɔso

ne mman nyin yɛɛ atenten,

na nsu dodow a enyaa no nti ɛdennanee.

Wim nnomaa nyinaa

yɛɛ wɔn berebuw wɔ ne dubaa no mu,

wuram mmoa nyinaa

wowoo mma wɔ ne mman no ase

aman akɛse nyinaa

tenaa ne nwini ase.

Na ne kɛseyɛ no yɛ fɛ,

ne dubaa a adennan no nti,

na ne ntin nyin kɔɔ fam

koduu nsu bebree mu.

Sida a ɛwɔ Onyankopɔn turo mu

nto no,

na ɔpepaw nnua nso

dubaa ne no nyɛ pɛ,

na wontumi mfa ɔfo nnua nso

ntoto ne mman ho,

dua biara nni Onyankopɔn turo

no mu a nʼahoɔfɛ te sɛ no.

Mebɔɔ no ahoɔfɛ

maa no mman bebree,

na nnua a ɛwɔ Eden nyinaa

Onyankopɔn turo no mu no

ani beree no.

“ ‘Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ enyin kɔɔ soro, maa ne nkɔn mu hyɛɛ nhaban a abunkam so, na afei ɔyɛɛ ahantan wɔ ne tentenyɛ ho nti, mede no hyɛɛ amanaman sodifo nsa, sɛ ɔne no nni no sɛnea nʼamumɔyɛ te. Mepoo no, na ananafo aman no mu anuɔdenfo twaa no hwee fam, na ogyaw no hɔ. Ne dubaa no hwehwee mmepɔw ne aku mu; ne mman mu bubuu wɔ subon mu. Asase so aman nyinaa fii ne nwini ase, na wogyaw no hɔ. Wim nnomaa nyinaa sisii dua a abu no so, na wuram mmoa kɔhyehyɛɛ ne mman mu. Ɛno nti, nnua a ɛwɔ nsu ho no mu biara renyɛ ahantan, nnyin nkɔ sorosoro, mmoro nhaban a abunkam so no so. Nnua afoforo biara a enya nsu bebree no rennyin nkɔ soro saa bio. Wɔahyɛ sɛ wɔn nyinaa bewu akɔ asase ase, wɔ nnipamma a wosian kɔ amoa mu no nkyɛn.

“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Da a wɔde no too ɔda mu no, mede awerɛhow kataa nsuwansuwa a mu dɔ no so maa no, na amma ne nsuten no ansen, na misiw ne nsu dodow no kwan. Ne nti mede kusuuyɛ furaa Lebanon, na nnua a ɛwɔ sare no so nyinaa botowee. Memaa aman no ho popoo wɔ nʼasehwe nnyigyei no ho, bere a mede no baa ɔda mu ne wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no. Afei Eden nnua nyinaa, nea ɛte apɔw na ɛyɛ papa wɔ Lebanon, nnua a enya nsu yiye nyinaa nyaa awerɛkyekye wɔ asase ase. Wɔn a wɔtenaa ne nwini ase, ne ne dɔm a wɔwɔ amanaman no mu nso ne no kɔ ɔda mu, akɔka wɔn a wɔtotɔɔ wɔ afoa ano no ho.

“ ‘Nnua a ɛwɔ Eden no mu de, ɛwɔ he na ebetumi de ne ho atoto wo ho wɔ anuonyam ne kɛseyɛ mu? Nanso wo nso wobesian wo akɔ fam, wo ne Eden nnua no. Wobɛfra momonotofo mu, wɔn a wɔatotɔ wɔ afoa ano no.

“ ‘Eyi yɛ Farao ne ne dɔm no, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”

Read More of Hesekiel 31