Hesekiel 28:1-26, Hesekiel 29:1-21 AKCB

Hesekiel 28:1-26

Nkɔmhyɛ A Etia Tirohene

Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, ka kyerɛ Tiro sodifo no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Wufi wʼahantan koma mu ka se,

“Meyɛ onyame;

mete onyame bi ahengua so

wɔ po mfimfini.”

Nanso woyɛ onipa, wonyɛ onyame,

ɛwɔ mu, wudwen sɛ wunim nyansa sɛ onyame bi.

Wunim nyansa sen Daniel ana?

Wunim kokoamsɛm biara ana?

Wonam wo nyansa ne nhumu so

anya ahode ama wo ho,

woapɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bebree

agu wʼadekoradan mu.

Wonam wʼaguadi mu nyansa so

ama wʼahonya adɔɔso,

na wʼahonya nti

woahoran wɔ wo koma mu.

“ ‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Esiane sɛ wudwen sɛ wunim nyansa

te sɛ Onyame nti,

mede ananafo reba abetia wo,

amanaman no mu ɔdesɛefo pa ara;

wɔbɛtwetwe wɔn afoa

wɔ wʼahoɔfɛ ne wo nyansa so

na wɔahwirew wʼanuonyam no.

Wɔde wo bɛto amoa no mu,

na wubewu owu yaayaw

wɔ ɛpo mfimfini.

Afei wobɛka se, “Meyɛ onyame,”

wɔ wɔn a wokum wo no anim ana?

Wobɛyɛ onipa na ɛnyɛ onyame,

wɔ wɔn a wokum wo no nsam.

Wubewu momonotofo wu

wɔ ananafo nsam.

Me na maka, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”

Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho so na ka kyerɛ no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Na anka woyɛ pɛyɛ nhwɛso,

na wowɔ nyansa na woyɛ ahoɔfɛdua.

Na anka wowɔ Eden

Onyankopɔn turo no mu.

Wɔde abohemaa nyinaa siesie wo:

bogyanambo, akraatebo ne bɔwerɛbo

sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo,

hoabo, nsrammabo ne ahabammono bo;

wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ wʼahyehyɛde,

wosiesiee ne nyinaa da a wɔbɔɔ wo.

Wɔsraa wo ngo sɛ ɔhwɛfo kerub,

efisɛ saa na mehyɛɛ wo.

Na wowɔ Onyankopɔn bepɔw kronkron no so;

wonantew ogya abo mu.

Na anka wʼakwan ho nni asɛm

efi da a wɔbɔɔ wo no

kosii sɛ wohuu amumɔyɛ wɔ wo mu.

Wʼaguadi a mu trɛw no nti

wɔde akakabensɛm hyɛɛ wo ma

na woyɛɛ bɔne.

Ɛno nti mepam wo fii

Onyankopɔn bepɔw no so wɔ animguase mu,

na miyii wo adi, ɔhwɛfo kerub,

fii ogya abo no mu.

Wohyerɛn wɔ wo koma mu

wʼahoɔfɛ nti

na womaa wo nyansa porɔwee,

wʼanuonyam no nti.

Enti metow wo kyenee fam;

na mede wo yɛɛ ahwɛde wɔ ahemfo anim.

Wode wo nnebɔne ne aguadi mu asisi

agu wo kronkrommea ho fi

ɛno nti memaa ogya fii wo mu

na ɛhyew wo,

na memaa wo dan nsõ wɔ fam

wɔ wɔn a na wɔrehwɛ no nyinaa anim.

Aman a na wonim wo nyinaa

ho adwiriw wɔn wɔ wo ho:

wʼawiei ayɛ ahometew

na wɔrenhu wo bio.’ ”

Nkɔmhyɛ A Etia Sidon

Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Sidon na hyɛ nkɔm tia no na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Me ne wo anya, Sidon

na mɛda mʼanuonyam adi wɔ mo mu.

Wubehu sɛ mene Awurade no,

bere a mede asotwe aba ne so

na mada me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ ne mu no.

Mɛma ɔyaredɔm aba ne so

na mama mogya ateɛ wɔ ne mmɔnten so.

Apirafo bɛtotɔ wɔ ne mu,

bere a afoa redi ahim wɔ ne ho nyinaa.

Afei na wobehu sɛ mene Awurade no.

“ ‘Na Israelfo rennya yɔnkonom a wɔwɔ adwemmɔne, wɔn a wɔwowɔ yayaayaw sɛ ohwirem ne nsɔe bio. Afei na wobehu sɛ mene Otumfo Awurade no.

“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ meboa Israelfo ano fi aman a wabɔ wɔn apete no so a, mɛda me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, ama amanaman no ahu. Afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase a mede maa me somfo Yakob no so. Wɔbɛtena hɔ asomdwoe mu na wobesisi adan, ayeyɛ bobe nturo; Wɔbɛtena ase asomdwoe mu wɔ bere a matwe ne yɔnkonom a wɔkasa tiaa no no nyinaa aso. Afei wobehu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn no.’ ”

Read More of Hesekiel 28

Hesekiel 29:1-21

Nkɔmhyɛ A Etia Misraim

Mfe du so ɔsram a ɛto so du no da a ɛto so dumien no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Misraimhene Farao so na hyɛ nkɔm tia no ne Misraim nyinaa. Kasa kyerɛ no na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se.

“ ‘Me ne wo anya, Misraimhene Farao

asuboa kɛse a woda wo nsuwansuwa mu.’ ”

Woka se, “Nil yɛ mede;

meyɛ maa me ho.”

Na mede nnarewa besuso wʼabogye mu

na mama mpataa a wɔwɔ wo nsuwansuwa mu no

atetare wʼabon ho.

Mɛtwe wo afi wo nsuwansuwa no mu,

a mpataa no nyinaa tetare wo ho.

Megyaw wo hɔ wɔ sare no so,

wo ne mpataa a wɔwɔ wo nsuwansuwa mu no nyinaa.

Mobɛhwe ase wɔ asase petee mu

a wɔremma mo so bio.

Mede wo bɛma asase so mmoa

ne wim nnomaa sɛ wɔn aduan.

Afei wɔn a wɔte Misraim nyinaa behu sɛ mene Awurade no.

“ ‘Woayɛ sɛ demmire pema ama Israelfi. Wɔde wɔn nsa soo wo mu no, wo mu bukaw ma wuhuruwii, wotwerii wo no, wo mu bu ma wobɔɔ pemmɔ.

“ ‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede afoa bɛba abɛko atia wo na makunkum wo mmarima ne wɔn mmoa. Misraim bɛda mpan na asɛe. Ɛno na wobehu sɛ mene Awurade.

“ ‘Efisɛ wokae se, “Nil yɛ me de; me na meyɛe,” enti me ne wo ne wo nsuwansuwa na anya, na mɛma Misraim asase asɛe na ada mpan, efi Migdol kosi Aswan twa mu de kɔka Kus hye so. Onipa anaa aboa biara nan rensi so, obiara rentena so mfe aduanan. Mɛma Misraim asase no ada mpan wɔ nsase a asɛe mu na ne nkuropɔn bɛda mpan mfe aduanan wɔ wɔn nkuropɔn a asɛe no mu. Na mɛbɔ Misraimfo apete wɔ amanaman mu, na mahwete wɔn wɔ nsase so.

“ ‘Nanso sɛɛ ne nea Otumfo Awurade se: Mfe aduanan akyi no, mɛboaboa Misraimfo ano afi aman a mebɔɔ wɔn petee so no so. Mede wɔn befi nnommumfa mu aba na mede wɔn akɔ Misraim Atifi, wɔn nenanom asase. Ɛhɔ na wɔbɛyɛ ahenni mu kumaa bi. Ɛbɛyɛ ahenni a ɛnyɛ den na ɛrentumi mma ne ho so wɔ aman a aka no mu. Mɛyɛ no ahenni a ɛrentumi nni aman afoforo so. Misraim renyɛ ɔman a Israelfo de wɔn ho bɛto no so bio, mmom ɛbɛkae wɔn bɔne a wɔyɛɛ sɛ wɔde wɔn ho kɔdan no de pɛɛ mmoa. Afei, wobehu sɛ mene Otumfo Awurade no.’ ”

Mfe aduonu ason so, ɔsram a edi kan no da a edi kan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼasraafo tuu Tiro so sa abran so, eti biara so pepae, na ɔbati nso so popɔree. Nanso ɔne nʼasraafo no annya hwee amfi adwumaden a wɔyɛ de tiaa Tiro no mu. Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede Misraim rebɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa na ɔbɛsoa nʼahode akɔ. Ɔbɛfom asase no de ayɛ akatua ama nʼasraafo. Mede Misraim ama no sɛ nʼadwumayɛ so akatua, efisɛ ɔne nʼakofo yɛ maa me, Otumfo Awurade asɛm ni.

“Saa da no mɛma abɛn bi afifi ama Israelfi, na mebue wʼano wɔ wɔn mu. Afei wobehu sɛ mene Awurade no.”

Read More of Hesekiel 29