Hesekiel 26:1-21, Hesekiel 27:1-36 AKCB

Hesekiel 26:1-21

Nkɔmhyɛ A Etia Tiro

Afe a ɛto so dubaako no sram da a edi kan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, esiane sɛ Tiro aka afa Yerusalem ho se, ‘Ɛhɛɛ! Amanaman no ano pon abubu na nʼapon no abuebue ama me; mprempren a kuropɔn yi asɛe yi, menya nkɔso.’ Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne wo anya, Tiro, mede aman bebree bɛba abetia wo te sɛ po a ɛrebɔ nʼasorɔkye. Wɔbɛsɛe Tiro afasu na wɔadwiriw nʼabantenten no. Mɛpa so dɔte agu ama ayɛ ɔbotan kwaboo. Obefi po mu abɛyɛ beae a wɔhata asau, efisɛ makasa. Otumfo Awurade asɛm ni. Ɔbɛyɛ amanaman no asade, na afoa bɛsɛe nʼatenae a ɛwɔ asase kesee so no pasaa. Afei wobehu sɛ, mene Awurade no.

“Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merekɔfa Babiloniahene Nebukadnessar, ahene mu hene, ne ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam, ne apɔnkɔsotefo ne nsraadɔm kɛse afi atifi fam aba wo so. Ɔde afoa bɛsɛe wʼatenae a ɛwɔ asase kesee no so no pasaa; obesisi mpampim ayɛ mpempe wɔ wʼafasu ho na wama ne nkatabo so atia wo. Ɔde oburuw nnua bɛpempem wʼafasu no, na ɔde akode abubu wʼabantenten no asɛe no. Nʼapɔnkɔ no bɛdɔɔso yiye, na wɔbɛbɔ mfutuma akata wo so. Ɔsa apɔnkɔ no, nkyimii ne nteaseɛnam nnyigyei bɛma wʼafasu awosow, bere a wɔahyɛn wo apon mu, sɛnea mmarima hyɛn kuropɔn a nʼafasu mu adeda akwan no. Nʼapɔnkɔ no tɔte betiatia wo mmɔnten nyinaa so, ɔde afoa bekunkum wo nkurɔfo na wʼafadum dennen no bebubu agu fam. Wɔbɛfom wʼahode na wɔawia wʼaguade, wobebubu wʼafasu, na wɔadwiriw wʼadan fɛfɛ no na wɔatotow wʼabo, wo nnua ne wo dɔte agu po mu. Mɛma wo nnwonto gyegyeegye no aba awiei na wɔrente wo sanku so nnwonto no bio. Mɛyɛ wo ɔbotan kwaboo na wo so na wɔbɛhata asau. Wɔrenkyekyere wo bio.

“Sɛɛ na Otumfo Awurade ka kyerɛ Tiro: Sɛ wo mpoano nkurow no te wʼasehwe ho apinisi ne akunkumakunkum a asi wɔ wo mu a, wɔn ho rempopo ana? Afei mpoano mmapɔmma no nyinaa befi wɔn nhengua so, ayiyi wɔn nguguso ne ntade a wɔadi mu adwinni agu hɔ. Ehu bɛbɔ wɔn ama wɔatenatena fam, wɔn ho bɛpopo na wɔn ho adwiriw wɔn wɔ wo nti. Afei wɔbɛma kwadwom a ɛfa wo ho so se:

“‘Hwɛ sɛnea wɔasɛe wo, kuropɔn a woagye din,

wo a po sofo na ɛte wo mu,

na anka wowɔ tumi wɔ po so!

Wo ne wo manfo;

wode hu hyɛɛ

wɔn a wɔte hɔ nyinaa mu.

Mprempren, mpoano nsase no ho popo

wɔ wʼasehwe da no;

asupɔw a ɛwɔ po mu no

abɔ hu wɔ wʼasehwe no ho.’

“Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ mema woyɛ kuropɔn a ada mpan te sɛ nkuropɔn a nnipa ntete so, na sɛ mema po bun ba wo so na sɛ ne mu nsu bebrebe no bɛkata wo so a, mede wo ne wɔn a wɔkɔ amoa mu no besian akɔ teteetefo no nkyɛn. Mɛma woatena asase ase hɔ te sɛ tete mmubui, wo ne wɔn a wosian kɔ amoa mu no, na worensan anaa worennya kyɛfa wɔ ateasefo asase so. Mede wo bɛba awiei a ɛyɛ hu mu na worenhu bio. Wɔbɛhwehwɛ wo nanso wɔrenhu wo bio da, Otumfo Awurade asɛm ni.”

Read More of Hesekiel 26

Hesekiel 27:1-36

Tiro Ho Kwadwom

Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tiro ho so. Ka kyerɛ Tiro a ɔda po abobow ano, na ɔne aguadifo bebree a wɔwɔ mpoano nkurow so di gua se, eyi ne asɛm a Otumfo Awurade ka:

“ ‘Woka se, Tiro,

“Me ho yɛ fɛ yiye.”

Wo tumidi wɔ po so akyirikyiri;

wʼadansifo maa wʼahoɔfɛ wiee pɛyɛ.

Wo nnua a wɔpaee nyinaa

yɛ ɔpepaw a efi Senir.

Wɔde Lebanon sida

na ɛyɛɛ ahyɛn so nnua maa wo.

Odum nnua a efi Basan

na wɔde yɛɛ wʼatabon;

Kwabɔhɔre nnua a efi Kipro mpoano

na wɔde yɛɛ wʼahyɛn abrannaa, a wɔde asonse asɛw so.

Misraim nwera papa bi a wɔadi mu adwini

na wɔde yɛɛ wʼahyɛn so mframatam

a ɛyɛɛ wo frankaa nso;

wʼapon ne mfɛnsere ano ntama yɛ abibitam ne beredum ntama

a efi Elisa mpoano.

Sidonfo ne Arwadfo na wɔhare wʼahyɛn;

wo mmarima anyansafo. Tiro,

na wɔyɛ adwumayɛfo wɔ wʼahyɛn mu.

Gebal adwumfo adedaw tenaa wʼahyɛn mu

sɛ dua dwumfo a wotuatua ahyɛn no mu ntokuru.

Po so ahyɛn ne wɔn hyɛnmufo nyinaa

baa wo nkyɛn ne wo bedii nsesagua.

“ ‘Persia, Lidia ne Put mmarima

somee sɛ asraafo wɔ wo nsraadɔm mu.

Wɔde wɔn nkatabo ne dade kyɛw

sensɛn wʼafasu ho,

de hyɛɛ wo anuonyam.

Arwad ne Helek mmarima

wɛn wʼafasu ho nyinaa

Gammad mmarima

tenaa wʼabantenten mu.

Wɔde wɔn nkatabo sensɛn wʼafasu ho

maa wʼahoɔfɛ dii mu.

“ ‘Wʼaguade a ɛma wonyaa wo ho bebree nti, Tarsis ne wo dii gua, wɔde dwetɛ, dade, sanyaa ne sumpii sesaa wʼaguade.

“ ‘Helafo, Tubalfo ne Mesekfo ne wo dii gua, wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼaguade.

“ ‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfurum mma bɛsesaa wʼaguade.

“ ‘Roda mmarima ne wo dii gua, na mpoano nkurow bebree yɛɛ wʼadetɔfo a wɔde asonse ne duabo nnua tuaa wo ka.

“ ‘Aram ne wo dii gua esiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammabo, ntama a ɛberedum, nea wɔadi mu adwinni, nwera pa, nnɛnkyerema ne bota bɛsesaa wʼaguade.

“ ‘Yuda ne Israel ne wo dii gua; wɔde awi a efi Minit ne brodo, ɛwo, ngo ne ahyehyesrade sesaa wʼaguade.

“ ‘Damasko ne wo dii gua wɔ nsa a efi Helbon ne nguan ho nwi a efi Sahar mu, esiane nneɛma a woyɛ ne wʼaguade a ama woanya wo ho bebree no nti. Danfo ne Helafo a wofi Usal tɔɔ wʼaguade na wɔde dade a wɔaboro, sesadua ne ahunuanyankwa sesaa wʼaguade.

“ ‘Dedan de apɔnkɔnguasotam ne wo dii gua.

“ ‘Arabfo ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼaguadifo a wɔde nguantenmma, adwennini ne mpapo ne wo dii gua.

“ ‘Seba ne Raama aguadifo ne wo dii gua; wɔde nnuhuam ahorow a ɛte apɔw, aboɔden abo ne sikakɔkɔɔ ne wo bedii nsesagua.

“ ‘Haran, Kan ne Eden, aguadifo a wofi Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii gua. Wo gua so hɔ, wɔde ntama a ɛyɛ fɛ, nnɛmmatam a ɛyɛ tuntum, adwinne ahorow ne ntama fɛfɛ a ɛwɔ ahosu ahorow a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔwapɔw na ayɛ ne wo bedii gua.

“ ‘Tarsis ahyɛn yɛ adwuma

sɛ asoafo ma wʼaguade.

Adesoa duruduru ayɛ wo ma

wɔ po no mfimfini.

Wʼaharefo no fa wo

de wo kɔ po so akyirikyiri

nanso apuei ahum bebubu wo mu nketenkete

wɔ po no mfimfini.

Wʼahonya, aguade ne adetɔnnne

wʼahyɛn akwankyerɛfo, wʼahyɛn mufo ne

wɔn a wotuatua wʼahyɛn mu ntokuru,

wʼaguadifo ne wʼasraafo nyinaa,

ne obiara a ɔwɔ hyɛn no mu

bɛmem akɔ po ase tɔnn,

da a wo hyɛn no bɛbɔ.

Mpoano asase bɛwosow

bere a wo hyɛn mufo no reteɛteɛ mu.

Wɔn a wokurakura atabon no nyinaa

begyaw wɔn ahyɛn hɔ;

hyɛn akwankyerɛfo ne hyɛn mufo nyinaa

begyinagyina mpoano.

Wɔbɛma wɔn nne so

asu osu yaayaw ama wo;

wɔbɛpete mfutuma agu wɔn ti so

na wɔayantayantam nsõ mu.

Wo nti wɔbɛbobɔ tikwaw

na wɔafurafura atweaatam.

Wɔde ɔkra mu ahoyeraw

ne awerɛhow a mu yɛ den

begyam wo.

Bere a wɔretwa adwo redi awerɛhow no

wɔbɛma kwadwom bi a ɛfa wo ho so se:

“Hena na wama no atɔ mum

te sɛ Tiro a po atwa ne ho ahyia yi?”

Bere a wʼaguade kɔɔ po ahorow so no

woboaa aman bebree;

Wʼahonyade ne wʼaguade

maa asase so ahemfo nyaa wɔn ho.

Afei po abubu wo mu nketenkete

wɔ asu no bun mu

wʼaguade ne wʼadwumayɛfo nyinaa

ne wo amem kɔ asu ase.

Wɔn a wɔtete mpoano nyinaa

ho adwiriw wɔn wɔ wo ho;

ehu ma wɔn ahemfo ho popo

na wɔn anim sinsiam.

Aman no mu aguadifo bɔ ntwɔm gu wo so

woaba awiei a ɛyɛ hu

na wɔrenhu wo bio.’ ”

Read More of Hesekiel 27