Hesekiel 24:1-27, Hesekiel 25:1-17 AKCB

Hesekiel 24:1-27

Ɔsɛn No

Afe a ɛto so akron no sram a ɛto so du no nnafua du so no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, kyerɛw saa da yi, saa da yi ara, efisɛ Babiloniahene atua Yerusalem nnɛ da yi ara. Ka kyerɛ saa atuatewfo yi, ka no wɔ mmebu mu kyerɛ wɔn se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Fa ɔsɛn no si gya so; fa si so

na hwie nsu gu mu.

Fa namkum no gu mu,

namkum a ɛyɛ akɔnnɔ no nyinaa, anan ne abasa.

Fa nnompe a ɛte apɔw hyɛ no ma;

fa nguankuw no mu nea odi mu.

Fa nnyentia hyehyɛ ase ma nnompe no;

ma enhuru

na noa nnompe a ɛwɔ mu no.

“ ‘Na sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue,

nnome nka ɔsɛn a agye nkannare mprempren,

na nea ɛwɔ mu aka mu no!

Yiyi namkum no mmaako mmaako fi mu

a wompaw mu koraa.

“ ‘Mogya a ohwie guu no wɔ ne mfimfini:

ohwie guu ɔbotan wosee so;

wanhwie angu fam,

baabi a mfutuma bɛkata so.

Sɛ ɛbɛhwanyan abufuwhyew ama aweretɔ nti

mede ne mogya guu ɔbotan wosee so

sɛnea ɛso renkata.

“ ‘Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue!

Me nso mɛhyehyɛ nnyansin no ama akɔ sorosoro.

Enti hyehyɛ nnyansin no

na sɔ gya no.

Noa nam no yiye,

fa ahuamhuanne fra mu;

na ma nnompe no nhyew.

Afei fa ɔsɛnhunu no si nnyansramma no so

kosi sɛ ɛbɛdɔ na ayɛ kɔɔ

sɛnea mu fi no bɛnan

na nea ɛwɔ mu no bɛhyew asɛe.

Wama ɔbrɛ no nyinaa ayɛ kwa;

mu fi dodow no ankɔ,

ogya mpo antumi anyi.

“ ‘Fi a ɛwɔ wo mu no ne aniwu nneyɛe. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhohoro wo ho, nanso woamma ho kwan, wo ho remfi bio kosi sɛ mʼabufuwhyew a etia wo no ano bedwo.

“ ‘Me Awurade na maka. Bere aso sɛ meyɛ biribi. Merentwentwɛn so; merennya ahummɔbɔ, na merengugow me ho. Wobegyina wo suban ne wo nneyɛe so abu wo atɛn, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”

Hesekiel Yere Wu

Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, merebɛbɔ wo baako na mafa ade a wʼani gye ho yiye. Nanso ntwa adwo, nni awerɛhow na ntew nusu. Si apini komm; nni owufo ho awerɛhow. Ma wʼabotiri mmɔ wo na hyɛ wo mpaboa; nkata wʼano na nni amanne aduan a wɔn a wodi awerɛhow no di.”

Enti mekasa kyerɛɛ nnipa no anɔpa na nʼanwummere na me yere wui. Ade kyee no, meyɛɛ sɛnea wɔahyɛ me no.

Afei nnipa no bisaa me se, “Worenkyerɛ yɛn sɛnea nneyɛe yi si fa yɛn ho ana?”

Enti meka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade asɛm baa me nkyɛn se: Ka kyerɛ Israelfi se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merebegu me kronkronbea ho fi; mo bammɔ dennen a mode hoahoa mo ho, nea mo ani gye ho, ade a mo koma da so. Mmabarima ne mmabea a mugyaw wɔn akyi no bɛtotɔ wɔ afoa ano. Na mobɛyɛ sɛnea mayɛ yi, morenkata mo ano na morenni amanne aduan a wɔn a wodi awerɛhow di. Mobɛkɔ so abɔ mo abotiri ahyɛ mo mpaboa. Morenni awerɛhow na morensu, mmom mo so bɛtew esiane mo bɔne nti, na mubesisi apini wɔ mo mu. Hesekiel bɛyɛ nsɛnkyerɛnnede ama mo, mobɛyɛ sɛnea wayɛ no pɛpɛɛpɛ. Na eyi si a na mubehu sɛ mene Otumfo Awurade no.’ 

“Na wo, onipa ba, da a mɛfa wɔn aban dennen, wɔn ahosɛpɛw ne anuonyam, ade a wɔn ani gye ho, wɔn koma so ade, ne wɔn mmabarima ne wɔn mmabea nso no, saa da no okyinkyinfo bi na ɔbɛba abɛka nea asi akyerɛ wo. Saa bere no, wʼano bebue, wo ne no bɛkasa na worenyɛ komm bio. Wobɛyɛ nsɛnkyerɛnnede ama wɔn, na wobehu sɛ mene Awurade no.”

Read More of Hesekiel 24

Hesekiel 25:1-17

Nkɔmhyɛ A Etia Amon

Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Amonfo so na hyɛ nkɔm tia wɔn. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Muntie Otumfo Awurade asɛm. Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ wokaa “Ɛhɛɛ” guu me kronkronbea so bere a woguu ho fi ne Israel asase bere a ɛdaa mpan, ne Yudafo bere a wɔkɔɔ nnommum mu nti, mede mo rebɛma nnipa a wofi Apuei fam na wɔde mo ayɛ wɔn de. Wɔbɛkyekye wɔn nsraban, asisi wɔn ntamadan wɔ mo mu; wobedi mo nnuaba na wɔanom mo nufusu. Mɛdan Raba ayɛ no yoma adidibea na Amon ayɛ faako a nguan gye wɔn ahome. Afei mubehu sɛ mene Awurade no. Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ moabɔ mo nsam de mo anan apempem hɔ, na mode koma mu bɔne nyinaa adi ahurusi atia Israel asase nti, mɛteɛ me nsa atia mo na moayɛ asade ama amanaman no. Metwa mo afi amanaman no mu na matɔre mo ase wɔ nsase no so. Mɛsɛe mo na mubehu sɛ mene Awurade no.’ ”

Nkɔmhyɛ A Etia Moab

“Sɛɛ na Otumfo Awurade se: ‘Esiane sɛ Moab ne Seir kae se, “Monhwɛ, Yudafi ayɛ sɛ amanaman a aka no” nti, mebue Moab nkyɛn mu, afi nkurow a ɛdeda nʼahye so, Bet-Yesimot, Baal-Meon ne Kiriataim, a ɛyɛ asase no anuonyam. Na mede Moab bɛka Amonfo ho ama nnipa a wɔwɔ Apuei fam de ayɛ wɔn de, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkae Amonfo wɔ amanaman no mu; na mɛtwe Moab aso. Na wobehu sɛ mene Awurade no.’ ”

Nkɔmhyɛ A Etia Edom

“Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ Edom tɔɔ were wɔ Yudafi so na ɔnam so dii fɔ no nti, nea Otumfo Awurade se ni: ‘Mɛteɛ me nsa atia Edom na makum ne mmarima ne ne mmoa, mɛma asase a ɛda Teman kosi Dedan ada mpan, na wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano. Me nkurɔfo Israelfo bɛyɛ nsa a mɛfa so atɔ Edom so were na wɔne no bedi no sɛnea mʼabufuw ne mʼabufuwhyew te; wobehu mʼaweretɔ, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”

Nkɔmhyɛ A Etia Filistia

“Sɛɛ na Otumfo Awurade se: ‘Esiane sɛ Filistifo tɔɔ were, na wɔde koma mu nsusuw bɔne na ɛyɛɛ saa, na wɔde ɔtan a efi tete sɛee Yuda nti, sɛnea Otumfo Awurade se ni: Merebɛteɛ me nsa atia Filistifo, na matwa Keretifo no agu na masɛe wɔn a wɔaka wɔ mpoano hɔ no. Mɛtɔ wɔn so were a ɛso na matwe wɔn aso wɔ mʼabufuwhyew mu. Na sɛ metɔ wɔn so were a, wobehu sɛ mene Awurade no.’ ”

Read More of Hesekiel 25