Hesekiel 22:23-31, Hesekiel 23:1-49 AKCB

Hesekiel 22:23-31

Na Awurade asɛm baa me nkyɛn bio se: “Onipa ba, ka kyerɛ asase no se, ‘Woyɛ asase a wonnwiraa anaa osu ntɔɔ wo so wɔ abufuwhyew da no.’ Ne mmapɔmma abɔ pɔw bɔne wɔ ne mu te sɛ gyata a ɔbobɔ mu na ɔtetew ne hanam mu, wɔwe nnipa nam, wɔfa ademude ne nneɛma a ɛsom bo na wɔma akunafo dɔɔso wɔ ne mu. Nʼasɔfo bu me mmara so na wogu mʼakronkronne ho fi; wɔnnkyerɛ nsonoe a ɛda nea ɛyɛ kronkron ne nea ɛnyɛ kronkron ntam; wɔkyerɛkyerɛ sɛ nsonoe biara nna nea ɛho ntew ne nea ɛho tew ntam, na wobu wɔn ani gu me homennadi so, de gu me ho fi wɔ wɔn mu. Nʼadwumayɛfo te sɛ mpataku a wɔretetew wɔn hanam mu; wohwie mogya gu na wokum nnipa de pɛ mfaso bɔne. Nʼadiyifo nam atoro anisoadehu ne nkontompo nkɔmhyɛ so ma saa nnebɔne yi yɛ fitaa. Wɔka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se,’ wɔ bere a Awurade nkasaa ɛ. Asase no so nnipa di amim na wɔbɔ korɔn; wɔhyɛ ahiafo ne mmɔborɔfo so, wonnye ahɔho ani na wɔde atɛntrenee kame wɔn.

“Mehwehwɛɛ obi wɔ wɔn mu a ɔbɛto ɔfasu no na wagyina mʼanim wɔ asase no anan mu, sɛnea ɛbɛyɛ a merensɛe asase no, nanso manhu obiara. Ɛno nti, mehwie mʼabufuwhyew agu wɔn so, na mede mʼabufuw a ɛyɛ hu no atɔre wɔn ase, na mama nea wɔayɛ nyinaa abɔ wɔn ti so, Otumfo Awurade asɛm ni.”

Read More of Hesekiel 22

Hesekiel 23:1-49

Nuabeanom Aguamammɔfo Baanu

Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, mmea baanu a wɔyɛ ɔbea baako mma tenaa ase. Wɔbɛyɛɛ aguamammɔfo wɔ Misraim, na wɔbɔɔ aguaman fii wɔn mmabaabere mu. Womiamiaa wɔn nufu, wɔberee wɔn mmabaabere mpokua wɔ asase no so. Ɔpanyin no din de Ohola na ne nuabea no nso din de Oholiba. Na wɔyɛ me yerenom na wɔwowoo mmabarima ne mmabea. Ohola ne Samaria na Oholiba nso ne Yerusalem.

“Ohola da so ware me no, ɔbɔɔ aguaman; nʼani tu dii nʼapɛfo akyi, Asiriafo, akofo no a wɔhyehyɛ ntade bibiri, amradofo ne asahene a wɔn nyinaa yɛ mmerante a wɔn ho yɛ fɛ na wɔtena apɔnkɔ so. Ɔne Asiriafo atitiriw bɔɔ aguaman, na ɔsom wɔn a ɔdɔɔ wɔn nyinaa ahoni de guu ne ho fi. Wannyae nʼaguamammɔ a ofii ase wɔ Misraim no, bere a ɔyɛ ababaa na mmarima ne no dae, susoo ne mpokua mu na wohwiee wɔn akɔnnɔ guu ne so no.

“Ɛno nti mede no maa nʼadɔfo Asiriafo no a nʼani bere wɔn no. Wɔbɔɔ no adagyaw, faa ne mmabarima ne ne mmabea kɔe, na wɔde afoa kum no. Ogyee ne din wɔ mmea mu na asotwe baa ne so.

“Ne nuabea Oholiba huu eyi nanso nʼakɔnnɔ bɔne ne nʼaguaman sen ne nuabea no de. Ɔno nso dii Asiriafo no akyi; amradofo ne asahene, akofo a wɔhyehyɛ wɔn ntade, apɔnkɔsotefo a wɔn nyinaa yɛ mmerante ahoɔfɛfo. Mihuu sɛ ɔno nso guu ne ho fi, wɔn baanu faa ɔkwan koro so.

“Na ɔtoaa nʼaguamammɔ no so kɔɔ akyiri. Ohuu mmarima mfoni a wɔakurukyerɛw agu ɔfasu bi ho, Kaldeafo mfoni a wɔde adukɔkɔɔ akrukyerɛw a abɔso bobɔ wɔn asen mu na abotiri bobɔ wɔn ti a wɔn nyinaa te sɛ Babilonia nteaseɛnam mu mpanyimfo a wofi Kaldea. Ohuu saa mfoni yi, ne kɔn dɔɔ wɔn na ɔsomaa abɔfo kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ Kaldea. Na Babiloniafo no baa ne nkyɛn ne no bɛdaa ɔdɔ mpa so, na wɔn akɔnnɔ mu no, woguu ne ho fi. Woguu ne ho fi wiee no wɔn ho fonoo no enti ogyaa wɔn. Ɔkɔɔ so wɔ nʼaguamammɔ mu, bɔɔ ne ho adagyaw no, migyaw no hɔ sɛnea migyaw ne nuabea no hɔ pɛpɛɛpɛ. Na ɔmaa nʼaguamammɔ no kɔɔ so ara de kaee ne mmabaabere a na ɔbɔ aguaman wɔ Misraim no. Ɛhɔ na ɔne nʼadɔfo a wɔn barima te sɛ mfurum de na wɔn ho nsu te sɛ apɔnkɔ de no bɔɔ aguaman. Na wo kɔn dɔɔ wo mmabun mu akɔnnɔ bɔne no, nea woyɛɛ wɔ Misraim a wɔsrasraa wo koko mu na womiamiaa wo mpokua no.

“Ɛno nti, Oholiba, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mɛhwanyan wʼadɔfo atia wo, wɔn a wɔn ho fonoo wo ma wugyaw wɔn hɔ no; mede wɔn befi afanan nyinaa abetia wo. Babiloniafo ne Kaldeafo nyinaa, Pekod, Soa ne Koa mmarima, Asiriafo no ne wɔn bɛba, mmerante ahoɔfɛfo a wɔn nyinaa yɛ amradofo, asahene, nteaseɛnam ho adwumayɛfo ne mmarima a wokura dibea akɛse a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so. Wɔde akode, nteaseɛnam ahorow ne nnipadɔm bɛba abetia wo; wɔde akokyɛm akɛse ne nketewa ne dade kyɛw bɛka wo ahyɛ. Mede wo bɛhyɛ wɔn nsa, na wɔagyina wɔn nhyehyɛe so atwe wo aso. Mɛdan me ninkunu abufuw no akyerɛ wo so, na wɔne wo bedi no anibere so. Wobetwitwa mo hwene ne mo aso, na wɔn a wɔbɛka no, wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano. Wɔbɛfa mo mmabarima ne mo mmabea akɔ, na mo a moaka no wɔde ogya ahyew mo. Wɔbɛpa wo ho ntama nso na wɔafa wo nnwinne. Ɛno nti mɛma wʼakɔnnɔ bɔne ne aguamammɔ a wufii ase wɔ Misraim no aba nʼawie. Wo kɔn rennɔ saa nneɛma yi, na worenkae Misraim bio.

“Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede wo rebɛhyɛ wʼatamfo nsa, wɔn a wɔn ho fonoo wo ma wugyaw wɔn no. Wɔde ɔtan ne wo bedi, na wɔafa nea woayɛ adwuma apɛ nyinaa. Wobegyaw wo adagyaw ne kwaterekwa, na wʼaguamammɔ ho aniwu no bɛda adi. Wʼaniwude ne wʼaguamansɛm no na ɛde eyinom aba wo so, efisɛ wo kɔn dɔɔ amanaman no na wode wɔn ahoni guu wo ho fi. Woayɛ nea wo nuabea yɛɛ no bi; na ɛno nti mede ne kuruwa bɛhyɛ wo nsa.

“Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“Wobɛnom wo nuabea kuruwa ano,

kuruwa a ɛso na mu dɔ;

ɛde fɛwdi ne ahohora bɛba,

efisɛ nea ɛwɔ mu dɔɔso.

Nsabow ne awerɛhow bɛhyɛ wo ma,

ɔsɛe ne asaworamto kuruwa no,

wo nuabea Samaria kuruwa no bɛhyɛ wo ma.

Wobɛnom a hwee renka mu:

na woawe nʼasinasin no

na woasunsuan wo mpokua mu.

Me na maka, Otumfo Awurade asɛm ni.

“Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ wo werɛ afi me, na woatow me akyene wʼakyi nti, ɛsɛ sɛ wunya wʼaniwude ne wʼaguamammɔ so akatua.”

Awurade ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, wubebu Ohola ne Oholiba atɛn ana? Ɛno de, fa wɔn akyiwadeyɛ no si wɔn anim, efisɛ wɔasɛe aware, na mogya wɔ wɔn nsa ho. Wɔde wɔn ahoni na ɛsɛee aware no; na mpo wɔde wɔn mma a wɔwoo wɔn maa me no bɔɔ afɔre maa wɔn sɛ wɔn aduan. Wɔde eyi nso ayɛ me: Saa bere koro no ara mu, woguu me kronkronbea ne me homenna ho fi. Da a wɔde wɔn mma bɔɔ afɔre maa wɔn ahoni no ara, wɔhyɛn me kronkronbea hɔ koguu ho fi. Eyi na wɔyɛɛ wɔ me fi.

“Wɔsomaa abɔfo kɔfrɛɛ mmarima a wofi akyirikyiri bae, na wobedui no, muguare, kekaa mo ani akyi, de mo adwinne hyehyɛɛ mo ho maa wɔn. Motenaa akongua papa bi a wɔde ɔpon a wɔasɛw so asi anim, ɛso na mode nnuhuam ne ngo a anka ɛyɛ me de no sisii.

“Na hooyɛ a efi nnipakuw bi a hwee mfa wɔn ho atwa ne ho ahyia. Wɔde Sabeafo fi sare no so ne mmarima a wofi dɔm no mu bae, na wɔde nkapo hyehyɛɛ ɔbea no ne ne nua no nsa, na wɔhyɛɛ wɔn ahenkyɛw a ɛyɛ fɛ. Na meka faa nea aguamammɔ ama watetew no ho se, ‘Momma wɔnnyɛ no sɛ oguamanfo, efisɛ saa ara pɛ na ɔte.’ Na wɔne no dae. Sɛnea mmarima ne oguamanfo da no, saa ara na wɔne saa mmea a wɔn ho yɛ aniwu no, Ohola ne Oholiba dae. Nanso atemmufo atreneefo de asotwe a wɔde ma mmea a wɔsɛe aware na wɔka mogya gu no bɛma wɔn, efisɛ wɔyɛ nguamanfo na wɔn nsa ho wɔ mogya.

“Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Fa nnipadɔm bra betia wɔn na ma ahunahuna ne ɔfom mmra wɔn so. Nnipakuw no besiw wɔn abo na wɔde wɔn afoa bɛtow ahyɛ wɔn so. Wobekunkum wɔn mmabarima ne wɔn mmabea na wɔahyew wɔn afi.

“Ɛno nti mɛma aniwu nneyɛe aba awiei wɔ asase no so na abɔ mmaa nyinaa kɔkɔ na wɔansua mo. Wubenya wʼaniwude so asotwe na woanya abosonsom ho bɔne so akatua. Afei wubehu sɛ mene Otumfo Awurade no.”

Read More of Hesekiel 23