Hesekiel 20:45-49, Hesekiel 21:1-32, Hesekiel 22:1-22 AKCB

Hesekiel 20:45-49

Atemmu A Etia Anafo Fam

Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba fa wʼani kyerɛ anafo fam, ka asɛm tia anafo fam na hyɛ nkɔm tia kwae a ɛwɔ anafo fam asase so. Ka kyerɛ anafo fam kwae no se: ‘Tie Awurade asɛm. Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merebɛto wo mu gya, na ɛbɛhyew nnua a ɛwɔ wo so nyinaa: Nea ɛyɛ amono ne nea awo. Wɔrennum ogyaframa no na ɛbɛhyew asase no ani nyinaa; efi anafo fam kosi atifi fam. Obiara behu sɛ me Awurade na masɔ ogya no ano; ɛrennum.’ ” Afei mekae se, “Aa, Otumfo Awurade! Wɔka fa me ho se, ‘Ɛnyɛ mmɛ na ɔrebu yi ana?’ ”

Read More of Hesekiel 20

Hesekiel 21:1-32

Babilonia, Onyankopɔn Atemmu Afoa

Awurade asɛm baa me nkyɛn se “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Yerusalem na kasa tia kronkronbea no. Hyɛ nkɔm tia Israel asase na ka kyerɛ no se: ‘Sɛɛ na Awurade se: Me ne wo anya. Mɛtwe mʼafoa afi ne boha mu de ayi atreneefo ne amumɔyɛfo afi mo mu. Esiane sɛ merebeyi atreneefo ne amumɔyɛfo afi mo mu nti, mʼafoa befi ne boha mu atia obiara, fi anafo fam kosi atifi fam. Afei nnipa nyinaa behu sɛ me Awurade matwe mʼafoa afi ne boha mu na ɛrensan bio.’

“Enti si apini, onipa ba! Fa koma a abubu ne awerɛhow a ano yɛ den si apini wɔ wɔn anim. Na sɛ wobisa wo se, ‘Adɛn nti na woresi apini a?’ Wobɛka se, ‘Ɛyɛ asɛm a ɛreba no nti. Koma biara bɛbotow na nsa biara mu agugow, honhom biara bɛtɔ beraw na kotodwe biara bɛpopo.’ Ɛreba, ɔkwan biara so ɛbɛba, Otumfo Awurade asɛm ni.”

Awurade asɛm baa me nkyɛn se, “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka se, ‘sɛɛ na Awurade se:

“ ‘Afoa bi, afoa bi,

wɔasew ano, atwiw ho,

wɔasew ano ama akunkumakunkum no,

wɔatwiw ho ma etwa yerɛw yerɛw sɛ anyinam!

“ ‘Ɛsɛ sɛ yɛsɛpɛw yɛn ho wɔ me babarima Yuda ahempema ho ana? Afoa no mfa pema biara a ɛte saa no nyɛ hwee.

“ ‘Wɔayi afoa no asi hɔ sɛ wontwitwiw ho,

sɛ wɔmfa nsa nkura mu;

wɔasew ano, atwiw ho,

ayɛ no krado ama owudifo no.

Su na twa adwo, onipa ba,

efisɛ etia me nkurɔfo;

etia Israel mmapɔmma nyinaa.

Wɔagyaa wɔn ama afoa no

aka me nkurɔfo ho.

Enti fa wo nsa gu wo ti so.

“ ‘Sɔhwɛ bɛba ampa ara. Na sɛ Yuda ahempema a afoa no mfa no nyɛ hwee no nni hɔ a dɛn na wɔbɛyɛ? Otumfo Awurade asɛm ni.’

“Enti onipa ba, hyɛ nkɔm

na bɔ wo nsam.

Ma afoa no ntwitwa mprenu,

mpo mprɛnsa.

Ɛyɛ akunkumakunkum afoa,

akunkumakunkum kɛse no afoa,

a ɛba wɔn so fi afanan nyinaa.

Ɛbɛma koma nyinaa abotow

na atɔfo adɔɔso,

mede akunkumakunkum afoa no asisi

wɔn apon nyinaa ano.

Hwɛ! Wɔatono no sɛ entwa yerɛw yerɛw sɛ anyinam,

wɔaso mu ama akunkumakunkum.

Wo afoa, twa kɔ nifa,

na twa kɔ benkum,

nea wo dade bɛfa biara.

Me nso, mɛbɔ me nsam,

na mʼabufuwhyew ano bedwo

Me Awurade na makasa no.”

Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, bɔ akwan abien na Babiloniahene afoa no mfa so, na ne abien no nyinaa mfi ase wɔ ɔman koro mu. Fa akwankyerɛde si nkwanta a ɛman kɔ kuropɔn no mu no so. Bɔ ɔkwan baako a afoa no bɛfa so ako atia Amonfo Raba ne baako nso a ebetia Yuda ne Yerusalem a wɔabɔ ho ban no. Na Babiloniahene begyina akwan abien no nkwanta so ahwehwɛ nkɔmhyɛ, ɔde agyan bɛbɔ ntonto, akɔ abisa wɔ nʼahoni nkyɛn, na wahwɛ mmrɛbo mu. Ne nsa nifa mu na ntonto a ɛbɛbɔ Yerusalem no bɛkɔ, na hɔ na wɔbɛhyehyɛ oburuw adwennini, de ama okum kɛse no. Afei wɔde osebɔ bɛma oburuw nnua no so apempem apon no, wɔbɛyɛ mpempe na wɔasisi pampim. Ɛbɛyɛ sɛ atoro nkɔm ama wɔn a wɔne no ayɛ apam, nanso ɔbɛkaakae wɔn afɔdi na wafa wɔn nnommum.

“Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: ‘Esiane sɛ mo saa nkurɔfo yi nam mo atuatew so akae me mo afɔdi, de ada mo bɔne a moyɛ nyinaa adi, sɛ moayɛ eyi nti, wɔbɛfa mo nnommum.

“ ‘Wo ɔkɔntɔnkye ne Israel hene ba otirimɔdenfo a wo da adu, wo a wʼasotwe bere adu ne mpɔmpɔnso, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Tu abotiri no, yi ahenkyɛw no. Ɛrenyɛ sɛnea na ɛte kan no: Wɔbɛma nea abrɛ ase no so; nea ama ne ho so nso, wɔabrɛ no ase. Ɔsɛe! Ɔsɛe! Mɛyɛ no ɔsɛe! Ɛrensi ne dedaw mu bio kosi sɛ ɔbɛba nea ɛyɛ ne de no nkyɛn, ɔno na mede bɛma no.’

“Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade ka fa Amonfo ne wɔn ahohorabɔ ho:

“ ‘Afoa bi, afoa bi,

wɔatwe ama akunkumakunkum,

wɔatwiw ho sɛ enni nam

na ɛmpa yerɛw yerɛw sɛ anyinam!

Atoro anisoadehu

ne nkontompo nkonyaa a ɛfa wo ho akyi no

wɔde bɛto wɔn kɔn mu

amumɔyɛfo a ɛsɛ sɛ wokum wɔn no,

wɔn a wɔn da no adu so,

ne wɔn a wɔn asotwe bere

adu ne mpɔmpɔnso no.

“ ‘San fa afoa no hyɛ ne boha mu

wɔ faako a wɔbɔɔ wo hɔ

wɔ wo nananom asase so,

mebu wo atɛn.

Mehwie mʼabufuwhyew agu wo so

na mahome mʼabufuw a ɛyɛ hu atia wo;

Mede wo bɛhyɛ mmarima atirimɔdenfo nsa,

wɔn a wɔwɔ adesɛe ho nyansa.

Wobɛyɛ nnyansin ama ogya,

wɔbɛka wo mogya agu wɔ wʼasase so,

na wɔrenkae wo bio;

me Awurade na makasa.’ ”

Read More of Hesekiel 21

Hesekiel 22:1-22

Yerusalem Nnebɔne

Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

“Onipa ba, wubebu no atɛn ana? Wubebu saa mogyahwiegu kuropɔn yi atɛn ana? Ɛno de fa ne nneyɛe a ɛyɛ akyiwade no nyinaa si nʼanim na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Wo kuropɔn a ɔnam mogyahwiegu so de nnome aba ne ho so na ɔde ahoni a ɔyɛ agu ne ho fi, woadi fɔ wɔ mogya a woahwie agu na woagu wo ho fi wɔ ahoni a woayɛ nti. Woama wo nna abɛn, na wo mfe awiei no aba. Enti mɛyɛ wo ahohorade wɔ amanaman no mu, ne akyiwade wɔ amantam no nyinaa mu. Wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri bedi wo ho fɛw, wo Kuropɔn a wunni anuonyam, na basabasayɛ ahyɛ no ma.

“ ‘Hwɛ sɛnea Israel mmapɔmma a wɔwɔ wo mu no mu biara de ne tumi hwie mogya gu. Wɔabu agya ne ɛna animtiaa wɔ wo mu, wɔahyɛ ɔnanani so, na wɔatan ayisaa ne akunafo ani. Woabu mʼakronkronne animtiaa na woagu me homenna ho fi. Wo mu na mmarima ntwatosofo a wɔpɛ sɛ wohwie mogya gu wɔ, wɔn a wodidi wɔ sorɔnsorɔmmea abosonnan mu, na wɔyɛ ahohorade. Wo mu na wɔn a wogu wɔn agyanom mpa ho fi wɔ; wɔn a wɔne mmea a wɔabu wɔn nsa, na wɔn ho ntew da no wɔ wo mu. Wo mu na ɔbarima ne ne yɔnko yere yɛ bɔne a ɛyɛ akyiwade, ɔfoforo ne nʼasebea da wɔ animguase mu, na ɔfoforo ne ne nuabea da, ɔno ankasa nʼagya babea. Wo mu na nnipa gye adanmude ka mogya gu; wogye nsiho ne mfaso a ɛboro so fi wɔn mfɛfo nkyɛn de nya wɔn ho bebree. Na mo werɛ afi me, Otumfo Awurade na ose.

“ ‘Ampa ara mɛbɔ me nsam agu wʼasisi ahonya ne mogya a woahwie agu no so. Wʼakokoduru betumi agyina anaasɛ wo nsa bɛyɛ den da a mene wo benya no ana? Me Awurade na akasa, na mɛyɛ. Mɛhwete wo mu agu amanaman no so, na mabɔ wo apansam amantam no mu; na mede wo afideyɛ aba nʼawie. Sɛ wogu wo ho fi wɔ amanaman no mu a, wubehu sɛ mene Awurade no.’ ”

Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, Israelfi abɛyɛ dwetɛ ase fi ama me; wɔn nyinaa yɛ kɔbere, sanyaa, dade ne sumpii a wɔagyaw wɔ fononoo mu. Wɔyɛ dwetɛfi nko ara. Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se: ‘Esiane sɛ mo nyinaa abɛyɛ dwetɛfi nti, mɛboaboa mo ano wɔ Yerusalem. Sɛnea nnipa boaboa dwetɛ, kɔbere, sumpii ne sanyaa ano hyɛ fononoo mu de ogyatannaa a ano yɛ den nan no, saa ara na mefi mʼabufuw ne mʼabufuwhyew mu aboaboa mo ano wɔ kuropɔn no mu na manan mo. Mɛboaboa mo ano na mahuw mʼabufuwhyew gya agu mo so, na moanan wɔ ne mu. Sɛnea wɔnan dwetɛ wɔ fononoo mu no, saa ara na mobɛnan wɔ ne mu na moahu sɛ me Awurade na mahwie mʼabufuwhyew agu mo so.’ ”

Read More of Hesekiel 22