Hesekiel 17:1-24, Hesekiel 18:1-32 AKCB

Hesekiel 17:1-24

Akɔre Abien Ne Bobe Ho Asɛm

Awurade asɛm baa me nkyɛn se, “Onipa ba, dwene mfatoho bi ho, fa yɛ abebusɛm na ka kyerɛ Israelfi. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɔkɔre kɛse bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wɔ mu ne ntakra atenten bebree a ɛwɔ ahosu ahorow baa Lebanon. Okosii sida dua nkɔn mu, buu ne mman a ɛwɔ atifi pa ara na ɔde kɔɔ aguadifo asase bi so koduaa wɔ wɔn kuropɔn mu.

“ ‘Ɔfaa wʼasase so aba no bi kɔhyɛɛ dɔtebere mu. Oduaa no sɛ ɔfɔsɔw dua a ɛwɔ nsuwansuwa ho, na ɛfefɛw bɛyɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛw wɔ fam. Ne mman no dannan kyerɛɛ ne so, nanso ne ntin no nyin kɔɔ fam. Enti ɛbɛyɛɛ bobe yiyii mman a so wɔ nhaban a ɛyɛ fɛ.

“ ‘Nanso na ɔkɔre kɛse foforo bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wo mu na ne ho wɔ ntakra bebree wɔ hɔ. Bobe no dannan ne ntin fii beae a woduaa no hɔ kyerɛɛ ɔkɔre no na ɔtrɛw ne mman kɔɔ ne so kɔpɛɛ nsu. Wɔadua bobe wɔ asase pa a ɛbɛn nsuwansuwa ho, sɛnea ebeyiyi mman na asow aba na afei abɛyɛ bobe dua a edi mu.’

“Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɛbɛyɛ yiye ana? Wɔrentu nʼase ntetew ne so aba mma entwintwam ana? Nea afefɛw wɔ ho nyinaa betwintwam. Ɛho renhia abasa a emu yɛ duru anaa nnipa bebree na wɔatu nʼase. Sɛ wotu bobe no tɛw a, ɛbɛyɛ yiye ana? Sɛ apuei mframa bɔ no a, ɛrentwintwam ana? Ebewu wɔ asase pa a woduaa wɔ so ma enyinii yiye no so.’ ”

Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Ka kyerɛ saa atuatewfo yi se, ‘Munnim nea saa nneɛma yi kyerɛ ana?’ Ka kyerɛ wɔn se, ‘Babiloniahene kɔɔ Yerusalem kɔsoaa ne hene ne ne mmapɔmma de wɔn baa Babilonia. Oyii ɔdehye baako ne no kaa ntam yɛɛ apam. Ɔsoaa ntuanofo ne atitiriw a wɔwɔ asase no so nso kɔe, sɛnea ɛbɛyɛ a ahenni no renyɛ den na wɔrensɔre bio, na apam no nko ara na ɛbɛbɔ wɔn ho ban. Nanso ɔhene no somaa ananmusifo kɔɔ Misraim kɔsrɛɛ asraafo dɔm kɛse ne apɔnkɔ bebree nam so tew atua. Obedi nkonim ana? Nea ɔyɛ saa nneɛma yi benya ne ti adidi mu ana? Obebu apam no so na wanya ne ti nso adidi mu ana?

“ ‘Sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade na ose, obewu wɔ Babilonia, ɔhene a ɔde no sii ahengua so no asase so, nea ɔtoo ne ntam na obuu nʼapam so no. Farao ne ne dɔmmarima ne nnipadɔm so remma no mfaso biara wɔ ɔko mu, bere a Babilonia asisi pampim na wayɛ ntuano nnwuma a ɔde rebɛsɛe bebree nkwa no. Obuu apam no so, nam so de too ntam no. Esiane sɛ ɔde ne nsa ahyɛ apam no ase na ɔyɛɛ eyinom nyinaa nti, ɔremfa ne ho nni.

“ ‘Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ mete ase yi, mɛma me ntam a ɔtoe, ne mʼapam a obuu so no abɔ ne ti so. Mɛtrɛw mʼasau mu wɔ ne so na mʼafiri beyi no. Mede no bɛba Babilonia na mabu no atɛn wɔ hɔ, efisɛ wanni me nokware. Nʼakofo a wɔreguan nyinaa bɛtotɔ wɔ afoa ano, na wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu no mɛhwete wɔn akɔ mmaa nyinaa. Afei wubehu sɛ me Awurade makasa.

“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mʼankasa mɛpan mman afi sida dua no nkɔn mu na madua. Mɛpan mman frɔmfrɔm ketewaa bi afi ne nkɔn mu akodua wɔ bepɔw tenten bi so. Medua wɔ Israel sorɔnsorɔmmea, ebeyiyi mman na asow aba na ayɛ sida dua a edi mu. Nnomaa ahorow bɛyɛ wɔn mmerebuw wɔ so na wɔanya ahomegyebea wɔ mman no nwini mu. Nwura mu nnua nyinaa behu sɛ me Awurade, na mitwa dua tenten to fam na mema dua a ɛyɛ tiaa nyin yɛ tenten. Mema duamono twintwam na mema nea atwintwam nso yɛ frɔmfrɔm.

“ ‘Me Awurade na maka, na mɛyɛ.’ ”

Read More of Hesekiel 17

Hesekiel 18:1-32

Ɔkra A Ɔyɛ Bɔne No Bewu

Awurade asɛm baa me nkyɛn se, “Sɛ mo saa nkurɔfo yi bu saa bɛ a ɛfa Israel asase yi ho a, na mopɛ sɛ mokyerɛ dɛn:

“ ‘Agyanom di bobe bun,

na mma se afem ana?’

“Nokware, sɛ mete ase yi, sɛɛ na Awurade se, moremmu saa bɛ yi bio wɔ Israel. Ɔkra teasefo biara yɛ me de, agya ne ɔba barima nyinaa, wɔn nyinaa yɛ me de. Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔne ne nea obewu.

“Sɛ ɛba sɛ onipa trenee bi wɔ hɔ a

ɔyɛ nea ɛteɛ na ɛyɛ pɛ;

onnidi wɔ mmepɔw so abosonnan mu

na ɔnsom ahoni a wɔwɔ Israelfi.

Ongu ne yɔnko yere ho fi

na ɔne ɔbea a wabu ne nsa nna.

Ɔnhyɛ obiara so,

na ɔde boseagyefo awowaside san ma no.

Ɔmmɔ korɔn

mmom ɔde nʼaduan ma nea ɔkɔm de no

na ofura nea ɔda adagyaw no ntama.

Ɔmmɔ bosea nnye nsiho

na onnye mfɛntom mmoroso.

Ɔtwe ne ho fi bɔneyɛ ho

na obu nipa baanu ntam atɛntrenee.

Odi mʼahyɛde so

na odi me mmara so nokware.

Saa onipa no na ɔteɛ;

na ampa ara obenya nkwa

Awurade asɛm ni.

“Sɛ ɛba sɛ ɔwɔ ɔba barima a odi akakabensɛm na ohwie mogya gu anaasɛ ɔyɛ saa nneɛma yi mu biara a (ɛwɔ mu, agya no nyɛɛ eyinom mu biara ɛ):

“Odidi wɔ mmepɔw so abosonnan mu.

Ogu ne yɔnko yere ho fi.

Ɔhyɛ ahiafo ne mmɔborɔfo so.

Ɔbɔ korɔn.

Ɔmmfa boseagyefo awowaside mma no.

Ɔde ne ho to abosom so.

Ɔyɛ akyiwade.

Ɔbɔ bosea gye nsiho na ogye mfɛntom mmoroso.

Saa onipa yi benya nkwa ana? Dabi da! Esiane sɛ wayɛ saa akyiwade yi nyinaa nti, ampa ara wobekum no na ne mogya bɛbɔ nʼankasa ti so.

“Nanso sɛ ɛba sɛ saa ɔbabarima yi wɔ ɔbabarima a ohu bɔne a nʼagya yɛ no nyinaa nanso ɔnyɛ saa nneɛma no bi:

“Onnidi wɔ mmepɔw so abosonnan mu

na ɔmfa ne ho nto ahoni a ɛwɔ Israelfi so.

Ongu ne yɔnko yere ho fi.

Ɔnhyɛ obiara so

na onnye boseagyefo hɔ awowaside.

Ɔmmɔ korɔn,

mmom ɔde nʼaduan ma nea ɔkɔm de no

na ofura nea ɔda adagyaw no ntama.

Ɔtwe ne ho fi bɔne ho,

na onnye nsiho anaa mfɛntom mmoroso.

Odi me mmara ne mʼahyɛde so.

Ɔrenwu wɔ nʼagya no bɔne nti; ampa ara obenya nkwa. Nanso nʼagya no bewu wɔ ɔno ara bɔne nti, efisɛ osisii nnipa, bɔɔ ne yɔnko korɔn, na ɔyɛɛ bɔne wɔ ne nkurɔfo mu.

“Nanso mubisa se, ‘Adɛn nti na ɔbabarima no nnya nʼagya afɔdi no bi ho asotwe?’ Esiane sɛ ɔbabarima no ayɛ nea ɛteɛ na ɛyɛ pɛ na wahwɛ yiye adi mʼahyɛde nyinaa so no nti, ampa ara obenya nkwa. Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ne nea obewu. Ɔbabarima no rennya nʼagya afɔdi no ho asotwe bi, saa ara na agya no nso rennya ɔbabarima no afɔdi ho asotwe no bi. Wɔde ɔtreneeni adetreneeyɛ so aba bɛma no, na wobebu omumɔyɛfo amumɔyɛsɛm atia no.

“Na sɛ omumɔyɛfo twe ne ho fi bɔne a wayɛ nyinaa ho, na odi mʼahyɛde so, na afei ɔyɛ nea ɛteɛ ne nea ɛyɛ papa a, ampa ara obenya nkwa na ɔrenwu. Wɔrennyina bɔne a wayɛ no mu biara so mmu no atɛn. Ne trenee nneyɛe nti obenya nkwa. Mʼani gye amumɔyɛfo wu ho ana? Otumfo Awurade bisa. Sɛ wɔtwe wɔn ho fi wɔn akwammɔne ho na wonya nkwa a, mʼani nnye ana?

“Na sɛ ɔtreneeni twe ne ho fi ne trenee nneyɛe ho, kɔyɛ bɔne, na ɔyɛ akyiwade a amumɔyɛfo yɛ a, obenya nkwa ana? Wɔrenkae ne trenee nneyɛe no. Esiane sɛ odi nokwaredi ho fɔ na wayɛ bɔne nti, obewu.

“Nanso moka se, ‘Awurade kwan nteɛ.’ Muntie! Mo, Israelfi. Me kwan nteɛ ana? Ɛnyɛ mo akwan mmom na ɛnteɛ? Sɛ ɔtreneeni twe ne ho fi ne trenee nneyɛe ho na ɔkɔyɛ bɔne a, ɛno nti obewu, bɔne a wayɛ nti obewu. Nanso sɛ omumɔyɛfo twe ne ho fi amumɔyɛsɛm a wadi ho, na ɔyɛ nea ɛteɛ ne nea ɛyɛ papa a, obegye ne kra nkwa. Esiane sɛ wahu ne mmarato na watwe ne ho afi ho no nti, obenya nkwa na ɔrenwu. Nanso Israelfi ka se, ‘Awurade kwan nteɛ.’ Mʼakwan nteɛ! Mo, Israelfi! Ɛnyɛ mo akwan mmom na ɛnteɛ ana?

“Ɛno nti, mo Israelfo, mebu mo mu biara atɛn sɛnea nʼakwan te, Otumfo Awurade na ose. Monsakra mo adwene! Montwe mo ho mfi mo mmarato nyinaa ho; na afei bɔne remfa mo nkɔ asehwe mu bio. Montow mfomso a moayɛ nyinaa ngu na moanya koma foforo ne honhom foforo. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ muwu, Israelfifo? Mʼani nnye obiara wu ho, Otumfo Awurade na ose. ‘Monsakra mo adwene na moanya nkwa!’

Read More of Hesekiel 18