2 Mose 17:1-16, 2 Mose 18:1-27 AKCB

2 Mose 17:1-16

Ɔbotan Mu Nsu

Awurade hyɛe maa Israelfo no fii Sin sare no so kokɔɔ nkurow nkurow so, koduu Refidim. Woduu hɔ no, na nsu a wɔbɛnom biara nni hɔ. Ɛha nso nnipa no nwiinwii bio tiaa Mose sɛ, “Ma yɛn nsu nnom!”

Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Monyɛ dinn! Adɛn nti na mo ne me regye akyinnye? Adɛn nti na mopɛ sɛ mosɔ Awurade hwɛ?”

Na osukɔm a ɛde wɔn no nti, wɔteɛteɛɛ mu se, “Adɛn nti na wuyii yɛn fii Misraim? Adɛn nti na wode yɛn baa ha? Yɛn, yɛn mma ne yɛn anantwi nyinaa bewuwu!”

Mose su frɛɛ Awurade se, “Dɛn na menyɛ saa nkurɔfo yi? Wɔpɛ sɛ wosiw me abo.”

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Fa Israelfo mpanyimfo no bi ka wo ho na fa pema a wode bɔɔ Nil mu no na di wɔn anim fa wɔn kɔ. Mehyia wo wɔ ɔbotan a ɛwɔ bepɔw Horeb ho. Sɛ wudu hɔ a, fa wo pema no bɔ ɔbotan no mu sɛnea wode bɔɔ Nil mu no na nsu befi mu aba ama obiara anya bi anom amee.” Mose yɛɛ nea Awurade kae no wɔ Israel mpanyimfo no anim maa nsu tue fii ɔbotan no mu. Enti Mose too beae hɔ din Masa a ase ne Sɔhwɛbea ne Meriba a ase ne Akyinnyegyebea, efisɛ ɛhɔ na Israelfo ne Mose gyee akyinnye, sɔɔ Onyankopɔn hwɛe, bisae se, “Awurade ka yɛn ho anaa ɔnka yɛn ho?”

Israelfo Di Amalekfo So Nkonim

Afei, akofo a wofi Amalek17.8 Amalekfo no yɛ Esau nena barima asefo, na wɔtow hyɛ afoforo so fom wɔn nneɛma wɔ nweatam no so. bɛtow hyɛɛ Israelfo no so wɔ Refidim ne wɔn koe. Mose ka kyerɛɛ Yosua se, “Yi asraafo ma yɛn na yɛne Amalekfo no nkɔko. Ɔkyena megyina bepɔw no apampam a mikura Onyankopɔn pema no.”

Enti Yosua ne ne dɔm kɔtoaa Amalekfo asraafo no ne wɔn koe sɛnea na Mose ahyɛ no, na Mose ne Aaron ne Hur foro kɔɔ bepɔw no apampam pɛɛ. Mmere dodow a Mose kura pema no mu kyerɛ soro na Israelfo no redi nkonim na sɛ ɔbrɛ pema no ase a, na Amalekfo no nso redi Israelfo no so. Mose brɛ a na ontumi mma pema no so bio enti Aaron ne Hur pirew ɔbo bi too hɔ ma ɔtenaa so. Wogyinagyinaa Mose benkum ne nifa memaa ne nsa abien no so kosii sɛ owia kɔtɔe. Ɛbaa saa no, Yosua ne ne dɔm dii Amalekfo no so, kunkum wɔn wɔ afoa ano.

Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kyerɛw eyi ma ɛnna hɔ afebɔɔ ma wɔnkae daa na ka kyerɛ Yosua se, mɛtɔre Amalekfo nyinaa ase wɔ ɔsoro ase.”

Mose sii afɔremuka hɔ na ɔtoo no din Awurade Nissi a ase ne Awurade ne me frankaa. Mose kae se, “Efisɛ wɔama wɔn nsa so atia Awurade ahengua nti, Awurade ne Amalekfo bedi ako afi awo ntoatoaso so akosi awo ntoatoaso so.”

Read More of 2 Mose 17

2 Mose 18:1-27

Yetro Afotu

Ankyɛ biara na Mose ase, Midian sɔfo Yetro, tee anwonwade a Onyankopɔn ayɛ ama ne nkurɔfo Israelfo ne Mose, ne sɛnea wayi wɔn afi Misraim asase so no.

Mose de ne yere Sipora kɔe no, nʼase Yetro gyee no a na ne mmabarima baanu ka ne ho. Mose too ne babarima a na ɔyɛ nʼabakan no din Gersom a ɔkyerɛ ase se, “Mabɛyɛ ɔhɔho wɔ ananafo asase so.” Na ne babarima a ɔto so abien no nso, ɔtoo ne din Elieser a ɔkyerɛ ase se “Mʼagyanom Nyankopɔn no yɛ me boafo. Ogyee me fii Farao afoa ano.”

Yetro kɔsraa Mose. Ɔde Mose yere ne ne mmabarima baanu no kaa ne ho. Wodui no, na Mose ne nnipa no abɔ atenae wɔ Onyankopɔn bepɔw no ho. Wɔka kyerɛɛ Mose se, “Wʼase Yetro reba abɛsra wo. Wo yere ne wo mmabarima baanu no ka ne ho.”

Mose sɔre kohyiaa nʼase. Ɔkotow no nidi mu gyee no fɛw so. Wokyiakyiaa wɔn ho wɔn ho na wɔkɔɔ Mose ntamadan mu. Mose kaa nsɛm a asisi nyinaa kyerɛɛ nʼase no. Ɔkaa nea Awurade ayɛ atia Farao ne Misraimfo a ɔnam so agye Israelfo, ayi wɔn afi Misraim, asan ayi wɔn afi ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu no nso kyerɛɛ no.

Yetro tee nea Awurade ayɛ ama Israel, ne titiriw no, sɛnea oyii wɔn fii Misraim no, nʼani gyee yiye. Yetro kae se, “Nhyira nka Awurade sɛ wagye mo afi Misraimfo ne Farao nsam, na wagye ɔman Israel nso. Afei, mahu sɛ Awurade yɛ ɔkɛse sen onyame foforo biara, efisɛ wayɛ eyi ama wɔn a wɔde ahantan di wɔn so no.” Yetro de ɔhyew afɔrebɔde bae, na ɔbɔɔ afɔre maa Onyankopɔn. Akyiri no, Aaron ne Israel mpanyimfo no baa Yetro nkyɛn. Wɔn nyinaa too nsa dii afɔreguan no wɔ Awurade anim.

Ade kyee no, Mose tenaa ase fii anɔpa kosii anwummere tiee ntawntaw a asisi wɔ nnipa no mu. Mose ase no huu brɛ a ɔrebrɛ nnipa no ho no, obisaa no se, “Adɛn nti na wopɛ sɛ wo nko ara wudi dwuma kɛse yi a enti nnipa gyina wo so saa ara fi anɔpa kosi anwummere yi?”

Mose buae se, “Nnipa no de akasakasa bi a asisi wɔn ntam bɛtoo mʼanim sɛ mimmisa Onyankopɔn hɔ akwankyerɛ. Sɛ ntawntaw bi ba wɔn ntam a, wɔba ma misiesie. Mekyerɛ wɔn Onyankopɔn mmara ne nʼapɛde.”

Nʼase no kae se, “Nea woreyɛ no nye. Worekum wo ho na sɛ wuwu a, nnipa yi bɛyɛ dɛn? Mose, adwuma yi so dodo sɛ wo nko ara wobɛyɛ. Tie fo a merebetu wo yi na Onyankopɔn behyira wo. Kɔ so ara si nnipa no anan wɔ Onyankopɔn anim na fa wɔn haw to nʼanim. Kyerɛ wɔn Onyankopɔn akwan a wɔmfa so ntena ase. Na hwehwɛ nnipa bi a wɔyɛ nyamesurofo na wɔyɛ nokwafo a wɔmpɛ adanmudegye, na wɔn mu baako biara nyɛ nnipa apem so otemmufo. Ɛsɛ sɛ saa onipa no nya atemmufo du hyɛ nʼase na wɔn mu baako biara ahwɛ nnipa ɔha so. Na wɔn ase no, wobeyi atemmufo baanu a wɔbɛhwɛ nnipa aduonum so, na wɔn nso, atemmufo baanum bɛhyɛ wɔn mu biara ase na wɔatu nnipa du fo. Ma saa nnipa yi nni wɔn ho ni na wonni nokware daa. Asɛm biara a ɛho hia anaa ɛkyere adwene no, wɔmfa mmra wʼanim. Wɔn ankasa nhwɛ nka nsɛm nketenkete a ɛbɛba wɔn anim no. Sɛ wofa saa kwan yi so a, adwuma no bɛyɛ mmerɛw ama wo, efisɛ woakyekyɛ nnwuma no ama wɔn. Sɛ wutie afotu no na Onyankopɔn nso pene so a, wubetumi agyina asɛm biara ano na asomdwoe aba.”

Mose tiee nʼase afotu no dii so pɛpɛɛpɛ. Oyiyii nnipa pa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa de wɔn yɛɛ atemmufo—apem apem, ɔha ɔha, aduonum aduonum ne du du. Na wobuu ɔman no atɛn bere nyinaa mu. Wɔde nsɛm akɛse no maa Mose na wɔn nso dii nsɛm nketenkete no.

Akyiri no, Mose gyaa nʼase kwan ma ɔkɔɔ ne kurom.

Read More of 2 Mose 18