2 Mose 1:1-22, 2 Mose 2:1-25, 2 Mose 3:1-22 AKCB

2 Mose 1:1-22

Israelfo Wɔ Misraim

Yakob mma ne wɔn abusuafo a wɔne no tu kɔtenaa no din na edidi so yi.

Ruben, Simeon, Lewi ne Yuda;

Isakar, Sebulon ne Benyamin;

Dan, Naftali;

Gad ne Aser.

Yakob asefo a ɔne wɔn kɔe no nyinaa ano si aduɔson. Na Yosef wɔ Misraim dedaw.

Yosef ne ne nuanom ne wɔn bere sofo no nyinaa wuwui, nanso Israelfo no ase fɛee, na wɔyɛɛ bebree, hyɛɛ asase no so ma.

Na ɔhene foforo bi bedii ade wɔ Misraim a na onnim Yosef ho asɛm. Ɔka kyerɛɛ ne manfo no se, “Monhwɛ, Israelfo yi ase adɔ, wɔreyɛ adɔɔso dodo ama yɛn. Momma yɛmpɛ ɔkwan bi na yɛmfa so nsiw saa dɔ a wɔredɔ no ano. Sɛ yɛanyɛ saa na ɔko bi si a, wɔbɛdɔm yɛn atamfo ne wɔn ako atia yɛn na wɔafi ɔman yi mu.”

Enti wɔde nkoa sohwɛfo gyinagyinaa wɔn kɔn so ma wɔyɛɛ adwumaden de kyekyeree adekora nkuropɔn Pitom ne Rameses maa Farao. Nanso mpɛn dodow a Misraimfo no hyɛɛ wɔn so no, na dɔ ara na Israelfo no redɔɔso. Eyi maa Misraimfo no suroo Israelfo na wɔkɔɔ so hyɛɛ Israelfo no so ketee. Wɔde adwumadenyɛ dii Israelfo no nya. Wɔma wɔyɛɛ ntayaa ne dɔte ho adwuma a ɛyɛ den ne mfum nnwuma ahorow. Eyinom nyinaa akyi no Misraimfo faa akwan bebree so daa atirimɔden adi kyerɛɛ Israelfo no.

Misraimhene ka kyerɛɛ Hebrifo awogyefo a wɔn din ne Sifra ne Pua se, “Sɛ mukogye Hebrini biara awo, na awoe hɔ muhu sɛ ɔyɛ ɔbabarima a, munkum no, na sɛ ɔyɛ ɔbabea de a, monnyɛ no hwee.” Esiane sɛ na awogyefo no yɛ nyamesurofo no nti, wɔanni mmara a ɔhene no hyɛɛ wɔn no so, maa mmarimaa a wɔwowoo wɔn no tenae. Ɔhene no frɛɛ wɔn bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moanni mmara a mehyɛe no so na moama mmarimaa a Hebrifo no wowoo wɔn no atena?”

Wobuaa no se, “Hebrifo mmea no de ahoɔden wo ɔhare so nti yebedu hɔ no, na wɔawo dedaw. Wɔnte sɛ Misraimfo mmea no.”

Onyankopɔn hyiraa awogyefo no. Na Israelfo no dɔɔso ara bɛyɛɛ ɔman kɛse. Esiane sɛ na awogyefo no yɛ nyamesurofo nti, Onyankopɔn dom wɔn mma.

Na Farao hyɛɛ mmara sɛ Hebrifo mmarimaa a wɔbɛwo wɔn foforo no, wɔntow wɔn ngu Asubɔnten Nil mu na mmeawa a wɔbɛwo wɔn foforo no de, wɔntena hɔ.

Read More of 2 Mose 1

2 Mose 2:1-25

Mose Awo

Na Lewini bi waree ɔbea bi fii Lewi abusuakuw mu. Ɔbea no nyinsɛn woo abarimaa. Abofra no na huu sɛ ne ho yɛ fɛ yiye nti ɔde no siee fie asram abiɛsa. Eduu bere bi no, na ɔde no sie a ɛnyɛ yiye nti, ɔde mfea nwenee kɛntɛn bi de ɛhyɛ ne ama faa ho sɛnea ɛbɛyɛ a, nsu rentumi nkɔ mu. Ɔde abofra no too mu de no kosii asu Nil konkɔn so wɔ wura a na ɛwɔ hɔ no bi mu. Abofra no nuabea kogyinaa akyiri baabi a na ɔwɛn no.

Farao babea kɔɔ asu no mu sɛ ɔrekoguare. Bere a ɔne ne mmaawa nam asu no konkɔn so no, ohuu kɛntɛn no sɛ ɛhyɛ wuram hɔ baabi, enti ɔsomaa ne mmaawa no mu baako sɛ ɔnkɔfa mmrɛ no. Ɔde bae a obuee so no, ohuu sɛ abarimaa bi da mu a ɔresu. Asɛm no yɛɛ no awerɛhow. Ɔkae se, “Ɔyɛ Hebrifo yi bi ba.”

Abofra no nuabea a na ɔrewɛn no no kɔɔ ɔhene babea no nkyɛn kobisaa no se, “Menkɔfrɛ Hebrifo mmea no baako na ɔmmɛhwɛ no mma wo ana?”

Ɔhene babea no buae se, “Yiw.” Enti, abeawa no tuu mmirika kɔɔ fie kɔfrɛɛ abofra no na de no bae. Ɔhene babea no ka kyerɛɛ no se, “Fa abofra no kɔ fie na kɔhwɛ no ma me na metua wo ho ka.” Enti ɔde no kɔɔ fie kɔhwɛɛ no. Onyin kakra no, ɔde no brɛɛ ɔhene babea no ma ogyee no de no yɛɛ ne ba. Ɔkae se, “Mɛto ne din Mose efisɛ miyii no fii nsu mu.”

Mose Guan Kɔ Midian

Mose nyin no, da bi, ɔkɔsraa ne manfo Hebrifo no. Oduu hɔ no, ohuu sɛ ne manfo no reyɛ adwumaden. Nsrahwɛ no mu na Mose huu sɛ Misraimni bi reboro Hebrini a ɔyɛ ne nua. Mose hwɛɛ ha hwɛɛ ha huu sɛ obiara nni hɔ no, okum Misraimni no tutuu nwea mu de no hyɛɛ hɔ. Ade kyee no, ɔsan kɔɔ Hebrifo no nsrahwɛ. Oduu hɔ no, na wɔn mu baanu reko. Obisaa nea nʼasɛm nyɛ dɛ no se, “Dɛn na woreyɛ yi a worebobɔ wo nua Hebrini saa?”

Ɔbarima no nso bisaa no se, “Wufi he? Hena na ɔde wo yɛɛ yɛn sodifo ne temmufo? Anaasɛ woayɛ wʼadwene sɛ wobekum me sɛnea nnɛra wukum Misraimni no?” Mose huu sɛ bɔne a wayɛ no ho ada hɔ no, osuroe.

Na Farao nso tee asɛm no, ɔhyɛɛ sɛ wɔnkɔfa Mose mmra na wonkum no. Nanso Mose guan kɔɔ Midian2.15 Na Midian yɛ Abraham mmabarima no mu baako (1 Mose 25.2). Na Midianfo no te Sinai atifi fam. asase so. Da bi a Mose kɔtenaa abura bi ho wɔ hɔ no, Midian sɔfo mmabea baason bi baa hɔ sɛ wɔrebɛtow nsu de akɔma wɔn papa nguan. Nanso nguanhwɛfo bi pampam mmeawa no. Mose begyee wɔn fii nguanhwɛfo no nsam maa mmeawa no nguan no nsu nomee.

Wɔsan koduu wɔn agya Reuel2.18 Reuel yɛ Yetro din foforo. nkyɛn no, obisaa wɔn se, “Ɛyɛɛ dɛn na nnɛ de, munyaa nsu maa nguan yi nom ntɛm sɛɛ?”

Wɔka kyerɛɛ wɔn agya se, “Misraimni bi na ogyee yɛn fii nguanhwɛfo no nsam. Ɔno ara na ɔtow nsu no maa yɛn nguan no nomee.”

Wɔn agya bisae se, “Na ɔwɔ he? Mugyaw no wɔ hɔ ana? Monkɔfrɛ no na ommedidi.”

Mose kɔɔ Reuel frɛ no. Akyiri no, ɔne wɔn kɔtenae, maa Reuel de ne babea Sipora maa no aware. Wɔwoo ɔbabarima maa Mose too no din Gersom, ase ne Ɔhɔho, efisɛ Mose kyerɛ ase se, “Meyɛ ɔhɔho wɔ ananafo asase so.”

Mfe bi akyi no, Misraimhene no wui. Na Israelfo no resi apini wɔ wɔn nkoasom no mu. Enti na wɔresu frɛ Onyankopɔn. Onyankopɔn nso tiee wɔn sufrɛ no, kaee bɔ a ɔhyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ ɔde nʼasefo bɛsan aba Kanaan asase so no. Onyankopɔn hwɛ huu sɛ bere adu sɛ ogye wɔn.

Read More of 2 Mose 2

2 Mose 3:1-22

Mose Ne Gyaframa No

Na Mose rehwɛ nʼase Yetro a ɔyɛ Midian sɔfo nguan. Ɔde nguan no wuraa sare no mu kɔɔ akyirikyiri koduu Horeb a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔw3.1 Onyankopɔn bepɔw yɛ Bepɔw Sinai. no so. Prɛko pɛ, na Awurade bɔfo nam wura bi gyaframa mu yii ne ho adi kyerɛɛ Mose. Mose huu sɛ wura no redɛw nanso na ɛnhyew. Enti Mose kae se, “Mɛkɔ akɔhwɛ anwonwade yi ahu nea nti a wura no nhyew.”

Bere a Awurade huu sɛ ɔrekɔhwɛ no, ɔfrɛɛ no fii wura no mu se, “Mose! Mose!”

Mose gyee so se, “Me ni.”

Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Mmɛn me. Yi wo mpaboa na faako a wugyina no yɛ asase kronkron.” Ɔtoaa so se, “Mene wʼagyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no.” Mose kataa nʼanim, efisɛ na osuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn anim.

Awurade ka kyerɛɛ no se, “Mahu amanehunu a me manfo a wɔwɔ Misraim no wɔ mu no, na mate wɔn nkotosrɛ a ɛfa wɔn nnwuma wuranom ho, na minim wɔn ahohia. Maba sɛ merebegye wɔn afi Misraimfo nsam na mayi wɔn afi Misraim asase so de wɔn akɔ asase pa a ɛso bae so, asase a ɛwo ne nufusu wɔ so; asase a Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo te so no so. Mate Israelfo no su na mahu nya a Misraimfo di wɔn no. Enti afei, merebɛsoma wo akɔ Farao nkyɛn, na woakoyi me man Israel afi Misraim.”

Mose kae se, “Mene hena a ɛsɛ sɛ mekɔ Farao anim akoyi Israelfo afi Misraim asase so?”

Onyankopɔn buaa no se, “Mɛka wo ho. Adansede a ɛkyerɛ sɛ me na masoma wo no ni. Sɛ wuyi nnipa no fi Misraim a, mobɛsom Onyankopɔn wɔ saa bepɔw yi so.”

Mose bisae se, “Sɛ mekɔ Israelfo no nkyɛn kɔka se wɔn agyanom Nyankopɔn na wasoma me na wobisa me se, ‘Onyankopɔn bɛn na mereka ne ho asɛm no’ a, mmuae bɛn na memfa mma wɔn?”

Obuaa Mose se, ka se, “Mene nea ɔwɔ hɔ daa no. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Mene Nea Mene na wasoma me mo nkyɛn.’ ”

Onyankopɔn toaa so se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Awurade a ɔyɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn.’ ” Eyi ne me din a wɔde bɛkae me daa fi awo ntoatoaso so kosi awo ntoatoaso so.

“Kɔ, frɛ Israelfo mpanyimfo na ka kyerɛ wɔn se, ‘Awurade, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no daa ne ho adi kyerɛɛ me, kae se: Mawɛn mo na mahu nea wɔde ayɛ mo wɔ Misraim. Mehyɛ bɔ sɛ meyi mo afi mo awerɛhow mu wɔ Misraim de mo akɔ asase a Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo te so nnɛ yi a ɛwo ne nufusu wɔ so no so.’

“Israelfo mpanyimfo betie wʼasɛm no. Na ɛsɛ sɛ wo ne mpanyimfo no kɔ Misraimhene hɔ kɔka kyerɛ no se, ‘Awurade, Hebrifo Nyankopɔn, ne yɛn ahyia na waka akyerɛ yɛn se, yentu nnansa kwan nkɔ sare so nkɔbɔ afɔre mma no.’ Nanso minim sɛ Misraimhene remma mo kwan da, gye sɛ nsa bi a ɛyɛ duru hyɛ no ketee. Enti mɛteɛ me nsa na mede anwonwade ahorow a mɛyɛ wɔ wɔn mu no nyinaa atia wɔn. Ɛno akyi no, ɔbɛma mo akɔ.

“Mɛma mo anim aba nyam wɔ Misraimfo no anim na wɔahyehyɛ akyɛde ama mo, na moankɔ no nsapan. Ɔbea biara mmisa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinne ne ntama pa mfi nʼafipamfo ne ne fifo mmea nkyɛn na wɔmfa nsiesie wɔn mmabarima ne wɔn mmabea ho. Saayɛ so na mobɛfa afow Misraimfo no.”

Read More of 2 Mose 3