Ɛster 2:19-23, Ɛster 3:1-15, Ɛster 4:1-17, Ɛster 5:1-14 AKCB

Ɛster 2:19-23

Mpo, bere a wɔde mmabaa no nyinaa kɔɔ mmea atenae a ɛto so abien no mu no, na Mordekai nso abɛyɛ ɔpanyin wɔ ahemfi hɔ no, Ɛster ankyerɛ baabi a ofi ne abusua a ɔbɔ da. Ɔkɔɔ so dii Mordekai afotu no so sɛnea ɔyɛe bere a na ɔne no te no.

Mordekai Di Ɔhene Nokware

Da koro bi a Mordekai wɔ adwuma mu wɔ ahemfi no, ɔhene no piamfo baanu a wɔn din de Bigtan ne Teres a na wɔyɛ ɔhene no kokoamfi no pon ano awɛmfo no bo fuw ɔhene Ahasweros, na wɔpam ne ti so sɛ wobekum no. Mordekai tee pɔwbɔ no, ɔbɔɔ ɔhemmea Ɛster amanneɛ. Ɔno nso ka kyerɛɛ ɔhene no, na ɔmaa Mordekai mo sɛ ɔbɛkaa asɛm no. Wɔkɔɔ asɛm no mu, huu sɛ asɛm a Mordekai bɛkae no yɛ nokware no, wɔsɛn mmarima baanu no wɔ dua so. Wɔkyerɛw eyi nyinaa hyɛɛ ɔhene Ahasweros adedi abakɔsɛm nhoma mu.

Read More of Ɛster 2

Ɛster 3:1-15

Haman Pam Yudafo Ti So

Eyinom akyi no, ɔhene Ahasweros pagyaw Agagni Hamedata babarima Haman dibea, yɛɛ no ɔsoafo panyin wɔ ahemman no mu ma ɔbɛyɛɛ ɔhene abediakyiri. Sɛ Haman reba a, ɔhene mpanyimfo no bɔ wɔn mu ase de kyerɛ obu ne nidi a wɔwɔ ma no, efisɛ saa na ɔhene ahyɛ. Nanso Mordekai ammɔ ne mu ase da, na wankyerɛ obu ne nidi nso da.

Ahemfi mpanyimfo a wɔwɔ ɔhene pon ano no bisaa Mordekai se, “Adɛn nti na worebu ɔhene mmara so?” Wɔkasa kyerɛɛ no mpɛn pii nanso ɔkɔɔ so buu mmara no so. Enti wɔbɔɔ Haman amanneɛ hwɛɛ sɛ ɔbɛpene Mordekai suban no so ana, efisɛ na Mordekai aka akyerɛ wɔn sɛ ɔyɛ Yudani.

Bere a Haman huu sɛ Mordekai nkotow no, anaa ɔnna obu ne nidi adi nkyerɛ no no, ne bo fuwii. Enti Haman yɛɛ nʼadwene sɛ, ɔrenhaw Mordekai nko ara. Esiane sɛ na wate sɛ Mordekai yɛ Yudani no nti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛhwehwɛ ɔkwan a ɔbɛfa so de atɔre Yudafo a wɔwɔ Ahasweros ahemman mu no nyinaa ase.

Na ɔsram Abib (bɛyɛ Oforisuo) mu a ɛyɛ ɔhene Ahasweros adedi mfe dumien so no, wɔbɔɔ ntonto a wɔfrɛ no Pur de hwehwɛɛ da ne ɔsram a ɛfata sɛ wɔhyɛ fa no. Na da a woyii no yɛ Abib ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason a na ɛreyɛ akɔ ntontobɔ no akyi afe mu.

Na Haman kɔɔ ɔhene Ahasweros nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Nnipa bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete amantam a ɛwɔ wʼahenni yi nyinaa so. Wɔn mmara ne ɔman foforo biara de bɔ abira, na mpo, wobu ɔhene mmara so. Ɛno nti, enye mma ɔhene sɛ ɔbɛhwɛ ama wɔatena ase. Sɛ ebetumi a, Ɔhempɔn, hyɛ mmara na wɔntɔre wɔn ase, na mɛma aban amammuifo dwetɛ tɔn ahaasa aduɔson anum na wɔde agu adehye foto no mu.”

Ɔhene no penee so, worɔw ne pɛtea de maa Agagni Hamedata babarima Haman a ɔyɛ Yudafo tamfo no de sii asɛm no so dua.3.10 Na wɔde adehyekaa na ɛhyɛ wɔn mmara mu den. Ɔhene no ka kyerɛɛ Haman se, “Ma sika no ntena hɔ, nanso wo ne nnipa no nni no sɛnea wopɛ no biara.”

Abib (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so dunson no, Haman frɛɛ ɔhene akyerɛwfo ma ɔkaa nea ɔpɛ sɛ ɔkyerɛw de kɔma mmapɔmma, amantam amradofo a wɔwɔ mmeae nyinaa, adwumayɛfo a wɔwɔ amantam no mu ma wɔkyerɛw no wɔ wɔn ankasa kasa mu. Ɔhene Ahasweros na wɔde ne din hyɛɛ nkrataa no ase, na wɔde ne kaa no sɔw ano, na wɔde somaa abɔfo ma wɔde kokɔɔ amantam a ɛwɔ ahemman no mu nyinaa. Nkrataa no hyɛɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ wokunkum Yudafo nyinaa, mmofra ne mpanyin, mmea ne mmarima, tɔre wɔn ase da koro na wɔfa wɔn agyapade. Wɔhyɛɛ sɛ, saa asɛm yi nsi wɔ Adar ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason, a ɛyɛ afe akyi a wɔhyɛɛ mmara no. Wɔde mmara no sɛso bi bɛkɔ amantam no nyinaa so, na wɔbɛma ɔmanfo nyinaa nso ate mu nsɛm, sɛnea wobetumi adi dwuma no wɔ da a wɔahyɛ no.

Ɔhene no hyɛ ma wɔde mmara no somaa abɔfo a wɔn ho yɛ hare ma wɔbɔɔ no dawuru wɔ Susa aban no mu. Afei, ɔhene no ne Haman tenaa ase nom nsa; nanso Susa kuropɔn no mu yɛɛ basabasa.

Read More of Ɛster 3

Ɛster 4:1-17

Mordekai Pɛ Ɛster Mmoa

Bere a Mordekai huu nea wɔayɛ no nyinaa no, ɔtetew ne ntade mu, hyɛɛ atweaatam, de nsõ yɛɛ ne ho, de agyaadwotwa a ano yɛ den faa kuropɔn no mu. Ogyinaa ahemfi no pon akyi, efisɛ na wɔmma obi a ɔhyɛ atweaatam no nkɔ mu. Na bere a ɔhene no mmara no duu amantam no nyinaa so no, na ɛyɛ osu ne agyaadwo wɔ Yudafo no mu. Wodii mmuada, su twaa agyaadwo a wɔn mu bebree hyehyɛ atweaatam de nsõ ahura wɔn ho.

Bere a ɔhemmea Ɛster mmaawa ne ne piamfo bɛkaa Mordekai ho asɛm kyerɛɛ no no, ɛhaw no yiye. Ɔbrɛɛ no ntade sɛ ɔmfa nsi atweaatam no anan, nanso ɔpoe. Na Ɛster soma ma wɔkɔfrɛɛ Hatak a ɔyɛ ɔhene piamfo no mu baako a wɔayi no sɛ ne somfo no. Ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkɔ Mordekai nkyɛn nkobisa no nea ɛrehaw no, ne nea enti a ɔretwa agyaadwo saa.

Enti Hatak kɔɔ Mordekai nkyɛn wɔ aguabɔbea a ɛwɔ ahemfi no pon ano. Mordekai kaa asɛm no nyinaa kyerɛɛ no, kaa sika a Haman ahyɛ bɔ sɛ ɔde begu adehye foto mu no, nam so de atɔre Yudafo no ase. Mordekai de mmara no sɛso a woyii no Susa a ɛkyerɛ sɛ wonkum Yudafo nyinaa no bae, na ɔde maa Hatak sɛ ɔmfa nkɔma Ɛster. Ɔsan frɛɛ Hatak sɛ ɔnkyerɛ mu nkyerɛ Ɛster, na ɔnsrɛ no sɛ, ɔnkɔ ɔhene no nkyɛn nkɔsrɛ no ahummɔbɔ, na ɔnka bi mma ne nkurɔfo.

Enti Hatak san kɔɔ Ɛster nkyɛn kɔkaa Mordekai nkra no. Ɛster ka kyerɛɛ Hatak sɛ, ɔnsan mfa nkra nkɔma Mordekai se: “Wiase nyinaa nim sɛ obiara a wobɛkɔ ɔhene anim wɔ nʼasennipia mu a wɔntoo nsa mfrɛɛ wo no, owu na wubewu, gye sɛ ɔde ne sika ahempema no kyerɛ wo so. Na ɛbɛyɛ ɔsram ni no, ɔhene no nsomaa sɛ wɔmmɛfrɛ me.” Enti Hatak de Ɛster nkra no kɔmaa Mordekai.

Mordekai nso de saa mmuae yi maa Ɛster se, “Nsusuw da biara da sɛ, sɛ wokunkum Yudafo no nyinaa a, wubenya wo ti adidi mu wɔ ahemfi hɔ. Na sɛ woyɛ komm bere a ɛte sɛɛ mu a, Yudafo no gye betumi afi baabi aba, nanso wo ne wʼabusuafo bewuwu. Nea ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ wuhu sɛ, bere a ɛte sɛɛ yi nti na wɔasi wo hemmea wɔ ahemfi hɔ.”

Na Ɛster de mmuae yi kɔmaa Mordekai se, “Kɔ na kɔboaboa Yudafo a wɔwɔ Susa no nyinaa ano ntɛm. Nnidi anaa nnom nnansa, anadwo anaa awia. Me ne me mmaawa nso bɛyɛ saa ara. Ɛwɔ mu sɛ, etia mmara de, nanso mɛkɔ akohu ɔhene no na sɛ, ɛsɛ sɛ mewu koraa a, mewu.”

Enti Mordekai kɔyɛɛ sɛnea Ɛster ka kyerɛɛ no no.

Read More of Ɛster 4

Ɛster 5:1-14

Ɛster Adesrɛ

Nnansa akyi no, Ɛster hyɛɛ nʼahemmea atade kɔɔ ahemfi no adiwo hɔ a ɛbɛn ɔhene no asa so. Na ɔhene no te nʼahengua so a nʼani kyerɛ abɔnten kwan ano. Bere a ohuu Ɔhemmea Ɛster sɛ ogyina adiwo hɔ no, ogyee no fɛw so. Ɔde sikakɔkɔɔ ahempema no kyerɛɛ ne so. Enti Ɛster bɛn kosoo pema no ti.

Na ɔhene no bisaa no se, “Ɔhemmea Ɛster, dɛn na wohwehwɛ? Wʼabisade ne dɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman no fa koraa a, mede bɛma wo!”

Na Ɛster buae se, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, Ɔhempɔn, wo ne Haman mmra aponto a masiesie ama wo nnɛ no ase.”

Ɔhene no dan ne ho, ka kyerɛɛ nʼasomfo no se, “Monka nkyerɛ Haman se, ɔmmra aponto no ase mprempren ara, sɛnea Ɛster asrɛ no.”

Enti ɔhene ne Haman kɔɔ Ɛster aponto no ase. Na bere a wogu so renom nsa no, ɔhene no ka kyerɛɛ Ɛster se, “Afei, ka nea wohwehwɛ pa ara no kyerɛ me. Wʼadesrɛde yɛ dɛn? Sɛ wubisa mʼaheman mu fa koraa a, mede bɛma wo.”

Ɛster buae se, “Mʼadesrɛ a me koma da ho pa ara ni: Sɛ ɔhempɔn ani sɔ me, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼadesrɛ ma me a, anka ɔkyena wo ne Haman mmra ɔpon a mɛto wo no ase. Na ɔkyena, mɛkyerɛ wo eyi nyinaa ase.”

Haman Pɛ Mordekai Wu

Haman fii aponto no ase no, na nʼani agye mmoroso! Nanso ohuu Mordekai a ɔte pon no ano a wansɔre na ne ho ampopo wɔ nʼanim no, ne bo fuwii. Nanso Haman hyɛɛ ne ho so kɔɔ fie. Afei, ɔboaboaa ne nnamfonom a ne yere Seres ka ho no ano, de ahonya ne mma dodow a ɔwɔ hoahoaa ne ho wɔ wɔn anim. Ɔde abasobɔde ahorow a ɔhene ama no no nso ne sɛnea wɔasi no panyin wɔ mpanyimfo nkae no so no nso tuu ne ho. Haman ka kaa ho se, “Ɛnyɛ ɛno nko! Ɔhemmea Ɛster too nsa frɛɛ me ne ɔhene no ankasa kɔɔ nʼaponto ase. Na wato nsa afrɛ me sɛ, ɔpɛ sɛ me ne no ne ɔhene no didi bio ɔkyena. Nanso sɛ mihu Yudani Mordekai sɛ ɔda so te ahemfi pon ano a, me bo nnwo koraa.”

Haman yere Seres ne ne nnamfonom no maa no adwene se, “Yɛ dua a wɔsɛn nnipa wɔ so a ne sorokɔ yɛ anammɔn aduɔson anum na anɔpa ka kyerɛ ɔhene no se, ɔnsɛn Mordekai wɔ so. Sɛ wɔyɛ no saa a, wode anigye ne ɔhene no bɛkɔ aponto no.” Saa adwenkyerɛ yi sɔɔ Haman ani yiye ma ɔhyɛɛ sɛ wonsi dua a wɔsɛn nnipa wɔ so no.

Read More of Ɛster 5