5 Mose 26:1-19, 5 Mose 27:1-26, 5 Mose 28:1-14 AKCB

5 Mose 26:1-19

Otwa Afɔrebɔde Ne Ntotoso Du Du

Sɛ mudu asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rebɛma mo sɛ mo agyapade no so na moko gye, na motena so a, momfa otwakan wɔ otwabere biara mu no ngu kɛntɛn mu na momfa mmra baabi a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw sɛ wɔnkamfo ne din wɔ hɔ no, na monkɔ ɔsɔfo a ɔwɔ hɔ saa bere no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se, “Meda no adi nnɛ akyerɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, sɛ Awurade de me aba asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ yɛn agyanom no so.” Afei, ɔsɔfo no begye kɛntɛn no afi wo nsam de asi Awurade, mo Nyankopɔn no, afɔremuka no anim. Na wobɛka saa nsɛm yi wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim sɛ, “Na me tete agya Yakob yɛ ɔkwantuni Aramni a ɔkɔtenaa Misraim. Nʼabusua no yɛ ketewaa bi, nanso Misraim hɔ no, wɔdɔɔso bebree bɛyɛɛ ɔman kɛse. Bere a Misraimfo dii yɛn nya nam so ma yɛyɛɛ wɔn nkoa no, yesu frɛɛ Awurade, yɛn agyanom Nyankopɔn no. Ɔtee yɛn sufrɛ na ohuu yɛn amanehunu, ɔbrɛ ne ɔhyɛ a na yɛwɔ mu. Enti Awurade nam tumi a ɛyɛ nwonwa, ehu a emu yɛ den, nsɛnkyerɛnne a epusuw nnipa ne anwonwasɛm so gyee yɛn fii Misraim. Ɔde yɛn baa ha na ɔde asase yi a nufusu ne ɛwo resen so yi maa yɛn. Afei, Awurade, mede akyɛde a ɛyɛ mʼaduankan a wode fi asase mu maa me no rebrɛ wo.” Afei, fa aduan no si Awurade, mo Nyankopɔn no, anim na sɔre no. Afei, kɔ na wo ne Lewifo ne ahɔho a wɔte mo mu no nkogye mo ani wɔ nneɛma pa a Awurade, mo Nyankopɔn no, de ama wo ne wo fifo no ho.

Afe a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ ntotoso du du afe a woayi wo nnɔbae so ntotoso du du awie no ɛsɛ sɛ mode ma Lewifo, ahɔho, nyisaa ne akunafo sɛnea ɛbɛyɛ a wobedidi amee wɔ mo nkurow so. Afei, mompae mu nka wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim se, “Mede akyɛde kronkron a efi me fi ama Lewifo, ahɔho, nyisaa ne akunafo sɛnea wohyɛɛ me no. Mimmuu wʼahyɛde bi so anaa me werɛ mfii wo mmara no mu biara ɛ. Manni akronkronne no bi bere a meretwa adwo no, na bere a na me ho ntew no nso, mamfa me nsa anka bi; na mamfa mu bi nso amma awufo. Matie Awurade, me Nyankopɔn no, na mayɛ biribiara a wohyɛɛ me sɛ menyɛ no. Fi wo soro tenabea kronkron hɔ hwɛ fam na hyira wo nkurɔfo Israel ne asase a wode ama yɛn no—asase a nufusu ne ɛwo resen wɔ so sɛnea wode ntam hyɛɛ yɛn agyanom bɔ no.”

Awurade Mmara Sodi Ho Nkaebɔ

Awurade, mo Nyankopɔn no, hyɛ mo nnɛ sɛ, munni saa ahyɛde ne mmara yi nyinaa so; momfa mo koma ne mo kra nyinaa nni so pɛpɛɛpɛ. Moapae mu aka no nnɛ se, Awurade yɛ, mo Nyankopɔn, na mobɛnantew nʼakwan so na mubedi ne mmara so ayɛ osetie ama no. Na Awurade aka no nnɛ se, moyɛ ne nkurɔfo, nʼagyapade a ne koma da ho sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no; ɛno nti, ɛsɛ sɛ mudi nʼahyɛde nyinaa so. Na sɛ moyɛ saa a, ɔbɛyɛ mo kɛse asen ɔman biara. Afei, mubenya nkamfo ne anuonyam a ɛboro aman a wayɛ no nyinaa de so. Mobɛyɛ ɔman a ɛyɛ kronkron ama Awurade, mo Nyankopɔn no, sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no.

Read More of 5 Mose 26

5 Mose 27:1-26

Bepɔw Ebal Afɔremuka

Mose ne Israel mpanyimfo hyɛɛ ɔmanfo no se, “Munni mmara a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so. Sɛ mutwa Yordan kodu asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so a, monhyehyɛ abo akɛse na momfa akaadoo nsra ho. Sɛ mutwa Yordan kɔ asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so, asase a ɛwo ne nufusu resen so no so a, monkyerɛw mmara no nyinaa ngu so sɛnea Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, hyɛɛ mo bɔ no. Na sɛ mutwa Yordan a, monhyehyɛ abo yi wɔ Ebal bepɔw so sɛnea merehyɛ mo nnɛ yi na momfa akaadoo nsra ho. Munsi afɔremuka, abo afɔremuka wɔ hɔ mma Awurade, mo Nyankopɔn no. Mommfa dade biribiara nka. Momfa abo amuamu nsi Awurade, mo Nyankopɔn no, afɔremuka no na mommɔ ɔhyew afɔre wɔ so mma Awurade, mo Nyankopɔn no. Mommɔ asomdwoe afɔre nso wɔ so na momfa anigye nnidi wɔ hɔ wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim. Monkyerɛw mmara no mu nhyehyɛe nyinaa pɛpɛɛpɛ ngu abo a wɔde akaadoo asra ho no so.”

Nnome A Efi Bepɔw Ebal So

Afei, Mose ne Lewifo asɔfo kasa kyerɛɛ Israelfo no se, “Israel, monyɛ komm na muntie! Nnɛ, moabɛyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, manfo. Monyɛ osetie mma Awurade, mo Nyankopɔn no, na munni ne mmara ne nʼahyɛde a mede rema mo nnɛ yi so.”

Saa da no ara, Mose hyɛɛ ɔmanfo no se:

Sɛ mutwa Asubɔnten Yordan a Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef ne Benyamin mmusuakuw na wonnyina Gerisim bepɔw so nhyira ɔman no. Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan ne Naftali mmusuakuw nso nnyina Ebal bepɔw so nnome.

Lewifo nteɛteɛ mu nworo ngu nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa so se:

“Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasen anaa nea wɔagu de ahyɛ kokoa mu. Saa ahoni, adwumfo nsa ano nnwuma yi yɛ Awurade akyiwade.”

Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

“Nnome nka obiara a obebu nʼagya anaa ne na animtiaa.”

Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

“Nnome nka obiara a opia ɔhye nam so bɔ ne yɔnko korɔn.”

Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

“Nnome nka obiara a ɔma onifuraefo fom kwan.”

Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

“Nnome nka obiara a osisi ahɔho, nyisaa ne akunafo.”

Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

“Nnome nka obiara a ɔne nʼagya yere bɛda, efisɛ wagu nʼagya mpa ho fi.”

Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

“Nnome nka obiara a ɔne aboa bɛda.”

Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

“Nnome nka obiara a ɔne ne nuabea bɛda, sɛ ɔyɛ nʼagya babea anaa ne na babea.”

Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

“Nnome nka obiara a ɔne nʼasebea bɛda.”

Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

“Nnome nka obiara a obekum ɔfoforo wɔ kokoa mu.”

Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

“Nnome nka obiara a ogye apaade, kum onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara.”

Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

“Nnome nka obiara a wanni mmara nsɛm yi so na wannye anto mu.”

Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

Read More of 5 Mose 27

5 Mose 28:1-14

Osetie Mu Nhyira

Na sɛ mutie Awurade, mo Nyankopɔn no, na mudi mmara a mede rema mo nnɛ yi so a, Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpagyaw mo wɔ aman a wɔwɔ wiase nyinaa no so. Sɛ mutie Awurade, mo Nyankopɔn no, a mubenya saa nhyira yi nyinaa:

Wobehyira mo wɔ mo nkurow ne mo man mu.

Wobehyira mo yafunu mu aba, ne mo nsase so nnɔbae, ne mo nyɛmmoa, nantwimma ne nguamma.

Wɔde nnuaba nkɛntɛn amaama, ne mmɔre korow a brodo no ahyɛ ma behyira mo.

Wobehyira mo fieba mu ne mo adifi mu.

Sɛ atamfo tow hyɛ mo so a, Awurade bedi wɔn so. Wobefi baabi atow ahyɛ mo so na wɔafa akwan ason so ahwete, afi mo anim.

Biribiara a mobɛyɛ no, Awurade behyira so na obehyira mo asan. Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo wɔ asase a ɔde rema mo no so.

Sɛ mudi Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyɛde so na moyɛ osetie ma no a, Awurade begyina mo sɛ ne nnipa kronkron sɛnea ɔhyɛɛ mo bɔ sɛ ɔbɛyɛ no. Afei, asase so nnipa nyinaa behu sɛ, moyɛ nnipa a Awurade de ne din afrɛ mo na wobesuro mo. Awurade bɛma mo yiyedi a ɛboro so–mo yafunu mu aba, nyɛmmoa mma ne mo asase so nnɔbae—wɔ asase a ɔhyɛɛ mo agyanom bɔ sɛ ɔde bɛma mo no so.

Awurade fi nʼahonya dodow a ɛwɔ soro no mu bɛma osu atɔ wɔ ne bere mu, nam so ahyira mo nnwuma a moyɛ so. Mobɛfɛm aman pii, nanso mo de, moremfɛm hwee mfi wɔn nkyɛn. Sɛ mutie saa Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyɛde a mede rema mo nnɛ yi na mudi so pɛpɛɛpɛ a, Awurade bɛyɛ mo eti na ɛnyɛ bodua, na moakorɔn daa. Ɛnsɛ sɛ moman fa benkum anaa nifa fi ahyɛde a mede rema mo nnɛ yi biara ho sɛ morekodi anyame foforo akyi asom wɔn.

Read More of 5 Mose 28