5 Mose 2:24-37, 5 Mose 3:1-29, 5 Mose 4:1-14 AKCB

5 Mose 2:24-37

Hesbonhene Sihon So Nkonimdi

“Sɔre kotwa Arnon Subon. Mede Hesbonhene Sihon a ɔyɛ Amorini no ne man ahyɛ wo nsa. Kɔtow hyɛ ne so, na monko, na fa. Efi nnɛ yi ara, mede mo ho suro ne hu bɛhyɛ aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa mu. Wɔbɛte mo ho nsɛm na wɔn ho bɛpopo na mo nti, wɔanya adwenemhaw esiane mo nti.”

Mituu abɔfo fii Kedemot sare so kɔɔ Hesbonhene Sihon nkyɛn asomdwoe so kɔka kyerɛɛ no se, “Ma yentwa mu mfa wo man mu ha. Yɛbɛfa ɔtempɔn no so tee; yɛremman mfa benkum anaa nifa. Tɔn aduan ma yenni na tɔn nsu nso ma yɛnnom. Nea yɛrehwehwɛ ara ne ɔkwan a wobɛma yɛn ama yɛanantew atwa mu, sɛnea Esau asefo a na wɔte Seir ne Moabfo a na wɔte Ar yɛɛ yɛn no akosi sɛ yebetwa Yordan akɔ asase a Awurade, yɛn Nyankopɔn, de rema yɛn no so.” Nanso Hesbonhene Sihon amma yɛantwa mu wɔ hɔ. Efisɛ na Awurade, mo Nyankopɔn, ayɛ ne honhom sisirii, apirim ne koma sɛnea ɔnam so de no bɛhyɛ mo nsam, sɛnea wayɛ no nnɛ yi.

Awurade ka kyerɛɛ me se, “Hwɛ, mafi ase de Sihon ne ne man ahyɛ wo nsam. Afei, fi ase na di wɔn so, na fa nʼasase no.”

Bere a Sihon ne ne dɔm behyiaa yɛn sɛ wɔne yɛn rebɛko wɔ Yahas no, Awurade, yɛn Nyankopɔn, yii no maa yɛn ma yɛbobɔɔ ɔno, ne mmabarima ne nʼasraafo nyinaa hwehwee. Na yɛfaa ne nkurow nyinaa saa bere no sɛee ne mmarima, mmea ne mmofra a yɛannyaw obiara. Mmom, nyɛmmoa ne asade ahorow a ɛwɔ nkurow a yedii so no mu no de, yɛsoa kɔe. Efi Aroer a ɛda Arnon Subon ano ne kurow a ɛda subon no mu no, ne mpo, de kosi Gilead no, kurow biara nni hɔ a na ɛsodi yɛ den ma yɛn; Awurade, yɛn Nyankopɔn de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa. Nanso, yɛankɔ Amorifo asase ne asase a ɛda Asubɔnten Yabok ho ne mmepɔw no so nkurow no baabiara a Awurade yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn sɛ yɛnnkɔ so no so.

Read More of 5 Mose 2

5 Mose 3:1-29

Basanhene Og So Nkonimdi

Afei, yɛde yɛn ani kyerɛɛ Basan kwan so. Basanhene Og ne nʼasrafo nyinaa fi behyiaa yɛn wɔ Edrei ne yɛn koe. Nanso Awurade ka kyerɛɛ me se, “Nsuro no, efisɛ mede ɔno ne nʼakofo ne nʼasase nyinaa ahyɛ wo nsa. Sɛnea woyɛɛ Amorihene Sihon a odii ade wɔ Hesbon dii no, yɛ no saa ara.”

Enti Awurade, yɛn Nyankopɔn, san de Basanhene Og ne nʼakofo nyinaa hyɛɛ yɛn nsa. Yɛbɔɔ wɔn gui a anka wɔn mu baako koraa. Saa bere no, yɛfaa ne nkuropɔn nyinaa. Nkuropɔn aduosia no mu baako koraa nni hɔ a yɛannye amfi wɔn nsam. Argob mantam a ɛyɛ Og ahemman wɔ Basan nyinaa. Na wɔato afasu atenten afa saa nkuropɔn yi nyinaa ho de nnade apon atoto ano. Saa bere koro no ara mu, yɛfaa nkuraa a na wɔntoo afasu mfaa ho no bebree. Yɛsɛee Basan kuropɔn no pasaa sɛnea yɛsɛee Hesbonhene Sihon no. Yɛsɛee nkurow no ne mu mmarima, mmea ne mmofra nyinaa pasapasa. Nanso nkuropɔn no mu nyɛmmoa ne asade ahorow no de, yɛsoa kɔe.

Saa bere no, yɛfaa Amorifo ahemfo baanu no nsase a na ɛdeda Asubɔnten Yordan apuei fam no nyinaa; nsase a efi Arnon subon mu de kosi bepɔw Hermon so nyinaa. Sidonfo frɛ no Hermon Sirion na Amorifo frɛ no Senir. Yɛfaa nkuropɔn a ɛwɔ bepɔw no atifi no nyinaa so a Gilead ne Basan ka ho de kosi nkurow a ɛwɔ Saleka ne Edrei a na ɛyɛ Og ahemman wɔ Basan no nso ka ho bi. Abran no de, Basanhene Og nko na na waka. Ne dade mpa tenten boro anammɔn dumiɛnsa na ne trɛw yɛ anammɔn asia. Ɛda so wɔ Amonfo kuropɔn Raba mu mprempren ara.

Nsase No Mu Kyekyɛ Wɔ Yordan Apuei Fam

Nsase a yɛfaa no saa bere no, mede ne fa a ɛda fi Aroer Arnon subon mu ne ɔman a ɛda Gilead bepɔw no fa ne ne nkurow no maa Rubenfo ne Gadfo. Afei, mede asase no nkae a ɛyɛ Gilead ne Basan nyinaa a na anka ɛyɛ Og ahemman no maa Manase abusua fa no. Na wɔfrɛ Argob mantam a ɛwɔ Basan no nyinaa se Abran asase. Manase aseni bi a wɔfrɛ no Yair faa Argob mantam no nyinaa de kosii Gesurfo ne Maakatfo hye so. Ɔde ne din too asase no frɛɛ hɔ Hawot-Yair de besi nnɛ. Mede Gilead maa Makir, Rubenfo ne Gadfo no, memaa wɔn asase bi a efi Gilead fa bi, kosi Arnon subon ho, de kosii Asubɔnten Yabok a ɛyɛ Amonfo hye no so. Atɔe hye no fi Asubɔnten Yordan a ɛda Araba a efi Kineret kosi Araba Po (a ɛne Nkyene Po no) wɔ Pisga bepɔw no ase.

Na mehyɛɛ mo saa bere no se, “Awurade, mo Nyankopɔn, de asase yi ama mo sɛ momfa. Nanso mo mmarima akofo nyinaa nhyɛ akode nni mo nuanom Israelfo no anim ntwa Yordan. Mo yerenom, mo mma ne mo nyɛmmoa bebrebe a minim sɛ mowɔ no de, mubetumi agyaw wɔ nkurow a mede ama mo no so. Awurade bɔ Israelfo a wɔaka no ho ban na wɔtena asase a Awurade de rema wɔn wɔ Asubɔnten Yordan agya no so a, ansa na mo mu biara betumi asan akɔ asase a mede ama mo no so.”

Wɔamma Mose Antwa Yordan

Saa bere no, meka kyerɛɛ Yosua se, “Wode wʼani ahu nea Awurade, wo Nyankopɔn, ayɛ saa ahemfo baanu yi nyinaa. Saa ara na ɔbɛyɛ ahemman a ɛwɔ faako a morekɔ no nso. Nsuro wɔn, na Awurade, wo Nyankopɔn, bɛko ama wo.”

Saa bere no, mesrɛɛ Awurade se, “Otumfo Awurade, woafi ase reda wo kɛseyɛ ne wo nsa a ɛyɛ den no adi akyerɛ wʼakoa. Na onyame bɛn na ɔwɔ ɔsoro anaa asase so a obetumi ayɛ mmaninne te sɛ wo? Mesrɛ wo, ma mintwa Yordan nkɔhwɛ asase pa a ɛda hɔ no, Lebanon mmepɔw asase fɛfɛ no.”

Nanso esiane mo nti, Awurade bo fuw me. Na wantie me. Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Nka saa asɛm yi ho hwee bio nkyerɛ me. Foro kɔ Pisga na hwɛ atɔe, atifi, anafo ne apuei. Esiane sɛ, worentwa Yordan no nti, wʼankasa fa wʼani hwɛ asase no. Nanso soma Yosua, hyɛ no nkuran na hyɛ no den, efisɛ ɔno na obedi saa nnipa yi anim atwa na wama wɔadi asase a wʼani tua yi.” Ɛno nti, yɛtenaa subon a ɛbɛn Bet-Peor no mu.

Read More of 5 Mose 3

5 Mose 4:1-14

Osetie Ho Afotu

Afei, Israel, muntie mmara ne nhyehyɛe a merebɛkyerɛkyerɛ mo yi. Munni so na moanya nkwa, na moatumi akɔ asase a Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, de rema mo no so akɔtena hɔ. Mommfa bi nka ho, na munnyi biribiara nso mmfi ahyɛde a Awurade, mo Nyankopɔn, de ama me se memfa mma mo no mu, na mmom munni so.

Mode mo ani huu nea Awurade yɛɛ mo wɔ Baal-Peor no. Ɔsɛee onipa biara a na ɔsom Baal-Peor no. Nanso wɔn a na wodi Awurade mo Nyankopɔn nokware nyinaa da so te ase besi nnɛ.

Sɛ mudu asase a mobɛtena so no so a, eyinom ne mmara ne ahyɛde a makyerɛkyerɛ mo a ɛsɛ sɛ mudi so. Efi Awurade, yɛn Nyankopɔn, nkyɛn. Ɔde ama me se memfa mma mo. Sɛ mudi so a, ɛbɛda mo nyansa ne ntease a mowɔ no adi akyerɛ aman a wɔbɛte saa ahyɛde yi nyinaa no na wɔaka se, “Ampa, nnipa yi yɛ ɔman kɛse a wonim nyansa na wɔwɔ ntease.” Ɔman kɛse bɛn na ɔwɔ onyame a ɔbɛn wɔn pɛɛ te sɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn, a yɛfrɛ no a ogye yɛn so yi? Na ɔman kɛse bɛn na ɛwɔ trenee ahyɛde ne mmara sɛ saa mmara yi a mede rema mo nnɛ yi?

Monhwɛ yiye, na mo ani nna hɔ yiye pa ara na nna dodow a mote nkwa mu no, mo werɛ amfi nea moahu, anaa ampa amfi mo koma mu. Monkyerɛkyerɛ mo mma na awo ntoatoaso a ɛbɛba no nhu. Ka kyerɛ wɔn, ne titiriw no, da a mokogyinaa Awurade, mo Nyankopɔn, anim wɔ bepɔw Horeb so a ɔka kyerɛɛ me se, “Frɛ nnipa no wɔ mʼanim na wontie me nsɛm na wɔasua sɛnea wobedi me ni bere dodow a wɔte asase no so na ama wɔatumi akyerɛkyerɛ wɔn mma.” Mubegyina bɛnee bepɔw no ase bere a na bepɔw no rehyew na ogyaframa no retu kɔ ɔsoro a omununkum ne esum kabii aduru no. Na Awurade kasa fii ogya no mu kyerɛɛ mo. Motee nsɛm no nanso, moanhu no, nne kɛkɛ na ɛbae. Ɔdaa nʼapam a ɔkyerɛɛ mo sɛ munni so no adi; Mmaransɛm du a ɔkyerɛw guu abo pon abien so no. Saa bere no na Awurade kyerɛɛ me sɛ menkyerɛkyerɛ mo ahyɛde ne mmara a ɛsɛ sɛ mudi so wɔ asase a morebetwa Yordan akɔfa no so.

Read More of 5 Mose 4