Daniel 8:15-27, Daniel 9:1-19 AKCB

Daniel 8:15-27

Anisoadehu No Nkyerɛase

Bere a me Daniel, merehwɛ anisoadehu na mepɛɛ sɛ mete ase no, obi a ɔte sɛ ɔbarima begyinaa mʼanim. Na metee onipa nne a ɛrefrɛ fi Ulai mu se, “Gabriel, kyerɛ saa ɔbarima yi anisoadehu no ase.”

Ɔrebɛn faako a na migyina no, misuroe, na mede mʼanim butuw fam. Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, te ase sɛ anisoadehu no fa awieibere no ho.”

Bere a ɔrekasa akyerɛ me no, medaa nnahɔɔ a mʼanim butuw fam. Na osoo me mu de me gyinaa mʼanan so.

Ɔkae se, “Merebɛka nea ebesi akyiri no wɔ abufuwbere mu akyerɛ wo, efisɛ anisoadehu no fa awiei bere a wɔahyɛ no ho. Odwennini a ɔwɔ mmɛn abien no gyina hɔ ma Media ne Persia ahemfo no. Ɔpapo niɔdenfo no yɛ Helahene, na abɛn kɛse a etua nʼani ntam no yɛ ɔhene a odi kan no. Mmɛn anan a ebesisii mmɛn a ebubuu no anan mu no gyina hɔ ma ahenni anan a ɛbɛsɔre afi ne man no mu, nanso wɔn tumidi renyɛ pɛ.

“Wɔn adedi no rekɔ awiei no, bere a atuatewfo no ayɛ atirimɔden mmoroso no, ɔhene a ɔyɛ den, na odi akɔntɔnkyesɛm bɛsɔre. Ɔbɛyɛ den yiye a emfi nʼankasa tumi mu. Ɔbɛsɛe ade ama nnipa ho adwiriw wɔn, na obedi nkonim wɔ biribiara a ɔbɛyɛ mu. Ɔbɛsɛe ahoɔdenfo ne akronkronfo. Ɔbɛma nnaadaa agye ntin, na ɔbɛyɛ ahomaso. Ɔbɛsɛe bebree a ɔmmɔ nkae, na ɔbɛsɔre atia ahenemma mu Ɔheneba no, nanso wɔbɛsɛe no a emfi onipa ahoɔden mu.

“Anwummere ne anɔpa anisoadehu a wɔde ama wo no yɛ nokware, nanso, so ano, efisɛ ɛfa daakye bi a ennya mmae ho.”

Me, Daniel, meyɛɛ mmerɛw, na meyaree nna kakra. Akyiri no, mesɔre kɔyɛɛ ɔhene adwuma. Anisoadehu no yɛɛ me ahodwiriw; na ɛboroo ntease so.

Read More of Daniel 8

Daniel 9:1-19

Daniel Mpaebɔ

Ahasweros babarima Dario (a nʼase fi Media) a wɔyɛɛ no ɔhene wɔ Babilonia ahenni so no, afe a edi kan no, me, Daniel, metee ase fii kyerɛwsɛm mu sɛnea Awurade de maa Odiyifo Yeremia se, Yerusalem bɛda mpan mfirihyia aduɔson. Ɛno nti, mifuraa atweaatam de nsõ yɛɛ me ho dii mmuada. Afei mede nkotosrɛ kɔɔ Awurade Nyankopɔn anim kɔbɔɔ mpae srɛe. Mebɔɔ Awurade me Nyankopɔn mpae, na mepaee mu kae se:

Awurade, wo a wo so na woyɛ Onyankopɔn nwonwani! Wo a wudi ɔdɔ apam so—ɔdɔ apam a woayɛ ama wɔn a wɔdɔ wo na wodi wo mmara so. Yɛayɛ bɔne, na yɛayɛ mfomso. Yɛabɔ atirimɔden na yɛatew atua; yɛakwati wo mmara ne wʼahyɛde. Yɛantie wʼasomfo adiyifo a wɔkasaa wɔ wo din mu kyerɛɛ yɛn ahemfo ne ahenemma ne agyanom ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa.

Awurade, woyɛ ɔtreneeni, nanso nnɛ de, yɛn anim agu ase, Yudafo ne Yerusalemfo ne Israelfo nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a wɔabɔ apansam. Esiane yɛn amumɔyɛ nti, yɛn anim agu ase. Awurade, aniwu aka yɛn ne yɛn ahemfo, ahenemma ne yɛn agyanom, efisɛ yɛayɛ bɔne atia wo. Ɛwɔ mu sɛ, yɛatew Awurade yɛn Nyankopɔn anim atua, nanso ɔyɛ ahummɔbɔ na ɔde bɔne kyɛ. Yɛanyɛ osetie amma Awurade yɛn Nyankopɔn, na yɛanni ne mmara a ɔnam nʼasomfo adiyifo so de maa yɛn no so. Israel nyinaa abu wo mmara so, na wɔafi ho a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ osetie ma wo.

“Enti nnome ne atemmu a wɔaka ntam akyerɛw wɔ Onyankopɔn somfo Mose Mmara mu no, wɔahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ bɔne atia wo nti. Ɔhaw kɛse a wobɔɔ ho kɔkɔ sɛ wobɛyɛ atia yɛn ne yɛn ahemfo no, woayɛ. Ɔsoro ase nyinaa, biribiara nsii sɛnea asi wɔ Yerusalem no bi da. Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose mmara mu no, saa amanehunu yi nyinaa aba yɛn so, nanso yɛnhwehwɛɛ Awurade yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunu, sɛ yebefi yɛn bɔne ho na yɛapɛ nokware akyi kwan. Awurade antwentwɛn sɛ ɔde amanehunu no bɛba yɛn so, efisɛ Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ pɛ wɔ biribiara a ɔyɛ mu, nanso yɛanyɛ osetie amma no.

Awurade yɛn Nyankopɔn, wo a wode nsa a ɛyɛ den yii wo nkurɔfo fii Misraim, de gyee din a atena hɔ abesi nnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛayɛ mfomso. Awurade, sɛnea wo trenee nneyɛe nyinaa te no nti, yi wʼabufuw ne wʼanibere fi wo kuropɔn Yerusalem ne wo bepɔw kronkron no so. Esiane yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumɔyɛ nti, nnipa a wɔatwa Yerusalem ho ahyia no nyinaa di Yerusalem ne wo nkurɔfo ho fɛw.

“Na afei yɛn Nyankopɔn, tie wʼakoa mpaebɔ, ne ne nkotosrɛ. Wo nti, Awurade, tew wʼanim bio kyerɛ wo kronkronbea hɔ a agyigya no. Yɛ aso, me Nyankopɔn na tie; bue wʼani, na hwɛ kuropɔn a wo Din da so a agyigya no. Ɛnyɛ yɛn trenee nti na yɛde yɛn nkotosrɛ aba wʼanim, na mmom ɛyɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe no nti. Awurade, tie! Awurade, fa kyɛ! Awurade, tie na yɛ! Wo nti, me Nyankopɔn, ntwentwɛn wʼanan ase, efisɛ wo Din da wo kuropɔn ne wo nkurɔfo so.”

Read More of Daniel 9