Daniel 7:1-28, Daniel 8:1-14 AKCB

Daniel 7:1-28

Mmoa Anan Ho Daeso

Ɔhene Belsasar adedi afe a edi kan wɔ Babilonia mu no, Daniel soo dae, nyaa anisoadehu ahorow, bere a ɔda ne mpa so no. Ɔkyerɛw dae no mu nsɛm titiriw too hɔ.

Daniel kae se, “Mʼanisoadehu no mu saa anadwo no, mihuu ɔsoro mframa anan a ɛrebobɔw fa po kɛse no so. Afei mmoa akɛse anan bi pue fii po no mu a ɛsono wɔn mu biara bɔbea.

“Na aboa a odi kan no te sɛ gyata a ɔwɔ ɔkɔre ntaban. Mehwɛɛ no ara kosii sɛ wotutuu ne ntaban no, na wɔpagyaw no ma ogyinaa ne nan abien so te sɛ onipa. Na wɔmaa no onipa adwene.

“Afei mihuu aboa a ɔto so abien a na ɔte sɛ sisi. Na ɔda ne nkyɛn mu a na mfe mparow abiɛsa hyɛ ne se ntam wɔ nʼanom. Na wɔka kyerɛɛ no se, ‘Sɔre na we nam a wubetumi!’

“Eyi akyi no, mihuu aboa foforo a ɔte sɛ ɔsebɔ. Na ɔwɔ ntaban anan a ɛte sɛ nnomaa ntaban a etuatua nʼakyi. Saa aboa yi wɔ ti anan, na wɔmaa no tumi kɛse.

“Eyi akyi no, mʼanisoadehu anadwo no, mihuu aboa a ɔto so anan a ne ho yɛ hu yiye, na ne ho yɛ den nso. Ɔwɔ se akɛse a ɛyɛ dade na ɔde bubu mmoa a ɔkyere wɔn no na wawe, na afei ɔde ne nʼanan tiatia nkae no so. Ɔda nsow koraa wɔ mmoa nkae no mu. Na ɔwɔ mmɛn du.

“Bere a migu so redwene mmɛn no ho no, abɛn ketewa foforo bi puee wɔ mmɛn dedaw no ntam, na etutuu mmɛn dedaw no mu abiɛsa. Na saa abɛn ketewa no wɔ aniwa te sɛ onipa, na ɔwɔ ano a ɛkasa ahantan so.

“Migu so rehwɛ no,

“mihui sɛ, wɔde nhengua besisii hɔ,

na Nea ɔwɔ hɔ fi Tete no bɛtenaa ase.

Na nʼatade yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma;

na ne tinwi hoa sɛ oguan nwi.

Nʼahengua dɛw sɛ ogyatannaa

na nʼahengua nhankare nso dɛwee framfram.

Na ogya a ɛte sɛ asubɔnten

sen fii nʼanim bae.

Abɔfo mpempem kotow no,

na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim.

Baguafo no tenaa ase,

na wofii ase buebuee nhoma mu.

“Na mekɔɔ so hwɛe, efisɛ na abɛn ketewa no de ahantan rekasa. Mehwɛɛ ara kosii sɛ wokum aboa no, na wɔtow no kyenee ogyatannaa a ɛredɛw framfram no mu. Mmoa a aka no nso, wogyee wɔn tumi fii wɔn nsam, ma wɔtenaa ase kyɛe kakra.

“Anadwo a minyaa mʼanisoadehu no, mehwɛ huu obi te sɛ onipa ba no a ɔnam ɔsoro omununkum mu reba. Ɔbɛn Nea ɔwɔ hɔ fi Tete no, wodii nʼanim kɔɔ ne nkyɛn. Wɔmaa no tumi, anuonyam ne adehyetumi; na aman ne kasa ahorow nyinaa som no. Nʼahenni yɛ daa ahenni a to rentwa da. Nʼaheman yɛ nea wɔrensɛe no da.”

Wɔkyerɛ Dae No Ase

“Me, Daniel, nea mihuu no nyinaa haw me wɔ honhom mu, na mʼanisoadehu no bɔɔ me hu. Enti, mekɔɔ wɔn a wogyinagyina hɔ no mu baako hɔ, kobisaa no saa nneɛma no nyinaa ase.

“Ɔkyerɛɛ me ase se: ‘Saa mmoa akɛse anan yi gyina hɔ ma ahemman anan a wɔbɛsɔre wɔ asase so. Nanso Ɔsorosoroni no ahotefo no begye ahemman no na wɔafa no afebɔɔ.’

“Afei mepɛɛ sɛ mihu aboa a ɔto so anan no a na ɔda nsow wɔ nkae no mu no nkyerɛase. Na ne ho yɛ hu yiye, na ɔde ne se a ɛyɛ dade ne nʼawerɛw a ɛyɛ kɔbere no tetew mmoa a ɔkyere wɔn no we no, na afei ɔde ne nan tiatia nkae no so. Afei mepɛɛ sɛ mete mmɛn du a na etuatua ne ti ho ne nea epuee akyi no ase. Ɛbɛsɛee nea na ɛwɔ hɔ dedaw no mu abiɛsa, na eyi yɛ abɛn a edi mu kyɛn nkae no a na ɛwɔ onipa aniwa ne ano a ɛkasa ahantan so no. Mehwɛɛ no, na saa abɛn yi atu atreneefo no so sa redi wɔn so nkonim, kosii sɛ, Nea ɔwɔ hɔ fi Tete no ba bebuu atɛn, maa Ɔsorosoroni ahotefo no dii bem. Afei bere duu sɛ wɔfa ahemman no.

“Afei ɔkyerɛɛ me ase se, ‘Saa aboa a ɔto so anan yi yɛ ahemman a ɛto so anan a ɛbɛba asase so. Ɛbɛda nsow wɔ ahemman a aka no nyinaa mu. Ɛbɛmene asase nyinaa, na atiatia so abubu no asinasin. Ne mmɛn du no yɛ ahemfo du a wobefi saa ahemman no mu. Afei ɔhene foforo bɛsɔre a ɔda nsow wɔ du a aka no mu a ɔbɛbrɛ ahemfo no mu baasa ase. Ɔbɛkasa atia Ɔsorosoroni no, na wahyɛ ahotefo no so. Ɔbɛbɔ mmɔden sɛ, ɔbɛsesa wɔn afahyɛ kronkron ahorow ne wɔn mmara no, na wɔde wɔn ahyɛ nʼase akosi mmere bi.

“ ‘Nanso baguafo bɛtena ase, na wɔagye ne tumi nyinaa, na wɔasɛe no korakora. Afei wɔde ahenni ne tumi ne kɛseyɛ a ɛwɔ nheman a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa bɛma ahotefo, Ɔsorosoroni no nkurɔfo. Na nʼaheman bɛtena hɔ daa, na ahemfo nyinaa bɛsɔre no na wɔayɛ osetie ama no.’

“Asɛm no awiei ni. Me, Daniel, mʼadwennwene yi haw me yiye na mʼanim sesae, na mede saa nsɛm yi siee me koma mu.”

Read More of Daniel 7

Daniel 8:1-14

Odwennini Ne Ɔpapo Ho Anisoadehu

Ɔhene Belsasar adedi mfe abiɛsa so, me, Daniel, minyaa anisoadehu foforo bi a na edi nea ada ne ho adi akyerɛ me dedaw no akyi. Mʼanisoadehu mu no, mihuu sɛ na mewɔ Susa abanwa a ɛwɔ Elam mantam no mu; na mʼanisoadehu mu no, na mewɔ Asuka Ulai ho. Memaa mʼani so no, mihuu Odwennini a ɔwɔ mmɛn atenten abien na ogyina suka no ho wɔ mʼanim. Na ne mmɛn no woware. Na ne mmɛn no baako ware sen baako, nanso nea ɛware no, akyiri no, enyinii. Mehwɛɛ Odwennini no sɛ ɔrepempem kɔ atɔe, atifi ne anafo fam. Na aboa biara ntumi nnyina nʼanim, na obiara nni hɔ a obetumi agye obi foforo afi ne nsam. Ɔyɛɛ nea ɔpɛ, na ɔyɛɛ ɔkɛse.

Bere a migu so redwen eyi ho no, prɛko pɛ, ɔpapo bi a ɔwɔ abɛn kɛse bi a etua nʼani abien no ntam pue fii atɔe fam, twaa mu faa asase no nyinaa so a ne nan mpo nka fam. Ɔde nʼani kyerɛɛ Odwennini a ɔwɔ mmɛn abien no a mihuu sɛ na ogyina suka no ho no. Na ɔde ahoɔden tuu mmirika kɔɔ ne so. Ɔpapo no sii ntɔkɔnan a emu yɛ den, na ɔpem Odwennini no bubuu ne mmɛn abien no. Odwennini no yɛɛ mmerɛw na wantumi annyina ɔpapo no anim; enti ɔpapo no pem no hwee fam, tiatiaa no so, na obiara antumi annye no amfi ne nsam. Ɔpapo no bɛyɛɛ oniɔdenfo kɛse. Nanso, nʼaniɔden no duu ne mpɔmpɔnso no, nʼabɛn kɛse no bui, na nʼanan mu no, mmɛn akɛse anan fifii a ɛkyerɛkyerɛ ɔsoro mframa anan no so.

Abɛn foforo bi puee wɔ mmɛn akɛse no mu baako ho. Efii ase kakraa bi, na ne tumi yɛɛ kɛse kɔɔ anafo ne apuei fam, de kɔɔ Asase Fɛɛfɛ no so. Enyinii ara kɔkaa ɔsoro asafo, na ɔtotow asafo no mu bi a wɔyɛ nsoromma guguu fam, tiatiaa wɔn so. Na ɔmaa ne ho so bɛyɛɛ ne ho ɔkɛse sɛ ɔsoro asafo no Sahene. Ogyee daa daa afɔre fii ne nsam, na ɔsɛee ne kronkron tenabea hɔ. Esiane atuatew no nti, wɔde ahotefo asafo no ne wɔn daa daa afɔre maa no. Na wɔtow nokware kyenee.

Afei metee ɔkronkronni bi sɛ ɔrekasa, na ɔkronkronni foforo bisaa no se, “Bere bɛn na anisoadehu yi bɛba mu—nea ɛfa daa daa afɔre, atuatew a ɛde ɔsɛe ba, kronkron tenabea a wobegyaa mu ama, ne Awurade asafo a wobetiatia wɔn so no?”

Obuaa no se, “Ebedi anwummere ne anɔpa ahorow 2,300, ansa na wɔasan atew kronkron tenabea no ho.”

Read More of Daniel 8