Daniel 4:19-37, Daniel 5:1-16 AKCB

Daniel 4:19-37

Daniel Kyerɛ Dae No Ase

Daniel (a wɔsan frɛ no Beltesasar no) tee dae no, ɔyɛɛ basaa kakra; ne ho dwiriw no na nʼadwene mu haw no. Nti, ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Beltesasar, mma dae no ne ne nkyerɛase mmɔ wo hu.”

Beltesasar buae se, “Eyi de, Nana, anka dae no ne ne nkyerɛase no ɛmpare wo na ɛnkɔ wʼatamfo so! Nana, wuhuu dua bi a enyin yɛɛ dutan kɛse a ne tenten koduu soro, na wuhu no asase nyinaa so. Na ne nhaban yɛ frɔmfrɔm fɛfɛɛfɛ a asow aba bebree, na so wɔ aduan ma obiara. Na wuram mmoa te ne nwini ase, na wim nnomaa nso yɛ wɔn berebuw wɔ ne mman mu. Nana, mesrɛ ka, saa dua no yɛ wo. Efisɛ, woanya nkɔso, ahoɔden ne kɛseyɛ mu. Wo kɛseyɛ no kodu ɔsoro, na wʼadedi no kɔ akyirikyiri kodu asase ano.

“Afei, Nana, wuhuu ɔbɔfo kronkron a ofi ɔsoro reba fam, na ɔreka se, ‘Twa dua no to fam na sɛe no. Nanso, gyaw dunsin no ne ne ntin a dade ne kɔbere akyekyere, na sare atwa ho ahyia no. Afei ma ɔsoro bosu mfɔw no fɔkyee, na ma ɔne mmoa ntena wɔ wuram. Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ sɛ aboa de. Na mfe ason ntwa ne ti so.’

“Dae no nkyerɛase ni, Nana, atɛn a Ɔsorosoroni no abu atia wo no ni. Wɔbɛpam wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa bɛtena wuram. Wobɛwe sare te sɛ nantwi, na ɔsoro bosu afɔw wo fɔkyee. Mfe ason betwa wo ti so akosi sɛ, wubehu sɛ, Ɔsorosoroni no na odi wiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ. Hyɛ a wɔhyɛ ma wogyaw dunsin no ne ne ntin no wɔ asase mu no kyerɛ sɛ, sɛ wuhu sɛ ɔsoro na edi tumi no a, wo nsa bɛsan aka wʼahenni. Ne saa nti, Nana Nebukadnessar, mesrɛ wo, tie mʼafotu. Gyae bɔneyɛ, na yɛ nea ɛteɛ. Gyae wʼatirimɔdensɛm na yɛ ahummɔbɔ ma ahiafo, na twe wo ho fi wo tete amumɔyɛ no ho. Ebia, woyɛ saa a, wobɛkɔ so adi yiye.”

Na saa nneɛma yi nyinaa baa Ɔhene Nebukadnessar so. Asram dumien akyi a na ɔretu mpase wɔ ahemfi no abansoro atifi wɔ Babilonia no, ɔtoo nʼani, hwɛɛ kurow no mu, na ɔkae se, “Ɛnyɛ Babilonia kurow kɛse a mede me tumi akyekyere ayɛ no ɔhempɔn atenae de ahyɛ mʼahenni anuonyam ni ana?”

Bere a ogu so reka saa nsɛm no, nne bi fi ɔsoro bae se, “Wo, Ɔhene Nebukadnessar, nea wɔahyɛ ato hɔ ama wo ni: Wɔagye wʼahenni tumi no afi wo nsam. Wɔbɛpam wo afi nnipa mu. Wo ne wuram mmoa bɛtena wuram. Na wobɛwe sare te sɛ nantwi. Mfe ason betwa wo ti so kosi sɛ wubehu sɛ, Ɔsorosoroni no di wiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.”

Amono mu hɔ ara nkɔmhyɛ no baa mu. Wɔpam Nebukadnessar fii nnipa mu. Ɔwee sare te sɛ nantwi, na ɔsoro bosu fɔw no fɔkyee. Ɔtenaa saa tebea no mu kosii sɛ, ne tinwi yɛɛ atenten te sɛ ɔkɔre ntakra, na nʼawerɛw yɛɛ sɛ anomaa awerɛw.

Saa bere yi twaa mu no, me, Nebukadnessar, memaa mʼani so hwɛɛ soro. Mʼani baa me ho so, na mekamfo Ɔsorosoroni no, na metrontrom nea ɔte ase daa no yii no ayɛ se:

Ne tumi yɛ daa tumi,

Na nʼahenni teɛ kɔ awo ntoatoaso nyinaa so.

Asase so nnipa nyinaa,

wommu wɔn hwee.

Ɔde ɔsoro tumi yɛ nea ɔpɛ biara.

Na nnipa a wɔwɔ asase so

mu biara ntumi nsiw no kwan

anaa ommisa no se, “Dɛn na woayɛ yi?”

Bere a mʼani baa me ho so no, bere koro no mu ara na me nidi ne me kɛseyɛ a ɛhyɛ me man no anuonyam no bae. Mʼafotufo ne mʼabirɛmpɔn hwehwɛɛ me, na wɔsan de me sii mʼahenni so bio, na mʼanuonyam bɛyɛɛ kɛse kyɛn kan no. Afei me Nebukadnessar, mekamfo ma no so, hyɛ ɔsorohene anuonyam, de nidi ma no. Ne nneyɛe nyinaa yɛ pɛ, na ɛyɛ nokware, na obetumi abrɛ ahantanfo ase.

Read More of Daniel 4

Daniel 5:1-16

Ɔfasu Ho Nkyerɛw

Mfe bebree akyi no, Ɔhene Belsasar too pon kɛse maa ne mpanyimfo apem, na ɔne wɔn nom nsa. Bere a nsa no ama Belsasar ani agye no, ɔhyɛe sɛ, wɔmfa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuruwa a nʼagya Nebukadnessar tase fii Yerusalem asɔredan mu no mmra, sɛnea ɔne ne mpanyimfo, ne yerenom ne ne mpenanom bɛnom mu nsa. Enti ɔde saa sikakɔkɔɔ nkuruwa a wɔtase fii Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem mu no bae, na ɔhene no ne ne mpanyimfo, ne yerenom ne ne mpenanom nom mu nsa. Wɔrenom nsa no, wɔkamfoo wɔn ahoni a wɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dade, dua ne abo ayɛ no.

Amono mu hɔ no ara, wohui sɛ, onipa nsateaa rekyerɛw ɔhene ahemfi fasu no a ɛbɛn kaneadua no ho. Ɔhene no hwɛɛ nsa a ɛrekyerɛw no, na ehu maa nʼanim danee. Sɛnea ɔbɔɔ hu no maa ne kotodwe keka bobɔɔ mu, na ne nan mu yɛɛ mmrɛw.

Ɔhene no teɛɛ mu frɛɛ se wɔmfa pɛadeahufo, Kaldeafo ne ntafowayifo mmra nʼanim. Ɔka kyerɛɛ saa Babilonia anyansafo yi se, “Obiara a obetumi akenkan nkyerɛw yi, akyerɛ me ase no, wobefura no ɔtamkɔkɔɔ a ɛyɛ adehye abasobɔde, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu. Ɔno na ɔbɛyɛ ɔman sodifo a ɔto so abiɛsa wɔ ahemman yi mu.”

Nanso ɔhene no anyansafo no bae no, wɔn mu biara antumi ankenkan nkyerɛw no, ankyerɛ ase amma ɔhene no. Enti ɛmaa ɔhene no ho yeraw no yiye, na nʼanim sesae. Nʼabirɛmpɔn nso ho yeraw wɔn.

Na bere a Ɔhemmea no tee ɔhene ne ne mpanyimfo nteɛteɛmu no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ apontodan mu hɔ. Ɔka kyerɛɛ Belsasar se, “Nana nkwa so! Nana, nsuro na mma wʼanim nsesa! Ɔbarima bi wɔ wʼahenni mu ha a ɔwɔ anyame kronkron honhom wɔ ne mu. Wʼagya Nebukadnessar adedi mu no, wohuu sɛ, saa ɔbarima yi wɔ ntease nhumu ne nyansa te sɛ anyame no. Wʼagya Nebukadnessar sii no panyin wɔ nkonyaayifo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne ntafowayifo so wɔ Babilonia. Saa ɔbarima Daniel yi a ɔhene too no din Beltesasar yi adwene mu dɔ, na Onyankopɔn ho nimdeɛ ne ntease ahyɛ no ma. Otumi kyerɛ dae ne kasanyansa ase, na nsɛm a ɛkyere adwene no, ɔsan mu. Momfrɛ Daniel na ɔbɛkyerɛ mo nkyerɛw no ase.”

Enti wɔkɔfaa Daniel baa ɔhene anim. Ɔhene no bisaa no se, “Wone Daniel no a mʼagya Nebukadnessar faa wo nnommum de wo fii Yuda bae no? Mate wo nka sɛ, wowɔ anyame honhom wɔ wo mu, na ntease, nhumu ne nyansa ahyɛ wo ma. Wɔde anyansafo ne pɛadeahufo baa mʼanim sɛ wɔbɛkenkan nkyerɛw a egu ɔfasu yi ho yi na wɔnkyerɛ me ase, nanso wɔantumi. Na mate wo nka sɛ wutumi kyerɛ nsɛm ase; na wosan nsɛm a ɛkyere adwene mu. Na sɛ wutumi kenkan nkyerɛw a ɛwɔ ɔfasu yi ho na wokyerɛ me ase a, wobefura wo ɔtamkɔkɔɔ a ɛyɛ adehye abasobɔde, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban begu wo kɔn mu. Na wobɛyɛ ɔman sodifo a ɔto so abiɛsa wɔ ahemman yi mu.”

Read More of Daniel 5