Daniel 11:2-35 AKCB

Daniel 11:2-35

Anafo Fam Ne Atifi Fam Ahemfo

“Na afei, mɛka mu nokware akyerɛ wo: ahemfo baasa bɛsɔre wɔ Persia, wɔn akyi no, nea ɔto so anan a obenya ne ho akyɛn nkae no bɛsɔre. Ɔde nʼahonya mu ahoɔden behwanyan obiara atia Hela ahenni. Afei ɔhene kɛse bi bɛsɔre wɔ tumi mu a ɔbɛyɛ nea ɔpɛ. Ne ba no akyi, wɔbɛkyekyɛ nʼaheman no mu anan. Ɛrenkɔ nʼasefo nkyɛn, na ɔrennya tumi a na ɔwɔ no, efisɛ wobetutu nʼaheman no ase de ama afoforo.

“Ɔhene a ɔwɔ anafo fam no bɛyɛ den, nanso nʼasafohene no mu baako bɛyɛ den asen no na ɔde tumi a ɛyɛ den bedi ahemman no so. Mfe bi akyi no, wɔbɛyɛ ayɔnko. Ɔhene a ɔwɔ anafo fam no babea bɛkɔ ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nkyɛn akɔyɛ nnamfofa apam; nanso ɔbabea no renkura ne tumi mu bio, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam ne ne tumi nso rennyina. Saa mmere no mu no, wobeyi ɔhene babea, adehye a wɔka ne ho, nʼagya ne nea ogyinaa nʼakyi nyinaa no ama.

“Obi a ofi anafo fam babea abusua mu bɛsɔre asi nʼanan mu. Na ɔde dɔm bɛba abɛhyɛn ɔhene a ɔwɔ atifi fam aban no mu na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so nkonim. Ɔbɛfa wɔn anyame, ahoni a wɔde dade ayɛ ne wɔn ademude a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ akɔ Misraim. Na mfe bi mu no, ɔbɛtwe ne ho afi ɔhene a ɔwɔ atifi fam no ho. Afei ɔhene a ɔwɔ atifi fam no bɛtow ahyɛ ɔhene a ɔwɔ anafo fam no so, nanso ɔbɛsan nʼakyi akɔ nʼankasa asase so. Ne mmabarima besiesie wɔn ho ama ɔko na wɔde asraafo dɔm kɛse bɛkɔ te sɛ asu a ayiri, akɔko ara akodu atamfo no aban no ho.

“Afei ɔhene a ɔwɔ anafo fam no de abufuw kɛse bɛsɔre na wako atia ɔhene a ɔwɔ atifi fam a ɔno nso wɔ asraafo dɔm kɛse, na obedi wɔn so nkonim. Sɛ wɔde asraafo no kɔ a, ahantan bɛhyɛ anafo fam hene no ma, na obekunkum mpempem, nanso ne nkonimdi no renkyɛ. Ɔhene a ɔwɔ atifi fam nso bɛboa asraafo afoforo a wɔdɔɔso sen kan de no, na mfirihyia bebree akyi no, ɔde asraafo dɔm kɛse a wɔwɔ akode betu ɔsa.

“Saa mmere no mu, bebree bɛsɔre atia ɔhene a ɔwɔ anafo fam. Wɔn a wodi akakabensɛm wɔ wʼankasa wo nkurɔfo mu no bɛtew atua sɛnea ɛte wɔ anisoadehu no mu no, nanso wɔrenni nkonim. Afei ɔhene a ɔwɔ atifi fam no bɛba abesisi mpie na ɔbɛko agye kuropɔn a wɔagye ho ban no. Asraafo a wɔwɔ anafo fam no rennya ahoɔden nko, na wɔn a wɔyɛ den wɔ wɔn mu no mpo rentumi nnyina ɔko no ano. Ɔfowni no bɛyɛ nea ɔpɛ na obiara rentumi nnyina nʼanim. Obegye Asase Fɛɛfɛ no abɔ so, na obenya tumi a ɔde bɛsɛe no. Ɔbɛyɛ nʼadwene sɛ ɔde ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼahenni no mu nyinaa bɛba, na afei ɔne ɔhene a ɔwɔ anafo fam no akɔyɛ nnamfofa apam. Ɔde ne babea bɛma no aware, na ɔnam so agu nʼahenni no, nanso nʼatirimpɔw yi renyɛ yiye na ɛremmoa no. Afei ɔde nʼani bɛkyerɛ mpoano aman so, na wadi mu bebree so nkonim, nanso, ɔsahene bi de ɔhene yi ahomaso bɛba awiei na wadan abɔ no. Eyi akyi no, ɔde nʼani bɛkyerɛ aban a ɛwɔ nʼasase so no, nanso obehintiw ahwe ase, na wɔrenhu no bio.

“Nea obedi nʼade no bɛsoma towgyeni, sɛnea ɛbɛyɛ a obenya nea ɛbɛma nʼahenni no anuonyam atena hɔ. Mfirihyia kakra bi akyi no, wɔbɛsɛe no; nanso ɛremfi abufuw anaa ɔko mu.

“Obi a wommu no na ɔnyɛ ɔdehye na obedi nʼade. Ɔbɛtow ahyɛ ahenni no so bere a so nnipa no asom adwo wɔn, na ɔde nnaadaa agye. Afei ɔbɛtɔre asraafo dɔm a wontumi nkan wɔn dodow no ase. Wɔbɛsɛe asraafo no ne ɔhenebabarima a ɔhyɛ bɔhyɛ no ase no. Wɔne no yɛ apam wie a, ɔnam nnaadaa kwan so benya nnipa kakraa bi na wapere tumi. Sɛ amantam a wɔyɛ adefo no te nka sɛ wɔn asom adwo wɔn a, ɔbɛtow ahyɛ wɔn so, na nea nʼagyanom ne ne nenanom antumi anyɛ no, ɔbɛyɛ. Ɔbɛkyekyɛ asade ne ahonyade ama nʼakyidifo. Ɔbɛbɔ pɔw atu aban agu, nanso ɛbɛyɛ nna tiaa bi mu.

“Obenya asraafo dɔm kɛse na wanya ahoɔden ne akokoduru asɔre atia ɔhene a ɔwɔ anafo fam. Ɔhene a ɔwɔ anafo fam no de asraafo a wɔdɔɔso na wɔyɛ den betu ɔsa, nanso ɔrentumi nnyina, esiane pɔw ahorow a wɔabɔ de atia no nti. Wɔn a ɔhene bɔ wɔn akɔnhama no bɛbɔ mmɔden sɛ wobehuan nʼase antweri; wobetwiw afa ɔhene no asraafo no so, na bebree nso bɛtotɔ wɔ ɔko mu. Ahemfo baanu a bɔne adi wɔn ti mu dɛm bɛtena ɔpon baako ho, adi atoro akyerɛ wɔn ho wɔn ho, nanso ɛrenkosi hwee, efisɛ awiei no bɛba ne bere a wɔahyɛ no. Ɔhene a ɔwɔ atifi fam no de ahonyade bebree bɛsan akɔ ne man mu, nanso ne koma rempɛ apam kronkron no. Ɔbɛyɛ biribi atia apam kronkron no na wasan akɔ ne man mu.

“Bere a wɔahyɛ no du a, ɔbɛtow ahyɛ anafo aman no so bio, nanso saa bere yi de, ɛrenyɛ yiye mma no sɛ kan no. Ahyɛn a wofi aman a ɛwɔ mpoano wɔ atɔe fam no bɛko atia no, na nʼabasa mu bebu. Enti ɔbɛsan nʼakyi na ɔde nʼabufuw akowie apam kronkron no so, na ɔne wɔn a wɔpo apam kronkron no bɛyɛ baako.

“Na nʼasraafo bɛsɔre. Wobegu asɔredan no aban ho fi, na wɔagu daa daa afɔrebɔ no. Wɔde abusude a ɛde ɔsɛe ba besi anan mu. Ɔde nnaadaa bɛkɔ so asɛe wɔn a wobu apam no so, nanso wɔn a wonim wɔn Nyankopɔn no bɛsɔre atia no denneennen.

“Anyansafo bɛkyerɛkyerɛ bebree, nanso bere bi mu no, wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano, wɔbɛhyew wɔn, wɔbɛfa wɔn nnommum anaa wɔbɛfom wɔn nneɛma. Sɛ wɔhwe ase a, wobenya mmoa kakra, na bebree a wonni nokware bɛkɔ akɔdɔm wɔn. Anyansafo no mu bi behintihintiw. Ɛnam so bɛma wɔasiesie wɔn, ahohoro wɔn ho fi na wɔayɛ wɔn a wɔn ho nni nkekae akosi awiei bere no, efisɛ ɛbɛba bere a wɔahyɛ no.

Read More of Daniel 11