Asomafo 7:20-43 AKCB

Asomafo 7:20-43

“Saa bere yi mu na wɔwoo Mose a na okura Onyankopɔn anuonyam no. Wɔhwɛɛ no wɔ nʼagya fi asram abiɛsa, na woyii no fii hɔ no, Farao babea kɔfaa no de no baa ne fi hwɛɛ no sɛ nʼankasa ne ba. Wɔtetew no wɔ Misraimfo nimdeɛ mu ma ɔyɛɛ den wɔ ɔkasa ne nneyɛe mu.

“Mose dii mfe aduanan no, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrekɔsra ne nuanom Israelfo. Oduu hɔ no ohuu sɛ Misraimni bi resisi ne nuanom mu baako bi. Mose kɔboaa ne nua no ma Mose kum Misraimni no. Mose susuw sɛ nʼankasa nkurɔfo behu sɛ Onyankopɔn nam ne so bɛma wɔade wɔn ho nanso wɔante ase. Ade kyee no, ohuu sɛ Israelfo baanu bi reko enti ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔpata. Obisaa wɔn se, ‘Adɛn nti na moatwa mo ho reko? Munnim sɛ moyɛ anuanom ana?’

“Nea ɔresisi ne yɔnko no sum Mose bisaa no se, ‘Hena na ɔyɛɛ wo yɛn so panyin ne otemmufo? Wopɛ sɛ wukum me sɛnea nnɛra wukum Misraimni no ana?’ Mose tee saa no, otu fii Misraim kɔtenaa Midian asase so. Ɛhɔ na ɔwoo mmabarima baanu.

“Mfe aduanan akyi no, ɔbɔfo nam wura bi gyaframa mu yii ne ho adi kyerɛɛ Mose wɔ sare bi a ɛbɛn bepɔw Sinai no so. Nea Mose huu no maa ne ho dwiriw no enti otwiw bɛn ho pɛɛ sɛ ɔhwɛ no yiye. Ɔtee Awurade nne se, ‘Mene wo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn.’ Ehu kaa Mose nti wantumi anhwɛ.

“Awurade ka kyerɛɛ Mose se, ‘Worɔw wo mpaboa, efisɛ faako a wugyina no yɛ asase kronkron. Mahwɛ na mahu atirimɔden a wɔde yɛ me manfo a wɔwɔ Misraim no. Mate apini a wɔresi no nyinaa na maba sɛ merebegye wɔn. Yɛ ntɛm na mensoma wo nkɔ Misraim.’

“Saa Mose yi ne obi a Israelfo poo no bere a wobisaa no se, ‘Hena na ɔyɛɛ wo yɛn so panyin ne otemmufo no?’ Ɔno na Onyankopɔn nam ɔbɔfo a oyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nwura a ɛrehyew no gyaframa mu no, yɛɛ no ɔpanyin ne ogyefo. Ɔno na ɔnam anwonwade ne nsɛnkyerɛnne so yii Israelfo fii Misraim de wɔn twaa Po Kɔkɔɔ no, dii wɔn anim wɔ sare so mfe aduanan no.

“Mose yi ara na ɔka kyerɛɛ Israelfo se, sɛnea Onyankopɔn somaa me no, saa ara na obeyi odiyifo a ɔte sɛ me afi mo mu aba mo nkyɛn. Ɔno ne obi a ɔne Israelfo yɛɛ nhyiamu wɔ sare no so hɔ; ɔne yɛn agyanom ne ɔbɔfo a ɔkasa kyerɛɛ wɔn wɔ Sinai Bepɔw no so no. Ne nsa kaa Onyankopɔn asɛm a nkwa wɔ mu no de brɛɛ yɛn.

“Nanso yɛn agyanom antie no. Wɔpoo no pɛɛ sɛ wɔsan kɔ Misraim asase so bio. Enti wɔka kyerɛɛ Aaron se, ‘Yɛ ahoni bi a wobedi yɛn anim ma yɛn, efisɛ yennim asɛm a ato saa Mose a oyii yɛn fii Misraim asase so no!’ Wɔyɛɛ nantwi ba sɛso honi bi bɔɔ afɔre maa no, gyee wɔn ani sɛnea ɛsɛ. Onyankopɔn twee ne ho fii wɔn ho ma wɔsom ɔsoro nsoromma sɛnea wɔakyerɛw wɔ adiyifo nhoma mu se,

“ ‘Israelfo, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔde ne ayɛyɛde brɛɛ me

mfe aduanan wɔ sare so ana?

Mode mo ho nyinaa ato Molek nyame,

ne mo honi Rɛfan so;

wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn.

Saa nti mɛpam mo akogu Babilonia akyi.’

Read More of Asomafo 7