Asomafo 28:1-16 AKCB

Asomafo 28:1-16

Yedu Malta

Yeduu mpoano hɔ no, ankyɛ na yehuu sɛ yɛwɔ supɔw Malta so. Supɔw no sofo no gyee yɛn fɛw so. Esiane sɛ na osu atɔ ama awɔw aba nti, wɔsɔɔ ogya ma yɛtoe. Paulo bubuu mmabaa sɛ ɔde regu ogya no mu. Ɔde regu mu no, ɔwɔ bi a ogya no hyew aka no no bebaree ne nsa ho. Supɔw no sofo no huu ɔwɔ no sɛ ɔbebare ne nsa ho no, wɔkae se, “Saa onipa yi yɛ owudifo a wanya ne ti adidi mu wɔ po akwanhyia mu, nanso esiane ne bɔne nti owu ara na etwa sɛ owu.” Paulo petee ɔwɔ no too ogya no mu a hwee anyɛ no. Na nkurɔfo no nyinaa susuw sɛ Paulo bɛhonhon anaasɛ obetwa ahwe awu. Nanso wɔtwɛn ara a biribiara anyɛ no no, wɔsakraa wɔn adwene kae se, “Ɔyɛ onyame bi.”

Na ɔpanyin a ɔhwɛ supɔw no so a wɔfrɛ no Publio no fi bɛn mpoano hɔ; ogyee yɛn fɛw so som yɛn hɔho nnansa. Saa bere no ara na Publio agya yare atiridii ne konkoruwa a aka no ato hɔ. Paulo kɔɔ ɔdan a na ɔda mu no mu de ne nsa guu no so, bɔɔ mpae maa ne ho yɛɛ no den. Nea Paulo yɛe no maa ayarefo a wɔwɔ supɔw no so no nyinaa baa ne nkyɛn ma ɔsaa wɔn yare. Wɔmaa yɛn akyɛde bebree. Yɛrebefi hɔ akɔ no nso wɔde biribiara a ɛho hia yɛn no beguu hyɛn no mu maa yɛn.

Yefi Malta Kodu Roma

Yedii asram abiɛsa wɔ supɔw no so ansa na yenyaa hyɛn bi a efi Aleksandria a ne nsɛnkyerɛnne yɛ eti abien a egyina hɔ ma anyame baanu bi. Na saa hyɛn no abedi awɔwbere no wɔ supɔw no so. Yeduu Sidarakusa no, yedii nnansa wɔ hɔ. Yefi hɔ toaa so koduu Regio. Ade kyee no, mframa bi bɔ fii anafo fam ma nnaanu akyi no yekoduu Puteoli. Ɛha na yehyiaa agyidifo bi a wɔsrɛɛ yɛn se yɛntena wɔn nkyɛn nnaawɔtwe. Ɛno akyi no, yɛtoaa so koduu Roma. Anuanom a wɔwɔ Roma no tee yɛn nka sɛ yɛreba no, ebinom behyiaa yɛn kwan wɔ aguabɔbea a ɛwɔ Apia kwan no so na afoforo nso hyiaa yɛn wɔ ahɔhobea bi a wɔfrɛ no Ahɔhodan Abiɛsa no. Bere a Paulo huu wɔn no, ne ho san no na ɔdaa Onyankopɔn ase. Yeduu Roma no, wɔmaa Paulo ho kwan sɛ ɔnkɔtena baabiara a ɔpɛ na ɔsraani bi nwɛn no.

Read More of Asomafo 28