Asomafo 22:22-30, Asomafo 23:1-11 AKCB

Asomafo 22:22-30

Bere a Paulo kae se wɔasoma no amanamanmufo nkyɛn pɛ na dɔm no fii ase teɛteɛɛ mu dennen se, “Munkum no! Ɔmfata sɛ ɔtena wiase!”

Nnipa no kɔɔ so teɛteɛɛ mu, hugyaa wɔn ntama saw mfutuma tow petee wim. Roma sahene no hyɛɛ sɛ wɔmfa Paulo nkɔ aban mu nkɔbɔ no mmaa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka nea enti a nnipa no nyinaa mpɛ sɛ wotie nʼasɛm no. Bere a wɔkyekyeree no wiee a wɔrebɛbɔ no mmaa no, Paulo bisaa ɔsraani panyin a na ogyina hɔ no se, “Mowɔ ho kwan sɛ mobɔ Romani a wonnii nʼasɛm mmuu no fɔ no mmaa ana?”

Bere a ɔsraani panyin no tee saa asɛm no, ɔkɔɔ ɔsahene no nkyɛn kobisaa no se, “Dɛn na wopɛ sɛ woyɛ yi? Onipa no yɛ Romani!”

Afei ɔsahene no kɔɔ Paulo nkyɛn kobisaa no se, “Woyɛ Romani ana?”

Paulo buaa no se, “Yiw meyɛ Romani.”

Ɔsahene no kae se, “Mituaa sika bebree na mede tɔɔ me Roma maniyɛ.”

Paulo nso kae se, “Me de, wɔwoo me sɛ Romani.”

Ntɛm ara, nnipa a na wɔrebebisa Paulo nsɛm no twee wɔn ho fii ne nkyɛn. Ɔsafohene no tee sɛ Paulo yɛ Romani no, osuroe sɛ wama wɔagu Paulo nkɔnsɔnkɔnsɔn.

Paulo Gyina Asennii

Esiane sɛ na ɔsafohene no pɛ sɛ ohu nea enti a Yudafo no asɔre atia Paulo no nti, ade kyee no, ɔhyɛ ma woyii Paulo fii nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Ɔmaa asɔfo mpanyin ne agyinatufo no nyinaa hyiae. Afei ɔde Paulo kɔɔ se wɔnhwehwɛ nʼasɛm no mu.

Read More of Asomafo 22

Asomafo 23:1-11

Paulo hwɛɛ agyinatufo no dinn kae se, “Anuanom, ahonim pa na mede ayɛ Onyankopɔn adwuma de abesi nnɛ da yi.” Anania a na ɔyɛ Ɔsɔfopanyin no hyɛɛ nnipa a na wogyina Paulo ho no se wɔmmɔ nʼano so. Paulo ka kyerɛɛ no se, “Wo a wote sɛ ɔfasu a wɔasra ho fitaa, Onyankopɔn bɛbɔ wo. Wote ha de mmara rebu me atɛn, nanso wubu mmara no so hyɛ sɛ wɔmmɔ me!”

Nnipa a na wogyina Paulo nkyɛn no bisaa no se, “Sɛɛ na ɛsɛ sɛ wokasa kyerɛ Onyankopɔn sɔfopanyin?”

Paulo buaa wɔn se, “Anuanom, minnim sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanyin. Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Monnkasa ntia wɔn a wodi mo so.’ ”

Bere a Paulo huu sɛ nnipa no bi yɛ Sadukifo na bi yɛ Farisifo no, ɔteɛɛ mu wɔ agyinatufo no anim se, “Me nuanom, meyɛ Farisini. Mʼawofo yɛ Farisifo. Gyidi a mewɔ wɔ awufosɔre mu no nti na migyina ha ama wɔredi mʼasɛm yi.” Asɛm a Paulo kae yi maa ntawntaw sii Farisifo ne Sadukifo no ntam maa wɔn mu kyɛɛ abien efisɛ na Sadukifo no nnye owusɔre, abɔfo ne honhom nni. Nanso Farisifo no de, wogye saa nneɛma abiɛsa no di.

Nteɛteɛmu no kɔɔ so kosii sɛ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no mu bi a wɔyɛ Farisifo no sɔre gyinaa hɔ kae se, “Yenhu bɔne biara a saa onipa yi ayɛ! Ebia honhom anaa ɔbɔfo na ɔkasa kyerɛɛ no!” Akasakasa no mu yɛɛ den maa ɔsafohene no suroo sɛ anhwɛ a wɔbɛtetew Paulo mu; ɛno nti ɔhyɛɛ nʼasraafo sɛ, wɔnkɔ nnipa no mu na wonkogye Paulo mfi wɔn nsam mfa no nkɔ aban mu.

Anadwo no, Awurade begyinaa Paulo nkyɛn ka kyerɛɛ no se, “Nsuro! Sɛnea woadi me ho adanse wɔ Yerusalem ha no, saa ara nso na kodi me ho adanse wɔ Roma.”

Read More of Asomafo 23