Asomafo 17:1-21 AKCB

Asomafo 17:1-21

Paulo Ne Silas Kɔ Tesalonika

Wɔtoaa wɔn akwantu no so fii Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika a na Yudafo hyiadan wɔ no. Sɛnea Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu mprɛnsa ne nnipa no gyee akyinnye wɔ Kyerɛwsɛm no ho, kyerɛɛ mu, dii adanse sɛ, ɛsɛ sɛ Agyenkwa no hu amane na ɔsɔre fi awufo mu. Paulo kae se, “Saa Yesu a mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi ne Agyenkwa no.” Nnipa no bi gye dii ma wodii Paulo ne Silas akyi. Saa ara na Helafo bebree a wɔsom Onyankopɔn ne mmea mpanyin bi nso gye dii de wɔn ho bɔɔ wɔn ara ne no.

Yudafo mpanyin no anibere nti, wɔboaboaa ahuhufo bi ano ma wɔbɔɔ twi faa kurow no mu kotwaa Yason fi ho hyiae, pɛɛ sɛ wɔn nsa ka Paulo ne Silas de wɔn brɛ mpanyin no. Esiane sɛ wɔn nsa anka wɔn no nti, wɔtwee Yason ne anuanom bi de wɔn baa mpanyin no anim teɛteɛɛ mu se, “Saa nnipa a wɔma basabasa ba baabiara a wɔkɔ no aba yɛn kurow yi mu, ama Yason agye wɔn atena ne fi. Wɔn nyinaa abu Ɔhempɔn Kaesare mmara a ɔde ama yɛn sɛ yenni so no so, efisɛ wɔka se ɔhene foforo bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yesu.” Saa asɛm yi hwanyan dɔm no ne kurow no mu mpanyin no. Kurow no mu mpanyin no maa Yason ne anuanom no tuaa sika bi de dii wɔn akagyinamu ma wogyaa wɔn.

Paulo Ne Silas Kɔ Beroia

Ade sae ara pɛ, anuanom yi gyaa Paulo ne Silas kwan ma wɔkɔɔ Beroia. Wodui no, wɔkɔɔ Yudafo hyiadan mu. Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyɛ akyinnyegyefo te sɛ Tesalonikafo no. Wɔde ahosɛpɛw gyee asɛm no dii a daa na wosua Kyerɛwsɛm no pɛɛ sɛ wohu sɛ nkyerɛkyerɛ a Paulo kyerɛkyerɛ no yɛ nokware ana. Nnipa no mu bebree a Helafo mmea atitiriw ne mmarima ka ho no gyee nkyerɛkyerɛ no dii.

Bere a Yudafo a wɔwɔ Tesalonika no tee sɛ Paulo akɔka Onyankopɔn asɛm no wɔ Beroia no, wɔkɔɔ hɔ kɔhwanyan hɔfo no nso. Enti ntɛm ara na anuanom no gyaa Paulo kwan sɛ ɔnkɔ mpoano, nanso Silas ne Timoteo de, wɔtenaa Beroia. Nnipa a wokogyaa Paulo kwan no de no koduu Atene. Wɔresan akɔ Beroia no, Paulo kraa wɔn se wɔnka nkyerɛ Silas ne Timoteo sɛ wɔmmɛka ne ho ntɛm.

Paulo Wɔ Atene

Bere a Paulo retwɛn Silas ne Timoteo wɔ Atene no, ohuu ahoni pii wɔ kurow no mu. Eyi maa ne werɛ howee yiye. Enti na ɔne Yudafo ne amanamanmufo a wɔsom Onyankopɔn no taa hyia wɔ hyiadan mu ma ɔkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn asɛm. Saa ara nso na daa na ɔne nkurɔfo gye akyinnye wɔ aguabɔbea ara ne no. Afei, ɔne Epikurofo ne Stoikfo anyansafo bi nso gyee akyinnye. Ebinom kae se, “Na dɛn na nnabrabani yi pɛ sɛ ɔkyerɛ yi?” Afoforo nso kae se, “Ɛyɛ sɛ ɔreka anyame afoforo bi ho asɛm.” Nea enti a wɔkaa eyi ne sɛ, na Paulo reka Yesu Kristo ne ne wusɔre ho asɛm. Wɔde Paulo kɔɔ Areopago17.19 Nkyerɛase ne “Ares koko.” Ares yɛ Helafo nyame a ogyina hɔ ma aprannaa ne ɔko. bagua anim kae se, “Yɛpɛ sɛ yɛte nkyerɛkyerɛ foforo a worekyerɛkyerɛ yi ase, efisɛ nsɛm a woka no bi yɛ yɛn asom asɛm foforo, enti yɛpɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yɛn mu yiye.” Na Atenefo ne ahɔho a wɔwɔ hɔ no nni hwee yɛ sɛ wɔde wɔn adagyew nyinaa betie nsɛm foforo anaa wɔbɛka nsɛm foforo a wɔate no akyerɛ afoforo.

Read More of Asomafo 17