Asomafo 15:22-41 AKCB

Asomafo 15:22-41

Wɔkyerɛw Krataa Kɔma Amanamanmufo

Asomafo ne mpanyimfo ne asafo no mu nnipa nyinaa hyiae, yɛɛ adwene sɛ wobeyi nnipa bi afi kuw no mu aka Paulo ne Barnaba ho na wɔakɔ Antiokia. Woyii mmarima atitiriw baanu a wɔn din de Yuda, a wɔfrɛ no Barsaba ne Silas. Nhoma a wɔde maa wɔn kɔe no mu nsɛm ni:

Anuanom amanamanmufo a mote Antiokia, Siria ne Kilikia,

Asomafo ne mpanyimfo ne anuanom a wɔwɔ Yerusalem no kyia mo.

Yɛtee sɛ anuanom bi a yɛmaa wɔn tumi fi yɛn mu nam wɔn nkyerɛkyerɛ so tan mo ani, haw mo adwene. Eyi nti yɛatu nnipa bi sɛ wɔmmra mo nkyɛn. Saa nnipa no ne Paulo ne Barnaba a wɔde wɔn nkwa abɔ afɔre ama Awurade Yesu Kristo no. Eyi nti, yɛresoma Yuda ne Silas ama wɔabɛkasa afoa asɛm a yɛrekyerɛw no so. Honhom Kronkron ne yɛn ayɛ adwene sɛ, saa ahyɛde yi akyi no yɛmmfa adesoa foforo bi a emu yɛ duru nsoa mo; munnni aduan a wɔde ama abosom; saa ara nso na munnni mogya. Monnwe aboa a wɔantwa ne mene na owui. Bio, montwe mo ho mfi aguamammɔ ho. Sɛ mutumi di saa ahyɛde yi so a, ebesi mo yiye.

Yɛsan kyia mo.

Wogyaa nnipa no kwan ma wɔkɔɔ Antiokia. Woduu hɔ no, wohyiaa agyidifo no de nhoma no maa wɔn. Agyidifo no kenkan nhoma no, emu nkuranhyɛsɛm no maa wɔn ani gyei. Yuda ne Silas a wɔyɛ adiyifo no ne anuanom no kasa kyɛe, hyɛɛ wɔn nkuran. Wodii nna kakra wɔ hɔ no, anuanom no gyaa wɔn kwan asomdwoe mu ma wɔsan kɔɔ anuanom a wɔsomaa wɔn no nkyɛn dwoodwoo. Nanso Silas de, wankɔ bi15.34 Tete akyerɛw binom mfa nkyekyɛmu 34 nka ho. Paulo ne Barnaba dii nna kakra wɔ Antiokia, boaa anuanom bi ma wɔkyerɛkyerɛe, kaa Awurade asɛm.

Paulo Ne Barnaba Ntam Tetew

Nna bi akyi no, Paulo ka kyerɛɛ Barnaba se, “Ma yɛnsan nkɔsra anuanom a wɔwɔ nkurow a yɛaka Awurade asɛm wɔ so no nyinaa nkɔhwɛ sɛnea wɔrekɔ so wɔ gyidi mu.” Barnaba pɛɛ sɛ wɔde Yohane Marko ka wɔn ho kɔ, nanso Paulo ampene so, efisɛ wɔwɔ Pamfilia no ogyaw wɔn hɔ a ɔne wɔn antena hɔ ankosi awiei. Akasakasa a emu yɛ den sii wɔn ntam maa wɔn mu tetewee. Barnaba faa Marko ne no kɔɔ Kipro na Paulo nso faa Silas. Anuanom no de wɔn hyɛɛ Onyankopɔn nsa ma wofii hɔ kɔe. Ɔkɔfaa Siria ne Kilikia hyɛɛ asafo no den.

Read More of Asomafo 15