Asomafo 1:23-26, Asomafo 2:1-21 AKCB

Asomafo 1:23-26

Woyii nnipa baanu. Ɔbaako din de Yosef a na wɔfrɛ no Barsaba,1.23 Ase ne “Homeda babarima.” Saa din yi yɛ Yudafo Kristofo adikanfo baanu bi din. Wɔn mu baako ne Yosef. Nea ɔto so abien ne Yuda a na ɔyɛ odiyifo wɔ Yerusalem. Ɔne Sila na wɔsomaa wɔn kɔɔ Antiokia. (15.22,32). na wɔtaa frɛ no Yusto nso. Nea na ɔka ho no nso din de Matia. Afei asuafo no bɔɔ mpae se, “Awurade, wunim obiara koma mu. Ɛno nti kyerɛ yɛn nnipa baanu yi mu nea woayi no sɛ ommesi Yuda a wanya ne baabi kɔ no anan mu mmɛyɛ asomafodwuma no.” Afei asuafo no bɔɔ wɔn so ntonto maa esii Matia. Enti wɔfaa no kaa asomafo dubaako no ho.

Read More of Asomafo 1

Asomafo 2:1-21

Pentekoste Da

Pentekoste da2.1 Twam Afahyɛ homeda no akyi nnafua aduonum (3 Mose 23.15-16). no duu no, na asuafo no nyinaa ahyia2.1 Asuafo dodow a nea asi dedaw nti yɛka wɔn ho asɛm ne dubaako no (ne Matia) nanso dodow yi na wɔbɔ wɔn din nyinaa 1.13-15. wɔ faako.2.1 Ɛnyɛ abansoro dan a wɔte mu no (1.13) na mmom hyiadan no ho baabi. Efisɛ bere biara a wɔabue hyiadan no, na asuafo no wɔ hɔ. Amono mu hɔ ara, nne bi te sɛ ahum a ɛretu fi ɔsoro ba bɛhyɛɛ ofi a na wɔwɔ mu no ma. Ogya a ɛredɛw a ɛte sɛ tɛkrɛma besisii wɔn so mmaako mmaako. Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔkaa kasa foforo, sɛnea Honhom no maa wɔn ho kwan no.

Saa bere no na Yudafo bi a wɔfɛre Nyame fi mmeaemmeae aba Yerusalem. Wɔtee nea ɛrekɔ so no, wɔbɔɔ twi behyiae, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa ne ahodwiriw, efisɛ obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa. Enti wobisae se, “Na saa nnipa yi a wɔrekasa yi nyɛ Galileafo ana? Na adɛn nti na yɛte sɛ wɔreka Onyankopɔn anwonwadwuma ho asɛm wɔ yɛn a yɛyɛ Partifo, Mediafo ne Elamfo, ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto, Asia, Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛbɛn Kirene ne ahɔho a wofi Roma, Yudafo ne wɔn a wɔasakra aba Yudasom mu, ne Kretafo ne Arabfo mu biara kasa mu yi?” Wɔde ahodwiriw bisae se, “Eyi ase ne dɛn?”

Afoforo nso dii wɔn ho fɛw se, “Saa nnipa yi abobow nsa.”

Petro Kasa Kyerɛ Dɔm No

Petro ne asomafo dubaako no sɔre gyinaa hɔ na ɔkasaa denneennen kyerɛɛ nnipa no se, “Me nuanom Yudafo ne mo a mote Yerusalem nyinaa, muntie asɛm a mereka yi. Saa nnipa yi mmow nsa sɛnea mususuw no, efisɛ ade nnya nkyee a ɛsɛ sɛ obi nom nsa bow. Asɛm a asi yi na odiyifo Yoel hyɛɛ ho nkɔm se:

“ ‘Onyankopɔn kae se, nna a edi akyiri no,

mehwie me Honhom no agu nnipa nyinaa so.

Mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyɛ nkɔm,

mo mmerante nso ahu anisoade.

Na mo mpanyin nso asoso adae.

Saa mmere no mu no,

mehwie me Honhom agu mʼasomfo mpo so,

mmarima ne mmea, ama wɔahyɛ nkɔm.

Mede mogya ne ogya ne wusiw kumɔnn

bɛyɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne

wɔ ɔsoro ne asase so.

Ansa na Awurade da kɛse no bɛba no,

owia beduru sum

na ɔsram nso ayɛ sɛ mogya.

Na obiara a ɔbɛbɔ

Awurade din no benya nkwa.’

Read More of Asomafo 2