2 Samuel 5:6-25, 2 Samuel 6:1-23 AKCB

2 Samuel 5:6-25

Dawid Ko Fa Yerusalem

Dawid dii nʼakofo anim kɔɔ Yerusalem kɔko tiaa Yebusifo. Yebusifo no dii wɔn ho fɛw se, “Morentumi mma ha. Na mpo, anifuraefo ne mmubuafo betu mo afi ha.” Efisɛ na Yebusifo no dwene sɛ wɔwɔ bammɔ. Nanso Dawid ko faa Sion aban no a mprempren wɔfrɛ no Dawid Kuropɔn no.

Bere a animka nkra fi bammɔfo a wɔwɔ kurow no mu duu Dawid asom no, ɔka kyerɛɛ ne dɔm no se, “Momfa nsudorobɛn no mu nkɔ kurow no mu, na monkɔsɛe Yebusifo mpakye ne anifuraefo no, efisɛ mikyi wɔn! Ɛno nti na wɔka se, ‘Anifuraefo ne mpakye’ renkɔ ahemfi” no.

Enti Dawid yɛɛ nʼatenae wɔ abandennen na ɔfrɛɛ hɔ Dawid Kuropɔn no mu. Osisii bammɔ adan bebree twaa kurow no ho kaa ho. Wofii dwumadi no ase wɔ Milo de baa mu. Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛse adekyee biara, efisɛ na Asafo Awurade Nyankopɔn ka ne ho.

Afei, Tirohene Huram somaa abɔfo kɔɔ Dawid nkyɛn a nnua dwumfo ne abo adansifo ka wɔn ho sɛ wonkosi ahemfi mma no. Huram de sida nnua bebree kɔɔ hɔ sɛ wɔmpae. Na Dawid huu sɛ, ne nkurɔfo Israelfo nti, Awurade asi no hene, na wayɛ nʼaheman kɛse.

Dawid tu fi Hebron baa Yerusalem no, ɔwaree mmea bebree, faa mpenanom nso. Ɛno nti, ɔwoo mmabarima ne mmabea bebree. Eyinom ne Dawid mmabarima a wɔwowoo wɔn wɔ Yerusalem no: Samua, Sobab, Natan, Salomo Yibhar, Elisua, Nefeg, Yafia Elisama, Eliada ne Elifelet.

Dawid Di Filistifo So Nkonim

Bere a Filistifo tee sɛ wɔasra Dawid, de no asi Israelhene no, wɔboaboaa wɔn asraafo ano, kɔhwehwɛɛ Dawid sɛ wobenya no akyere no. Na Dawid tee no, ɔno nso kɔɔ ne ban mu. Afei, Filistifo no beduu Refaim bon mu, na wɔtrɛtrɛw wɔn ho mu wɔ hɔ. Enti Dawid bisaa Awurade se, “Menkɔtow nhyɛ Filistifo yi so ana? Wobɛdan wɔn ahyɛ me nsa ana?”

Awurade buaa no se, “Yiw, kɔ na mɛdan Filistifo no ahyɛ wo nsa.”

Enti Dawid kɔɔ Baal-Perasim, na ɛhɔ na odii Filistifo no so nkonim. Ɔkae se, “Awurade ayɛ! Ɔbɔ wuraa mʼatamfo no mu sɛ nsuyiri a ɛworo so!” Enti Dawid too beae hɔ din se Baal-Perasim. Filistifo no gyaw wɔn ahoni wɔ hɔ, maa Dawid ne ne mmarima no soaa ne nyinaa kɔe.

Filistifo no san baa bio bɛtrɛtrɛw wɔn ho mu wɔ Refaim bon ho, enti Dawid bisaa Awurade nea ɔnyɛ. Awurade buae se, “Nkɔ tee, mmom, twa fa wɔn ho wɔ wɔn akyi, na tow hyɛ wɔn so wɔ baka nnua no anim. Na sɛ wote nnyigyei te sɛ nsrabɔ bi wɔ baka nnua no atifi a, bɔ toa wɔn! Ɛkyerɛ sɛ, Awurade atu di wʼanim rekokunkum Filistifo no.” Enti Dawid yɛɛ nea Awurade ka kyerɛɛ no no, na ɔsɛee Filistifo no fi Geba de kosii Geser.

Read More of 2 Samuel 5

2 Samuel 6:1-23

Wɔde Apam Adaka No Kɔ Yerusalem

Na Dawid boaboaa Israel mmabun a wɔn ho mmu wɔn dwɛ mpem aduasa ano. Odii wɔn anim fi Baala a ɛwɔ Yuda, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn Adaka, a ekura Awurade Tumfo no a wɔde no asi kerubim ntam no din. Wɔde Onyankopɔn Adaka no sii teaseɛnam foforo so, de fii Abinadab fi a na ɛwɔ bepɔw so no bae. Usa ne Ahio a na wɔyɛ Abinadab mmabarima no na na wɔkyerɛ teaseɛnam foforo no a na Onyankopɔn Adaka no si mu no kwan. Na Ahio na odi anim. Dawid ne Israel manfo gyee wɔn ani wɔ Awurade anim wɔ ahoɔden so a wɔreto nnwom, na wɔde asanku, mmɛnta, akasae, mfirikyiwa ne kyɛnkyɛn nenam mu.

Na woduu Nakon awiporowbea no, nantwi no nan totoe, maa Usa teɛɛ ne nsa soo Onyankopɔn Adaka no mu sɛ ɔreteɛ no. Na Awurade bo fuw Usa sɛ ɔyɛɛ saa, na Onyankopɔn bɔɔ no ma owu daa adaka no ho.

Dawid nso bo fuw, efisɛ Awurade abufuw atia Usa. Ɔtoo saa beae hɔ din Peres-Usa a ase ne abufuwhyew a etia Usa. Wɔfrɛ hɔ saa ara de besi nnɛ.

Afei, na Dawid suro Awurade nti obisaa se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Awurade adaka no bɛba me nkyɛn?” Na Dawid yɛɛ nʼadwene sɛ, ɔremma Awurade Adaka no so nkɔ Dawid Kuropɔn no mu. Na mmom, ɔmaa so de kɔɔ Obed-Edom a ɔyɛ Gatni fi. Na Awurade adaka no sii Gatni Obed-Edom fifo nkyɛn asram abiɛsa, na Awurade hyiraa no ne ne fi mu nnipa nyinaa.

Afei, wɔka kyerɛɛ ɔhene Dawid se, “Esiane Awurade Adaka no nti, Awurade ahyira Obed-Edom fi ne biribiara a ɔwɔ so.” Enti Dawid kɔɔ hɔ kɔfaa Adaka no, de osebɔ kɛse baa Dawid Kuropɔn no mu. Nnipa a na wɔso Awurade Adaka no tuu anammɔn asia pɛ, wogyinaa hɔ twɛnee, sɛnea Dawid betumi de nantwi ne nantwi ba a wadɔ srade abɔ afɔre. Na Dawid fii nʼahoɔden nyinaa mu saw wɔ Awurade anim a na ɔhyɛ asɔfotade yuu. Enti Dawid ne Israel nyinaa de nteɛteɛmu ne ntorobɛntohyɛn maa Awurade Adaka no so kɔe.

Mikal Ka Dawid Anim

Bere a wɔde Awurade Adaka no rewura Dawid Kuropɔn no mu no, Saulo babea a ne din de Mikal no kɔtɛwee mfɛnsere mu hwɛe. Ohuu sɛ ɔhene Dawid rehuruhuruw, resaw anigye so wɔ Awurade anim no, nʼani annye.

Wɔde Awurade Adaka no kosii nʼafa wɔ ntamadan a ɛno nti, Dawid asi no mu, na Dawid bɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ Awurade anim. Owiei no, ohyiraa nkurɔfo no wɔ Asafo Awurade din mu. Afei, ɔmaa Israel dɔm no mu onipa biara brodo mua, namkum ne bobe aba ɔfam. Na wɔn mu biara kɔɔ ne fi.

Bere a Dawid san kɔɔ ne fi sɛ ɔrekohyira ne fifo no, Mikal fii adi ba behyiaa no ka kyerɛɛ no abufuw so se, “Nnɛ de, na Israelhene nsɛ ha! Ɔpaa ne ho kyerɛɛ ne mfenaa te sɛ nea obiara a ommu ne ho bɛyɛ no ara pɛ.”

Dawid buaa Mikal se, “Na meresaw wɔ Awurade a oyii me, na otwaa wʼagya ne nʼabusuafo gyawee no anim. Oyii me sɛ menyɛ Israel a wɔyɛ Awurade nkurɔfo ɔkannifo. Ɛno nti, ɛyɛ me pɛ sɛ meyɛ me ho sɛ ɔkwasea, sɛnea ɛbɛma makyerɛ mʼahokeka a mewɔ wɔ Awurade mu. Yiw, na mepɛ sɛ meyɛ ɔkwasea koraa sen eyi, na mmeawa koro yi ara a woreka wɔn ho asɛm yi bɛhyɛ me anuonyam.”

Na Saulo babea Mikal anwo ba da wɔ ne nkwa nna nyinaa.

Read More of 2 Samuel 6