2 Samuel 3:22-39, 2 Samuel 4:1-12, 2 Samuel 5:1-5 AKCB

2 Samuel 3:22-39

Yoab Kum Abner

Abner kɔe ara pɛ, Yoab ne Dawid asraafo no bi fi ɔsa mu bae a wokura asade bebree. Bere a wɔka kyerɛɛ Yoab se Abner baa hɔ nkyɛe koraa, na ɔbɛsraa ɔhene, ama ɔhene ama no kɔ asomdwoe mu no, Yoab yɛɛ ntɛm kohuu ɔhene bisaa no se, “Dɛn na woayɛ yi? Abner kɔ a womaa no kɔe yi, wokyerɛ dɛn? Wunim pefee sɛ, ɔbaa wo so sɛ ɔkwansrafo, bɛhwehwɛɛ nea woreyɛ nyinaa mu ana?”

Ɛhɔ ara, Yoab fi Dawid nkyɛn, na ɔsomaa abɔfo sɛ wontiw Abner. Wɔkɔtoo no Sira ɔtare ho, twee no de no bae. Nanso na Dawid nnim ho hwee. Afei, Abner san kɔɔ Hebron no, Yoab frɛɛ no kɔɔ nkyɛn kosii ɔpon ano te sɛ nea ɔrekɔka kokoamsɛm akyerɛ no no. Na ɛhɔ no na esiane sɛ ɔpɛ sɛ ɔtɔ ne nuabarima Asahel so were no nti, Yoab wɔɔ Abner yafunu mu afoa ma owui.

Akyiri no a Dawid tee asɛm no, ɔkae se, “Me ne mʼaheman nnim saa asɛm a ɛfa Abner yi ho hwee wɔ Awurade anim. Ne mogya ngu Yoab ne nʼagya fi so! Yoab fi de, awo ntoatoaso mu nyinaa, obi a watutu akuru anaa ɔyare kwata, nea ɔnam pema ho nantew anaa nea owu afoa ano ne nea ɔsrɛsrɛ aduan rempa hɔ da.”

Yoab ne ne nuabarima Abisai kum Abner, efisɛ Abner kum wɔn nuabarima Asahel wɔ akono wɔ Gibeon.

Dawid Su Abner

Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa se, “Munsunsuan mo ntama mu, na mumfura atweaatam. Muntwa Abner ho agyaadwo.” Na ɔhene Dawid ankasa dii santen a wɔato no akyi, kɔɔ ɔda no so. Wosiee Abner wɔ Hebron, na ɔhene Dawid ne nnipa no nyinaa suu wɔ ne da no ho.

Afei, ɔhene too saa kwadwom yi maa Abner:

“Ɛsɛ sɛ Abner wu sɛnea nkwaseafo wu ana?

Wɔankyekyere wo nsa;

wɔangu wo nan nkɔnsɔnkɔnsɔn.

Dabi, wodii wo awu;

amumɔyɛfo atirimpɔw so ade.”

Nnipa no nyinaa suu Abner bio. Da a wɔreyɛ ayi no, Dawid annidi da mu no nyinaa, maa afei, obiara srɛɛ no se onnidi. Nanso na Dawid aka ntam se, “Sɛ mididi ansa na owia akɔtɔ a, Onyankopɔn nkum me.”

Eyi sɔɔ nnipa no ani yiye. Nokware, biribiara a ɔhene no yɛe no sɔɔ ɔmanfo no ani. Eyi maa obiara a ɔte Yuda ne Israel no huu sɛ, ɛnyɛ ɔhene Dawid na okum Abner.

Na ɔhene Dawid bisaa ɔmanfo no se, “Munhu sɛ ɔkannifo kɛse ne onipa kɛse atɔ fam nnɛ wɔ Israel ana? Na ɛwɔ mu sɛ me ne ɔhene a wɔasra no de, nanso Seruia mmabarima Yoab ne Abisai de, wɔyɛ den dodo ma me sɛ metumi aka wɔn ahyɛ. Ɛno nti, Awurade ntua saa mmarima amumɔyɛfo yi so ka wɔ wɔn amumɔyɛsɛm ho.”

Read More of 2 Samuel 3

2 Samuel 4:1-12

Is-Boset Wu

Bere a Is-Boset tee sɛ Abner awu wɔ Hebron no, nʼaba mu bui, na saa ara nso na ne nkurɔfo no bɔɔ huboa. Afei, na anuanom baanu a wɔn din de Baana ne Rekab na na wɔyɛ asafohene ma Is-Boset akofo no. Na wɔyɛ Rimon a ofi Benyamin fi wɔ Beerot kurow mu no mmabarima. Wɔfa no sɛ kurow Beerot ka Benyamin ho, efisɛ wɔn a na wɔte Beerot mmere bi no guan kɔɔ Gitaim a wɔda so te hɔ sɛ ahɔho de besi nnɛ yi.

Na Saulo babarima Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ne din de Mefiboset a na ɔyɛ obubuafo fi ne mmofraase. Wokum Saulo ne Yonatan wɔ Yesreel akono no, na abofra no adi mfe anum. Bere a ɔko no ho asɛm duu kurow no mu no, obi a ɔhwɛ abofra no kyekyeree no de no guanee. Nanso bere a ɔreguan no, ɔhwee ase maa abofra no bɔɔ fam, ma ɔyɛɛ obubuafo.

Da bi, Beerotni, Rimon mmabarima baanu a wɔn din de Rekab ne Baana kɔɔ Is-Boset fi awia bere mu a na ɔregye nʼahome. Wowuraa mu kɔɔ ne pia mu te sɛnea wɔrekɔpɛ awi, kɔwɔɔ ne yafunu mu afoa. Afei Rekab ne Baana wiawiaa wɔn ho guanee.

Ansa na wɔbɛkɔ no, wotwaa ne ti bere a ɔda ne mpa so. Wɔfaa ne ti no kotwaa Yordan bon no, nantew anadwo mu no nyinaa kɔe. Wɔde Is-Boset ti no brɛɛ Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene no se, “Wo tamfo Saulo a anka ɔrehwehwɛ wo akum wo no babarima Is-Boset ti ni. Nnɛ, Awurade ama me wo aweretɔ ho kwan atia Saulo ne nʼabusua.”

Na Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana se, “Mmere dodow a Awurade a ogyee me fii ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu te ase yi, mɛka nokware akyerɛ mo. Bere a onipa bi bɛka kyerɛɛ me se, ‘Saulo awu’ a na osusuw sɛ ɔreka asɛm pa akyerɛ me no, mekyeree no kum no wɔ Siklag. Nʼasɛm a ɔbɛka kyerɛɛ me no so akatua a mede maa no ne no. Na akatua bɛn na memfa mma amumɔyɛfo a wɔakum obi a ne ho nni asɛm wɔ ne fi bere a ɔda ne mpa so? Ɛnsɛ sɛ mibisa ne mogya fi mo nsam ana?”

Enti Dawid hyɛɛ ne mmarima ma wokunkum wɔn. Wotwitwaa wɔn nsa ne wɔn anan, na wɔde asin no sensɛn Hebron ɔtare ho. Na wɔfaa Is-Boset ti no kosiee no wɔ Abner ɔboda mu wɔ Hebron.

Read More of 2 Samuel 4

2 Samuel 5:1-5

Dawid Di Israel Nyinaa So Hene

Afei, Israel mmusuakuw no nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafo. Mmere bi a atwa mu no a mpo, na Saulo yɛ yɛn hene no, wo ara na wudii Israel anim. Na Awurade aka akyerɛ wo se, ‘Wobɛyɛ me manfo Israel so guanhwɛfo. Wobɛyɛ wɔn kannifo.’ ”

Enti Dawid ne Israel ntuanofo no yɛɛ apam wɔ Hebron Awurade anim. Na wɔsraa no ngo sii no Israelhene.

Dawid dii ade no, na wanya mfirihyia aduasa. Na odii ade mfirihyia aduanan. Ɔtenaa Hebron dii ade wɔ Yuda so mfirihyia ason ne asram asia. Na ɔtenaa Yerusalem no nso, odii Israel ne Yuda nyinaa so hene mfirihyia aduasa abiɛsa.

Read More of 2 Samuel 5