2 Samuel 11:1-27, 2 Samuel 12:1-31 AKCB

2 Samuel 11:1-27

Dawid Ne Batseba

Asusowbere a edi so no mu, bere a ɛsɛ sɛ ahemfo kɔ ɔsa no, Dawid somaa Yoab ne Israel asraafo nyinaa sɛ wɔnkɔsɛe Amonfo. Wokotuaa kuropɔn Raba ano, na Dawid de, ɔkaa Yerusalem.

Da bi anwummere a Dawid ayi nʼani so kakra no, ɔsɔre fii ne mpa so nantew faa nʼahemfi no atifi. Ogyina hɔ no, ohuu ɔbea bi sɛ ɔreguare. Na ɔbea no ho yɛ fɛ yiye; na Dawid somaa obi sɛ onkobisa ne ho nsɛm. Ɔbarima no bɛkae se, “Ɛyɛ Eliam babea Batseba, a ɔyɛ Hetini Uria yere.” Na Dawid tuu abɔfo sɛ wɔnkɔfrɛ no mmrɛ no. Ɔbaa Dawid nkyɛn. Dawid ne no dae. (Odwiraa ne ho fii ne nsabu mu no, na ɛnkyɛe.) Afei, ɔsan kɔɔ fie. Bere a Batseba huu sɛ wanyinsɛn no, ɔsoma ma wɔkɔka kyerɛɛ Dawid.

Enti Dawid soma kɔɔ Yoab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Fa Hetini Uria brɛ me.” Bere a Uria duu Dawid nkyɛn no, obisaa gyinabea a Yoab ne asraafo no wɔ mu ne sɛnea ɔko no rekɔ so. Na ɔka kyerɛɛ Uria se, “Kɔ fie na kɔhome.” Na mpo, Uria fii ahemfi hɔ no, Dawid soma ma wɔde akyɛde bi kɔmaa no. Nanso Uria ankɔ fie. Ɔne ɔhene asomfo no bi tenaa ahemfi pon no ano.

Bere a Dawid tee nea Uria ayɛ no, ɔfrɛɛ no bisaa no se, “Dɛn na ɛhaw wo? Wufii fie akyɛ na adɛn na woankɔ hɔ nnɛra anadwo?”

Uria buae se, “Apam Adaka no ne Israel asraafo ne Yuda tete ntamadan mu, na Yoab nso ne ne mpanyimfo abɔ atenae wɔ wuram baabi petee mu. Na ɛbɛyɛ dɛn na matumi akɔ fie akɔnom nsa, adidi na me ne me yere akɔda? Meka ntam se merenyɛ eyi na madi ho fɔ.”

Na Dawid ka kyerɛɛ no se, “Eye, tena ha anadwo yi, na ɔkyena wobɛkɔ asraafo no mu.” Enti Uria tenaa Yerusalem da no ne nʼadekyee. Na Dawid frɛɛ no adidi ne ɔnom aponto, na ɔmaa no nsa ma ɔbowee. Na ɛno mpo, Uria ankɔ fie ankohu ne yere. Ɔdaa ahemfi no kwan ano bio.

Dawid Hyehyɛ Uria Wu Ho

Ade kyee anɔpa no, Dawid kyerɛw krataa maa Uria sɛ ɔmfa nkɔma Yoab. Krataa no mu nsɛm kyerɛɛ Yoab se, “Ma Uria nkɔ akono baabi a ɔko no ano yɛ den pa ara. Wo de, san wʼakyi, sɛnea ɛbɛyɛ a, wobekum no.”

Enti Yoab maa Uria kogyinaa baabi a ɛbɛn kurow no fasu, a ɛhɔ na onim sɛ atamfo no mmarima a wɔyɛ den no reko. Ɛhɔ na wokum Hetini Uria ne Israel asraafo no bebree.

Na Yoab de ɔsa mu amanneɛ kɔbɔɔ Dawid. Ɔka kyerɛɛ nʼabɔfo no se, “Monka ɔsa mu nsɛm no nyinaa nkyerɛ ɔhene. Nanso ebia ne bo befuw, ama wabisa se, ‘Adɛn nti na asraafo no kɔbɛn kurow no pɛɛ saa? Na wonnim sɛ wɔbɛtow agyan afi afasu no mu? Ɔbeabasia antow awiyammo ammɔ Gideon babarima Abimelek wɔ Tebes ankum no?’ Afei, monka nkyerɛ no se, wɔakum Hetini Uria nso.”

Enti abɔfo no kɔɔ Yerusalem kɔbɔɔ ɔsa no mu amanneɛ kyerɛɛ Dawid sɛnea Yoab somaa no sɛ ɔnkɔka no. Abɔfo no ka kyerɛɛ Dawid se, “Mmarima no bu faa yɛn so, na wotiaa yɛn petee mu de, nanso yepiaa wɔn kɔɔ kurow no pon ano. Ɛhɔ na agyantowfo tow wʼasomfo fii ɔfasu ho, maa ɔhene mmarima no bi wuwui. Na wo somfo Hetini Uria nso awu.”

Dawid ka kyerɛɛ abɔfo no se, “Monka nkyerɛ Yoab se ɔmmma nʼaba mu mmu, na ɔko mu de obiara tumi wu. Monyere mo ho nko ɔkoden na munni kuropɔn no so nkonim.”

Bere a Batseba tee sɛ ne kunu awu no, osuu no. Na osu no akyi no, Dawid soma ma wɔkɔfaa no baa ne fi. Ɔbɛyɛɛ ne yere, na ɔwoo ɔbabarima. Na nea Dawid yɛe no ansɔ Awurade ani.

Read More of 2 Samuel 11

2 Samuel 12:1-31

Natan Ka Dawid Anim

Awurade somaa odiyifo Natan kɔɔ Dawid nkyɛn. Oduu hɔ no ɔkae se, “Na mmarima baanu bi te kurow bi so. Na mmarima no mu baako yɛ ɔdefo, na nea ɔka ho no nso yɛ ohiani. Na ɔdefo no wɔ nguan ne anantwi bebree, ohiani no de, na onni hwee ka oguan bere ketewa bi a ɔtɔɔ no no ho. Ɔyɛn no maa ɔne ɔno ankasa mma nyin bɔɔ mu. Na ɔne aboa no di nʼaduan, nom fi ne kuruwa mu, na nna mu nso, na daa ɔda nʼabasa so. Na ɔte sɛ ne babea.

“Da koro bi, ɔhɔho bi baa ɔdefo no nkyɛn, nanso wankum ne nguan anaa ne nantwi annoa aduan amfa ansom no hɔho. Na mmom, ɔkɔkyeree ohiani no guanbere no, de yɛɛ aduan maa ɔhɔho a wabɛsoɛ no no.”

Dawid tee asɛm no, ne bo fuw saa ɔbarima no yiye, na ɔka kyerɛɛ Natan se, “Mmere dodow a Awurade te ase yi, ɛfata sɛ ɔbarima a ɔyɛɛ saa no wu. Ɛsɛ sɛ otua oguan bere no ka mmɔ ho anan sɛ ɔyɛɛ bɔne saa a wannya ahummɔbɔ biara.”

Ɛhɔ ara, Natan ka kyerɛɛ Dawid se, “Wone saa ɔbarima no! Awurade, Israel Nyankopɔn, se, ‘Mesraa wo sɛ Israelhene, gyee wo fii Saulo tumi ase. Mede ne fi ne ne yerenom ne Israel ne Yuda ahemman maa wo. Na sɛ na ɛno nnɔɔso a, anka mɛma wo bebree aka ho. Adɛn nti na woabu Awurade asɛm animtiaa, na woayɛ bɔne a ɛte saa? Woakum Hetini Uria, awia ne yere. Efi nnɛ rekɔ, afoa na ɛbɛyɛ ahunahunade ama wo fifo, efisɛ woabu me animtiaa, afa Hetini Uria yere de no ayɛ wo yere.’

“Esiane nea woayɛ yi nti, me Awurade, mɛma wʼankasa fi mufo asɔre atia wo. Mede wo yerenom bɛma ɔbarima foforo, na ɔne wɔn bɛda ama obiara ahu. Woyɛɛ eyi wɔ kokoa mu, nanso mɛma nea ɛreba wo so no ada gua, ama Israel nyinaa ahu.”

Dawid Gye Ne Bɔne To Mu

Na Dawid ka kyerɛɛ Natan se, “Mayɛ bɔne atia Awurade.”

Natan buae se, “Awurade ayi wo bɔne no afi wo so. Worenwu. Nanso sɛ woama Awurade atamfo kwan sɛ wommu no animtiaa, ngu ne din ho fi nti, ɔba a wɔbɛwo no ama wo no bewu.”

Natan kɔɔ ne fi ara pɛ, Awurade maa abofra a Uria yere Batseba wo maa Dawid no yaree denneennen. Dawid srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma abofra no ntena ase. Ɔkyen ho kɔm, na ɔkɔɔ fi, na anadwo mu no nyinaa, furaa atweaatam, daa fam tim. Mpanyimfo a wɔwɔ ne fi srɛɛ no sɛ ɔnsɔre na ɔne wɔn nnidi, nanso wampene. Ne nnanson so, abofra no wui. Na Dawid afotufo no suro sɛ wɔbɛbɔ no amanneɛ sɛ abofra no awu, efisɛ na wɔn adwene ne se, “Bere a na abofra no te ase no, yɛkasa kyerɛɛ Dawid, nanso wantie yɛn. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aka akyerɛ no se abofra no awu? Anhwɛ a, ɔbɛyɛ ne ho biribi.”

Na Dawid huu sɛ nʼafotufo no reyɛ huhuhuhu no, ɔtee nka sɛ abofra no awu. Obisae se, “Abofra no awu ana?”

Wobuae se, “Yiw, wawu.”

Na Dawid sɔre fii fam hɔ. Afei, oguare wiee a ɔpetee ne ho aduhuam, na ɔsesaa ne ntade no, ɔkɔɔ Awurade fi kɔsɔree. Afei, ɔkɔɔ nʼankasa fi, na ɔno ankasa ka ma wɔbrɛɛ no aduan, na odidii.

Nʼafotufo no bisaa no se, “Nea woreyɛ yi, ase ne dɛn? Bere a abofra no te ase no, wudii mmuada, twaa agyaadwo. Na afei a wawu no mmom na woasɔre adidi!”

Obuae se, “Bere a na abofra no da so te ase no de, midii abuada, twaa agyaadwo. Medwenee sɛ, ‘Hena na onim? Ebia, Awurade behu me mmɔbɔ ama abofra no atena.’ Na afei a wawu yi, adɛn nti na ɛsɛ sɛ midi abuada? Metumi asan de no aba nkwa mu bio ana? Mɛkɔ ne nkyɛn da bi, na ɔno de, ɔrensan mma me nkyɛn ha da.”

Na Dawid kyekyeree ne yere Batseba werɛ, na ɔne no dae. Onyinsɛnee, woo ɔbabarima, na wɔtoo no din Salomo. Awurade pɛɛ abofra no asɛm, na ɔde asɛm faa odiyifo Natan so se, ɛsɛ sɛ abofra no din yɛ Yedidia, efisɛ na Awurade dɔ no.

Dawid Ko Fa Raba

Saa bere no, na Yoab ne Israel asraafo no ako afa Amon ahenkurow Raba no nnommum. Yoab somaa abɔfo kɔɔ Dawid nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no se, “Mako atia Raba, afa nea wonya wɔn nsu fi. Afei, fa asraafo a wɔaka no bra na wonwie adwuma no, sɛnea ɛbɛyɛ a, wubenya nkonimdi anuonyam no sen sɛ ɛbɛyɛ me de.”

Enti Dawid dii nʼakofo a wɔaka no anim kɔɔ Raba kɔfaa hɔ. Dawid tuu ɔhene no ahenkyɛw, na nnipa no de hyɛɛ Dawid. Wɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ahenkyɛw no a aboɔdenmmo bobɔ mu a, na ɛkari nsania ani kilogram aduasa anan. Dawid fow asade bebree wɔ kuropɔn no mu. Ɔsan faa nnipa a wɔwɔ Raba no sɛ nkoa, hyɛɛ wɔn, ma wɔde ɔwan, pinkase ne mmonnua yɛɛ adwuma wɔ ntayaa fononoo ho. Saa ara na ɔne nnipa a wɔwɔ Amon nkurow nyinaa so dii no. Na Dawid ne nʼakofo san kɔɔ Yerusalem.

Read More of 2 Samuel 12