2 Samuel 1:1-27, 2 Samuel 2:1-7 AKCB

2 Samuel 1:1-27

Dawid Te Saulo Wu

Saulo wu akyi no, Dawid san fii nkonim a odii Amalekfo so no mu bɛtenaa Siklag nnaanu. Ne nnansa so no, ɔbarima bi fi Saulo nsraban mu a watetew ne ntade mu, atu mfutuma agu ne ti mu, de rekyerɛ sɛ ɔretwa adwo bae. Oduu Dawid nkyɛn no, ɔdan ne ho hwee fam nidi mu.

Dawid bisaa no se, “Ɛhe na wufi?”

Obuae se, “Maguan afi Israel nsraban mu.”

Dawid bisaa no se, “Na ɛyɛɛ dɛn? Ɔko no kosii dɛn?”

Ɔkae se, “Mmarima no guan fii akono. Bebree totɔe. Na Saulo ne ne babarima Yonatan nso atotɔ.”

Enti Dawid bisaa aberante a ɔbɛbɔɔ no saa amanneɛ no se, “Ɛyɛɛ dɛn na wuhuu sɛ Saulo ne ne babarima Yonatan awuwu?”

Aberante no buae se, “Mikofii Gilboa bepɔw so, na mekɔtoo sɛ Saulo sɛn ne peaw so a atamfo no nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔsotefo mmɛn no ara. Ɔdan ne ho a ohuu me no, ɔteɛɛ mu frɛɛ me se memmra. Mibisaa no se, ‘Menyɛ dɛn?’

“Obisaa me se, ‘Wo ne hena?’

“Mibuaa no se, ‘Meyɛ Amalekni.’

“Na ɔsrɛɛ me se, ‘Begyina me so na kum me, na me ho yeraw me yiye, na mepɛ sɛ me wu.’

“Enti migyinaa ne so kum no, efisɛ na minim sɛ tebea a ɔwɔ mu no, ɔrennya nkwa. Na mituu nʼahenkyɛw a ɛhyɛ no no ne nʼabasa so atweaban no sɛ mede rebrɛ wo, me wura.”

Dawid ne ne mmarima no tee asɛm no, wɔde awerɛhow sunsuan wɔn ntade mu. Wotwaa ho agyaadwo, sui, bua daa da mu no nyinaa wɔ Saulo ne ne babarima Yonatan wu ne Awurade asraafo ne Israelman sɛ wɔn mu pii wuwuu saa da no.

Na Dawid bisaa aberante a ɔbɛbɔɔ wɔn saa amanneɛ no se, “Wufi he?”

Na obuae se, “Meyɛ ɔhɔho Amalekni a mete mo asase so.”

Dawid bisaa no se, “Na wunsuro sɛ wukum obi a Awurade asra no no?”

Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no mu baako se, “Kum no!” Enti ɔbarima no twee nʼafoa de wɔɔ Amalekni no, kum no. Na Dawid kae se, “Wʼano ayi mmusu ama wo ama woawu, efisɛ wo ara na wokae se woakum obi a Awurade asra no no.”

Dawid Dwom A Ɔhyehyɛ Maa Saulo Ne Yonatan

Na Dawid too kwadwom maa Saulo ne Yonatan. Na ɔhyɛɛ sɛ wɔnkyerɛ nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa to. Wɔtoo no din sɛ agyan dwom a wɔakyerɛw wɔ Yasar Nhoma mu.

“Wʼanuonyam ne wʼahosɛpɛw, Israel, awu da mmepɔw so!

Akofo akɛse atotɔ!

“Monnka asɛm yi wɔ Gat,1.20 Gat ne Askelon yɛ Filisti nkurow.

na Filistifo abɔ ose!

Monnka wɔ Askelon mmɔnten so,

na abosonsomfo anserew ahosɛpɛw mu.

“Gilboa mmepɔw,

mma obosu anaa osu ntɔ ngu wo so

anaa wo nsian so.

Efisɛ ɛhɔ na woguu ɔkofo kɛse no akokyɛm ho fi;

wɔremfa ngo nsra Saulo nkatabo ho bio.

“Saulo ne Yonatan kunkum wɔn atamfo ahoɔdenfo!

Wɔamfi akono amma no nsapan.

Ɔdɔ ne ahoɔfɛ bɛn

na na Saulo ne Yonatan nni,

wɔn mu antetew da, nkwa ne owu mu.

Na wɔn ho yɛ hare kyɛn akɔre;

na wɔn ho yɛ den kyɛn gyata.

“Israel mmabea,

munsu Saulo,

efisɛ ofuraa mo ntama pa,

hyehyɛɛ mo sikakɔkɔɔ agude.

“Akofo akɛse atotɔ akono.

Yonatan awu da mmepɔw no so.

Misu wo, me nua Yonatan!

Na wosom me bo yiye.

Na wo dɔ a wowɔ ma me no yɛ nwonwa;

emu dɔ sen ɔbea dɔ!

“Hwɛ sɛnea akofo akɛse atotɔ!

Ɔko mu akode ayerayera!”

Read More of 2 Samuel 1

2 Samuel 2:1-7

Dawid Di Yuda So Hene

Mmere no ara mu, Dawid bisaa Awurade se, “Mensan nkɔ Yuda ana?”

Awurade buaa no se, “Kɔ.”

Dawid bisaa no se, “Kurow bɛn na menkɔ so?”

Awurade buaa no se, “Hebron.”

Na Dawid yerenom ne Ahinoam a ofi Yesreel ne Abigail a ofi Karmel a na ɔyɛ Nabal yere no. Enti Dawid ne ne yerenom, ne ne mmarima ne wɔn fifo nyinaa tu kɔɔ Yuda, na wɔkɔtenaa Hebron ne ne nkurow so. Afei, Yuda ntuanofo kɔɔ Hebron, kɔsraa Dawid ngo sii no hene wɔ Yuda abusuakuw so.

Na bere a Dawid tee sɛ Yabes Gilead mmarima asie Saulo no, ɔsomaa abɔfo kosee wɔn se, “Awurade nhyira mo sɛ moayi nokware a ɛte saa adi, ama mo wura Saulo, na moasie no anuonyam so. Na afei, Awurade ne mo nni no yiye na ontua mo dɔ sononko yi so ka. Na me nso metua mo nea a moayɛ yi so ka. Afei a Saulo awu yi, mepɛ sɛ mobɛyɛ mʼasomfo nokwafo sɛ Yudafo a wɔasra me ngo sɛ minni wɔn so hene no.”

Read More of 2 Samuel 2