2 Ahemfo 21:1-26, 2 Ahemfo 22:1-20 AKCB

2 Ahemfo 21:1-26

Manase Di Yudahene

Bere a Manase dii hene no, na wadi mfe dumien, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduonum anum. Na ne na din de Hefsibah. Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, suasuaa abosonsomfo aman nneyɛe a ɛyɛ akyiwade a Awurade apam afi asase a ɛda Israel anim no so no. Ɔsan sisii abosonsomfo abosonnan a nʼagya Hesekia bubu gui no. Ɔyɛɛ afɔremuka pii maa Baal, na osii Asera dua, sɛnea Israelhene Ahab yɛe ara pɛ. Afei, ɔkotow sɔree wim atumfo. Na mpo, osisii abosom afɔremuka pii wɔ Awurade asɔredan mu; baabi a Awurade aka sɛ wɔnhyɛ ne din anuonyam no. Osisii saa afɔremuka no wɔ Awurade Asɔredan no adiwo abien hɔ, de maa wim nsoromma no. Na mpo, Manase de ɔno ankasa babarima bɔɔ afɔre wɔ ogya mu. Na ɔyɛ abayisɛm, kɔ abisa. Ɔkɔɔ samanfrɛfo hɔ ne asumanfo so. Ɔyɛɛ bɔne bebree Awurade ani so, ma ɛhyɛɛ no abufuw.

Manase faa Asera dua a wayɛ no de kosii asɔredan mu, beae koro no ara a Awurade ka kyerɛɛ Dawid ne ne babarima Salomo se, “Wɔbɛhyɛ me din anuonyam wɔ ha daa nyinaa wɔ saa asɔredan yi mu wɔ Yerusalem. Yerusalem yɛ kurow a mayi afi Israel mmusuakuw a aka no nyinaa mu. Na sɛ Israelfo betie mʼahyɛde a menam mʼakoa Mose so hyɛ maa wɔn no a, merentwa wɔn asu mfi asase yi a mede maa wɔn agyanom no so.” Nanso nnipa no antie. Manase dii wɔn anim ma wɔyɛɛ bɔne bebree a ɛsen abosonsom aman a Awurade sɛee no bere a Israelfo kɔɔ saa asase no so no mpo.

Awurade nam nʼasomfo a wɔyɛ nʼadiyifo so kae se, “Yudahene Manase ayɛ akyiwade bebree. Na mpo, ɔyɛ omumɔyɛfo sen Amorifo21.11 Din Amorini no yɛ amansan din ma nnipa a na wɔwɔ Kanaan so ansa na Israelfo redi wɔn so no. a wɔbɛtenaa asase yi so ansa na Israel reba no. Wadi Yudafo anim de wɔn akɔ ahonisom mu. Enti sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: Mede ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛto Yerusalem ne Yuda so ama aso a ɛbɛte saa nsɛm no mu ayɛ no yonn. Mɛfa ɔkwan a menam so buu Samaria ne Ahab abusua atɛn no so abu Yerusalem atɛn. Mɛpepa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, te sɛnea obi hohoro asanka mu, na ɔdan butuw no. Na mpo, mɛpo me nkurɔfo kakra a wɔaka no, na mede wɔn bɛma wɔn atamfo sɛ asade. Efisɛ wɔayɛ bɔne kɛse wɔ mʼanim, nam so ahyɛ me abufuw, fi bere a wɔn agyanom fii Misraim no.”

Manase kunkum nnipa a wɔnyɛɛ bɔne nso bebree kosii sɛ, mogya a edi bem hyɛɛ Yerusalem ma, fi ti kosi ti. Eyi ka bɔne a ɔmaa Yudafo no yɛ de wɔn kɔɔ bɔne a wɔyɛɛ no Awurade ani so no ho.

Manase ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa ne bɔne a ɔyɛe no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? Manase wui no, wosiee no wɔ ahemfi no turo a na ɛyɛ Usa dea no mu. Na ne babarima Amon na odii nʼade sɛ ɔhene.

Amon Di Ade Wɔ Yuda

Amon dii hene no, na wadi mfe aduonu abien. Odii hene wɔ Yerusalem mfe abien. Na wɔfrɛ ne na Mesulemet a na ɔyɛ Harus a ofi Yolba no babea. Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagya Manase yɛe no ara pɛ. Ɔfaa nʼagya nhwɛso so, som ahoni koro no ara a na nʼagya som wɔn no. Ogyaw Awurade, nʼagyanom Nyankopɔn no na wampɛ sɛ ɔbɛfa Awurade akwan so.

Na Amon no ankasa asomfo bɔɔ ne ho pɔw, kum no wɔ nʼahemfi. Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kunkum nnipa a wɔbɔɔ ɔhene Amon ho pɔw no, na wɔde ne babarima Yosia dii ade sɛ ɔhene.

Amon ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii no nyinaa, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? Wosiee no wɔ ne boda a ɛwɔ Usa turo mu hɔ no mu. Na ne babarima Yosia dii ade sɛ ɔhene.

Read More of 2 Ahemfo 21

2 Ahemfo 22:1-20

Yosia Di Yudahene

Bere a Yosia dii hene wɔ Yuda no, na wadi mfirihyia awotwe, na odii ade wɔ Yerusalem mfe aduasa baako. Na ne na din de Yedida a ɔyɛ Adaia a ofi Boskat no babea. Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, yɛɛ nea ne tete agya Dawid yɛe no bi. Wamfi adetreneeyɛ ho.

Ɔhene Yosia dii mfirihyia dunwɔtwe wɔ nʼahenni mu no, ɔsomaa Asalia babarima Safan, asennii kyerɛwfo Mesulam nena, kɔɔ Awurade Asɔredan mu. Ɔka kyerɛɛ no se, “Kɔ ɔsɔfopanyin Hilkia nkyɛn, na ma ɔnkan sika a aponanohwɛfo no agyigye afi nnipa no nkyɛn wɔ Awurade Asɔredan mu no. Fa saa sika yi hyɛ nnipa a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ asɔredan no ho asiesie no nsa. Na wɔde atua adwumayɛfo a wobesiesie Awurade Asɔredan no ho ka. Ɛho behia sɛ wɔbɛfa nnua adwumfo, adansifo ne abohyehyɛfo. Afei, ma wɔntɔ nnua ne abo a wɔatwa a wɔde besiesie asɔredan no. Nanso ɛho nhia sɛ adansi no sohwɛfo bebu sika a wɔn nsa bɛka no ho akontaa, efisɛ wɔyɛ nokwafo.”

Helkia Kohuu Onyankopɔn Mmara No

Ɔsɔfopanyin Hilkia ka kyerɛɛ asennii kyerɛwfo Safan se, “Mahu Mmara Nhoma no wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.” Na Hilkia de nhoma mmobɔwee no maa Safan, na ɔkenkanee. Safan san kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔkae se, “Wo mpanyimfo no de sika a wogyigyee wɔ Awurade asɔredan no mu no ahyɛ adwumayɛfo no ne sohwɛfo a wɔwɔ asɔredan no ho no nsa.” Safan san ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ɔsɔfo Hilkia de nhoma mmobɔwee bi ama me.” Na Safan kenkan kyerɛɛ ɔhene no.

Bere a ɔhene no tee nsɛm a ɛwɔ Awurade Mmara Nhoma no mu no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu. Na ɔhyɛɛ ɔsɔfo Hilkia, Safan babarima Ahikam ne Mikaia babarima Akbor ne asennii kyerɛwfo Safan ne ɔhene fotufo Asaia se, “Monkɔ asɔredan no mu, na monkɔkasa nkyerɛ Awurade mma me, mma nnipa no ne Yuda nyinaa. Mummisa no nsɛm a wɔakyerɛw agu nhoma mmobɔwee no a wahu no ho asɛm. Awurade abufuwhyew aba yɛn so, efisɛ yɛn agyanom anni nhoma yi mu nsɛm so. Ɛnyɛ nea nhoma yi ka sɛ yɛnyɛ no na yɛyɛ.”

Enti ɔsɔfo Hilkia, Ahikam, Akbor, Safan ne Asaia kɔɔ Yerusalem Fa Foforo Misne kohuu odiyifo Hulda. Na ɔyɛ Tikwa babarima Salum yere, a na ɔyɛ Harhas a ɔhwɛ ntade adaka a ɛwɔ asɔredan mu so no nso nena. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade, Israel Nyankopɔn akasa. Monkɔka nkyerɛ onipa a ɔsomaa mo no se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Mɛsɛe kuropɔn yi ne mu nnipa, sɛnea makyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee a mokenkan no mu no. Efisɛ me nkurɔfo agyaw me, na wɔsom anyame huhuw, na biribiara a wɔayɛ no, ahyɛ me abufuw. Mʼabufuwhyew redɛw wɔ ha, na ɛrennum.’ Na monkɔ Yudahene a ɔsomaa mo sɛ monkɔhwehwɛ Awurade no nkyɛn, na monka nkyerɛ no se, Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka fa asɛm a motee mprempren no ho. Wotee asɛm a meka de tiaa kuropɔn no ne emu nnipa no sɛ, wɔbɛdome saa asase yi na ada mpan no, ɛyɛɛ wo yaw, ma wobrɛɛ wo ho ase Awurade anim. Wode ahometew sunsuan wo ntade mu, suu wɔ mʼanim ahonu mu. Enti nokware, Awurade se, ‘mate wo sufrɛ. Amanehunu a mehyɛɛ ho bɔ de tiaa kuropɔn yi no bɛba wo wu ne wusie akyi. Worenhu amane a mede bɛba kuropɔn yi so no.’ ”

Enti wɔsan de ne nkra no kɔmaa ɔhene no.

Read More of 2 Ahemfo 22