2 Ahemfo 12:1-21, 2 Ahemfo 13:1-25, 2 Ahemfo 14:1-22 AKCB

2 Ahemfo 12:1-21

Yoas Siesie Asɔredan No

Ɔhene Yehu adedi wɔ Israel no mfe ason so, na Yoas12.1 Ɔno ara na wɔfrɛ no Yehoas wɔ Hebri kasa mu nso dii ade wɔ Yuda. Odii ade wɔ Yerusalem mfe aduanan. Na ne na Sibia fi Beer-Seba. Yoas asetena mu nyinaa, ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, efisɛ na ɔsɔfo Yehoiada kyerɛkyerɛ no. Nanso wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam wɔ hɔ no.

Da bi, ɔhene Yoas ka kyerɛɛ asɔfo no se, “Mommoaboa sika a wɔde ba Awurade asɔredan mu sɛ afɔrebɔde kronkron no, sɛ ɛyɛ daa daa towtua, aboade anaa akyɛde a efi ɔpɛ mu no. Momma asɔfo no mfa sika no bi nkotua asɔredan no asiesie ho ka biara.” Nanso ɔhene Yoas dii ade mfe aduonu abiɛsa no, na asɔfo no nsiesie Asɔredan no. Enti ɔhene Yoas12.7 Saa bere no na Yoas adi mfe aduasa. soma kɔfrɛɛ Yehoiada ne asɔfo a wɔaka no, bisaa wɔn se, “Adɛn nti na munsiesiee asɔredan no? Mommfa akyɛde no nhyɛ mo ho bio. Efi nnɛ rekɔ, ɛsɛ sɛ mode ne nyinaa siesie asɔredan no.” Enti asɔfo no penee so sɛ wɔrennyigye sika mfi nnipa no nkyɛn bio. Wɔpenee so nso sɛ, wɔn ankasa rensiesie Asɔredan no.

Na ɔsɔfo Yehoiada tuu tokuru wɔ adaka kɛse bi atifi, de sii afɔremuka no nifa so wɔ Awurade Asɔredan no kwan ano. Asɔfo a wɔwɛn ɔkwan no ano no de nnipa no ntoboa nyinaa guu adaka no mu. Bere biara a adaka no bɛyɛ ma no, asɔre kyerɛwfo ne ɔsɔfopanyin no kan sika a wɔde aba Awurade Asɔredan no mu no nyinaa, de gu nkotoku mu. Afei, wɔde sika no ma dwumadi sohwɛfo no ma wɔde tua nnipa a wɔyɛ Awurade Asɔredan no ka—nnua adwumfo, adansifo, abohyehyɛfo ne abotwafo. Wɔde sika no bi nso tɔ nnua ne abo a wɔatwa, a wɔde besiesie Awurade asɔredan no. Na ka biara a ɛba Asɔredan no asiesie ho no, wotua.

Na wɔamfa sika a wɔde bɛba Asɔredan mu hɔ no anyɛ dwetɛ nkuruwa, akanea adabaw, nkankyee akɛse, ntorobɛnto anaa nneɛma a wɔde sikakɔkɔɔ anaa dwetɛ yɛ ma Awurade Asɔredan no. Na wɔde tuaa adwumayɛfo no ka, ma wɔde siesiee asɔredan no. Na adwuma no hwɛfo akontaabu biara ho anhia, efisɛ na wɔyɛ adwumayɛfo nokwafo. Nanso afɔdi ne bɔneyɛ ho afɔrebɔde no de, na wɔmfa nkɔ Awurade Asɔredan mu hɔ. Na wɔde ma asɔfo no sɛ wɔn kyɛfa.

Yoas Ahenni Awiei

Saa bere no ntam ara na Aramhene Hasael kɔko tiaa Gat, na ɔfaa ɔman no. Afei, ɔdan ne ho kɔtow hyɛɛ Yerusalem so. Ɔhene Yoas boaboaa akronkronne a Yehosafat, Yehoram ne Ahasia a na wɔyɛ Yuda ahemfo a wɔatwa mu no ato din ama Awurade ne nea ɔno ankasa nso ato din ama Awurade no nyinaa ano. Ɔde ne nyinaa a sikakɔkɔɔ a ɛwɔ akorae a ɛwɔ Awurade asɔredan mu hɔ ne ahemfi no kaa ho no kɔmaa Aramhene Hasael. Enti ɛmaa Hasael twee ɔsa a anka ɔretu wɔ Yerusalem so no sanee.

Nsɛm a esisii wɔ Yoas ahenni mu ne nea ɔyɛe no nyinaa, wɔankyerɛw wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? Nanso ne mpanyimfo pam ne ti so, kum no wɔ Bet-Milo kwan a ɛkɔ Sila no so. Awudifo no yɛ Simeat babarima Yosabad ne Somer babarima Yehosabad a na wɔn nyinaa yɛ afotufo nokwafo. Wosiee Yoas wɔ nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Amasia na odii nʼade sɛ ɔhene foforo.

Read More of 2 Ahemfo 12

2 Ahemfo 13:1-25

Yehoahas Di Israelhene

Bere a Yehu babarima Yehoahas fii ase dii hene wɔ Israel no, na ɔhene Yoas nso adi ade mfe aduonu abiɛsa wɔ Yuda. Odii ade mfe dunson wɔ Samaria. Nanso ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Odii Nebat babarima Yeroboam nhwɛso akyi, toaa ahonisom a odii Israelfo no anim yɛe no so. Enti Awurade bo fuw Israelfo, na ɔmaa ɔhene Hasael a ofi Aram ne ne babarima Ben-Hadad kwan ma wodii wɔn so mfe bebree.

Na Yehoahas bɔɔ Awurade mpae, srɛɛ ne mmoa. Awurade tiee ne mpaebɔ. Na Awurade huu nhyɛsotraso a Aramhene de maa Israelfo no. Awurade yii ogyefo bi ma obegyee Israelfo no fii Aramfo nhyɛsotraso no ase. Na Israelfo no tenaa ase ahotɔ mu bio, sɛnea na wɔte kan no. Nanso wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne, wodii Yeroboam nhwɛsobɔne no akyi. Na mpo, wosii Asera dua wɔ Samaria.

Na Yehoahas asraafo no so atew abɛyɛ apɔnkɔsotefo aduonum, nteaseɛnam du ne anammɔnmufo asraafo mpem du. Na Aramhene akunkum nkae no ayɛ wɔn sɛ awiporowbere mfutuma wɔ ne nan ase.

Yehoahas ahenni mu nneɛma a esisii, dwuma a odii ne nea ne tumidi kɔpem nyinaa, wɔankyerɛw wɔ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? Bere a Yehoahas wui no, wosiee no wɔ Samaria wɔ ne mpanyimfo nkyɛn. Na ne babarima Yehoas13.9 Oyi dii ade wɔ Israel na ne din wɔ Hebri kasa mu ne Yoas dii nʼade sɛ ɔhene.

Yehoas Di Israelhene

Yehoahas babarima Yehoas fii ase dii Israel so wɔ bere a na ɔhene Yoas adi ade wɔ Yuda ne mfe aduasa ason so. Odii ade wɔ Samaria mfe dunsia. Na ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Wantwe ne ho amfi abosonsom a Nebat babarima Yeroboam dii Israel anim ma wɔyɛɛ no ho. Yehoas dwuma a odii no nkae wɔ nʼahenni mu ne ne mmaninyɛ nyinaa ne ne tumi a na ɔwɔ no ne ɔko a ɔne Yudahene Amasia koe no, wɔankyerɛw wɔ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? Bere a Yehoas wui no, wosiee no wɔ Samaria wɔ ne mpanyimfo nkyɛn. Na ne babarima Yeroboam a ɔto so abien dii nʼade sɛ ɔhene.

Elisa Nkɔmhyɛ A Etwa To

Bere a owuyare bɔɔ Elisa no, Israelhene Yehoas kɔsraa no, na osuu no se, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafo!”

Elisa ka kyerɛɛ no se, “Hwehwɛ tadua ne bɛmma.” Na ɔhene no yɛɛ nea ɔkae no. Na Elisa ka kyerɛɛ Israelhene no se ɔmfa ne nsa nto tadua no so. Na Elisa de ɔno ankasa ne nsa too ɔhene no nsa so.

Afei, ɔhyɛe se, “Bue mfɛnsere a ɛkyerɛ apuei fam no.” Na obuei. Na ɔkae se, “Tow!” Na ɔtowee.

Na Elisa kae se, “Eyi ne Awurade agyan a ɛyɛ Aram so nkonimdi, efisɛ wubedi Aramfo so pasaa wɔ Afek. Afei, tase bɛmma a aka no na totow wowɔ fam.” Enti ɔhene no tasee, na ɔtotow wowɔɔ fam mprɛnsa. Nanso Onyankopɔn nipa no bo fuw no, kae se, “Anka ɛsɛ sɛ wototow sisi fam mpɛn anum anaa asia. Ɛno ansa a na anka wubedi Aram so, kosi sɛ wobɛtɔre wɔn ase. Enti wubedi nkonim mprɛnsa.”

Elisa wui, na wosiee no. Na Moabfo afowfo kɔfom asase no so nneɛma afe biara. Bere bi a Israelfo resie obi no, wohuu afowfo bi. Ɛno nti, wɔyɛɛ no ntɛm tow amu no kyenee Elisa ɔboda mu. Amu no kɔkaa Elisa nnompe ara pɛ na owufo no nyanee, huruw gyinaa ne nʼanan so!

Na Aramhene Hasael hyɛɛ Israelfo so bere a Ɔhene Yehoahas dii ade no nyinaa. Nanso Awurade huu Israelfo mmɔbɔ nti, wɔn ase antɔre. Esiane apam a na ɔne Abraham, Isak ne Yakob ayɛ no nti, ohuu wɔn mmɔbɔ. Na ebesi nnɛ, ɔmpɛɛ sɛ ɔbɛtɔre wɔn ase, anaa ɔbɛpam wɔn afi nʼanim.

Afei, Aramhene Hasael wui, na ne babarima Ben-Hadad bedii nʼade sɛ ɔhene. Na Yehoahas babarima Yehoas san kogyee nkurow a Hasael gyigye fii nʼagya Yehoahas nsam no. Yehoas dii Ben-Hadad so nkonim mprɛnsa, nam so gyigyee Israel nkurow no.

Read More of 2 Ahemfo 13

2 Ahemfo 14:1-22

Amasia Di Hene Wɔ Yuda

Bere a Yoas babarima Amasia fii ase dii ade wɔ Yuda no, na ɔhene Yehoas adi ade wɔ Israel mfe abien. Amasia dii ade no, na wadi mfe aduonu anum, na odii ade wɔ Yerusalem mfe aduonu akron. Na wɔfrɛ ne na se Yehoadin a ofi Yerusalem. Ɔyɛɛ nea ɛteɛ wɔ Awurade ani so, nanso anto nea nʼagya Dawid yɛe. Ɔhwɛɛ nʼagya Yoas nhwɛso so. Nanso, wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam wɔ hɔ no.

Bere a Amasia tim wɔ nʼahenni mu yiye no, okunkum mmarima a wokum nʼagya a na ɔyɛ ɔhene no. Nanso wɔn a wokunkum wɔn no mma de, wankum wɔn, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose Mmara Nhoma no mu no, ne sɛnea Awurade ahyɛ no sɛ: Wonnkunkum agyanom, wɔn mma bɔne nti; na wonnkunkum mma, agyanom bɔne nti. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara wu wɔ ne bɔne ho.

Amasia na okunkum Edomfo mpem du wɔ Nkyene Bon no mu no. Ɔno ara nso na odii Sela14.7 Sela Griik din ne Petra—Idumea kuropɔn. so nkonim, na ɔtoo hɔ din Yokteel, din a wɔde frɛ hɔ de besi nnɛ no.

Da bi, Amasia ka sii Israelhene a ɔyɛ Yehoahas babarima ne Yehu nena anim se, “Behyia me ma yɛnko.”

Na Israelhene Yoas buaa Yudahene Amasia se, “Nsɔe a ɛwɔ Lebanon mmepɔw so somaa abɔfo kɔɔ dutan sida nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, ‘Fa wo babea ma me babarima aware.’ Ɛhɔ ara na aboa bi fi wuram betiatiaa nsɔe no so sɛee no. Nokware, woadi Edom so nkonim, ama woayɛ ahantan. Ma wʼani nsɔ wo nkonimdi no, na tena wo fi. Adɛn nti na wopere wo ho kɔ ɔhaw a ɛde amanehunu bɛba wo ne Yudafo nyinaa so yi?”

Na Amasia antie nti, Israelhene Yoas boaboaa nʼakofo ano ne no kɔkoe. Asraafo dɔm abien no hyiaa mu koe wɔ Bet-Semes a ɛwɔ Yuda. Israel asraafo dii Yuda so nkonim, maa Yuda asraafo no bɔ hwetee, guan kɔɔ wɔn kurom. Israelhene Yoas kyeree Yudahene, Yoas babarima Ahasia babarima Amasia wɔ Bet-Semes. Na Yoas bɔɔ nsra kɔɔ Yerusalem. Afei ɔhyɛɛ nʼakofo no ma wodwiriw Yerusalem fasu no, fi Efraim Pon no de kosii Twɔtwɔw so Pon no, a ne tenten bɛyɛ sɛ anammɔn ahansia no. Ɔfaa sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne nnwinne nyinaa fii Awurade asɔredan mu ne ahemfi adekoradan mu hɔ. Ɔfaa nnipa no nnommum, na ɔsan kɔɔ Samaria.

Yoas ahenni mu nsɛm nkae ne nea ne tumi kosii ne ako a ɔne Yudahene Amasia dii no nyinaa, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? Bere a Yoas wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Samaria. Na ne babarima Yeroboam a ɔto so abien na odii nʼade sɛ ɔhene.

Israelhene Yoas, Yehoahas babarima wu akyi no, Yudahene Amasia tenaa ase mfe dunum. Amasia ahenni mu nsɛm nkae no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? Wɔpam Amasia ti so wɔ Yerusalem nti, oguan kɔɔ Lakis. Nanso, nʼatamfo no somaa awudifo, ma wotiw no, kokum no wɔ hɔ. Wɔsan de no too ɔpɔnkɔ so, baa Yerusalem, na wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurom.

Yudafo sii Amasia babarima Asaria a na wadi mfe dunsia no hene. Nʼagya wu akyi no, Asaria san kyekyeree Elat kurow, dan maa Yuda.

Read More of 2 Ahemfo 14