2 Korintofo 3:7-18 AKCB

2 Korintofo 3:7-18

Kristo Anuonyam Foforo

Mmara a ɛde owu bae no, na wɔakyerɛw no ɔbo pon so, nanso anuonyam a na ekura no nti nnipa no antumi anhwɛ Mose anim. Mose anuonyam hyerɛnee nanso saa anuonyam no dumii. Enti apam a Honhom no de ba no rennya anuonyam mmoroso ana? Sɛ mmara a ɛde owu ba no wɔ anuonyam a, ɛno de nea ɛma yɛteɛ wɔ Onyankopɔn anim no rennya anuonyam a ɛboro so ana? Nokware mu, Apam Foforo no anuonyam mmoroso nti, mmara a ɛde owu ba no anuonyam ayera. Na sɛ anuonyam wɔ biribi a ɛnkyɛ mu a, ade a ɛwɔ hɔ daa no anuonyam bɛyɛ nea ɛso yiye.

Esiane sɛ yɛwɔ saa anidaso yi nti, yɛwɔ akokoduru. Yɛnte sɛ Mose a ɔde nkataanim kataa nʼanim sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo no renhu nea ɛretwa mu no awiei. Nanso ntease a wɔannya no nti besi nnɛ yi, sɛ wɔkenkan Apam Dedaw nhoma no a, saa nkataanim no da so kata wɔn adwene so. Ansa na nkataanim no befi hɔ no, gye sɛ wogye Kristo di. Nnɛ yi mpo, bere biara a wɔbɛkenkan Mose mmara no, nkataanim no da so kata wɔn koma so. Nanso sɛ obi gye Awurade di a woyi nkataanim no fi hɔ. Na Awurade ne Honhom no, na baabiara a Awurade Honhom wɔ no ahotɔ wɔ hɔ. Yɛn a nkataanim biara nkata yɛn anim no, Awurade anuonyam hyerɛn wɔ yɛn anim, na Awurade Honhom no sakra yɛn kɔ nʼanuonyam mu.

Read More of 2 Korintofo 3