2 Korintofo 1:23, 2 Korintofo 2:1-11 AKCB

2 Korintofo 1:23

Mefrɛ Onyankopɔn sɛ mʼadanse. Onim me koma mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya kwan agye mo ahome nti na mankɔ Korinto no.

Read More of 2 Korintofo 1

2 Korintofo 2:1-11

Enti meyɛɛ mʼadwene sɛ meremma mo nkyɛn bio mmɛhyɛ mo awerɛhow. Sɛ mebɛhyɛ mo awerɛhow a hena na ɔbɛkyekyere me werɛ? Me ara a mahyɛ mo awerɛhow no ana? Ɛno nti na mekyerɛw saa krataa no brɛɛ mo. Na mempɛ sɛ meba mo nnipa koro no ara a mubegye mʼani no nkyɛn abɛhyɛ mo awerɛhow. Minim yiye sɛ, sɛ me ho tɔ me a, mo nso mo ho bɛtɔ mo. Mede amanehunu, awerɛhow ne nusu na ɛrekyerɛw mo saa krataa yi. Mankyerɛw mammɛhyɛ mo awerɛhow, na mmom, mekyerɛw de bɛkyerɛɛ ɔdɔ a medɔ mo nyinaa.

Bɔne Fafiri

Sɛ obi ahyɛ afoforo awerɛhow a, ɛnyɛ me na wahyɛ me saa awerɛhow no, na mo anaasɛ mo mu bi na wahyɛ no saa awerɛhow no. Mempɛ sɛ me nsa yɛ den wɔ saa onipa no so. Aso a dodow no ara atwe no no dɔɔso ma no. Ɛsɛ sɛ mode kyɛ no na mokyekye ne werɛ sɛnea ɛbɛyɛ a awerɛhow renhyɛ ne so. Mesrɛ mo, momma onhu sɛ mopɛ nʼasɛm pa ara.

Hena Na Oye Ma Saa Dwumadi Yi?

Nea enti a mekyerɛw mo krataa no ne sɛ: Mepɛ sɛ mihu sɛ moatumi agyina sɔhwɛ no ano pintinn na nsɛm a meka kyerɛ mo no nso, mudi so ana. Sɛ obi yɛ bɔne bi na mode kyɛ no a, me nso mede kyɛ no. Sɛ ɛho hia sɛ mede bɛkyɛ na mede kyɛ a, ɛsɛ sɛ mede biribiara kyɛ. Na mo nti na meyɛ saa wɔ Kristo anim sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔbonsam rennya yɛn ho kwan, efisɛ yenim ne nsusuwii.

Read More of 2 Korintofo 2