2 Korintofo 1:12-22 AKCB

2 Korintofo 1:12-22

Paulo Sesa Ne Nhyehyɛe

Yɛhoahoa yɛn ho sɛ yɛn ahonim mmu yɛn fɔ, yɛatena ase nokwaredi mu, ne titiriw ne bere a yɛwɔ mo nkyɛn no. Ɛnyɛ wiase nyansa na ɛkyerɛ yɛn kwan. Mmom, yɛn akwankyerɛ fi Onyankopɔn adom no mu. Nsɛm a mubetumi akenkan ate ase nko na yɛkyerɛw de brɛ mo. Mewɔ anidaso sɛ mobɛte biribiara a monte ase yiye no ase daakye sɛnea ɛbɛyɛ a da a Awurade Yesu bɛba no, mode yɛn bɛhoahoa mo ho na yɛn nso yɛde mo ahoahoa yɛn ho.

Na minim sɛ saa asɛm yi bɛba mu. Ɛno nti na mehyehyɛɛ sɛ mɛba abɛsra mo na moanya nhyira mprenu. Meyɛɛ mʼadwene sɛ, sɛ merekɔ Makedonia a mɛba mo nkyɛn, na meresan nso a, mafa mo nkyɛn ansa na makɔ Yudea. Modwene sɛ mantumi ansi mʼadwene pi wɔ nea ɛsɛ sɛ meyɛ hoa ana? Anaasɛ mete sɛ obi a ɔka se “Yiw” anaa “Dabi” sɛnea ɛbɛsɔ afoforo ani?

Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo. Enti sɛ meka se yɛn mmuae yɛ “Yiw” bere biara a ɛyɛ “Yiw”, ɛnyɛ “Dabi” da. Efisɛ Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no a me Paulo, Silas ne Timoteo kaa ne ho asɛm kyerɛɛ mo no nsesa. Ɔnka “Yiw” ne “Dabi” da. Bere biara odi nʼasɛm so. Ɔno mu na Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa awie pɛyɛ. Eyi nti yɛnam Yesu Kristo so ka “Amen” de hyɛ Onyankopɔn anuonyam. Afei Onyankopɔn no ankasa na ɔma yɛne mo tumi gyina pintinn wɔ Kristo mu. Ɔno na ɔsraa yɛn faa yɛn sɛ ne de, na ɔde ne Honhom Kronkron no hyɛɛ yɛn koma mu de sii nea ɔwɔ ma yɛn nyinaa so dua.

Read More of 2 Korintofo 1