2 Beresosɛm 7:11-22, 2 Beresosɛm 8:1-18, 2 Beresosɛm 9:1-31 AKCB

2 Beresosɛm 7:11-22

Onyankopɔn Mmuae

Na Salomo wiee Awurade Asɔredan no ne ahemfi no si. Owiee biribiara a ɔhyehyɛ too hɔ sɛ ɔbɛyɛ no. Afei, da bi anadwo, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo, na ɔka kyerɛɛ no se,

“Mate wo mpaebɔ, na mayi saa Asɔredan yi sɛ baabi a wɔmmɔ afɔre.

“Ɛtɔ da a, ebia mɛto ɔsorosoro mu, enti osu rentɔ, anaa ebia mɛma mmoadabi abɛsɛe mo nnɔbae anaa ebia mɛma ɔyaredɔm aba mo so. Na sɛ me nkurɔfo a wɔde me din frɛ wɔn no bɛbrɛ wɔn ho ase, abɔ mpae, ahwehwɛ me, na wɔadan afi wɔn amumɔyɛsɛm ho a, mɛte wɔ ɔsoro, na mede wɔn bɔne akyɛ wɔn, asa wɔn asase yare. Mpae biara a wɔbɛbɔ wɔ ha no, metie, efisɛ mayi saa Asɔredan yi asi hɔ sɛ me fi daa daa. Mʼaniwa ne me koma bɛtena ha daa.

“Na wo de, sɛ wudi mʼakyi sɛnea wʼagya Dawid yɛe, na wutie mʼahyɛde, di me mmara nyinaa so a, meremma obiara mfa wʼahengua nkɔ. Saa bɔ koro yi ara na mehyɛɛ wʼagya Dawid bere a mekaa se, ‘Meremma onipa a obedi Israel so hene mmɔ no no.’

“Nanso, sɛ wugyaw me, na wubu mmara ne mʼahyɛde a mede ama mo no so, na wokɔsom anyame foforo a, ɛno de, metutu Israelfo ase afi mʼasase a mede ama wɔn yi so. Mɛpo saa Asɔredan a mayi asi hɔ a mede hyɛ me din anuonyam no. Mɛyɛ no ahohorade ama aman nyinaa ahu. Ɛwɔ mu, saa asɔredan yi yɛ fɛ de, nanso ɛbɛyɛ atantanne ama wɔn a wotwa mu wɔ ho no. Wobebisa se, ‘Adɛn nti na Awurade ama nneɛma a ɛyɛ hu sɛɛ aba nʼasase ne nʼAsɔredan yi so?’ Na mmuae bɛyɛ sɛ, ‘Efisɛ ne nkurɔfo poo Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim, kɔsom anyame foforo. Ɛno nti, na ɔmaa saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so.’ ”

Read More of 2 Beresosɛm 7

2 Beresosɛm 8:1-18

Nneɛma Afoforo Bi A Salomo Yɛe

Salomo dii hene no, ne mfe aduonu so na owiee Awurade Asɔredansi dwumadi kɛse ne nʼankasa ahemfi no si. Afei, Salomo de nʼadwene kɔɔ nkurow a ɔhene Huram de ama no no so. Osiesiee nkurow no, na ɔmaa Israelfo no kɔtenatenaa mu. Saa bere no ara mu nso na Salomo ko tiaa kurow Hamat-Soba, dii so nkonim. Ɔkyekyeree Tadmor bio wɔ sare so, na ɔkyekyeree nkurow wɔ Hamat mantam mu a ɛhɔ na na wɔkora nneɛma. Ɔbɔɔ nkuropɔn a na ɛwɔ atifi Bet-Horon ne anafo Bet-Horon no ho ban. Ɔsan too wɔn afasu no, de apon a wɔbram akyi totoo ano. Saa ara na ɔsan kyekyeree Baalat ne mmeaemmeae a wɔkora nneɛma wɔ hɔ, san kyekyeree nkuropɔn a wɔbɛkora ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔ wɔ hɔ. Ɔkyekyeree mmeaemmeae bi wɔ Yerusalem ne Lebanon ne ahemman no nyinaa mu maa ne koma tɔɔ ne yam.

Ebesi saa bere no, na nnipa bi tete asase no so a wɔnyɛ Israelfo. Na saa nnipa no yɛ Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo. Eyinom yɛ aman a Israel ntɔre wɔn ase korakora no asefo. Ɛno nti, Salomo hyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma maa no. Na ebesi nnɛ, wɔsom sɛ apaafo. Nanso Salomo anhyɛ Israelni biara amma wanyɛ adwuma sɛ ɔpaani. Mmom, ɔmaa ebinom kɔyɛɛ asraafo, mpanyimfo wɔ nʼakofo so ne ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔkafo so asahene. Ɔhene Salomo yii wɔn mu ahannu aduonum ma wɔkɔhwɛɛ ne nkɔsodwuma so.

Salomo yii ne yere a ɔyɛ Farao babea fii Dawid kurow mu, de no kɔɔ ahemfi foforo a wasi ama no no mu. Ɔkae se, “Ɛnsɛ sɛ me yere tena Ɔhene Dawid ahemfi, efisɛ na Awurade Apam Adaka no si hɔ, enti ɛhɔ yɛ asase kronkron.”

Na Salomo bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka a wasi wɔ Asɔredan no ntwironoo no anim no so, maa Awurade. Da biara, wɔbɔɔ afɔre sɛnea Mose de maa wɔn no. Afahyɛ ahorow a wodii no bi ne Homeda, Ɔsram Foforo Da, ne mfirihyia abiɛsa biara afahyɛ no mu a, ɛyɛ Twam Afahyɛ, Otwabere Afahyɛ ne Asese Afahyɛ. Salomo de asɔfo no nnwuma rehyɛ wɔn nsa no, ɔfaa nʼagya Dawid akwankyerɛ so. Saa ara na ɔmaa Lewifo no dii ɔmanfo no anim too ayeyi nnwom, na wɔboaa asɔfo no wɔ wɔn daa daa nnwuma mu. Ɔde apon ano ahwɛfo akuwakuw no sisii wɔn apon ano sɛnea Dawid, Onyankopɔn nipa no kyerɛɛ wɔn no. Salomo amman amfi akwankyerɛ a Dawid mae a ɛfa asɔfo, Lewifo ne sikakorabea ho.

Na Salomo hwɛɛ biribiara a ɛfa Awurade Asɔredan no si so fi da a wotwaa ne fapem, kosi da a wɔde wiee si no.

Akyiri no, Salomo kɔɔ Esion-Geber ne Elot a ɛyɛ ahyɛngyinabea a ɛwɔ Edom asase a ɛda Po Kɔkɔɔ mpoano hɔ no. Huram brɛɛ no ahyɛn a ɔno ankasa mpanyimfo hwɛ so; na emu adwumayɛfo no nim adwuma yiye. Salomo nkurɔfo ne saa ahyɛn yi kɔɔ Ofir asase so, na wɔde sikakɔkɔɔ a na ɛkari bɛyɛ tɔn dunson brɛɛ Salomo.

Read More of 2 Beresosɛm 8

2 Beresosɛm 9:1-31

Seba Hemmea Nsrahwɛ

Bere a Seba hemmea tee Salomo nka no, ɔbaa Yerusalem sɛ ɔde nsɛm a anoyi yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ. Ɔne nʼasomfo bebree, yoma pii a wɔahyehyɛ nnuhuam, sikakɔkɔɔ bebree ne mpempranne wɔ wɔn so na ɛbae. Ohyiaa Salomo no, wodii biribiara a enti ɔbaa saa nsrahwɛ no ho nkɔmmɔ, maa Salomo yii ne nsɛmmisa nyinaa ano sɛnea ɛsɛ. Bere a Sebahemmea huu sɛnea Salomo adwene mu dɔ, ne ahemfi a wasi no, ne ho dwiriw no. Ohuu nnuan a esisi ne didipon so no, sɛnea watoto nʼadwumayɛfo ne ntade fɛɛfɛ a wɔhyehyɛ, kuruwakurafo ne wɔn ntade yuu ne ɔhyew afɔre a Salomo abɔ wɔ Awurade Asɔredan mu no, ɛyɛɛ no nwonwa.

Ofi ahodwiriw mu ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Biribiara a metee wɔ me kurom a ɛfa nea woatumi ayɛ ne wo nyansa ho no yɛ nokware. Mannye anni kosii sɛ mʼankasa mebaa ha de mʼani kann abehu. Nokware, mante emu fa mpo. Wo nyansa no boro nea wɔka kyerɛɛ me no so koraa. Migye di sɛ ɛsɛ sɛ wo nkurɔfo yi ani gye! Ɛyɛ adom ma wʼadwumayɛfo yi sɛ wotumi bɛn wo adekyee biara na wotie wo nyansasɛm. Awurade, wo Nyankopɔn yɛ ɔkɛse ampa. Nʼani gye wo ho nti, ɔde wo asi ahengua so sɛ di hene ma no. Efisɛ Onyankopɔn pɛ Israel asɛm dodo, na ɔpɛ sɛ saa ahenni yi tena afebɔɔ; wasi wo hene sɛnea wode nokware ne atɛntrenee bebu ɔman no.”

Afei, ɔmaa ɔhene no sikakɔkɔɔ akyɛde a ɛkari tɔn 4 ne nnuhuam pii ne aboɔden mpempranne. Seba hemmea nnuhuam a ɔde maa Salomo no so bi mmaa da.

Bere a Huram hyɛn mufo ne Salomo nkurɔfo de sikakɔkɔɔ fi Ofir bae no, wɔde ɔbako nnua pa bebree ne mpempranne kaa ho bae. Ɔhene no de ɔbako nnua no yɛɛ Awurade Asɔredan ne ahemfi no atrapoe. Ɔde bi nso yɛɛ asankuten ne mmɛnta maa nnwom ho nimdefo no. Na saa nnwontode no so bi mmaa da wɔ Yuda.

Biribiara a Seba hemmea bisaa ɔhene Salomo no, ɔde maa no. Na ɛyɛ akyɛde a ɛsom bo pa ara, na ɛboro nea ɔhemmea de brɛɛ no no so. Afei, ɔhemmea no ne nʼasomfo no san kɔɔ wɔn ankasa asase so.

Salomo Ahonya Ne Anuonyam

Afe biara, na sikakɔkɔɔ a ɛba Salomo nsam no yɛ tɔn aduonu anum. Na sika a onya fi aguadifo nkyɛn no nka eyi ho. Na Arabia ahemfo nyinaa ne amradofo a wɔwɔ asase no so nyinaa brɛ Salomo sikakɔkɔɔ ne dwetɛ. Ɔhene Salomo ma wɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ akyɛm akɛse ahannu a emu biara sikakɔkɔɔ a ɛwɔ mu no mu duru yɛ kilogram ason. Ɔsan yɛɛ sikakɔkɔɔ nkatabo nketewa ahaasa a wɔde asae aboro a na sikakɔkɔɔ a wɔde yɛɛ emu biara no mu duru bɛyɛ kilogram abiɛsa ne fa. Ɔhene no kɔkoraa saa nkatabo no wɔ Lebanon Kwae Ahemfi mu.

Afei, ɔhene no de asonse yɛɛ ahengua kɛse bi, na ɔde sikakɔkɔɔ ankasa guu ho. Na ahengua no wɔ atrapoe asia a wɔde sikakɔkɔɔ ntiasode afam ho. Ahengua no wɔ nsa wɔ benkum. Ne nifa na gyata sɛso nso gyinagyina afa ne fa wɔ ahengua no ho. Salomo san yɛɛ gyata sɛso dumien a ɔbaako biara gyina atrapoe ntiaso asia no mu biara benkum ne nifa. Ahengua biara nni wiase a wobetumi de atoto Salomo de no ho.

Ɔhene Salomo nkuruwa nyinaa, sikakɔkɔɔ na wɔde yɛe. Saa ara na nneɛma ahorow a ɛwɔ Lebanon Kwae Ahemfi mu no nso te. Wɔamfa dwetɛ anyɛ, efisɛ Salomo bere so no, na wobu dwetɛ ade teta bi.

Na ɔhene no wɔ aguadi ahyɛn a emu adwumayɛfo yɛ Huram asomfo. Mfe abiɛsa biara, ahyɛn no ba a, wɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, asonse, nsoroboa ne asibe brɛ ɔhene no.

Enti ɔhene Salomo bɛyɛɛ ɔdefo ne onyansafo sen ɔhene biara wɔ asase so nyinaa. Ahemfo fifi aman nyinaa so bɛsraa no, tiee ne nyansasɛm a Onyankopɔn de adom no no bi. Afe biara, obiara a ɔbɛba abɛsra no no, ɔbrɛ no akyɛde te sɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, ntade, akode, nnuhuam, apɔnkɔ ne funumpɔnkɔ.

Na Salomo wɔ apɔnkɔdan mpem anan a ne nteaseɛnam apɔnkɔ da mu ne apɔnkɔ mpem dumien. Ɔde mu fa kɛse no kɔɔ nkurow a ne nteaseɛnam wɔ mu, na ɔmaa bi nso bɛn no wɔ Yerusalem. Odii hene bunkam faa ahemfo nyinaa so, fi Asubɔnten Eufrate ano de kosi Filistifo asase ne Misraim hye so. Ɔhene no maa dwetɛ buu so ma ɛyɛɛ sɛ abo wɔ Yerusalem. Sida nnua nso, onya ma ebuu ne so te sɛ ankye nnua a enyin wɔ Yuda mmepɔw ase no. Na wɔtɔ Salomo apɔnkɔ fi Misraim ne aman ahorow bebree so.

Salomo ahenni ho nsɛm nkae, fi mfiase kosi awiei no, wɔankyerɛw angu odiyifo Natan nhoma, Ahiya a ofi Silon adiyisɛm ne nhumuni Ido anisoadehu a ɛfa Nebat babarima Yeroboam ho no mu ana? Salomo tenaa Yerusalem dii Israel nyinaa so hene mfirihyia aduanan. Owui no, wosiee no wɔ nʼagya Dawid kurom. Ne babarima Rehoboam na odii nʼade sɛ ɔhene.

Read More of 2 Beresosɛm 9