2 Beresosɛm 33:21-24, 2 Beresosɛm 34:1-33, 2 Beresosɛm 35:1-19 AKCB

2 Beresosɛm 33:21-24

Amon Di Yudahene

Bere a Amon dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu abien. Odii hene wɔ Yerusalem mfe abien. Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagya Manase yɛe no. Ɔsom ahoni a nʼagya yɛe no nyinaa, bɔɔ afɔre maa wɔn. Nanso wansɛ nʼagya Manase, efisɛ wammrɛ ne ho ase amma Awurade. Mmom, Amon yɛɛ bɔne maa ɛtraa so.

Akyiri no, Amon no ara mpanyimfo pam ne ti so, kum no wɔ nʼahemfi.

Read More of 2 Beresosɛm 33

2 Beresosɛm 34:1-33

Yosia Di Hene

Yosia bedii ade no, na wadi mfirihyia awotwe, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduasa baako. Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, yɛɛ nea ne tete agya Dawid yɛe no bi. Wamfi adetreneeyɛ ho.

Yosia fii ase hwehwɛɛ ne tete agya Dawid Nyankopɔn akyi kwan bere a na ɔda so yɛ abofra a wadi ade mfe awotwe no. Ne mfe dumien so no, odwiraa Yuda ne Yerusalem, sɛee abosonsom nsɔree so nyinaa, Asera nnua, ahoni a wɔasen ne nsɛsode a wɔagu no nyinaa. Ɔhwɛ ma wobubuu Baal afɔremuka no ne nnuhuam afɔremuka no nyinaa gui. Ɔma wɔdwerɛw Asera nnua ne ahoni nyinaa, na wɔtow petee awufo a wɔbɔɔ saa afɔre no nna so. Ɔhyew akɔmfo no nnompe no wɔ wɔn ankasa afɔremuka so, nam so dwiraa Yuda ne Yerusalem. Ɔyɛɛ saa ara wɔ Manase, Efraim ne Simeon nkurow so de koduu Naftali. Ɔsɛee abosonsomfo afɔremuka, Asera nnua, na ɔyam ahoni no muhumuhu. Odwiriw nnuhuam afɔremuka a ɛwɔ Israelman mu nyinaa, na ɔsan kɔɔ Yerusalem.

Nʼadedi mfe dunwɔtwe so no a owiee asase no ne asɔredan no ho dwira no, Yosia yii Asalia babarima Safan, Maaseia a ɔyɛ Yerusalem amrado ne Yoahas babarima Yoa, adehye abakɔsɛm kyerɛwfo, sɛ wonsiesie Awurade, ne Nyankopɔn asɔredan no.

Wɔde sika a Lewifo a wɔsom sɛ aponanohwɛfo agyigyee wɔ Onyankopɔn Asɔredan ho no maa ɔsɔfopanyin Hilkia. Manase ne Efraim nkurɔfo ne Israel nkae nyinaa ne Yuda ne Benyamin ne Yerusalemfo na wɔde akyɛde no bae. Ɔde sika no maa nnipa a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ, nsiesie Awurade Asɔredan no. Na wotuaa wɔn a wɔyɛɛ adwuma no ka. Wɔbɔɔ nnuadwumfo ne adansifo paa, tɔɔ abo a wɔatwa a wɔde besiesie afasu no ne nnua a wɔde bɛyɛ nsɛmso ne mpuran. Wosiesie nea anka Yuda ahemfo a wodii kan no rema asɛe no.

Adwumayɛfo no de nokwaredi yɛɛ adwuma. Yahat ne Obadia a wɔyɛ Lewifo a wofi Merarifo abusua mu, ne Sakaria ne Mesulam a wɔyɛ Lewifo a wofi Kohatfo abusua mu na wɔhwɛɛ adwumayɛfo no so. Lewifo a wɔaka a wɔn nyinaa wɔ nnwontode ho nimdeɛ no, wɔma wɔhwɛɛ adwumayɛfo akuw ahorow no so. Na afoforo bi nso yɛɛ adwuma sɛ akyerɛwfo, mpanyimfo ne aponanohwɛfo.

Hilkia Kohuu Awurade Mmara Nhoma No

Na ɔsɔfopanyin Hilkia rekyerɛkyerɛw sika a wɔagyigye wɔ Awurade Asɔredan no ho no, ohuu Awurade mmara nhoma a wɔnam Mose so de mae no. Na Hilkia ka kyerɛɛ Safan a ɔyɛ asennii kyerɛwfo no se, “Mahu mmara nhoma no wɔ Awurade Asɔredan no mu.” Na Hilkia de nhoma mmobɔwee no maa Safan.

Safan de nhoma mmobɔwee no kɔmaa ɔhene kae se, “Wo mpanyimfo no reyɛ biribiara a wɔkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Wɔatua sika a wogyigyee wɔ Awurade Asɔredan no mu no na wɔde ahyɛ wɔn a wɔhwɛ so no ne adwumayɛfo no nsa.” Safan ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ɔsɔfopanyin Hilkia de nhoma mmobɔwee bi ama me.” Na Safan kenkan kyerɛɛ ɔhene.

Bere a ɔhene no tee mmara no mu nsɛm no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu. Ɔhyɛɛ Hilkia, Safan babarima Ahikam, Mika babarima Abdon, asennii kyerɛwfo Safan ne ɔhene fotufo Asaia se, “Monkɔ Asɔredan no mu na mo ne Awurade nkɔkasa mma me ne Israel ne Yuda nkae nyinaa. Mummisa no nsɛm a wɔakyerɛw wɔ saa nhoma mmobɔwee a wɔahu no mu ho nsɛm. Awurade abufuw aba yɛn so, efisɛ yɛn agyanom anni Awurade asɛm so. Yɛnyɛ nea nhoma mmobɔwee yi ka sɛ yɛnyɛ no.”

Hilkia ne mmarima a wɔaka no kɔɔ odiyifobea Hulda a na ɔyɛ Tikwat babarima Salum yere ne Hasra a na ɔhwɛ Asɔredan mu adakaten so no nena nkyɛn, wɔ Yerusalem fa bi a wɔfrɛ hɔ se Misne.

Ɔbea no ka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade, Israel Nyankopɔn, akasa! Monkɔka nkyerɛ onipa a ɔsomaa mo no se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Akyinnye biara nni ho sɛ, mɛsɛe saa kurow yi ne emu nnipa. Nnome a wɔakyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee a moakenkan yi mu nyinaa bɛba mu. Efisɛ nnipa a wɔwɔ Yuda apa me na wɔsom abosonsomfo anyame. Ɛno nti, me bo afuw wɔn yiye wɔ biribiara a wɔayɛ ho. Mʼabufuw behwie agu saa beae ha, na biribiara rentumi nsiw ano.’ Na monkɔ Yudahene a ɔsomaa mo sɛ monkɔhwehwɛ Awurade no nkyɛn, na monka nkyerɛ no se, ‘Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka fa asɛm a motee mprempren no ho. Bere a wotee asɛm a meka de tiaa saa kuropɔn yi ne mu nnipa no, ɛhaw wo ma wobrɛɛ wo ho ase wɔ Onyankopɔn anim. Wobrɛɛ wo ho ase, de ahometew sunsuan wʼatade mu, de ahonu suu wɔ mʼanim. Enti nokware, mate wo nne, Awurade na ose. Meremma amanehunu a mahyehyɛ atia kuropɔn yi ne emu nnipa no mma mu, kosi sɛ wubewu na wɔasie wo asomdwoe mu. Worenhu amane a mede bɛba beae yi so.’ ”

Enti wɔsan de ɔbea no nkra kɔmaa ɔhene no.

Yosia Ɔsom Nhyehyɛe

Na ɔhene no frɛɛ Yuda ne Yerusalem ntuanofo nyinaa. Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfo nyinaa ne asɔfo ne Lewifo, nnipa no nyinaa, fi ɔkɛse so kosi akumaa so, kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. Ɛhɔ na ɔhene no kenkan apam nhoma a wohuu wɔ Awurade Asɔredan mu no kyerɛɛ wɔn. Ɔhene no gyinaa nʼafa wɔ afadum no nkyɛn, na otii apam no mu wɔ Awurade anim. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ofi ne koma ne ne kra nyinaa mu bedi Awurade mmaransɛm, ahyɛde ne mmara so. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ, obedi apam no mu nhyehyɛe a wɔakyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee no mu no so.

Na ɔka kyerɛɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wɔwɔ Benyamin no se, wɔnhyɛ bɔ saa ara. Ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem yɛɛ saa no, wɔde tii wɔne Onyankopɔn, wɔn agyanom Nyankopɔn apam no mu.

Enti Yosia yiyii ahoni a ɛyɛ akyiwade no fii Israel asase no nyinaa so. Na ɔhyɛɛ sɛ obiara nsom Awurade, wɔn Nyankopɔn. Na ne nkwanna a aka no mu no nyinaa, wɔannan wɔn akyi ankyerɛ Awurade wɔn agyanom Nyankopɔn no da.

Read More of 2 Beresosɛm 34

2 Beresosɛm 35:1-19

Yosia Di Twam Afahyɛ No

Yosia dii Awurade Twam Afahyɛ no wɔ Yerusalem na wokum Twam guamma no wɔ ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan. Yosia maa asɔfo no kɔɔ wɔn nnwuma so, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran wɔ wɔn dwumadi mu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ. Ɔhyɛɛ Lewifo a wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔnsom Awurade, na wɔyɛ akyerɛkyerɛfo wɔ Israel no se, “Esiane sɛ mprempren Apam Adaka no wɔ Salomo Asɔredan mu, na ɛho nhia sɛ mobɛsoa wɔ mo mmati so de adi akɔneaba nti, momfa mo mmere nsom Awurade, mo Nyankopɔn ne ne nkurɔfo Israel. Monkɔ mo nnwuma so sɛnea mo agyanom mmusua nkyekyɛmu no te, ne sɛnea Israelhene Dawid ne ne babarima Salomo ahyɛde a wɔakyerɛw no kyerɛ.

“Munnyinagyina kronkronbea a wɔayi ama mo no, na mommoa mmusua a wɔde wɔn ahyɛ mo nsa no bere a wɔde wɔn afɔre aba Asɔredan mu no. Munkum Twam nguamma no, na munnwira mo ho, na mommoa wɔn a wɔbɛba no. Ahyɛde biara a Awurade nam Mose so de mae no, munni so.”

Na Yosia fii nea ɔwɔ mu, maa nguantenmma ne mmirekyimma mpem aduasa ne anantwinini mpem abiɛsa sɛ nnipa no Twam afɔrebɔde.

Ɔhene no mpanyimfo nso fi wɔn pɛ mu boaa ɔmanfo, asɔfo ne Lewifo no. Hilkia, Sakaria ne Yehiel a wɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no ho mpanyimfo nso maa asɔfo no nguantenmma ne mmirekyimma mpem abien ne ahansia ne anantwinini ahaasa sɛ Twam afɔrebɔde. Lewifo ntuanofo Kenania ne ne nuanom mmarima Semaia, Netanel, Hasabia, Yeiel ne Yosabad maa Lewifo nguantenmma ne mmirekyimma mpem anum ne anantwinini ahannum sɛ wɔn Twam afɔrebɔde.

Bere a Twam Afahyɛ no ho ahosiesie baa awiei no, asɔfo ne Lewifo no gyinagyinaa wɔn afa sɛnea ɔhene no ahyehyɛ ama akuwakuw no. Lewifo no kunkum Twam nguamma no, na wɔde mogya no maa asɔfo no, na wɔde petee afɔremuka no so bere a na Lewifo no regua mmoa no. Wɔkyekyɛɛ ɔhyew afɔrebɔde no maa ɔmanfo no sɛnea wɔn mmusua nkyekyɛmu no te, na wɔatumi de abɔ afɔre ama Awurade, sɛnea mmara a wɔakyerɛw agu Mose nhoma no mu no kyerɛ. Saa ara na wɔyɛɛ anantwinini no nso. Wɔtotoo Twam nguamma no sɛnea wɔakyerɛ no, na wɔnoaa afɔrebɔde kronkron no wɔ nkuku, dadesɛn ne nkankyee mu de baa ntɛm so sɛnea ɔmanfo no betumi awe. Akyiri no, Lewifo yɛɛ wɔn ne asɔfo no aduan, efisɛ na asɔfo no ayɛ adwuma fi anɔpa kosi anadwo a wɔrebɔ ɔhyew afɔre no na wɔrehyew srade no. Saa ahosiesie yi nyinaa, Lewifo no na wogye too wɔn ho so yɛe.

Asaf asefo nnwom ho nimdefo no nso, na wɔwɔ wɔn nnwuma so, sɛnea Dawid, Asaf, Heman ne Yedutun, ɔhene adehuni no kyerɛɛ wɔn no. Aponanohwɛfo no wɛn apon no a na ɛho nhia sɛ wofi wɔn nnwuma so, efisɛ na wɔn mfɛfo Lewifo no de wɔn nnuan kɔma wɔn wɔ hɔ.

Awurade Twam Afahyɛ no baa awiei da no. Wɔbɔɔ ɔhyew afɔre no nyinaa wɔ Awurade afɔremuka no so, sɛnea ɔhene Yosia hyɛe no. Israelfo a wɔwɔ Yerusalem de nnanson dii Twam ne Apiti Afahyɛ no. Efi odiyifo Samuel bere so no, wonnii Twam sɛɛ da. Israel ahemfo no mu biara mpo anni Twam sɛnea Yosia yɛe a ɔmaa asɔfo, Lewifo, ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wofi Yuda ne Israel nyinaa bɛkaa ho. Wodii saa Twam Afahyɛ yi wɔ Yosia ahenni mfirihyia dunwɔtwe so.35.19 Afe a ɛto so dunwɔtwe. Afe koro no ara mu na wohuu Mmara Nhoma no (34.8,14).

Read More of 2 Beresosɛm 35