2 Beresosɛm 29:1-36, 2 Beresosɛm 30:1-27, 2 Beresosɛm 31:1 AKCB

2 Beresosɛm 29:1-36

Hesekia Di Yudahene

Hesekia dii hene wɔ Yuda no, na wadi mfe aduonu anum. Na odii ade mfe aduonu akron wɔ Yerusalem. Na ne na yɛ Sakaria babea a ne din de Abia. Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, sɛnea nʼagya Dawid yɛe pɛpɛɛpɛ.

Hesekia San Bue Asɔredan No Ano

Afe a edi kan wɔ nʼahenni mu, ɔsram a edi kan no, Hesekia buebuee Awurade Asɔredan apon no, siesiee no. Ɔfrɛfrɛɛ asɔfo no ne Lewifo no sɛ, wommehyia no wɔ Asɔredan no adiwo a ɛwɔ apuei fam hɔ. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Lewifo, muntie me! Munnwira mo ho, na munnwira Awurade, mo agyanom Nyankopɔn Asɔredan no nso. Munyiyi biribiara a efi aka no mfi kronkronbea hɔ. Yɛn agyanom anni nokware, na wɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn anim. Wogyaw Awurade ne nʼAsɔredan no; wɔdan wɔn akyi kyerɛɛ no. Afei, wɔtotoo Asɔredan no ntwironoo apon mu, dunum akanea no. Wogyaee nnuhuamhyew, gyaee ɔhyew afɔrebɔde a wɔde ba Israel Nyankopɔn, kronkronbea hɔ no. Ɛno nti na Awurade abufuw aba Yuda ne Yerusalem so no. Wama yɛadan ahufo, ayamhyehyefo ne aserewde, sɛnea muhu no pefee no. Wɔakunkum yɛn agyanom wɔ ɔko mu, na wɔakyekyere yɛn mmabarima, yɛn mmabea ne yɛn yerenom sɛ nneduafo. Nanso mprempren, me ne Awurade, Israel Nyankopɔn bɛyɛ apam sɛnea nʼabufuwhyew no befi yɛn so. Me mma, afei monnto mo nnwuma asaworam. Awurade ayi mo sɛ munnyina nʼanim nsom no, na munni ɔmanfo anim nsom no na monhyew nnuhuam.”

Afei saa Lewifo yi hyɛɛ dwumadi no ase.

Wɔn a wofi Kohat abusua mu no yɛ:

Amasai babarima Mahat ne Asaria babarima Yoel.

Wɔn a wofi Merari abusua mu no yɛ:

Abdi babarima Kis ne Yehalelel babarima Asaria.

Wɔn a wofi Gerson abusua mu yɛ:

Sima babarima Yoa ne Yoa babarima Eden;

Wɔn a wofi Elisafan abusua mu yɛ:

Simri ne Yeiel.

Wɔn a wofi Asaf abusua mu yɛ:

Sakaria ne Matania.

Wɔn a wofi Heman abusua mu yɛ:

Yehiel ne Simei.

Wɔn a wofi Yedutun abusua mu yɛ:

Semaia ne Usiel.

Saa mmarima yi frɛfrɛɛ wɔn mfɛfo Lewifo, na wodwiraa wɔn ho. Na afei, wofii ase dwiraa Awurade Asɔredan no sɛnea ɔhene no hyɛe no. Wɔyɛɛ ahwɛyie, dii Awurade ahyɛde no so pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn dwumadi no mu. Asɔfo no kɔɔ Awurade Asɔredan kronkronbea hɔ, kodwiraa hɔ, na wɔfaa biribiara a ɛho agu fi a wohui no fii hɔ de baa Asɔredan no adiwo. Lewifo no twee ne nyinaa fii hɔ, kɔtow guu Kidron Bon mu. Wofii dwumadi no ase wɔ da bi a ɛwɔ ɔsram a edi kan no mu. Na da a ɛto so awotwe no, na wɔadu Awurade Asɔredan no ntwironoo mu hɔ. Na wɔde nnafua awotwe bio dwiraa Awurade Asɔredan no ankasa. Enti wɔde nnafua dunsia na ewiee dwumadi no nyinaa.

Na Lewifo no kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔkaa sɛnea dwumadi no akosi kyerɛɛ no. Wɔkae se, “Yɛadwira Awurade Asɔredan no, ɔhyew afɔrebɔ afɔremuka no a nneɛma ahorow ka ho ne Daa Daa Brodo pon no ne ɛho nneɛma ho. Afei nso, nneɛma a ɔhene Ahas tasee bere a na ɔyɛ asoɔden, na ɔtoo asɔredan no mu no nso, yɛakogye ne nyinaa. Ne nyinaa gu Awurade afɔremuka no anim a wɔadwira ho na wobetumi de adi dwuma biara.”

Ade kyee anɔpahema no, ɔhene Hesekia boaboaa kurow no mpanyimfo ano ne wɔn kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. Wɔde anantwinini ason, adwennini ason, nguantenmma ason ne mpapo ason bae sɛ, ahenni, asɔredan no ne Yuda bɔne ho afɔrebɔde. Ɔhene no hyɛɛ asɔfo no a wɔyɛ Aaron asefo sɛ wɔmfa mmoa no mmɔ afɔre wɔ Awurade afɔremuka no so. Na wokunkum anantwinini no, na asɔfo no de mogya no petee afɔremuka no so. Afei, wokunkum adwennini no de wɔn mogya petee afɔremuka no so. Na awiei no, wɔde nguantenmma no yɛɛ saa ara. Wɔde mpapo a wɔde rebɛbɔ bɔne ho afɔre no baa ɔhene no ne ɔmanfo no anim ma wɔde wɔn nsa guu wɔn so. Afei, asɔfo no kunkum mpapo no sɛ bɔne ho afɔrebɔ, de wɔn mogya petee afɔremuka no so, sɛ bɔne ho mpata maa Israel nyinaa. Ɔhene no sii so dua sɛ, saa ɔhyew ne bɔne ho afɔrebɔ no, wɔmmɔ mma Israel nyinaa.

Afei, ɔhene Hesekia de Lewifo no gyinagyinaa Awurade Asɔredan no mu. Ɔde kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten maa wɔn. Odii ahyɛde a Awurade nam Gad, a ɔyɛ ɔhene nhumuni ne odiyifo Natan so de maa Dawid no so. Afei, Lewifo no faa Dawid nnwontode no kogyinagyina wɔn gyinabea wɔ Asɔredan no ho. Saa ara nso na asɔfo no faa wɔn ntorobɛnto kogyinagyina wɔn afa. Afei, ɔhene Hesekia hyɛɛ sɛ wɔmfa ɔhyew afɔre no nsi afɔremuka no so. Bere a wɔde ɔhyew afɔre no reba no, wofii ase too ayeyi nnwom maa Awurade, na wɔde ntorobɛnto ne Israelhene Dawid nnwontode no gyigyee ho. Bagua no sɔree Awurade bere a na nnwontofo no reto nnwom, na wɔrehyɛn ntorobɛnto no ara kosii sɛ ɔhyew afɔrebɔde no nyinaa sae.

Na ɔhene no ne wɔn a wɔka ne ho no nyinaa kotow somee. Ɔhene Hesekia ne ne mpanyimfo hyɛɛ Lewifo no sɛ, wɔmfa Dawid nnwom ne nhumuni Asaf de, nkamfo Awurade. Enti, wɔde anigye kamfoo Awurade, na wɔkotow sɔree.

Afei, Hesekia de too gua se, “Ɔsom no aba awiei. Momfa mo afɔrebɔde ne mo aseda mmra Awurade Asɔredan mu.” Enti ɔmanfo no de wɔn afɔrebɔde ne wɔn aseda afɔrebɔde bae, na wɔn a wɔpɛ no de ɔhyew afɔrebɔde nso kaa ho.

Ɔmanfo no de anantwinini aduɔson, adwennini ɔha ne nguantenmma ahannu sɛ ɔhyew afɔrebɔde brɛɛ Awurade. Wɔsan de anantwinini ahansia ne nguan mpensa baa sɛ afɔrebɔde. Nanso na asɔfo a wɔwɔ hɔ no sua sɛ wobetumi asiesie ɔhyew afɔre no nyinaa nti, wɔn abusuafo Lewifo no boaa wɔn kosii sɛ dwumadi no baa awiei. Wɔtew asɔfo no pii ho ansa na wɔreboa dwumadi no, efisɛ na Lewifo no adwene wɔ wɔn ahotew so sen asɔfo no. Na ɔhyew afɔre ne daa nsa afɔre no buu so. Saa ara nso na asomdwoe afɔre srade nso yɛɛ bebree.

Enti wosiesiee Awurade Asɔredan no maa ɔsom no.29.35 Ɔhyew afɔre dodow…asomdwoe afɔre…daa nsa afɔre. Ɛkae yɛn sɛnea wɔtoo asɔredan no din wɔ Ɔhene Salomo bere so. (7.4-6). Ayɔnkofa afɔre ho mmara wɔ 3 Mose 3; 7.11-21. Nsa afɔre ho mmara nso wɔ 4 Mose 15.1-12. Na Hesekia ne ɔmanfo no nyinaa gyee wɔn ani wɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama nnipa no ho, efisɛ wowiee biribiara ntɛm.

Read More of 2 Beresosɛm 29

2 Beresosɛm 30:1-27

Hesekia Yɛ Ahoboa Ma Twam Afahyɛ

Ɔhene Hesekia de nkra kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa, na ɔkyerɛw krataa too nsa de frɛɛ Efraim ne Manase. Ɔka kyerɛɛ obiara se ɔmmra Awurade Asɔredan no mu wɔ Yerusalem, na wonni Awurade, Israel Nyankopɔn, Twam Afahyɛ no. Ɔhene no, ne mpanyimfo ne ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem nyinaa yɛɛ adwene sɛ wobedi Twam no ɔsram a ɛto so abien no mu. Na anka wodi Twam no ɔsram ansa na ɔsram a ɛto so abien no afi ase, nanso na asɔfo no bebree ntumi nnwiraa wɔn ho, na ɔmanfo no nso mmoaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem ɛ. Adwene a wɔyɛɛ sɛ wobedi Twam no, na eye ma ɔhene no ne ɔmanfo no nyinaa. Enti wɔbɔɔ no dawuru wɔ Israel nyinaa fi Beer-Seba a ɛwɔ anafo fam kosi Dan a ɛwɔ atifi fam sɛ, obiara mmra Yerusalem mmedi Awurade, Israel Nyankopɔn Twam no bi. Na nnipa dodow nni Twam no sɛnea mmara no kyerɛ.

Ɔhene no hyɛ ma wɔsomaa abɔfo kɔɔ Israel ne Yuda mmaa nyinaa. Wɔmaa wɔn nkrataa a na emu nsɛm ka se:

“Israel manfo, monsan mmra Awurade, Abraham, Isak ne Israel Nyankopɔn nkyɛn, sɛnea ɔbɛsan aba mo, nnipa kakra a moaka, mo a moatumi aguan afi Asiria ahemfo nsam no nkyɛn. Monnyɛ sɛ mo agyanom ne mo abusuafo a wogyaw Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn, a wɔyɛɛ aserewde sɛnea mo ankasa muhu yi. Monnyɛ asoɔden sɛnea na wɔte no, na mmom, mommrɛ mo ho ase mma Awurade. Mommra nʼAsɔredan a wɔayi asi hɔ sɛ ade kronkron no mu daa nyinaa. Monsom Awurade, mo Nyankopɔn, sɛnea nʼabufuwhyew no befi mo so. Na sɛ mosan ba Awurade nkyɛn a, mo abusuafo ne mo mma benya ahummɔbɔ wɔ wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no nsam, na wobetumi asan aba asase yi so. Efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn yɛ ɔdɔ ne ahummɔbɔ. Sɛ mosan ba ne nkyɛn a, ɔrenyi nʼani mfi mo so.”

Wodi Twam Afahyɛ No

Abɔfo no kyinii nkurow a ɛwɔ Efraim ne Manase kosi Sebulon so. Nanso nnipa no mu bebree serew abɔfo no, dii wɔn ho fɛw. Nanso wɔn a wofi Aser, Manase ne Sebulon mu bi brɛɛ wɔn ho ase, kɔɔ Yerusalem. Saa bere koro no ara mu, na Onyankopɔn nsa wɔ nnipa a wɔwɔ Yuda no so. Na ɛhyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ baako, na wɔnyɛ osetie mma Awurade asɛm a efi ɔhene ne ne mpanyimfo no nkyɛn no.

Enti dɔm kɛse hyiaa wɔ Yerusalem ɔsram a ɛto so abien no mu, sɛ wɔrebedi Twam no ne Apiti Afahyɛ no. Wofii ase bubuu abosonsomfo afɔremuka no nyinaa fii Yerusalem. Woyiyii nnuhuam afɔremuka nyinaa kɔtow guu Kidron bon mu.

Da a wɔahyɛ wɔ ɔsram a ɛto so abien no dui no, ɔmanfo no kunkum wɔn Twam nguantenmma. Na asɔfo no ne Lewifo no ani wui nti, wodwiraa wɔn ho, na wɔde ɔhyew afɔre baa Awurade Asɔredan mu. Obiara kogyinaa nʼafa wɔ Asɔredan no mu, sɛnea Mose a ɔyɛ Onyankopɔn nipa no mmara no kyerɛ no. Lewifo no de mogya afɔrebɔde no brɛɛ asɔfo no, maa wɔn nso pete guu afɔremuka no so. Esiane sɛ na ɔmanfo no mu bebree nnwiraa wɔn ho nti, Lewifo no na wokunkum wɔn Twam nguantenmma no maa wɔn, nam so tew ho maa Awurade. Na wɔn a wofi Efraim, Manase, Isakar ne Sebulon no mu fa kɛse no ara nnwira wɔn ho de, nanso ɔhene Hesekia bɔɔ mpae maa wɔn, na wɔmaa wɔn kwan ma wodii Twam aduan no bi a na anka etia Onyankopɔn mmara. Hesekia bɔɔ mpae se, “Awurade a ɔyɛ mmɔborɔhunufo no mfa nnipa a wɔasi wɔn adwene pi sɛ wobedi Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn akyi no bɔne nkyɛ wɔn, mpo, sɛ wonnwiraa wɔn ho yiye mmaa afahyɛ no a.” Na Awurade tiee Hesekia na ɔsaa ɔmanfo no yare.

Enti ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem no de nnanson dii Apiti Afahyɛ no anigye so. Da biara, Lewifo ne asɔfo no too nnwom maa Awurade de nnwontode a ano yɛ den memmaa ho.

Hesekia hyɛɛ Lewifo no nkuran wɔ ɔkwan pa a wɔfa so som Awurade no ho. Na afahyɛ no kɔɔ so nnanson. Wɔbɔɔ asomdwoe afɔre, na ɔmanfo kaa wɔn bɔne kyerɛɛ Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn.

Bagua no nyinaa yɛɛ wɔn adwene sɛ, wɔbɛtoa so adi afahyɛ no nnanson bio enti wɔde anigye toaa so nnaawɔtwe. Ɔhene Hesekia maa ɔmanfo no anantwinini apem ne nguan mpem ason sɛ wɔmfa mmɔ afɔre, na mpanyimfo no nso maa anantwinini apem ne nguan mpem du. Bere koro no ara mu, asɔfo no bebree dwiraa wɔn ho. Yuda bagua nyinaa a asɔfo, Lewifo ne wɔn a wofi Israel asase so nyinaa, ananafo a wobedii afahyɛ no ne wɔn a na wɔte Yuda nyinaa ani gyei. Anigye kɛse baa kuropɔn no mu, efisɛ na Yerusalem nhuu afahyɛ a ɛte sɛɛ bi da, efi Salomo ɔhene Dawid babarima no bere so. Na asɔfo no ne Lewifo no sɔre hyiraa ɔmanfo no, na Onyankopɔn tiee wɔn, efisɛ wɔn mpaebɔ duu ɔsoro, nʼatenae wɔ kronkronbea hɔ.

Read More of 2 Beresosɛm 30

2 Beresosɛm 31:1

Hesekia Ɔsom Nhyehyɛe Foforo

Afahyɛ no twaa mu no, Israelfo a wɔkɔɔ bi no kɔɔ Yuda, Benyamin, Efraim ne Manase nkurow nyinaa so, kɔsɛee afadum kronkron no, twitwaa Asera nnua no, yiyii abosonsomfo nsɔree so ne afɔremuka no. Eyi akyi, Israelfo no san kɔɔ wɔn nkurow so ne wɔn afi mu.

Read More of 2 Beresosɛm 31