1 Samuel 16:1-23, 1 Samuel 17:1-37 AKCB

1 Samuel 16:1-23

Samuel Sra Dawid Ngo

Awurade bisaa Samuel se, “Woadi Saulo ho awerɛhow sɛnea ɛsɛ. Mapo no sɛ Israel hene. Fa ngo gu wo toa mu, na tutu so kɔ Betlehem. Hwehwɛ obi a wɔfrɛ no Yisai na mayi ne mmabarima no mu baako sɛ ɔnyɛ me hene foforo.”

Samuel bisae se, “Mɛyɛ dɛn ayɛ eyi? Sɛ Saulo te a obekum me.”

Na Awurade ka kyerɛɛ no se, “Fa nantwi ba ka wo ho, na ka se, ‘maba sɛ merebɛbɔ afɔre ama Awurade.’ To nsa frɛ Yisai na ɔmmra afɔrebɔ no, na mɛkyerɛ wo ne mmabarima no mu nea wobɛsra no ngo ama me.”

Samuel yɛɛ nea Awurade kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Bere a oduu Betlehem no, ɛhɔ mpanyimfo no bɔɔ hu. Wobisaa no se, “Wobaa no asomdwoe mu ana?”

Samuel buae se, “Yiw, asomdwoe mu. Merebɛbɔ afɔre ama Awurade. Munnwira mo ho, na mommɛka me ho na yɛmmɔ.” Enti Samuel dwiraa Yisai ne ne mmabarima no na ɔtoo nsa frɛɛ wɔn baa afɔrebɔ no ase.

Wodui no, Samuel huu Eliab na osusuwii se, “Ampa, nea Awurade asra no no ni.”

Nanso Awurade ka kyerɛɛ Samuel se, “Nhwɛ nʼahoɔfɛ ne ne tenten, efisɛ mapo no. Awurade nhwɛ nneɛma sɛnea nnipa hwɛ no. Onipa hwɛ nea aniwa hu, na Awurade de, ɔhwɛ koma mu.”

Na Yisai frɛɛ Abinadab ma otwaa mu wɔ Samuel anim. Nanso Samuel kae se, “Oyi nyɛ nea Awurade ayi no.” Yisai maa Sama twaa mu, nanso Samuel kae se, “Saa ara na Awurade nyii oyi.” Yisai maa ne mmabarima baason bɛfaa Samuel anim, na Samuel ka kyerɛɛ no se, “Awurade nyii wɔn mu biara ɛ.” Enti obisaa Yisai se, “Mmabarima a wowɔ nyinaa ni ana?”

Yisai buae se, “Akumaa pa ara wɔ hɔ, nanso ɔrehwɛ nguan.”

Samuel kae se, “Soma na wɔnkɔfa no mmra mprempren. Sɛ ɔmmae a, yɛrentena ase nnidi.”

Enti Yisai soma ma wɔkɔfaa no bae. Na ɔyɛ ɔkɔkɔɔ a ahoɔfɛ aguare no na nʼani yɛ fɛ.

Awurade kae se, “Sɔre na sra no ngo. Ɔno ni.”

Enti Samuel faa toa a ngo wɔ mu no sraa no wɔ ne nuanom anim. Na efi saa da no, Awurade honhom baa Dawid so wɔ tumi mu. Samuel kɔɔ Rama.

Dawid Som Wɔ Saulo Ahemfi

Saa bere yi na Awurade honhom afi Saulo so. Na Awurade maa ɔhaw honhom bɛhyɛɛ no ma. Ɛma ɔtenaa ase ehu ne osuro mu.

Ɛbaa saa no, Saulo asomfo no bi kyerɛɛ adwene bi se, “Honhommɔne bi a efi Onyankopɔn hɔ rehaw wo. Momma yɛn Awurade mma ne nkoa mpɛ sankubɔfo papa bi, na sɛ honhom no fi Onyankopɔn hɔ ba wo so a, wabɔ nnwom ama wo, na wo ho bɛtɔ wo.”

Saulo kae se, “Monhwehwɛ ɔsankubɔni papa bi na momfa no mmrɛ me.”

Asomfo no mu baako buae se, “Yisai a ofi Betlehem babarima baako nim sankubɔ yiye. Ɔyɛ ɔkokodurofo hoɔdenfo, na ɔyɛ ɔbadwemma nso. Ɔyɛ aberante a ne ho yɛ fɛ, na Awurade ka ne ho.”

Enti Saulo tuu abɔfo kɔɔ Yisai hɔ kɔka kyerɛɛ no se, “Fa wo babarima Dawid a ɔyɛ oguanhwɛfo no brɛ me.” Yisai penee so de Dawid kɔmaa Saulo a abirekyi ba ne afurum a wɔahyehyɛ aduan ne nsa wɔ ne so ka ho.

Dawid kɔɔ Saulo nkyɛn kɔsom no. Na Saulo pɛ Dawid asɛm yiye, enti ɔbɛyɛɛ Saulo akodekurafo no mu baako. Na Saulo de nkra kɔmaa Yisai se, “Ma Dawid nka mʼadwumayɛfo no ho, efisɛ mepɛ nʼasɛm yiye.”

Na bere biara a honhommɔne a efi Onyankopɔn bɛba Saulo so abɛhaw no no, Dawid bɔ sanku no. Ɛba saa a, Saulo ho tɔ no, na honhommɔne no nso kɔ.

Read More of 1 Samuel 16

1 Samuel 17:1-37

Dawid Kum Goliat

Afei, Filistifo boaboaa wɔn asraafo ano wɔ Soko a ɛwɔ Yuda sɛ wɔrebɛko. Wɔkyeree nsraban wɔ Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-Damim. Saulo yɛɛ saa ara, boaboaa ne dɔm ano wɔ baabi a ɛbɛn Ela bon. Filistifo faa bepɔw baako, na Israelfo no nso faa baako a obon no da wɔn ntam.

Ɔbarima tenten hoɔdenfo bi a ne din de Goliat a ofi Gat no pue fii Filistifo no nsraban mu bae. Na ne tenten bɛboro anammɔn akron. Na ɔhyɛ kɔbere kyɛw, hyɛ kɔbere akotade a akode bobɔ mu, na emu duru yɛ kilogram aduonum ason. Na nʼanan nso, kɔbere nkatanan kata ho na kɔbere peaw nso sɛn nʼakyi. Na ne peaw ano dade no te sɛ ntamanwemfo nsadua mu abaa, na ano dade no kari dwetɛ kilogram ason. Na ne nkatabokurafo di nʼanim.

Goliat begyinaa hɔ teɛɛ mu guu Israelfo no so se, “Asraafo yi nyinaa na morebɛko ana? Munyi mo mu baako na ɔmmɛko mma mo, na me nso mesi Filistifo anan mu. Yɛbɛko de awie asɛm no ka! Sɛ mo nipa no tumi kum me a, yɛbɛyɛ mo nkoa. Na sɛ mikum no a, mobɛyɛ yɛn nkoa.” Filistini no kae se, “Memmfa Israel asraafo nyɛ hwee, momma me ɔbarima a ɔne me bɛko.” Bere a Saulo ne Israelfo tee eyi no wɔbɔɔ huboa na wɔn ho popoe.

Yisai Soma Dawid Kɔ Saulo Nsraban Mu

Na Dawid yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yisai a ɔyɛ Efratni na ofi Betlehem wɔ Yuda asase so no babarima. Na Yisai wɔ mmabarima baawɔtwe, na Saulo bere so no, na wabɔ akwakoraa a ne mfe a wadi no kɔ anim yiye. Na Yisai mmabarima mpanyimfo baasa na wodii Saulo akyi kɔɔ ɔko no. Na abakan no din de Eliab, nʼakyi ba din de Abinadab, na nea ɔto so abiɛsa no din de Sama. Dawid de, na ɔno ne akumaa koraa. Mpanyimfo baasa no na wodii Saulo akyi, nanso na Dawid di akɔneaba; ɔkɔsom Saulo na wakɔhwɛ nʼagya nguan wɔ Betlehem nso.

Filistini yi pue mema ne ho so wɔ Israelfo asraafo nʼanim anɔpa ne anwummere, saa ara adaduanan.

Da koro bi, Yisai ka kyerɛɛ Dawid se, “Fa nkyewe lita aduonu abien yi ne brodo mua du yi kɔma wo nuabarimanom. Na fa kyiisi du a wɔatwitwa yi ma ɔsafohene no. Ɛyɛ a hwɛ sɛnea wo nuabarimanom no ho te, na gye krataa fi wɔn nkyɛn brɛ me. Na Dawid nuanom ne Israel asraafo no wɔ Ela bon no mu a wɔreko atia Filistifo.” Ade kyee anɔpa no, Dawid gyaw nguan no maa oguanhwɛfo bi na ɔfaa akyɛde no kɔe. Oduu nsraban mu hɔ bere a na asraafo no rekɔ mpasua ahorow no so. Wɔrekɔ no, na wɔreto asafonnwom reteɛteɛ mu. Na Israel ne Filistifo no rebɛn a wodi nhwɛanim. Dawid gyaw ne nneɛma maa akode sohwɛfo no, yɛɛ ntɛm kɔɔ akono hɔ kokyia ne nuanom. Bere a Dawid ne wɔn rekasa no, Filistini tenten hoɔdenfo Goliat a ofi Gat, fii Filistifo asraafo no mu teɛteɛɛ mu ahantan so kyerɛɛ Israel asraafo no. Bere a Israelfo no huu ɔbarima no, wɔn nyinaa de ehu guan kɔe.

Afei, na Israelfo keka wɔ wɔn mu se, “Woahu ɔbran no? Ɔba bɛkasa tia Israel da biara. Na woate akatua a ɔhene ahyɛ sɛ ɔde bɛma obiara a obetumi akum no no? Ɔhene ahyɛ sɛ ɔde ne babea bɛma no aware, na ne fifo nso, ɔhene remma wontua tow biara a wogye no Israelman mu.”

Dawid bisaa mmarima a wogyina ne ho no se, “Dɛn na mobɛyɛ ama ɔbarima a obekum saa Filistini yi, na ɔnam so ayi saa animguase yi afi Israel so? Hena ne saa Filistini bosonsomni yi a ɛsɛ sɛ ogu Onyankopɔn Teasefo asraafo anim ase?”

Wotii asɛm a wɔaka dedaw no mu kyerɛɛ no se, “Nea woate dedaw no yɛ nokware. Ɛno na yɛbɛyɛ ama onipa a obekum ɔbran no.”

Bere a Dawid nuapanyin Eliab tee sɛ ɔne mmarima no rekasa saa no, ne bo fuw no, na obisae se, “Adɛn nti na woaba ha? Na nguan kakra a wɔwɔ sare so no, wode wɔn gyaw hena? Minim sɛnea wogye wo ho di ne sɛnea wo komapirim te. Ɔko yi hwɛ ara nti na wobae.”

Dawid bisae se, “Mayɛ dɛn? Nti, ɛnsɛ sɛ mekasa mpo?” Afei, ɔdan ne ho ne afoforo kɔkasae. Ɔde asɛm koro no ara bae, na mmarima no buaa no sɛnea wɔaka dedaw no. Asɛm a Dawid kaa no twaa nnipa bi asom, ma wɔkɔbɔɔ Saulo amanneɛ, enti ɔsoma kɔfrɛɛ no.

Dawid Kum Goliat

Dawid ka kyerɛɛ Saulo se, “Mma hwee nhaw wo. Mɛkɔ na me ne Filistini yi akɔko.”

Saulo buaa Dawid se, “Worentumi ne saa Filistini yi nko. Woyɛ abarimaa, nanso ɔno de, ɔyɛ ɔkofo fi ne mmofraase.”

Na Dawid ka tii mu se, “Mahwɛ mʼagya nguan ara, na sɛ gyata anaa sisi bi ba sɛ ɔrebɛkyere oguan ba bi afi nguankuw no mu a, mede abaa poriwa di nʼakyi gye aboa no fi nʼanom. Na sɛ aboa no dan nʼani ba me hɔ a, miso nʼabogye, kyere no, de abaa poriwa no bɔ no, kum no. Mayɛ saa akum gyata ne sisi, na saa na mɛyɛ Filistini bosonsomni no nso, efisɛ wagu Onyankopɔn Teasefo asraafo ho fi. Awurade a ogyee me fii gyata ne sisi awerɛw ano no, ɔno ara na obegye me afi Filistini yi nsam.”

Saulo penee so kae se, “Eye, kɔ. Awurade nka wo ho.”

Read More of 1 Samuel 17