1 Samuel 14:24-52, 1 Samuel 15:1-35 AKCB

1 Samuel 14:24-52

Saulo Ntamhunu

Afei, saa da no na Israelfo no abrɛbrɛ, efisɛ na Saulo ama wɔaka ntam se, “Nnome mmra obiara a obedidi ansa na onwini atɔ, anaasɛ ansa matɔ mʼatamfo no so were.” Enti obiara amfa hwee anka nʼano da mu no nyinaa, ɛwɔ mu, wohuu sɛ ɛwo kyɛm da fam wɔ kwae no ase. Wɔamfa wɔn nsa anso ɛwo no mu mpo, efisɛ na wɔn nyinaa suro ntam a wɔaka no. Nanso na Yonatan de, ɔntee nʼagya ntam no ho hwee. Ɔde abaa bi nuu ɛwo kyɛm no mu, dii ɛwo no bi. Odi wiee no, ne ho bae no. Nanso mmarima no mu baako huu no, ka kyerɛɛ no se, “Wʼagya maa asraafo no kaa ntam a emu yɛ den sɛ, obiara a obedidi nnɛ no, nnome bɛba ne so. Ɛno nti, na obiara ahodwow no.”

Na Yonatan teɛɛ mu se, “Mʼagya de ɔhaw abɛto yɛn nyinaa so. Mmara a ɛte sɛɛ no pira yɛn. Monhwɛ sɛ ɛwo kakra a midii yi, me ho asisi me ho so. Sɛ mmarima no nyaa kwan dii nnuan a wohuu wɔ yɛn atamfo no nkyɛn a, anka mo ara mubehu wɔn dodow a yebekum aka ho.”

Nanso ɔkɔm no nyinaa akyi, wɔtaa Filistifo no da mu no nyinaa fi Mikmas, kosii Ayalon. Na afei, wɔbrɛbrɛɛ mmoroso. Anwummere no, wɔtow guu asade no so, faa nguan, anantwi ne anantwi mma. Wokunkum wɔn, wee wɔn nam ne wɔn mogya nyinaa frae. Afei, obi ka kyerɛɛ Saulo se, “Hwɛ! Mmarima no reyɛ bɔne atia Awurade, efisɛ wɔrewe nam a mogya fra mu.”

Na Saulo kae se, “Ɛyɛ bɔne pa ara. Mumpirew ɔbo kɛse bi mmɛto ha. Na afei monkɔ mmarima no mu nkɔka nkyerɛ wɔn se, ‘Momfa anantwi no ne nguan no mmra ha mmekum wɔn na monsɔn wɔn mogya mfi wɔn mu. Monnnwe nam a mogya da so wɔ mu mmfa so nyɛ bɔne ntia Awurade.’ ”

Enti anadwo no, asraafo no de wɔn anantwi bae, bekunkum wɔn wɔ hɔ. Na Saulo sii afɔremuka wɔ hɔ, de maa Awurade, nea edi kan a osii.

Na Saulo kae se, “Momma yɛnkɔ Filistifo no so anadwo yi, na yɛnkɔsɛe wɔn ara nkosi ahemadakye a yɛrennyaw wɔn mu baako koraa.” Na wobuae se, “Biribiara a wugye di sɛ eye no, yɛbɛyɛ.”

Nanso ɔsɔfo no kae se, “Momma yenni kan mmisa Awurade ansa.” Enti Saulo bisaa Awurade se, “Menkɔ so ntaa Filistifo no? Na wobɛboa yɛn ama yɛadi wɔn so ana?” Nanso Awurade amma wɔn mmuae biara saa da no.

Enti Saulo ka kyerɛɛ ntuanofo no se, “Biribi atɔ kyima, enti mehwehwɛ mʼasahene nyinaa. Ɛsɛ sɛ yehu bɔne a yɛayɛ nnɛ. Mede Awurade a oyii Israel din ka ntam sɛ nea wayɛ bɔne no bewu, mpo sɛ ɔyɛ me babarima Yonatan!” Na mmarima no mu baako mpo antumi anka hwee.

Afei, Saulo ka kyerɛɛ Israelfo no nyinaa se, “Munnyina nohɔ; me ne me babarima Yonatan nso begyina ha.” Nnipa no penee so.

Enti Saulo bɔɔ Awurade, Israel Nyankopɔn, mpae se, “Ao Awurade Israel Nyankopɔn, yɛsrɛ wo kyerɛ yɛn nea odi fɔ ne nea odi bem. Mene Yonatan di fɔ anaasɛ bɔne no wɔ nkurɔfo no mu? Mfomso no bɛtɔɔ Yonatan ne Saulo so, na nnipa no dii bem.” Na Saulo kae se, “Mommɔ me ne me babarima Yonatan so ntonto.” Na ntonto no bɔɔ Yonatan sɛ odi fɔ.

Saulo bisaa Yonatan se, “Ka nea woayɛ kyerɛ me.”

Yonatan gye too mu se, “Mede ɛwo kakra kaa mʼano. Ɛyɛ kakraa bi a na ɛwɔ abaa bi ti so. Na eyi yɛ owu asɛm?”

Saulo kae se, “Yiw, Yonatan, ɛsɛ sɛ wuwu. Sɛ woanwu wɔ saa asɛm yi ho a, Onyankopɔn nka me na minwu.”

Ɛhɔ ara na nnipa no sɔre teɛɛ mu ka kyerɛɛ Saulo se, “Enti ɛfata sɛ Yonatan a ogyee Israel nnɛ no wu ana? Onyame mpa ngu. Bere dodow no a Awurade te ase yi, ne tinwi baako koraa ho nka, efisɛ Onyankopɔn afa ne so ayɛ anwonwade nnɛ.” Enti nnipa no gyee Yonatan, na wɔankum no.

Na Saulo frɛɛ asraafo no sɛ wɔnntaa Filistifo no bio. Enti Filistifo no san kɔɔ fie.

Saulo Akodi Mu Nkonimdi

Saulo nyaa Israel ahengua no so tenae a ɔhaw biara mma no, ɔko tiaa nʼatamfo wɔ afanan nyinaa. Ɔko tiaa Moab, Amon, Edom Soba ne Filistifo ahemfo. Na baabiara a ɔkɔe no, odii nkonim. Ɔkoo mmarima so, dii Amalekfo so, gyee Israelfo fii wɔn afowfo nyinaa nsam.

Na Saulo mmabarima ne Yonatan, Iswi ne Malki-Sua na ne mmabea baanu nso ne Merab a ɔyɛ panyin ne Mikal nso a ɔyɛ akumaa. Na Saulo yere din de Ahinoam a na ɔyɛ Ahimaas ba. Na ne sahene din de Abner a na ɔyɛ Saulo agya nua Ner babarima. Na Saulo agya Kis ne Abner agya Ner yɛ anuanom a wɔyɛ Abiel mma.

Bere a Saulo dii ade nyinaa, na Filistifo taa ne Israelfo di ako. Enti bere biara a Saulo behu aberante biara a ne koko yɛ duru na ɔwɔ ahoɔden no, ɔtwe no de no fra nʼasraafo mu.

Read More of 1 Samuel 14

1 Samuel 15:1-35

Awurade Po Saulo Sɛ Ɔhene

Da bi Samuel ka kyerɛɛ Saulo se, “Me na Awurade somaa me sɛ memmɛsra wo ngo sɛ Israel ɔhene. Afei tie nkra a efi Awurade nkyɛn no. Asɛm a Asafo Awurade se ni, ‘Me ne Amalekfo bedi wɔ nea wɔyɛ de tiaa Israelfo bere a na wofi Misraim reba no ho. Enti kɔ na kɔsɛe Amalek mantam no pasaa. Kunkum mmarima ne mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi ne nguan, yoma ne mfurum.’ ”

Enti Saulo frɛɛ nʼakofo boaa wɔn ano wɔ Telaim. Na wɔn dodow yɛ mpem ahannu ne mpem du nso a wofi Yuda. Saulo kɔɔ Amalek kuropɔn no mu, kɔtɛw obon no mu. Na ɔkraa Kenifo no se, “Mumfi nea Amalekfo no te hɔ na mansɛe mo ne wɔn, efisɛ Israelfo no fi Misraim reba no, mo ne wɔn dii no yiye.” Enti Kenifo no twee wɔn ho fi Amalekfo no ho.

Na Saulo kunkum Amalekfo no fii Hawila kosii Sur wɔ Misraim apuei fam. Ɔkyeree Amalekfo hene Agag anikann, nanso okunkum nnipa no nyinaa. Na Saulo ne nʼakofo no anyɛ Agag bɔne biara, na mmom wɔfaa wɔn nguan pa, anantwi pa ne anantwi ne nguamma a wɔadodɔ srade ne biribiara a wɔn ani gye ho. Wɔsɛee nea so nni wɔn mfaso na enni mu nyinaa.

Awurade Po Saulo

Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel se, “Manu me ho sɛ masi Saulo ɔhene, efisɛ wanni me nokware, na afei wayɛ nʼadwene sɛ ɔrentie mʼasɛm.” Asɛm no haw Samuel, na osu frɛɛ Awurade anadwo mu no nyinaa.

Ade kyee no, Samuel sɔree ntɛm kohyiaa Saulo, nanso obi ka kyerɛɛ no se, “Saulo kɔɔ Karmel sɛ ɔrekosi nkaedum de ahyɛ ne ho anuonyam, na ofii hɔ kɔɔ Gilgal.”

Samuel kɔtoo no no, Saulo kyiaa no anigye so se, “Awurade nhyira wo. Madi Awurade ahyɛde no so.”

Samuel bisae se, “Na dɛn ne nguan ne anantwi su a mete yi?”

Saulo gye too mu se, “Ɛyɛ nokware sɛ asraafo no amfa wɔn nsa anka nguan pa ne anantwi pa no. Nanso wɔde eyi rebɛbɔ afɔre ama Awurade, wo Nyankopɔn. Biribiara a ɛka ho no de, yɛasɛe no.”

Afei, Samuel ka kyerɛɛ Saulo se, “Gyae! Tie asɛm a Awurade ka kyerɛɛ me anadwo a atwa mu yi.”

Saulo bisaa se, “Dɛn asɛm?”

Samuel ka kyerɛɛ no se, “Ebia wubu wo ho abomfiaa, nanso ɛnyɛ wo na wudii Israel mmusuakuw nyinaa so no? Awurade asra wo ngo sɛ ɔhene wɔ Israel so. Na ɔsomaa wo sɛ kodi dwuma bi ma no, na osee wo sɛ, ‘Kɔ na kɔsɛe amumɔyɛfo a ɛyɛ Amalekfo no pasapasa, kosi sɛ mobɛtɔre wɔn ase dwerɛbee.’ Adɛn nti na woantie Awurade? Adɛn nti na mopere fom nneɛma, na moyɛɛ nea Awurade kaa se monnyɛ?”

Saulo nso kaa no denneennen se, “Mitiee Awurade. Nea ɔkyerɛɛ me sɛ menyɛ no, meyɛe. Mede ɔhene Agag san bae. Na wɔn a aka no de, mesɛee wɔn nyinaa. Na mʼakofo no nso de nguan pa, anantwi pa ne asade bae sɛ wɔde rebɛbɔ afɔre ama Awurade, wo Nyankopɔn wɔ Gilgal.”

Na Samuel buae se,

“Nea ɛwɔ he na ɛsɔ Awurade ani:

sɛ wobɛbɔ ɔhyew afɔre ne okum afɔre,

anaasɛ wobɛyɛ osetie ama Awurade nne?

Osetie ye sen afɔrebɔ.

Sɛ wubetie no no ye sen sɛ wode adwennini akɛse srade bɛma.

Atuatew te sɛ bayi,

na asoɔden nso te sɛ ahonisom.

Esiane sɛ woapo Awurade asɛm no nti,

ɔno nso apo wʼahenni.”

Saulo Srɛ Bɔnefakyɛ

Na Saulo ka kyerɛɛ Samuel se, “Mayɛ bɔne. Manni Awurade ahyɛde ne wo nkyerɛkyerɛ so. Na misuro nnipa no nti na meyɛɛ wɔn apɛde maa wɔn no. Enti mesrɛ wo, fa me bɔne kyɛ me na wo ne me nkɔsom Awurade.”

Samuel ka kyerɛɛ no se, “Merensan ne wo nkɔ. Woapo Awurade ahyɛde enti Awurade nso apo wʼahenni!”

Samuel yɛɛ sɛ ɔrekɔ no, Saulo soo nʼatade mu pɛɛ sɛ ɔsan no, na atade no mu suanee. Samuel ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ efi nnɛ, Awurade atew Israel ahemman mu afi wo ho de ama obi foforo a oye sen wo. Nea ɔyɛ Israel Anuonyam no nni atoro na ɔnsesa nʼadwene; efisɛ ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.”

Saulo srɛɛ bio se, “Minim sɛ mayɛ bɔne. Na mesrɛ wo sɛ, hyɛ me anuonyam wɔ me mpanyimfo ne me nkurɔfo anim; wo ne me nkɔsom Awurade, wo Nyankopɔn.” Enti Samuel pene ne Saulo san kɔe, na Saulo som Awurade.

Samuel Kum Ɔhene Agag

Afei, Samuel kaa se, “Fa ɔhene Agag brɛ me.”

Agag baa ne nkyɛn gyidi mu, susuw sɛ ɛhɔ a wakɔ no de, owu apare no.

Nanso Samuel kae se,

“Sɛnea wʼafoa akum mmea bi mmabarima no,

wo nso wo na bɛyɛ ɔbea a onni ba.”

Enti Samuel twitwaa Agag mu nketenkete Awurade anim wɔ Gilgal.

Na Samuel fi hɔ kɔɔ Rama na Saulo nso kɔɔ ne fi wɔ Gibea. Samuel anhyia Saulo bio nanso odii ne ho yaw bebree. Na Awurade nuu ne ho sɛ osii Saulo hene wɔ Israel so.

Read More of 1 Samuel 15