1 Ahemfo 3:16-28, 1 Ahemfo 4:1-34, 1 Ahemfo 5:1-18 AKCB

1 Ahemfo 3:16-28

Salomo Bu Atɛntrenee

Akyiri no, mmea nguamanfo baanu bi baa ɔhene no nkyɛn, pɛɛ sɛ ɔka wɔn asɛm bi ma wɔn. Wɔn mu baako fitii ase se, “Me wura, mesrɛ wo meka se, saa ɔbea yi ne me te fi koro mu. Mewoo ɔba bere a ɔne me te fie hɔ. Nnansa akyi no, ɔno nso woo ba. Na yɛn nko ara na yɛte fie hɔ a obiara nka yɛn baanu no ho.

“Nanso anadwo no, ɔpere kɔdaa ne ba no so, kum no. Na ɔsɔree anadwo no faa me ba fii me nkyɛn bere a mada no. Ɔde ne ba a wawu no too me basa so, na ɔfaa me de no kɔtoo ne nkyɛn, ma ɔdae. Ade kyee a mepɛɛ sɛ mema me ba no nufu no, na wawu. Nanso anim tetew kakra a mehwɛɛ abofra no yiye no, mihuu sɛ ɛnyɛ me ba no koraa.”

Ɛhɔ ara na ɔbea baako no gyee hwanyan kae se, “Abofra a wawu no yɛ wo ba no, ɛnna nea onwui no nso yɛ me de no.”

Ɛnna ɔbea a odi kan no nso se, “Dabi da, nea wawu no yɛ wo ba no, na nea onwui no nso yɛ me de no.” Enti wɔtwee asɛm no saa ara wɔ ɔhene no anim.

Ɔhene no kae se, “Momma yɛmpɛ asɛm no mu nokware yiye. Mo baanu nyinaa, obiara se abofra a onwui no yɛ ne dea, na abofra a wawu no de, ɔnyɛ obiara dea.

“Sɛ saa na ɛte de a, mommrɛ me afoa.” Enti wɔde afoa brɛɛ ɔhene no. Afei, ɔkae se, “Mompae abofra a onwui no mu abien, na momfa fa mma mmea no mu biara.”

Na ɔbea a nokware, ɔyɛ abofra a ɔte ase no na a ɔpɛ ne ba yi asɛm yiye no teɛteɛɛ mu se, “Ao! Dabi me wura! Fa abofra no ma no. Mesrɛ wo nkum no!”

Nanso ɔbea baako no kae se, “Eye, ɛbɛbɔ yɛn baanu nyinaa. Kyɛ ne mu ma yɛn!”

Ɛhɔ na ɔhene no kae se, “Munnkum no, na mmom, momfa abofra no mma ɔbea a ɔpɛ sɛ abofra no tena ase no, na ɔno ne ne na no.”

Ɔhene yi atemmu no trɛw faa Israel mmaa nyinaa, na ɔmanfo no ho dwiriw wɔn wɔ nyansa a Onyankopɔn de ama no, a ɛma no bu atɛntrenee no ho.

Read More of 1 Ahemfo 3

1 Ahemfo 4:1-34

Salomo Mpanyimfo Ne Amradofo

Enti Ɔhene Salomo dii Israel nyinaa so hene.

Na eyinom ne ne mpanyimfo:

Sadok babarima Asaria4.2 Na Asaria yɛ Ahimaas babarima na Ahimaas nso yɛ Sadok a na ɔyɛ ɔsɔfo no babarima.

Sisa mmabarima Elihoref ne Ahiya na na wɔyɛ asennii akyerɛwfo no.

Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehye abakɔsɛm kyerɛwfo.

Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ asraafo so sahene no;

Sadok ne Abiatar na na wɔyɛ asɔfo.

Natan babarima Asaria na na ɔyɛ amansin amradofo titenani.

Natan babarima Sabud a na ɔyɛ ɔsɔfo no, na na ɔyɛ ɔhene fotufo a ɔde ne ho to ne so.

Ahisar na na ɔyɛ ahemfi sohwɛfo.

Abda babarima Adoniram na na ɔhwɛ adwumayɛfo so.

Na Salomo wɔ amansin amradofo dumien wɔ Israel nyinaa mu. Na wɔn adwuma ne sɛ, wogye nnuan fi ɔmanfo nkyɛn de kɔma ahemfifo. Wɔn mu biara hwɛ di saa dwuma yi ɔsram baako wɔ afe biara mu.

Saa amradofo dumien no din na edidi so yi:

Na Ben-Hur wɔ Efraim bepɔw asase so.

Na Ben-Deker hwɛ Makas, Saalbim, Bet-Semes ne Elon-Bet-Hanan so.

Na Ben-Hesed hwɛ Arubot a Soko ne nsase a ɛwɔ Hefer nyinaa ka ho no so.

Na Ben-Abinadab wɔ Nafat-Dor. (Ɔwaree Salomo babea Tafat).

Na Ahilud babarima Baana hwɛ Taanak ne Megido ne Bet-Sean a ɛbɛn Saretan a ɛwɔ Yesreel anafo ne nkurow a efi Bet-Sean, de kosi Abel-Mehola, tra kosi Yokmeam akyi no so.

Na Ben-Geber wɔ Ramot-Gilead, a Yair nkurow a wɔde too Manase babarima Yair a ɛwɔ Gilead ka ho, wɔ Argob mantam a ɛwɔ Basan a nkuropɔn aduosia a wɔde kɔbere apon asisi ano no ka ho.

Na Ido babarima Abinadab wɔ Mahanaim.

Na Ahimaas wɔ Naftali. Ɔno nso waree Salomo babea Basmat.

Na Husai babarima Baana wɔ Aser ne Alot.

Na Parua babarima Yehosafat wɔ Isakar.

Na Ela babarima Simei wɔ Benyamin.

Na Uri babarima Geber wɔ Gilead asase so a Amorihene Sihon ne Basanhene Og amantam ka ho. Na amrado baako pɛ na ɔhwɛ Yuda asase so.

Salomo Nkɔso Ne Nyansa

Na nnipa a wɔwɔ Yuda ne Israel no dodow te sɛ mpoano nwea. Nea wonya di ne nea wonya nom no, na wɔn ani sɔ. Salomo dii ahemman4.21 Salomo ahemman ahye no ano kɔka faako a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no (1 Mose 15.18-21; 5 Mose 1.7; 11.24; Yos 1.4). nyinaa so, fi Asubɔnten Eufrate kosi Filistifo asase so, de kosi Misraim hye so. Na nnipa a wadi wɔn so wɔ saa nsase no so no de sonkahiri brɛ Salomo, na wɔkɔɔ so som no ne nkwanna nyinaa.

Nnuan a na wohia daa wɔ Salomo ahemfi no yɛ asikresiam pa susukoraa ɔha ne aduonum ne atokosiam susukoraa ahaasa, anantwi a wɔadodɔ wɔ buw mu du, anantwi a wɔde wura ayɛn wɔn aduonu, nguan anaa mmirekyi ɔha, atwe, nnowa, awansan ne nkokɔ a wɔadodɔ. Na Salomo amantow no yɛ ahenni ahorow a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate atɔe fam nyinaa de fi Tifsa4.24 Tifsa yɛ kurow titiriw bi a ɛbɛn Asubɔnten Eufrate. Na saa kurow no hye ano si amantow no atifi apuei fam. Na Gasa ne Filistia a ɛbɛn Po Kɛse no nso yɛ anafo apuei hye ano. kosi Gasa. Na asomdwoe wɔ asase no so mmaa nyinaa. Salomo nkwa nna mu nyinaa, Yuda ne Israel nyaa bammɔ tenaa ase asomdwoe mu. Na efi Dan kosi Beer-Seba no, na abusua biara wɔ ne fi ne ne bobe ne borɔdɔma mfikyifuw.

Na Salomo wɔ apɔnkɔdan mpem anan ma ne nteaseɛnam apɔnkɔ ne apɔnkɔ mpem dumien.

Amansin mu amradofo na na wɔma ɔhene Salomo ne nʼasennii nnuan pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn ɔsram ɔsram nnuanma no mu. Na wɔde atoko ne sare a ɛho hia brɛ adehye apɔnkɔ no wɔ wɔn nnae.

Onyankopɔn maa Salomo nyansa, ntease ne nhumu a emu nni hwehwɛbea. Nokware, na ne nyansa no boro anyansafo a wɔwɔ apuei ne anyansafo a wɔwɔ Misraim nyinaa nyansa so. Na onim nyansa sen obiara a Esrahini Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahel mmabarima no ka ho. Na ne din hyetaa wɔ aman a atwa ne ho ahyia no so. Obuu mmɛ mpem abiɛsa, na ɔkyerɛw nnwom apem ne anum. Na otumi ka afifide biara ho nsɛm, efi Lebanon sida so de kosi adwerɛ a efifi ɔfasu mpaapae mu so. Na otumi ka mmoa, nnomaa, mmoa a wɔwea fam ne nsumnam ho nsɛm nso. Enti na ahemfo a wɔwɔ aman afoforo so tu wɔn ananmusifo ba Salomo nkyɛn betie ne nyansasɛm no bi.

Read More of 1 Ahemfo 4

1 Ahemfo 5:1-18

Asɔredansi Ho Ahoboa

Na Tirohene Huram yɛ ɔhene Dawid adamfo nokwafo, enti bere a ɔtee sɛ wɔasra Salomo ngo sɛ ɔhene sɛ onni nʼagya Dawid ade no, ɔsomaa nʼasomafo kɔɔ Salomo nkyɛn, kɔmaa no tirinkwa. Salomo de saa nkra yi maa sɛ wɔnsan mfa nkɔma Huram:

“Wo ara wunim sɛ mʼagya Dawid antumi ansi asɔredan anhyɛ Awurade ne Nyankopɔn din anuonyam, esiane akokoakoko a ɔne aman a wɔatwa ne ho ahyia no dii nti. Wantumi anyɛ kosii sɛ Awurade de nʼatamfo hyɛɛ nʼanan ase. Nanso mprempren, Awurade, me Nyankopɔn ama me ahotɔ wɔ afa nyinaa, minni ɔtamfo biara na biribiara rekɔ yiye. Ne saa nti, mayɛ adwene sɛ mesi asɔredan ama Awurade, me Nyankopɔn sɛnea Awurade ka kyerɛɛ mʼagya Dawid se me na mɛyɛ no. ‘Wo ba a mede no bɛtena ahengua so, asi wʼanan mu no besi asɔredan ahyɛ me din anuonyam.’

“Ɛno nti, hyɛ ma wonkotwa sida a efi Lebanon mmrɛ me. Me mmarima ne wo mmarima bɛyɛ adwuma, na akatua biara a wubegye ama wɔn no, metua. Wo ara wunim sɛ, obiara nkyɛn Sidonfo wɔ nnuabu mu.”

Bere a Huram tee Salomo nkra no, nʼani sɔɔ yiye kae se, “Ayeyi nka Awurade nnɛ, efisɛ wama Dawid ɔba nyansafo sɛ ommedi saa ɔman kɛse Israel yi so.”

Enti Huram de nkra kɔmaa Salomo se,

“Me nsa aka nkra a wode brɛɛ me no, na mɛyɛ wʼabisade a ɛfa nnua no ho no. Metumi de sida nnua ne ɔpepaw nnua abrɛ wo. Mʼasomfo de nnua no befi Lebanon mmepɔw so aba Po Kɛse so, na mɛma atentɛn afa po ani sɛnea wɔde ayɛ ɔkorow no, de akɔ baabiara a wobɛkyerɛ. Ɛno akyi no, yɛbɛsan mu na yɛde nnua no abrɛ wo. Wobɛma me fifo aduan, sɛnea mehwehwɛ no.”

Huram faa saa ɔkwan yi so maa Salomo sida ne ɔpepaw nnua sɛnea ɔpɛ, na Salomo maa Huram fifo atoko tɔn 3,600 ne ngo kronkron galɔn 120,000. Na Awurade maa Salomo nyansa a emu dɔ, sɛnea ɔhyɛɛ no bɔ no. Na Huram ne Salomo yɛɛ asomdwoe apam.

Na ɔhene Salomo kyerɛw adwumayɛfo mpem aduasa a wofi Israel nyinaa din. Ɔsomaa wɔn akuwakuw kɔɔ Lebanon. Ɔsram biara mu, nnipa mpem du kɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔbarima baako biara bedi ɔsram baako wɔ Lebanon, na wadi asram abien wɔ fie. Adoniram na na ɔhwɛ saa adwumayɛfo yi so. Salomo nso faa nnesoasoafo mpem aduɔson; faa abopaefo mpem aduɔwɔtwe fi bepɔw asase no so, ne wɔn so sohwɛfo mpem ahaasa ne ahansia a wɔbɛhwɛ adwuma no so. Ɔhene no hyɛ ma abotwafo no paee, twaa aboɔdemmo no, yiyii ho sɛnea wɔde bɛhyɛ Asɔredan no fapem. Mmarima a wofi Gebal kuropɔn mu boaa Salomo ne Huram adansifo no, ma wosiesiee nnua ne abo no maa Asɔredan no si.

Read More of 1 Ahemfo 5