1 Ahemfo 14:21-31, 1 Ahemfo 15:1-34, 1 Ahemfo 16:1-7 AKCB

1 Ahemfo 14:21-31

Rehoboam, Yuda Hene

Na Salomo babarima Rehoboam na na odi hene wɔ Yuda. Bere a odii ade no, na wadi mfe aduanan baako, na odii ade mfe dunson wɔ Yerusalem, kurow a na Awurade ayi wɔ Israel mmusuakuw no nyinaa mu, sɛ ɔde rehyɛ ne din anuonyam no. Na Rehoboam ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni. Bere a na Rehoboam di ade no, nnipa a wɔwɔ Yuda no yɛɛ bɔne Awurade anim, maa ne bo fuw wɔ wɔn bɔne no ho. Na saa bɔne no sen nea wɔn agyanom no yɛe mpo. Wosisii abosomfi, gyinaa dannua a wɔatew ho ne Asera nnua wɔ bepɔw biara so ne dutan frɔmfrɔm biara ase. Mpo, na abosomfi mmarima nguamanfo wɔ asase no so mmaa nyinaa. Nnipa no suasuaa akyiwade ahorow a amanaman a wɔsom abosom no yɛe nti a Awurade pam wɔn fii asase no so maa Israelfo no.

Rehoboam dii ade ne mfe anum so no, Misraimhene Sisak bɛtow hyɛɛ Yerusalem so. Ɔbɔ wuraa Awurade Asɔredan no mu ne ahemfi hɔ baabiara, wiaa biribiara a sikakɔkɔɔ akyɛm a Salomo yɛe no ka ho. Akyiri no, Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm de sii anan, na ɔde hyɛɛ ahemfi awɛmfo no nsa sɛ wɔnhwɛ so. Bere biara a ɔhene no kɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no, awɛmfo no soa kɔ hɔ bi, na sɛ owie na ɔreba a, wɔsan de begu awɛmfo dan no mu.

Na Rehoboam ahenni ho nsɛm nkae no ne dwuma a odii no de, wɔankyerɛw ne nyinaa wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? Daa na ɔko da Rehoboam ne Yeroboam ntam. Bere a Rehoboam wui no, wosiee no wɔ nʼagyanom korabea wɔ Dawid kurom. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonnibea. Na ne babarima a ne din de Abiyam na odii nʼade sɛ ɔhene.

Read More of 1 Ahemfo 14

1 Ahemfo 15:1-34

Abiyam Di Yuda Man So

Yeroboam dii ade wɔ Israel ne mfe dunwɔtwe so no, Abiyam bɛyɛɛ Yudahene. Odii hene wɔ Yerusalem mfe abiɛsa. Na ne na din de Maaka a ɔyɛ Absalom babea.

Nʼagya bɔne a ɔyɛe nyinaa no, ɔyɛɛ bi. Na ne koma nni Awurade ne Nyankopɔn mu; wansɛ ne nena Dawid. Nanso esiane Dawid nti, Awurade, ne Nyankopɔn maa nʼasefo kwan ma wɔkɔɔ so dii ade, na ɔmaa Abiyam ɔbabarima a obedi nʼade wɔ Yerusalem. Na Dawid ayɛ nea eye wɔ Awurade ani so. Odii Awurade ahyɛde so ne nkwa nna nyinaa, gye Hetini Uria no ho asɛm no nko ara.

Abiyam nkwa nna mu nyinaa, na akokoakoko da ɔno ne Yeroboam ntam. Nsɛm a aka a esisii wɔ Abiyam ahenni mu ne nea ɔyɛe no, wɔankyerɛw wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? Ɔko daa Abiyam ne Yeroboam ntam bere biara. Na Abiyam wui no, wosiee no wɔ Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Asa dii nʼade sɛ ɔhene.

Asa Di Yuda Man So

Yeroboam dii hene wɔ Israel ne mfe aduonu so no, Asa bedii hene wɔ Yuda. Odii hene Yerusalem mfe aduanan baako. Na wɔfrɛ ne nenabea Maaka a na ɔyɛ Absalom babea. Asa yɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, sɛnea ne nena Dawid yɛe no. Ɔpam nsɔree so so nguamanfo nyinaa fii asase no so, na oyiyii ahoni a nʼagyanom yɛe no nyinaa. Na mpo, otuu ne nenabea Maaka fii ahemmeagua no so, efisɛ na wayɛ Asera ahoni dua a na ɛyɛ akyiwade. Asa twaa dua no na ɔhyew no wɔ Kidron bon mu. Ɛwɔ mu sɛ wɔantutu abosonsom nsɔre so no nyinaa amfi Israel de, nanso Asa kɔɔ so de ne koma hyɛɛ Awurade mu nʼasetena nyinaa mu. Ɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a ɔno ne nʼagya too din de maa Awurade Asɔredan no bae.

Na akokoakoko wɔ Yudahene Asa ne Israelhene Baasa ntam. Israelhene Baasa kɔko tiaa Yuda, na ɔmaa Rama bammɔ sɛnea obi ntumi nni ahyɛmfiri wɔ Yudahene Asa asase so. Asa tasee dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no a ɛkaa wɔ Awurade Asɔredan no adekoradan mu ne nea na ɛwɔ ahemfi no adekoradan no mu. Ɔde hyɛɛ ne mpanyimfo no mu bi nsa, na ɔsomaa wɔn ma wɔkɔɔ Hesion babarima Tabrimon babarima Siriahene Ben-Hadad a na odi hene wɔ Damasko no nkyɛn, na ɔde saa nsɛm yi kaa ho: “Ma yɛnyɛ apam a na ɛda wʼagya ne mʼagya ntam no foforo. Tie, mede akyɛde a ɛyɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ resoma de abrɛ wo. Twa wo ne Israelhene Baasa apam no mu, sɛnea ɔremfa ne nsa nka me.”

Ben-Hadad penee ɔhene Asa abisade no so, na ɔsomaa nʼakofo, ma wɔkɔtow hyɛɛ Israel so. Wodii nkurow Iyon, Dan, Abel-Bet-Maaka ne Kineret a Naftali nsase nyinaa ka ho no so. Na Israelhene Baasa tee asɛm a asi no, ogyaee nʼadwuma a na ɔreyɛ de abɔ Rama ho ban no, kɔɔ Tirsa kɔtenaa hɔ. Afei, ɔhene Asa soma kɔɔ Yuda mmaa nyinaa, kɔkaa se ɔhwehwɛ sɛ obiara bɛboa asoa adansi abo ne nnua a na Baasa de reyɛ bammɔdwuma wɔ Rama no afi hɔ. Asa de saa bammɔ nneɛma no kyekyeree kurow Geba a ɛwɔ Benyamin ne Mispa nso.

Asa ahenni ho nsɛm nkae ne nea ne tumi kodui no, ne nkurow a ɔkyekyeree no nyinaa din no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? Mmom, ne nkwakorabɔ mu no, ɔyaree ne nan. Bere a Asa wui no, wosiee no nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Yehosafat bedii nʼade sɛ ɔhene.

Nadab Di Hene Wɔ Israel

Yeroboam babarima Nadab fii ase dii ade wɔ Israel bere a na ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe abien mu. Odii ade wɔ Israel mfe abien. Na ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Odii nʼagya anammɔn akyi, toaa so yɛɛ bɔne, som abosom sɛnea na Yeroboam adi Israel anim ama wɔayɛ no.

Na Ahiya babarima Baasa a ofi Isakar abusuakuw mu no pam Nadab ti so, kum no bere a na ɔne Israel asraafo akyere nsraban, retua Filistifo kurow Gibeton ano no. Baasa kum Nadab wɔ ɔhene Asa adedi wɔ Yuda mfe abiɛsa mu no so, na ɔbɛyɛɛ Israelhene a odi hɔ.

Ntɛm ara, okunkum ɔhene Yeroboam asefo nyinaa a adehye abusua no mu baako koraa anka, sɛnea Awurade nam odiyifo Ahiya a ofi Silo ahyɛ bɔ afa Yeroboam ho no. Saa asɛm yi sii, efisɛ Yeroboam di a odii Israel anim ma wɔyɛɛ bɔne no hyɛɛ Awurade, Israel Nyankopɔn abufuw.

Nadab ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? Na akokoakoko wɔ Asa ne Israelhene Baasa ntam.

Baasa Di Israel So Hene

Ahiya ba Baasa fii ase dii Israel so wɔ ɔhene Asa adedi wɔ Yuda no mfe abiɛsa mu. Baasa dii ade fii Tirsa mfe aduonu anan. Na ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Odii Yeroboam anammɔn akyi, som abosom, sɛnea Yeroboam dii Israel anim yɛe no.

Read More of 1 Ahemfo 15

1 Ahemfo 16:1-7

Na Awurade asɛm baa Hanani babarima Yehu so tiaa Baasa sɛ, “Mepagyaw wo fii mfutuma mu, de wo tuaa me nkurɔfo Israel ano. Nanso wofaa Yeroboam kwan bɔne no so, maa me nkurɔfo Israel yɛɛ bɔne, maa wɔn bɔne a wɔyɛɛ no hyɛɛ me abufuw. Enti merebɛsɛe Baasa ne ne fi, na mɛyɛ wo fi te sɛ Nebat babarima Yeroboam de. Wɔn a wobewuwu wɔ kurow no mu a wɔyɛ Yeroboam dea no de, akraman bɛwe wɔn nam. Na wim nnomaa na wɔbɛsosɔw wɔn a wobewuwu wɔ wuram no.”

Na Baasa adedi ne ɛho nsɛm nkae, nea ɔyɛe ne ne nkɔso no, wɔakyerɛw agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu. Baasa wui no, wosiee no wɔ Tirsa. Na ne babarima Ela dii nʼade sɛ ɔhene.

Na Awurade asɛm nam Hanani babarima odiyifo Yehu so baa Baasa ne ne fifo so, esiane bɔne dodow a na wayɛ wɔ Awurade ani so no nti. Saa nneyɛe no hyɛɛ Awurade abufuw. Na ɔyɛɛ sɛnea ɔyɛɛ Yeroboam fi no ara pɛ, efisɛ Baasa nso sɛee Yeroboam fi.

Read More of 1 Ahemfo 16