1 Yohane 3:11-24, 1 Yohane 4:1-6 AKCB

1 Yohane 3:11-24

Monnodɔ Mo Ho Mo Ho

Nsɛm a motee mfiase no kyerɛ sɛ, monnodɔ mo ho. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ sɛ Kain. Na ɔyɛ ɔbonsam de. Enti okum nʼankasa ne nua. Adɛn nti na Kain kum no? Efisɛ nneɛma a ɔyɛe no yɛ bɔne, nanso ne nua no de, ɔyɛɛ papa. Enti anuanom, sɛ wiasefo tan mo a, mommma ɛnyɛ mo nwonwa. Yenim sɛ yɛafi owu mu aba nkwa mu. Yenim saa, efisɛ yɛdɔ yɛn nuanom. Obi a ɔtan ne nua no yɛ owudifo na munim nso sɛ owudifo nni nkwa a enni awiei wɔ ne mu.

Eyi na ɛma yehu sɛnea ɔdɔ te. Kristo de ne nkwa maa yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde yɛn nkwa ma yɛn nuanom. Sɛ obi yɛ ɔdefo na ohu sɛ biribi ho hia ne nua na wanhu no mmɔbɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi aka se ɔdɔ Onyankopɔn wɔ ne koma mu? Me mma, ɛnsɛ sɛ yɛn dɔ no yɛ kasa hunu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ ɔdɔ turodoo a ɛnam nneyɛe so da ne ho adi.

Eyi na ɛbɛma yɛahu sɛ yɛwɔ nokware no. Eyi na ɛbɛma yɛn koma anya gyidi wɔ Onyankopɔn anim. Sɛ yɛn koma bu yɛn fɔ mpo a, yenim sɛ Onyankopɔn so sen yɛn koma, na onim biribiara. Enti anuanom adɔfo, sɛ yɛn koma ammu yɛn fɔ a, yɛwɔ akokoduru wɔ Onyankopɔn anim. Biribiara a yebisa no no, yɛn nsa ka, efisɛ yedi ne mmara so na yɛyɛ nʼapɛde nso. Ne mmara no ka se, yennye ne Ba Yesu Kristo no din nni na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho sɛnea Kristo hyɛɛ yɛn no. Obiara a odi Onyankopɔn mmara so no te Onyankopɔn mu na Onyankopɔn nso te ne mu. Na eyi na ɛma yehu sɛ Onyankopɔn te yɛn mu. Yenim no saa esiane Honhom a wama yɛn no nti.

Read More of 1 Yohane 3

1 Yohane 4:1-6

Nkyerɛkyerɛ Pa Ne Nkyerɛkyerɛ Bɔne

Me nuanom adɔfo, munnnye honhom no nyinaa nni. Mmom monsɔ honhom no nhwɛ sɛ efi Onyankopɔn ana. Efisɛ atoro adiyifo bebree ahwete wɔ wiase. Ɔkwan a wubetumi afa so ahu sɛ obi wɔ Onyankopɔn Honhom no ne sɛ, ɔbɛpae mu aka se, nokwarem Yesu Kristo baa onipa tebea mu. Na nea ɔnka saa mfa Yesu ho no nni honhom a efi Onyankopɔn. Saa honhom no yɛ Kristo tamfo. Motee sɛ saa na ɛbɛba, nanso ɛwɔ wiase ha dedaw.

Me mma, mufi Onyankopɔn mu na moadi atoro adiyifo no so, efisɛ Honhom a ɛwɔ mo mu no wɔ tumi sen honhom a ɛwɔ wiase yi mu. Wɔka nsɛm a ɛfa wiase ho ma wiase tie, efisɛ wɔyɛ wiasefo. Nanso yɛn de, yɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Obiara a onim Onyankopɔn no tie yɛn. Na obiara a ɔnyɛ Onyankopɔn nipa no ntie yɛn. Eyi nko ara ne ɔkwan a yɛnam so de hu nokware Honhom ne atoro honhom mu.

Read More of 1 Yohane 4