1 Yohane 2:28-29, 1 Yohane 3:1-10 AKCB

1 Yohane 2:28-29

Me mma, montena ne mu sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɔba a, yebenya akokoduru na yɛmfa aniwu nkohintaw da a ɔbɛba no.

Munim sɛ Kristo yɛ ɔtreneeni. Na ɛsɛ sɛ muhu sɛ obiara a ɔyɛ ade trenee no yɛ Onyankopɔn ba.

Read More of 1 Yohane 2

1 Yohane 3:1-10

Onyankopɔn Mma

Monhwɛ ɔdɔ a Agya no dɔ yɛn. Ne dɔ a ɔdɔ yɛn no mu den nti wɔfrɛ yɛn Onyankopɔn mma. Na ɛyɛ nokware nso. Ne saa nti wiase nnim yɛn efisɛ ennim Onyankopɔn. Me nuanom, mprempren yɛyɛ Onyankopɔn mma, nanso nea daakye yɛbɛyɛ de, yennim. Nanso yenim sɛ Kristo ba a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, efisɛ yebehu no sɛnea ɔte. Obiara a ɔwɔ saa anidaso yi wɔ Kristo mu no yɛ ne ho kronkron sɛnea Kristo yɛ kronkron no.

Obiara a ɔyɛ bɔne no bu Onyankopɔn mmara so, efisɛ bɔne yɛ mmara sobu. Munim sɛ Kristo bae se ɔrebɛfa nnipa bɔne, efisɛ ɔno de, bɔne nni ne mu. Enti obiara a ɔtena Kristo mu no nkɔ so nyɛ bɔne. Na obiara a ɔkɔ so yɛ bɔne no nhuu no, na onnim no.

Mommma obi nnaadaa mo, me mma. Obiara a ɔyɛ nea ɛteɛ no yɛ ɔtreneeni sɛnea Kristo yɛ ɔtreneeni no. Nea ɔkɔ so yɛ bɔne no yɛ ɔbonsam de, efisɛ ɔbonsam fi mfiase pɛe, na ɔyɛɛ bɔne. Saa asɛm yi nti na Onyankopɔn Ba no bae. Ɔbaa sɛ ɔrebɛsɛe ɔbonsam nnwuma. Obiara a ɔyɛ Onyankopɔn Ba no nkɔ so nyɛ bɔne, efisɛ Onyankopɔn su wɔ ne mu, na esiane sɛ Onyankopɔn yɛ nʼAgya nti, ontumi nkɔ so nyɛ bɔne. Nsonoe a ɛda Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma ntam ne sɛ, obi a ɔnyɛ papa anaa ɔnnɔ ne nua no nyɛ Onyankopɔn ba.

Read More of 1 Yohane 3