1 Korintofo 15:50-58, 1 Korintofo 16:1-4 AKCB

1 Korintofo 15:50-58

Anuanom, nea mepɛ sɛ mekyerɛ ne sɛ, nea wɔde honam ne mogya ayɛ no nni kyɛfa wɔ Onyankopɔn ahenni no mu; na nea ɛporɔw no ntumi ntena hɔ. Muntie saa ahintasɛm yi: Yɛn nyinaa renwu, nanso bere tiaa bi mu, wɔbɛsakra yɛn nyinaa; sɛ torobɛnto a etwa to no bɔ a, nsakrae no bɛyɛ anibuei. Sɛ ɛbɔ a, awufo bɛdan ateasefo na yɛn nyinaa bɛsakra. Na nea ɛporɔw no de nea ɛmporɔw akata ne ho, na nea ewu no de nea enwu akata ne ho. Enti nea ɛporɔw de nea ɛmporɔw kata ne ho na nea ebewu de nea ɛrenwu kata ne ho a, Kyerɛwsɛm no bɛba mu se, “Wɔasɛe owu; nkonim aba!”

“Owu, wo nkonim wɔ he?

Owu, wo nwowɔe wɔ he?”

Owu nya ne tumi fi bɔne mu na bɔne nso nya ne tumi fi mmara no mu. Nanso yɛda Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yɛn tumi no ase!

Enti me nuanom, munnyina pintinn. Mommma biribiara nhinhim mo. Da biara monyɛ Awurade adwuma, efisɛ munim sɛ moyɛ Awurade adwuma a ɛrenyɛ ɔkwa da.

Read More of 1 Korintofo 15

1 Korintofo 16:1-4

Towyi

Asɛm a ɛfa tow a wobeyi de aboa Onyankopɔn asafomma a wɔwɔ Yudea ho no ni: Ɛsɛ sɛ moyɛ nea meka kyerɛɛ Galati asafo ahorow sɛ wɔnyɛ no bi. Kwasida biara sika a moanya no, momfa bi nsie baabi sɛnea meba mo nkyɛn a ɛremma munyi tow. Sɛ meba hɔ a mɛkyerɛw adansedi krataa de asoma nnipa a mopene so sɛ mensoma wɔn, na wɔabegye mo akyɛde no de akɔ Yerusalem. Sɛ ɛho hia sɛ me ne wɔn ba a, me ne wɔn bɛba.

Read More of 1 Korintofo 16