1 Korintofo 15:1-34 AKCB

1 Korintofo 15:1-34

Kristo Wusɔre

Afei anuanom, mepɛ sɛ mekae mo adwene fa Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no a mugye too mu, nam so maa mo gyidi mu yɛɛ den no ho. Ɛno ne Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no. Sɛ mukura asɛmpa yi mu dennen a, mubenya nkwa; gye sɛ moannye anni.

Mekaa asɛm a metee a ɛho hia yiye no kyerɛɛ mo se, yɛn bɔne nti na Kristo wui, sɛnea wɔakyerɛw no Kyerɛwsɛm no mu se wosiee no, na ne nnansa so no, ɔsɔre fii awufo mu sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ Petro ne asomafo dumien no nyinaa. Afei mpofirim, ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ nʼakyidifo bɛboro ahannum a wɔn mu bi te ase na wɔn mu bi nso awuwu. Afei oyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo ne asomafo no nyinaa. Akyiri no koraa na oyii ne ho adi kyerɛɛ me a meyɛ obi a wɔanwo me ntɛm.

Meyɛ obi a misua koraa wɔ asomafo no mu na memfata mpo sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo efisɛ metaa Onyankopɔn asafo. Nanso Onyankopɔn adom nti, mete sɛnea mete no ara na adom a ɔde dom me no aboa me yiye. Ama matumi ayɛ adwuma dennen asen asomafo a aka no nyinaa a emfi mʼankasa mʼahoɔden mu, na mmom Onyankopɔn adom no na ɛredi dwuma wɔ me mu. Enti sɛ efi me anaa efi wɔn no, Asɛmpa a yɛn nyinaa ka ni, na ɛno nso na mugye di.

Owusɔre

Afei sɛnea Asɛmpa no ka sɛ wɔama Kristo asɔre afi awufo mu no, adɛn na mo mu bi tumi ka se wɔrentumi mma awufo nsɔre? Sɛ saa yɛ nokware de a, na ɛkyerɛ sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfi awufo mu. Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfi awufo mu a, na ɛkyerɛ sɛ, yenni asɛm biara ka, na mo nso munni asɛm biara a mubegye adi. Ɛno akyi koraa na ɛkyerɛ sɛ, yɛredi atoro afa Onyankopɔn ho, efisɛ yɛka se ɔno na onyan Kristo fii awufo mu. Na sɛ awufo ntumi nsɔre a, ɛno de na wɔamma Kristo nso ansɔre amfi awufo mu. Sɛ awufo ntumi nsɔre a, na Kristo nso ansɔre. Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfi awufo mu a, na mo gyidi no yɛ nnaadaa, na moda so yera wɔ mo bɔne mu. Ɛsan kyerɛ sɛ, wɔn a na wogye Kristo di a wɔawuwu no ayera. Na sɛ yɛn anidaso wɔ Kristo mu no ye ma saa asetena yi nko ara a, ɛno de na yɛyɛ mmɔbɔ sen obiara a ɔwɔ wiase ha.

Nanso nokware a ɛwɔ mu ne sɛ, wɔama Kristo asɔre afi awufo mu de ahyɛ mo den sɛ wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no, wɔbɛma wɔasɔresɔre. Na sɛnea owu nam onipa so bae no, saa ara nso na owusɔre nam onipa so ba. Owu nam Adam so baa yɛn nyinaa so; saa ara nso na Kristo de nkwa brɛɛ yɛn nyinaa. Nanso, biribiara bɛyɛ nnidiso nnidiso a Kristo na obedi kan, na sɛ Kristo di kan ba bio a, wɔn a wɔyɛ ne de no nso adi akyi. Afei, sɛ Kristo sɛe ahonhom mu atumfo ahoɔden ne tumi nyinaa a, awiei no bɛba, na ɔde Ahenni no ama Onyankopɔn a ɔyɛ Agya no. Efisɛ ɛsɛ sɛ Kristo di hene kosi sɛ obedi nʼatamfo nyinaa so na ɔde wɔn ahyɛ nʼanan ase. Ɔtamfo a obedi ne so atwa to ne owu. Sɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɔde nneɛma nyinaa bɛhyɛ ne tumi ase a,” wɔmmfa Onyankopɔn nka ho. Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ Kristo tumi ase. Na sɛ wɔde nneɛma nyinaa hyɛ Kristo tumi ase a, ɔno ankasa a ɔyɛ Ɔba no de ne ho bɛhyɛ Onyankopɔn a ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ ne Ba no tumi ase no ase; na Onyankopɔn adi biribiara so.

Sɛ owusɔre nni hɔ a, anka wɔn a wɔbɔ awufo din bɔ asu no bɛyɛ dɛn? Wɔn adwene ne dɛn? Sɛ ɛyɛ nokware sɛ nea wɔka se, wonnyan awufo mma nkwa mu a, adɛn nti na wɔbɔ awufo din bɔ wɔn asu? Na adɛn na dɔnhwerew biara yɛde yɛn ho to amane mu? Anuanom, da biara mihyia owu. Esiane Yesu nti, ahohoahoa a mewɔ wɔ mo mu no na ɛma meka eyi. Na sɛ ako a me ne “nkekammoa” dii wɔ Efeso no mu anidaso mmoro nnipa de so a anka dɛn na manya? Na sɛ wonnyan awufo mma nkwa mu a, ɛno de

“Momma yennidi na yɛnnom,

efisɛ ɔkyena yebewu” sɛnea wɔka no.

“Mommma wɔnnnaadaa mo. Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra pa.” Momma mo ani mmra mo ho so sɛnea ɛsɛ na mumfi mo akwammɔne no so. Meka eyi de hyɛ mo aniwu sɛ mo mu ebinom nnim Onyankopɔn.

Read More of 1 Korintofo 15