1 Korintofo 14:1-19 AKCB

1 Korintofo 14:1-19

Ɔdɔ na ɛsɛ sɛ mohwehwɛ akyi kwan. Momma mo koma mpere nhwehwɛ Honhom akyɛde no, ne titiriw no nkɔmhyɛ.

Ɔkasa Foforo

Onipa a ɔka kasa foforo no nkasa nkyerɛ nnipa, na mmom ɔkasa kyerɛ Onyankopɔn, efisɛ obiara nte asɛm a ɔka no ase. Ɔnam Honhom no tumi so ka nokware mu ahintasɛm. Nanso onipa a ɔhyɛ nkɔm no kasa kyerɛ nnipa, boa wɔn, hyɛ wɔn nkuran, kyekye wɔn werɛ. Onipa a ɔka kasa foforo no boa ɔno ankasa ne ho, nanso onipa a ɔhyɛ nkɔm no boa asafo no nyinaa. Ɛwɔ mu sɛ mepɛ sɛ mo nyinaa ka kasa foforo de, nanso mepɛ sɛ mo nyinaa nya akyɛde a ɛbɛma mo ahyɛ nkɔm. Efisɛ onipa a ɔhyɛ nkɔm no ho hia yiye kyɛn onipa a ɔka kasa foforo no, gye sɛ obi wɔ hɔ a ɔbɛkyerɛ ase, ma aboa asafo no nyinaa.

Enti anuanom, sɛ meba mo nkyɛn na meka kasa foforo a, mfaso bɛn na mubenya wɔ me ho? Morennya hwee gye sɛ meda Onyankopɔn ahintasɛm adi anaa meda osuahu bi adi, anaa meka nsɛm ma ɛkanyan mo, anaa mekyerɛkyerɛ mo. Saa ara nso na nneɛma a nkwa nni mu, te sɛ abɛn anaa sanku a wɔde bɔ nnwom no, sɛ nnwom no bɔ no mu anna hɔ a, obiara rente ne dɛ. Na sɛ nea ɔhyɛn akobɛn no nso anhyɛn no yiye a, hena na obesiesie ne ho akɔ ɔko? Saa ara nso na mibisa se, sɛ moka kasa foforo a emu nna hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na obi ate asɛm a moka no ase? Mo nsɛm no bɛyera wɔ mframa mu. Ɔkasa ahorow bebree na ɛwɔ wiase, nanso emu biara nni hɔ a ntease nni mu. Na sɛ mente kasa a obi ka no ase a, nea ɔreka saa kasa no bɛyɛ ɔhɔho ama me, na me a meretie no nso, mayɛ ɔhɔho ama no. Esiane sɛ mopere sɛ mubenya Honhom no akyɛde no nti, ɛsɛ sɛ mohwehwɛ nea ɛbɛboa asafo no ama agyina yiye.

Ɛsɛ sɛ obi a ɔka kasa foforo no bɔ mpae na otumi kyerɛ nsɛm a ɔka no ase. Sɛ meka kasa foforo bɔ mpae a, me honhom bɔ saa mpae no, nanso mʼadwene mmoa. Dɛn na afei ɛsɛ sɛ meyɛ? Mede me honhom bɛbɔ mpae, na mede me ntease bɛbɔ mpae nso; mede me honhom bɛto dwom, nanso mede me ntease nso bɛto bi. Sɛ wonam honhom nko so da Onyankopɔn ase a, ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔka nhyiamu no ho no betumi agye wʼaseda mpae no so se, “Amen” bi? Ɔkwan biara nni hɔ a ɔbɛfa so ate nea woreka no ase. Sɛ ɛba saa a, na wʼaseda mpae a worebɔ Onyankopɔn no ye sɛ dɛn ara mpo a, ɛremmoa onipa a ɔka wo ho no wɔ ɔkwan biara so.

Meda Onyankopɔn ase sɛ meka kasa foforo sen mo a mowɔ ha nyinaa. Nanso asafo mu som no, mɛpɛ sɛ mɛka kasa mmaako mmaako anum pɛ a mobɛte ase na moagyina so atumi akyerɛ afoforo ade, sen sɛ mɛka nsɛm mpempem wɔ kasa foforo mu.

Read More of 1 Korintofo 14